Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 047 (Sifting out of the disciples)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

5. Asuafoɔ no mu binom twee won ho (Yohanne 6:59-71)


YOHANNE 6:66-67
66 ɛfiri ɛno soɔ no, n'asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio. 67 ɛnna Yesu see dummienu no sɛ, "Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?"

Nnipa mpem num aduane ma nsɛnkyerɛnne no de anigyie kɛseɛ brɛɛ nnipa bebree. Nanso, Yesu kyerɛɛ won nyaatwomyɛ a na ɛwɔ saa anigyie no mu, a ɛmaa nnipa bebree twee won ho frii nakyidie mu. Na ɔmpɛ won a wɔkekare won anim kyerɛ ɔsompa nanso wɔyɛ nyaatwom, anaa nnoɔma a ɛyɛ botaeɛ bɔne. Na mmom ɔhwehwɛ onipa awoɔ foforo, a ɛyɛ gyidie a ɛdimu' a yɛnya wɔ ne mu na ɛnsan nakyi ara da. Nanso na bɛdwakuo a ɛwɔ Yerusalem no nso de won ani di N'akyidifoɔ no akyi. na wɔde ahuna ahuna taataa won a wodi nakyi wɔ nokorɛ mu no sɛ wobɛyi won afri won som no mu, sɛ wɔkɔ so ara di nakyi a. Ɛno nti nnipa bebree a ɛwɔ Kapenium no sane won akyiri frii ne ho, na ɛmaa nnipa nyina sɔre tiaa No. Na mpo won a wodii nakyi wɔ nokorɛ mu no suroo bɛdwakuo mpaninfoɔ no. Na wɔdwenee sɛ Yesu nneyɛɛ no aboro so. Ɛno nti nnipakuo kakraabi na wodii nokorɛ maa no na wɔne no nanteeɛ. Na ne nyinaa mu no na Yesu reyiyi ntɛtɛ no afri ɛwio no mu.

Na ɛyinom nyinaa mu no, na Kristo apaw asomafoɔ dumiennu afri nakyidifoɔ no mu, a ɛgyina hɔ ma abusuakuo dumiennu wɔ ɔman no mu. saa nɔmba yi yɛ 3 ahorroɔ 4 a ɛgyina hɔ ma ɔsoro ne asaase, anaasɛ Onyankopɔn Baasa Koro no ne asaase ngyinasoɔ anan no. Nanso, wɔ asuafoɔ no mu no na ɔsoro ne asaase abom.

Na nnipa pii paa nakyidie no, Yesu toaaso sɔɔ N'asuafoɔ a woapaw won no hwɛɛeɛ, sɛ ɔde resi won frɛ no so dua na ɔkaeɛ sɛ, "So monso mopɛsɛ mokɔ bi anaa?" Ɔkaa ɛyi de sɔɔ nasuafoɔ no gyidie hwɛɛeɛ ne won daakye nsusuiɛ. Na wɔ saa kwan yi so ara no na ɔrebisa wo ne wo nnamfonom wɔ mo ahokyerɛ ne ɔtaa mberɛ mu, so wo nso wobɛgyae no anaa sɛ worenngyae no? Deɛ ɛwɔ hene na ɛho hia paa, amammerɛ, anaa woatinka, wo nyansa anaa ahoyadeɛ, anaasɛ wone Yesu ayɔnkofa no?

YOHANNE 6:68-69
68 Simon Petro buaa no sɛ, "Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; 69 na yɛagye adi, na yɛahunu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no."

Petro nam n'asɛmka mu daa no ɛdi sɛ wone Kristo no a wɔhyɛɛ wo ho nkɔm no na wo ara nso ne ɔbotan a ɛnhinhim no. na ogyinaa nkae no ananmu buaa No sɛ, "Awurade, hwan nkyen na yɛnkorɔ? Wo nko na wowɔ daa nkwa." Ɛwom sɛ na wonyaa nteaseɛ yiye wɔ Yesu dwumadie nyinaa mu deɛ, nanso onyaa atinka wɔ nakoma mu tɔnn sɛ ɔbarima Yesu a ofiri Nazaret no ne Awurade a ofri soro asane aba no, na ɔno mu na nkwa nsɛm fri n'anom nso ba a tumi ahyɛ no ma, na mmom ɛnnyɛ nnipa kɛkɛ. Petro gye diiɛ sɛ Awurade wɔ won ntam. Ɛfirisɛ oka won a wobubuu aboodoo no mu no bi. Na Yesu de ne nsa soo no mu wɔ mberɛ a na ɔremem wɔ po no soɔ no. Ɛno nti Petro de nakoma nyinaa maa Yesu, na ɔdɔɔ na- Awurade no sene adeɛ nyinaa, na woanngyae no dabiarada. Petro faa Yesu, ɛfirisɛ Yesu na ɛfaa no kane.

Asomafoɔ no mu panin no de nadansedie baa ɛwieɛ na ɔkaa saa nsɛm yi sɛ, "Yɛahunu na yɛagye wo ɛdi." kae sɛ, woannka sɛ, "Yɛnim ansana yɛgye diiɛ." Ɛfirisɛ ɛyɛ gyidie na ɛbue akoma mu ma no tumi hunu. Na ɛyɛ yɛn gyidie na ɛbue yɛadwene mu. Ɛno mu na ɛmaa Petro ne asuafoɔ nkaeɛ no de won ho maa Onyankopɔn Honhom no, a odii won anim ma wonyaa gyidie wɔ Yesu mu na obuee won aniwa maa wohunuu nokorɛ no. Na ɛmaa woyiniiɛ ma wohunuu N'annuoyam kɛseɛ no a ahinta no. Nokorɛ nimdieɛ a ɛwɔ Yesu mu nyinaa yɛ Onyankopɔn adom akyɛdeɛ na ɛbue nipa aniwa ma no tumi hunu.

Na asuafoɔ no gyidie a wonyaa wɔ Yesu mu no na ɛte sɛn? na nnoɔma bɛn na ɛwɔ won gyidie no mu? Wɔde won ho nyinaa bataa Onyankopɔn Mesaia no ho, a Ne mu na Honhom tumi nyinaa teɛ. Na Ne mu na Asɔfodie dwumadie nyinaa kabomu wɔ pɛyɛ mu, Ahendie, ne adiyisɛm nso. Ahene, asɔfoɔ mpaninfoɔ, ne adiyifoɔ a ɛwɔ Apam Dada no mu nyinaa nyaa won ngosra wɔ Honhom Kronkron no mu. Wɔ Kristo mu na ahoɔden ne nhyira a ɛfiri soro nyinaa ba. Ɔno ne Nyankopɔn Hene a ɔwɔ baabiara; na berɛ korɔ no ara mu no Ɔno ara nso ne Ɔsɔfo Panin a ɔretwe nnipa nyinaa abata ɔbɔadeɛ no ho. Ɔno na otumi nyane awufoɔ; na ɛfei nso obɛbu wiase nyinaa atɛn nso. Wɔ gyidie mu no Petro tumi hunuu Kristo no annuoyam.

Na asuafoɔ no nyinaa gye diiɛ; na Petro ne won kasa maafoɔ na wodii asɛndua no ho adanseɛ: Sɛ Yesu ne Ɔkronkronni a Onyankopɔn ayi No asi hɔ, na mmom ɔnnyɛ onipa bi kɛkɛ na mmom Onyankopɔn ankasa. Na Onyankopɔn mu'die ne pɛyɛ nyinaa wɔ ne mu sɛ Onyankopɔn Ba koropɛ. Ɔno na bɔne biara nni ne ho, na odii Ne dwumadie sɛ Onyankopɔn Adwammaa, sɛdeɛ Osubɔni no hyɛɛ nkɔm no. Na asuafoɔ no dɔɔ no na wɔde nidie kɛseɛ maa no, ɛfirisɛ na wonim sɛ oka won ho sɛ Onyankopɔn ankasa. Na wohunuu Agya no wɔ Ɔba no mu, na wosuaa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ kɛseɛ.

YOHANNE 6:70-71
70 Yesu buaa wɔn sɛ "ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi? Na mo mu baako yɛ ɔbonsam?" 71 ɔne Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebɛyi no ama, nso ɔyɛ dummienu no mu baako.

Yesu ani gyeeɛ wɔ saa adansedie yi mu ɛfirisɛ ohunuu sɛ won gyidie reyini. Nanso ohunuu sɛ won mu baako yɛ deɛ ɔko tia no na obɛyi no ama. Na saa ɔbarima yi nyaa akoma pirim kɔɔ akyiri kosi sɛ Yesu ankasa mpo frɛɛ no sɛ 'ɔbonsam'. Asomafoɔ no nyinaa wɔpaaw won, na Agya no na ɔtwee won nyinaa maa Ɔba no, nanso na wonyɛ afidie wɔ Onyankopɔn nsam. Na mmom wɔwɔ akwanya sɛ wɔbɛyɛ won adwene sɛ wobɛtie Honhom no nne anaasɛ wɔbɛpo ne nne nso. Na Yuda sisii nadwene frii Onyankopɔn nne tie ho, na ɔde ne ho maa ɔbonsam mmom, na ɔde bɔne wuraa nadwene mu. Nanso Yuda anngyae Yesu wɔ kwan mu te sɛdeɛ afoforo no gyae Yesu akyidie no, na mmom ɔkɔɔso tenaa Yesu fekuo no mu, na ɔyɛɛ ne ho nyaatwomni a ɛtesɛ ɔwɔ gyidie. Na ɔbɛyɛɛ 'atorofoɔ nyinaa Agya' no ba a ɔkɔɔso wɔ ndaadaa mu. Nanso Petro deɛ odii adanseɛ sɛ Yesu ne Mesaia no, na Yuda hyehyɛɛ ɔkwan a ɔbɛfasoɔ ayi Kristo no ama asɔfoɔ mpaninfoɔ bɛdwakuo no. Wɔ ɔtan mu no, ɔne won hyehyɛɛ ho sɛdeɛ ɔbɛyɛ na obɛyi no ama won.

Na ɔsɛmpakani no anwie saa nkyekyɛmu yi a ɛho hia yiye paa no wɔ ndwuma akɛseɛ a wɔ yɛeɛ wɔ tumi a ɔde maa asomafoɔ no mu. Na mmom ɔkaa nokorɛ nsɛm ne deɛ ɛsisiiɛ wɔ agyidifoɔ no mu, na mpo na deɛ oyii No maaeɛ no nso wɔ won mu bi. nanso Yesu ampamo no ammfri won mu, na ɛfei nso woambɔ ne din annkyerɛ asuafoɔ nkaeɛ no. Na mmom ɔne no tenaaeɛ wɔ boasetɔ mu, sɛ ɛyɛbi a Yuda bɛsakyera nadwene bɔne no wɔ akoma mu.

Onua barima, bɔ mmɔden na hwehwɛ wo mu yiye wɔ ahobrɛaaseɛ mu. So woyɛ Onyankopɔn ba anaasɛ ɔbonsam ba? So wode wo ho nyinaa ama Honhom Kronkron no, anaasɛ wode woabrabɔ abata ɔbonsam ho? Hwɛ wo ho yiye, na woannyera amfri abrabɔ botaeɛ ho. Ɛfirisɛ wo Awurade no dɔ wo yiye paa, na woagye wo nkwa. Nanso sɛ wopo saa nkwagyeɛ a ɛte sɛ ɛyi a, woabrabɔ bɛdane akɔ bɔne kwan so, na ɛfei wobɛhyɛ ɔbonsam nkondua ase. Ɛno nti san w'akyi bra Kristo nkyen, ɛfirisɛ ɔretwen wo.

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, wone Onyankopɔn Ba no, a woyɛ Kronkron, ne mmɔborohunufoɔ, wone otumfoɔ ne nkunimdifoɔ no. Fa me bɔne nyinaa kyɛ me koraa, na ma mentintim wɔ woa-apam no mu, na ama mede kronkronyɛ abɔ me bra, na matena womu daa, wɔ wo nipasu suban no mu. Tew woakyidifoɔ nyinaa ho koraa, na ama won ayini wɔ gyidie ne nimdie nyinaa mu, na won atumi ɛdi adanseɛ sɛ wo nko ne Kristo no, a woyɛ Onyankopɔn teasefoɔ No Ba. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Petrol adansedie no nsunsuansoɔ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 03:01 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)