Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 046 (Sifting out of the disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

5. Asuafoɔ no mu binom twee won ho (Yohanne 6:59-71)


YOHANNE 6:59-60
59 ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa yeinom 60 Enti n'asuafoɔ mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ, "Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie?"

Saa nkyerɛkyerɛ yi a ɛfa Onyankopɔn aboodoo yi ho no ne Yesu nipadua a ɛsɛ sɛ yɛdi no ho nkyerɛkyerɛ kɔɔ so wɔ nhyiamu ahorroɔ mu. Na osii nsɛm titiri no so bio na ɔhyɛɛ mu nsɛmtitiri no mu kena. Yohane, nso, faa saa nsɛm yi nyinaa yɛɛ no nwoma baako. Na yɛhunuu Yesu sɛ ɔkɔɔ Kapenium hyiadan mu kɔ kyerɛkyerɛɛ won na ɔsee won sɛ ɔyɛ kɛseɛ sene Moses, na ɛsɛ sɛ agyidifoɔ nyinaa di Ne nipadua no na wɔnom Ne mogya nso.

Na saa adiyisɛm yi mu nteaseɛ boroo nakyifoɔ anokwafoɔ no so mpo na won anntumi annte aseɛ yiye. Na ɛfei wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa won ho nsɛm faa ho. Nanso na ɛyɛ won apɛdeɛ sɛ won nyinaa bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn na won asom no, nanso won adwene mu yɛɛ won kesnee wɔ Ne nipadua a ɛsɛ sɛ wodi na wɔnom Ne mogya no. Na Awurade nam ne mmɔborohunu so bue N'akyidifoɔ anokwafoɔ no adwene mu ma wonyaa ɛmu nteaseɛ, na ɔmaa wonyaa nteaseɛ faa abɛbusɛm a ɛfa nkwa aboodoo no ho.

YOHANNE 6:61-63
61 Na Yesu tee nka wɔ ne mu sɛ n'asuafoɔ renwiinwii yei ho no, ɔsee wɔn sɛ: Yei to mo suntidua anaa? 62 Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ? 63 Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.

Yesu hunuu sɛ asuafoɔ no wɔ anngye anndi bi wɔ won mu, nanso woanka won anim wɔ won nsɛmbisa no ho. Na wowiiwii faa amanmanmufoɔ no ho, ɛfirisɛ na wonni nteaseɛ wɔ Kristo abɛbusɛm no mu ne ɛmu ahintasɛm nso. Nanso ansana Yesu bɛma won nimdeɛ no, ɔmaa wonyaa nteaseɛ yiye wɔ abɛbusɛm no mu, a ɛyɛ kwan soronko a ɔbɛfasoɔ de agye wiase nyinaa nkwa.

Na ɔrennwu kɛkɛ mma won na wondi Ne nipadua no wɔ Honhom mu, na mmom ɔbɛsan akɔ N'Agya no nkyen bio, wɔ babiaa ofri baeɛ no. Ɛyɛ Ɔno na ofiri soro baeɛ, na ɔrennka wiase yi mu. Na wohunuu no sɛ ɔnantee wɔ po so, na wohunuu no sɛ onipa tumfoɔ soronko. Na ɔbɛsane akɔ Agya no nkyen na ama woahwie Ne Honhom Kronkron no agu nakyidifoɔ no so. Ɛyi ne Ne botaeɛ nti a obɛwuuɛ ne Ne botaeɛ nti a ɔbaeɛ. Na nakyɛdeɛ a ɔde maa won no nnyɛ Ne honam a woatwa de rema won, na mmom ɔbɛtenaa nakyidifoɔ no akoma mu. Na ɛnyɛ honam fam nipadua, na mmom Ne Honhom Kronkron no bɛtenaa yɛn mu.

Yesu kaa sɛ honam mmfa mfasoɔ biara mba. Ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no wɔbɔɔ yɛn wɔ mudie ne pɛyɛmu, nanso yɛadwene sɛeɛ. Wɔ yɛn nipadua mu no nkwa tumi frii yɛn mu kɔeɛ, na mmom bɔne na ɛbɛdii hene wɔ yɛn mu. Na ɔno nso nyaa mmerɛyɛ wɔ ne nipadua mu, ɛno nti ɔkaa sɛ, "Monwɛn na mombɔ mpaeɛ na moankɔ nsɔhwɛ mu. Ɛfirisɛ Honhom no pɛ na honam no yɛ mmerɛ."

Munyi Onyankopɔn ayɛ, ɛfirisɛ Honhom Kronkron no ahyɛ Yesu nipadua mu ma wɔ mberɛ nyinaa mu, Na n'abrabɔ mu ahintasɛm ne saa Honhom yi a ɛte Ne mu no. Na saa Honhom yi ayɔnkofa no nkabom no na ɔde ama yɛn nso wɔ ne nipadua mu a ɛnam Ne wuo no mu, ne Ne wusɔreɛ ne Ne soro kɔ mu, na ɔde Honhom Kronkron no abɛtena yɛn nipadua mmerɛyɛ yi mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Nikodemo sɛ agyesɛ wɔnam nsuo ne Honhom mu awo yɛn bio ansana yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu, a kyerɛ Yohane asubɔ wɔ nsuo mu, ne Honhom Kronkron asubɔ a ɛyɛ Pentikosti da no. Ɛfei wɔ nkwa aboodoo no ho nkyerɛkyerɛ no, Kristo maa asuafoɔ no nkyerɛkyerɛmu sɛ ɔbɛba won nkyen na ɔne won abɛtena wɔ Awurade ɛdidie no mu: ɛfirisɛ honam nntumi mmfa mfasodeɛ biara mba, agyesɛ Honhom Kronkron no ba yɛn so bɛhyɛ yɛn ma. Ɛyɛ Honhom Kronkron no na ɛma yɛn nkenyan, na honam no nnyɛ hwee. Na Kristo Honhom no na ɛkyerɛ sɛ ɔne agyidifoɔ wɔ hɔ daa.

Na kwan bɛn so na Honhom Kronkron no ba yɛn soɔ? Ɛyi ne asɛmbisa titiri ma won a wosiesie won ho nyinaa sɛ wobɛdi ne nipadua no na won anom ne mogya no nso na ama won ɛtumi anya nkobom ayɔnkofa a ɛdimu' wɔ Kristo mu. Yesu buaaeɛ sɛ, "Muntie manom nsɛm no, na mombue mo akoma mu mma asɛmpa mu tumi no!" Kristo ne Onyankopɔn Asɛm no; ɛno nti obiara a ɔbɛtie nanom nsɛm na ɔbɛgye no adie no Honhom Kronkron no bɛhyɛ no ma. Ɛno nti fa wo ho nyinaa to Onyankopɔn tumi no so, na sua Twerɛ Nsɛm no bebree. Na ma wo fapem ngyina Onyankopɔn bɔhyɛ nsɛm so, na gye deɛ woaka nyina di, na wo ho bɛyɛ den yiye asene wiase yi mu tumi nyinaa. Ɛfirisɛ Kristo anom nsɛm tumi no mu na deɛ ɔbɔɔ wiase nyinaa no bɛtumi aba wo nkyen, na woabɛma wo Ne nkwa ne Ne tumi ahoɔden no bi.

YOHANNE 6:64-65
64 "Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie." Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no. 65 Na ɔkaa sɛ, "Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa."

Na won a wodii Yesu akyi no mu dodoɔ no ara anntumi annte ne nsɛm no ase yiye, na won mu bebree frii nakyi. Na nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ne nipadua ne Ne mogya a ɛsɛ sɛ wodi na wɔnom no yɛ deɛ ɛtoo won sintidua kɛseɛ wɔ Galilee adwumayɛ mu, na ɛno nso ne botaeɛ nti a nnipa bebree poo no. na won a wofrii nakyidie mu no bɛyɛɛ pii borooso, sɛ wɔde won ho bɛto Yesu so. Na ɛmaa wɔpoo nokorɛ no ne Ne Nyameyɛsu no nso, na won anntumi ne no annya Apam biara, wɔ N'afɔrebɔ no mu.

Na Yesu ka kyerɛɛ n'asuafoɔ no sɛ won mu bi bɛko atia Ne Honhom, na woayi no ama. Ɛfirisɛ Awurade nim won nyinaa akoma mu asɛm. Na onim sɛ Yuda Iskariot akoma asɛe, nanso na oka won ho fri mfitiaseɛ no. Na Yuda nni ɔpɛpa sɛ obɛgyae ne ho mu nyinaa ama Kristo Honhom dɔ no. Yesu hunuuɛ na ɔkaa sɛ wɔbɛyɛ ne nipadua ayayadeɛ, na won mu baako na obɛyi no ahyɛ ntirimɔɔdenfoɔ no nsa ama woahunu amane saa.

Ne tiaatwa mu no, Yesu sii saa ahintasɛm no so bio, sɛ obiara nntumi mma Yesu nkyen agyesɛ Onyankopɔn Honhom no atwe no ansana obɛtumi aba. Na obiara nso nntumi mmfrɛ Yesu sɛ Awurade agyesɛ saa nipa no wɔ Honhom mu ansa. Yɛn gyidie no nnyɛ adehunu biara kɛkɛ, na mmom ɛyɛ Yesu mu ayɔnkofa nkabom, wɔ Honhom no adwumayɛ mu. Ɛno nti bue woakoma mu ma Agya no Honhom no, na nko ntia Yesu nokorɛsɛm no koraa. Na ɛno mu no wobɛhunu sɛ ɔbɛba wo nkyen, abɛtena wo mu akosi daa a ɛnni ɛwieɛ. Ɔno ne nkwa aboodoo a woasiesie ama woɔ.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na ɛmaa nkwa-Honhom no baa Kristo nipadua mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 02:44 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)