Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 057 (Jesus the light of the world)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

d) Yesu ne wiase kanea (Yohanne 8:12-29)


YOHANNE 8:25-27
25 ɛnna wɔsee no sɛ, "Wone hwan?" Na Yesu see wɔn sɛ, "Deɛ mefiri mfitiaseɛ meka mekyerɛɛ mo no a. 26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase." 27 Wɔanhunu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn.

Wɔ Kristo Onyamesu ne Ne tumideyɛ nyinaa mu no, Jewfoɔ no kɔɔso bisaa No sɛ, 'Wo ne hwan? kyerɛ yɛn deɛ ɔsomaa woɔ; kyerɛkyerɛ yɛn mu yiye na yɛatumi ahunu mu!" Nanso na woayi Ne ho ɛdi akyerɛ won dada wɔ kwan ahorroɔ bebree so.

Na Yesu buaaeɛ sɛ, "Firi adebɔ mfitiaseɛ no, na Meyɛ Onyankopɔn nokorɛfoɔ; nanso moanntumi annhunu Me nsɛm mu ara da. Na Me Honhom nso nntena mo akoma nu. Na monni nimdie nso fa Me din ne Mabodin ahorroɔ no ho. Na Mene Onyankopɔn asɛm wɔ nipadua su mu. Nanso munnya aso mmma me na munntie me nso, ɛfirisɛ mo fri wiase yi mu, na mumfri Onyankopɔn. Ɛno nti na momma mo ho kwan sɛ Me Honhom no bɛtena moakoma mu na ama moatumi atie me. Maka mo nsɛm pii nanso ɛnntumi nntena mo mu, ɛfirisɛ mo akoma apirim. Ɛno nti nsɛm a maka makyerɛ mo no ara na ɛbɛbu mo atɛn, na Me dɔ mo nti na meyii me ho ɛdi kyerɛɛ mo. Na momu binom wɔ hɔ a wobɛhunu mahintasɛm mu. Na mapɛdeɛ ne sɛ mɛma mo nkenyan na magye mo nkwa nso. Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ, te sɛ Me ara. Nanso saa nokorɛ no ara na ɛbɛsɛe mo, ɛfirisɛ mopo Honhom a ɛfri soro aba sɛ ɛrebɛtena moakoma mu no." Na Jewfoɔ no annya nteaseɛ wɔ saa adiyisɛm yi mu ahintasɛm koraa, na won anntumi annhunu sɛ Ɔne Agya no wɔ nkabom soronko. Wɔtee Ne nsɛm no deɛ, nanso won annya nteaseɛ biara wɔ mu, ɛfirisɛ wonni gyidie biara wɔ ne mu. Gyidie a yɛbɛnya wɔ Ne mu no ma yɛn akwanya ma yɛhunu nokorɛ no wɔ yɛn adwene mu.

YOHANNE 8:28-29
28 ɛnna Yesu see wɔn sɛ, "Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka. 29 Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; ɔnnyaa me nko, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ n'ani daa."

Yesu hunuu sɛ natanfoɔ no ne N'asuafoɔ no mpo anntumi annhunu nokorɛsɛm a ɛfa No ho no paa. Ɛfirisɛ na wonnyaa nhwiee Honhom Kronkron no nnguu no so. Na Yesu deɛ na onim paa sɛ wonyaa ma no so wɔ asɛndua no so a obɛyi wiase nyinaa bɔne akɔ koraa. Na sɛ onya foro kɔ Agya no nkyen a obɛhwie Honhom Kronkron no agu nnipa nyinaa so. Na ɛno mu na Ne ho nimdie bɛpue te sɛ kanea wɔ Jewfoɔ no ne amanaman mufoɔ no akoma mu ne won adwene mu wɔ tumi mu. Obi nntumi nnhunu Kristo Onyameyɛsu sɛdeɛ ɛteɛ agyesɛ Honhom Kronkron no adwumayɛ mu nko. Wiase nyansa nntumi nnhunu mu. Na awoɔfoforo yɛ deɛ a ɛde gyidie ba onipa mu, na ɛfei nso Kristo mu gyidie a ase ɛtim no de foforoyɛ na ɛba.

Kristo annka sɛ Ɔno ankasa yɛ Nyankopɔn a ɔde ne ho, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ Ɔne Agya no nkabom a ɛdimu' wɔ pɛyɛ mu, na ɔrenntumi mmfiri ɔno ankasa pɛ mu nnyɛ biribi agyesɛ Agya no. Na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa yɛ Agya no apɛdeɛ. Agya no na ɔyɛ nadwuma wɔ ne mu. Na nahobrɛaaseɛ kɛseɛ no daa ɛdi wɔ din a ɔde frɛɛ ne ho sɛ, "Onyankopɔn Ɔsomafoɔ". Nanso na ɔno ankasa ne Awurade a ɔdaa Ne ho ɛdi wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no.

Yɛn Agya no nnyɛ obi a ɔyɛ adeɛ ani ani, na mmom ɔyɛ ma ɛmu da hɔ fann wɔ Honhom Kronkron no tumi mu. Sɛdeɛ Yohane atwerɛ wɔ nteaseɛ mu no, Yesu kyerɛkyerɛ nokorɛsɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Baasa Koro no nkabom mu. Na ɔtoaaso sɛ, "Agya no ka Me ho daa, wɔ mberɛ nyinaa mu, na onngyae me dabiarada. Na ɛfei nso, Ɔba no nso nngyae Agya no ara da na ɔnntee No so atua ara da, na mmom ɔyɛ osetie ma no daa. Na ofirii soro baaeɛ bɛyɛɛ onipa, na ɔbɛhyɛɛ N'Agya no apɛdeɛ ase." Asɛmmɔdɛ bɛn ni, "Na mberɛ nyinaa mu no Meyɛ deɛ ɛsɔ M'Agya no ani." Obiara nni hɔ a obɛtumi aka saa nsɛm yi agyesɛ Ɔba no nko, a ɔyɛɛ Agya no apɛdeɛ wɔ nabrabɔ mu daa, wɔ Honhom Kronkron no ahoɔden mu. Yesu hyɛɛ mmra nsɛm no ma. Nanso ne nyinaa mu no, Ɔno ankasa ne Apam Foforo no mu mmra no mu'die. Nanso Jewfoɔ no frɛɛ no obusubɔni, a ɔsɛe mmra no, na ɔma nnipa yera kwan, nanso nokwasɛm ne sɛ Ɔno nko na odii mmra nsɛm no so wɔ pɛyɛ nyinaa mu.

So wote Honhom Kronkron no nne wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ne ho no mu anaa? So wote Ne tumi ahoɔden ne Nahobrɛaaseɛ no nka anaa, Ne fahodie adom ne N'ahofama a ɔwɔ ma Agya no nka anaa? Saa ara nso na ɔpɛsɛ ɔtwe wɔ ba Ne dɔ ayɔnkofa tumi no mu wɔ ahobrɛaaseɛ ne ahofama mu prekopɛ. Na obɛdi woanim akɔ nanim ɔsompa mu. Na ɔno na ɔbɛyɛ wo kyerɛkyerɛfoɔ, na wɔrenntumi nnyɛ biribiara a onimu bi, na woama woasɔ nani daa wɔ wo nneyɛɛ nyinaa mu.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, mani awu wɔ mamumuyɛ nyinaa ho, me ndaadaa ne me fɔdie mu. Mesrɛ wo fa me bɔne nyinaa kyɛ me. Boame ma menyɛ osetie soronko ma Honhom Kronkron no nne. Na yɛ mekyerɛkyerɛfoɔ ne me kwankyerɛfoɔ; na bue makoma mu ne madwene mu ma wo daa daa dɔ a ɛnni ɛwieɛ no.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu daa Ɔne Nyankopɔn Baasa Koro no nkabom no ɛdi?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:46 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)