Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 048 (Jesus and his brothers)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

a) Yesu ne Nenua mbarimanom (Yohanne 7:1-13)


YOHANNE 7:1-5
1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. 2 Na YudafoɔAsesebɔ afahyɛ abɛn. 3 ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, "Firi ha kɔ Yudea, na w'asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no. 4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wɔbɛhu no pefee mu. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho kyerɛ wiase" 5 Nane nuanom mpo annye no anni.

Yesu adansedie a odiiɛ faa N'annuoyam ho no ɛyɛɛ nnipakuo no wawa yiye. Ɛno so nti ne nnamfonom pii san frii nakyiridie mu wɔ Yesrusalem, na ɛfei nso nakyidifoɔ no nso pii san won akyi wɔ Galilee. Na won mu bebree a ɛwɔ kuro kɛseɛ no mu no anntumi annhunu sɛ abranteɛ yi ne deɛ oyane awufoɔ no ne wiase atɛnbufoɔ no, na ɛfei nso ɛyɛɛ akyiwadeɛ maa won a wɔyɛ won ho te sɛ atreneefoɔ a ɛwɔ Galilee no sɛ ɔkaa sɛ agyesɛ wodi ne honam na wɔnom ne mogya no. Won anntumi anya nteaseɛ wɔ saa asɛm no mu sɛ deɛ ɔkaaeɛ no yɛ ahyɛnsodeɛ ma Awurade ɛdidie no.

Wɔ Yerusalem no, bɛdwakuo no mu nkurɔfokuo bi yɛɛ won adwene pɛɛ kwan bi a wɔbɛfasoɔ akum Yesu. Na wɔsomaa asraafoɔ no sɛ wonkɔ kyere no nto afiase, na wɔde ahunahuna ne ateatea hyɛɛ Jewfoɔ no sɛ wɔbɛpomo won afri won hyiadan ahorroɔ mu na woayi won afiri Onyankopɔn nhyira nso mu, sɛ wɔtoaso di Yesu akyi a. Ɛno nti woyii nkurɔfoɔ frii bɛdwakuo no mu a wɔde won ani bɛdi Yesu akyi wɔ baabiaa ɔbɛkɔrɔ wɔ Galilee na wobisabisaa ne nsɛm ahorroɔ nso. Ɛno nti ɛnyɛ wawa sɛ nnipakuo no nyinaa sane frii nakyi na won anni nakyi bio, ɛfirisɛ ɔman no mu mpaninfoɔ no de ahunahuna ne ɔtaa taataa won, Won anigyee asaase yi so asetra sene daakye mu asetra, na wɔpɛɛ won ankasa banbɔ sene Onyankopɔn akyɛdeɛ no.

Yesu nuanom mbarima no suroo sɛ mpaninfoɔ no bɛpamo won ɛfri hyiadean no mu ne ɔman no dwumadie mu. Ɛno nti wone Yesu anante wɔ bɛdwa mu pii, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Jewfoɔ no rennyi won amfri won hyiadan mu (Marko 6:3). Na wɔtoaaso ka kyerɛ no sɛ omfri Galilee kuro no mu nkɔ, na ama won ɛtumi aboa no, na ɛfei nso won atumi ahyɛ no nkuran ama woayi n'annuoyam no ɛdi wɔ Yerusalem. Ɛsanesɛ wɔne No atena mfeɛ bebree nti, na wonngye Ne Nyameyɛsu no nni, na wobuu ne dɔ ne Ne mmɔborohunu adeɛ no sɛ ɛyɛ daa asetra mu adeyɛ bi kɛkɛ. Deɛ ɛyɛ awerɛhow ne sɛ agyidifoɔ bebree de nidie ma Yesu wɔ ne dɔ ho, nanso wonntumi nnhunu Ne nokorɛdie no da.

Yesu nuanom mbarima no hunuu Ne nsɛnkyerɛnne no nyinaa. Nanso ne nyinaa mu no, won anngye no ɛnni sɛ ɔno ne Mesaia a ɔreba wiase no, a kototwe nyinaa bɛkoto No no. Na won werɛ hooɛ sɛ nnipa pii nngye no ntom na bebree nso asan won akyi afri Ne ho. Na wɔsɔɔ Yesu hwɛɛeɛ sɛdeɛ ɔbonsam nso sɔɔ no hɛɛeɛ wɔ serɛ no so kane no, na wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ onyi n'annuoyam ɛdi wɔ hyiadan no mu nkyerɛ obiara, na ama won nyinaa akoma ɛtumi aba ne nkyen. Nanso ɛnnyɛ kɛseyɛ ne akokorokosɛm na Yesu rehwehwɛ, na mmom ɔbrɛɛ ne ho ase faa nnipa mmerɛyɛ su mmom, na woampɛ sɛ ɔbɛtwe nnipa aba ne nkyen wɔ ahomasoɔ mu.

YOHANNE 7:6-9
6 ɛnna Yesu see wɔn sɛ, "Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa. 7 Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ medi adanseɛ, sɛ ne nnwuma yɛ bɔne. 8 Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui." 9 Na ɔsee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea.

Nnipa yɛ ahomasoɔ, ɛfirisɛ ɔbonsam de ne honhom fi no asɛe won. Ahantan yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no yare ne adwene mu dɛmdie. Wɔ nokorɛ mu no, wɔ Onyankopɔn anim no obiara yɛ ketewaa, na yɛyɛ mmerɛ na yɛn nyinaa hyɛ owuo ase. Nanso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde wiase annuoyam ahyehyɛdeɛ bɛkata yɛn mmerɛyɛ so. Onipa ahantani biara yɛ ne ho onyame -ketewa ma ne ho, a adeɛ biara ɔpɛ no na ɔyɛ. Na nakwan nyinaa mu no ɔmmfa Onyankopɔn nnsi naniso na ɔpo no. Wɔ nabɔsuo mu no, ɔtew ɛtua wɔ ɔbɔadeɛ no anim daa. Onipa dɔ ɔno ankasa ho, na ɔndɔ Onyankopɔn; na ɔhyɛ ɔno ankasa ne ho annuoyam, na mmom ɔnnhyɛ ɔsoro Agya no din annuoyam.

Ɛnnyɛ nnipa adwene ne won nsusuiɛ nko na ɛnnyɛ, na mmom won nneyɛɛ nyinaa aprɔ nso. Ɛno nti obiara ɔbɔ ne bra na Awurade nni mu no, ɔbɔ bra nso tia No. Abɔdeɛ mu nhwehwɛmufoɔ pii no, ne amanyɔfoɔ nhyehyɛeɛ ne wiase nyansapɛfoɔ nneyɛɛ nyina nam bɔne kwanso. na ɛmu na wogu owuo aba.

Kristo daa no ɛdi sɛ wiase yi tan No. Na Ɔno deɛ woamba wiase yi mu sɛ ɔrebɛyɛ deɛ Ɔno ara pɛ. Na Ɔno na ɔne Agya no wɔ hɔ a ɔne no bom yɛ adwuma daa wɔ ayɔnkofa a ɛyɛ pɛ mu. Na mpo won a wɔyɛ won ho sɛ atreneefoɔ no ɔyɛɛ sintiduato maa won, ɛfirisɛ Ne dɔ a ɔda no ɛdi no nngyina mmra fapem so na mmom ɛyɛ Onyankopɔn ankasa dɔ. Ɛno nti wɔtan No, ɛfirisɛ ne nsɛm a ɔkaaeɛ ne Ne nneyɛɛ nyinaa tia onipa treneeyɛ a ɛgyina ɔno ankasa mmɔdenbɔ so.

Kristo nuanom mbarima no poo Honhom Kronkron no, na wiase honhom mmom na ɛhyɛɛ won ma, ɛno nti wɔde won ho too Fariseefoɔ no nhyehyɛeɛ so. Na gye a won anngye anni no bɛyɛɛ adansedie sɛ Onyankopɔn Honhom dɔ no nni won mu;na mmom honhom foforo na ɛne won nanteeɛ, honhom a ɛyɛ ahantan na ɛte ɛtua tia Onyankopɔn. Na wɔdaadaa won ho, wɔ won ankasa nneyɛɛ ne won ndwuma mu.

YOHANNE 7:10-13
10 Na ne nuanom kɔeɛ no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no aseɛ, wanyi ne ho adi, na mmom ɔhuntae. 11 ɛnna Yudafoɔ no hwehwɛɛ no afahyɛ no aseɛ, na wɔse, "ɔwɔ he?" 12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se, "ɔyɛ onipa pa" na ebinom se, "Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom." 13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Wɔ afe biara mu no Jewfoɔ no di Ntɔmadan Afahyɛ no wɔ anigyie kɛseɛ mu. na wɔde ndua ne berɛ bɔ apata tena tena mu, na ɛfei nso wɔde berɛ ahorroɔ gu won fie dan no atifi na wɔde bi nso gu nkwankyen bebree. Na wɔnoa noa nduane wɔ afie afie mu na wɔyɛ won ho adɔeɛ. Na wɔyɛ saa nnoɔma yinom de da Onyankopɔn ase sɛ woama won nnobaeɛ bebree wɔ afe no mu. Saa apata a wɔbɔ no kae won bere a wɔfaa serɛ so wɔ won akwantuo mu; na ɛfei nso ɛkae won sɛ woni kuro a ɛte hɔ daa wɔ asaase yi so.

Yesu anntena saa Afahyɛ no mu anigyie mu, ɛfirisɛ wɔde ɔtaa bebree baa Ɔne n'asuafoɔ no so. Ɛno nti ɔmaa Ne nuanom mbarima no mmom kɔɔ aseɛ. Na ɛkyiri no Ɔno nso kɔɔ Yerusalem, na ɔkɔ kraa Galileefoɔ no, ne nabusuafoɔ no. Ɛfirisɛ na Ne dɔn no abɛn, sɛ ɔbɛwu ama yɛn nkwagyeɛ na woagyɛ yɛn ɛfri Onyankopɔn abufuohyeɛ mu.

Jewfoɔ no maa adwenekyerɛ ahorroɔ faa Yesu ho. Na ɛbinom buu no sɛ ofri Onyankopɔn nkyen na aba, na ɔyɛ onipa papa a ɔma won nkenyan. Na ɛfei ɛbinom nso buu no sɛ odi nnipa anim kɔ ɔsɛeɛ mu ɛno nti ɛsɛ sɛ owu; ɛfirisɛ ɔbɛma Onyankopɔn abufuo bɛba won so na ama won afahyɛ ahorroɔ nyinaa asɛe. Na Sanhedrinfoɔ no ahyɛ na won aka akyerɛ obiara wɔ saa asɛm yi ho, na won anidasoɔ ne sɛ n'akyidifoɔ no nyinaa bɛsan ɛfri nakyidie mu. Na ɛyi akyiri no obiara anntumi annkasa ammfa Yesu ho pɛfee wɔ bɛdwa mu.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase wɔ woahobrɛaaseɛ ne wo sotie nyinaa a wonya maa Onyankopɔn. Gye yɛn fri wiase suban bɔne mu, na ama wo Honhom pa no ahyɛ yɛn ma. Na gye yɛn fri bɔne akwan nyinaa so, na sa yɛn nyarewa nyinaa, na ama yɛatumi asom wo sɛdeɛ ɛsɛ na ɛfata.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na wiase tan Yesu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 03:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)