Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 014 (Testimonies of the Baptist to Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

2. Osuboni no adansedie mu nkenyan ma Kristo no (Yohanne 1:29-34)


YOHANNE 1:29-30
29 Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse, "Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie! 30 Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ, 'ɔbarima bi di m'akyiri reba a wasiane me ho, ɛfiri sɛ ɔdii m'anim kan.'"

Na ananmusifoɔ no sane kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔɔso buu Osuboni no animtiaa. Na ɛno mu no Osuboni no gyediiɛ sɛ Kristo no na ɔbɛgye ne nkorɔfoɔ no na woahohoro won ho fi nyinaa, na ɔbɛpra awiporɔeɛ ho fi fitaa; Kristo yɛ Awurade a ne Ne bo afuo, a okura akuma wɔ ne nsam a ɔde bɛtwa dua biara a ɛnnsow aba pa ato fam. Ɛno nti Kristo mbaeɛ no kyerɛ sɛ abufuohyeɛ da no abɛn. Na ɔkaeɛ sɛ, "Agyenkwa no wɔ yɛn ntam ha", na asuafoɔ no nyinaa paemu kaa wonn bɔne. Na wɔrehwɛ kwan sɛ apranaa bi bɛpae ɛfiri soro aba fam a kɔkɔbɔ biara nni mu.

Kristo a ɔyɛ abranteɛ a woadi mfeɛ aduasa no baa Osuboni no nkyen wɔ ahobrɛaaseɛ mu sɛ ɔmbɔ no asu. Saa ahobrɛaaseɛ a ɛfiri Awurade nkyen no maa Osuboni no nkenyan, na ɛmaa no kaaeɛ sɛ Yesu ɛyɛ wo mmom na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu na wode me bɔne nyinaa kyɛ me. Nanso Yesu kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔmbɔ no asu mma trenee nyinaa nwie pɛyɛ.

Ɛfiri hɔ no, Yohanne hunuu sɛ Ɔkronkronni no amma sɛ ɔrebɛsɛe nnipa, na mmom no sɛ ɔrebɛsoa won bɔne nyinaa. Na ɔgyee asubɔ toomu sɛ nnipa nyinaa nsiaananmu. Awurade mmaeɛ no nnyɛ sɛ ɔrebɛbu atɛn wɔ na'fuohyeɛ mu, na mmom sɛ ɔne yɛn rebɛnya nkabom ne mmɔborohunu. Na ɔhwɛɛ Apam Dada no dwumadie sɛdeɛ ɛteɛ no, Osuboni no hunuu ɔdɔ Foforo a ɛmu dɔ yie a Onyankopɔn ayi no ɛdi. Na saa nsesaeɛ kɛseɛ yi maa no adwenpɔ ne nsusuiɛ foforo.

Na da a ɛtɔ soɔ no Yesu puee hɔ no, Yohanne kaeɛ sɛ, "Monhwɛ na monhunu, mombue mo ani, nhwɛ ɛyɛ ɔnoa!". Apranaa biara ampaepae anaa abɔfoɔ mpem mpem nso ɛnsane, na ɔde Asɛmpa na ɛhyɛɛ akoma nyinaa ma. Saa abranteɛ yi ne deɛ yɛrehwɛ no kwan no, Awurade ankasa, ne wiase nyinaa anidasoɔ no.

Na Yohanne ampɛsɛ nnipa dɔm no bɛdaso anya adwene dada bi a ɛwɔ won adwene mu fa Agyenkwa no ho no bio, a ɛyɛ amanyɔsɛm ho nkunidie ne asraafosɛm ntontoeɛ. Na mmom oyi ne Onyankopɔn adwammaa no, na mmom ɛnnyɛ Yuda mu gyata a wɔrehwɛ no kwan no, ɔhoɔdenfoɔ ne nkunimdifoɔ na mmom no ɔdwo na ɔbrɛ ne ho ase.

Yohanne a Honhom no ahyɛ no ma no, paemu kaeɛ sɛ, "Saa Yesu yi na woafa wiase bɔne nyinaa asoa. Na ɔno ne Onyankopɔn adwammaa no, a ɔyɛ tete afrebɔ ahyɛnsodeɛ. Na Ɔno na ɔsɛfata sɛ ɔde ne ho bɔ afɔreɛ ma nnipa nyinaa. Na Ne dɔ mu yɛ duru sene adeɛ nyinaa. Na Ɔno ne Ɔkronkronni no ɛfirisɛ Ɔno na woasoa nnipa nyinaa bɔne." Dea bɔne biara nni ne ho no bɛyɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛnyaa Onyankopɔn trenee wɔ Kristo mu.

Osuboni no adansedie no yɛ Asɛmpa no mpɛnmpɛnsoɔ a ɛmu dɔ, Twerɛ Kronkron no akodeɛ kɛseɛ. Na ohunuuɛ sɛ Kristo annuoyam paa ne sɛ ɔbɛhunu amaneɛ ama yɛn. Kristo nkwagyeɛ no wɔ hɔ ma wiase nyinaa a ɛka abɔdeɛ nyinaa, nnipa ahorrow nyinaa, kɔkɔɔ, akokɔsrade, tuntum, ne fitaa, deɛ abiri ne deɛ ani-bere, deɛ ani-dahɔ, ne deɛ ani-nndahɔ osikani ne ohiani, ɔpanin ne abofra, ne abranteɛ, ɛwɔ hɔ ma deɛ ɛtwam ne deɛ ɛyɛ nnɛ, ne deɛ ɛyɛ daakye. Ne wuo afɔrebɔ no wɔ hɔ ma bɔne ahorrow nyinaa. Na Ne wuo afɔrebɔ no yɛ pɛ na ɛdi mu'.

Na ɛfiri Ne maeɛ nfitiaseɛ sɛ adwammaa no, ohunuu amaneɛ bebree fri bɔnefoɔ no ho, nanso woanteatea ateetee no ne ahantanoɔ no, na mmom ɔdɔɔ won. Ɛfirisɛ onim bɛbiaa won nkondua kyekyereeɛ akodu na ɔyɛɛ krado sɛ obɛwu agye yɛn nkwa.

Na Osuboni no paemu ka kyerɛɛ na'tiefoɔ nyinaa sɛ Oankopɔn adwammaa no ayi Oyankopɔn abufohyeɛ nyinaa afiri won so. Na Ɔno na ɔde Ne ho amaaeɛ, sɛ dwammaa a obɛwu ama won. Nanso won a na wɔwɔ hɔ no bisabisaa won ho sɛ ɛbɛyɛ dɛn na onipa baakopɛ bɛtumi awu ama nnipa nyinaa. Yohanne nsɛm no buee won ani, nanso na wonnyaa nteaseɛ wɔ asɛndua no ho nsɛm mu. Na ɛsɛ sɛ biribi awasoɔ kɛseɛ da ɛdi ma Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɛfa Kristo no ho nyinaa ba mu.

Na ɛbio no Yohanne kaaɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yesu ma yɛn nkwagyeɛ wie pɛyɔ ne mu'die mu, ɛfirisɛ Ɔno ne daadaa Awurade. "Na Ɔyɛ kɛseɛ sene me, na ɔwɔ hɔ ansana mereba."

Kisto annuoyam yɛɛ kɛseɛ, na Ne dɔ a ɔde kɔɔ asɛndua no so no yii na'nnuoyam tumi kɛseɛ nyinaa di. Na Ɔsɛmpakafoɔ no paemu kaa sɛ, "Yɛhunuu na'nnuoyam kɛseɛ no; na ɔkɔɔ asɛndua no so wɔ amanehunu mu na ɔdaa Ne dɔ a ɛmu dɔ no ɛdi kyerɛɛ yɛn de gyee yɛn nkwa".

MPAEBƆ: Oh Onyankopɔn Adwammaa Kronkron a wofaa wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, hu yɛn mmɔbɔ. Oh Onyankopɔn Ba a wonni ɛwieɛ, fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn. Oh Nazareth ahobrɛaaseɛni a wa'ni nnwu yɛn bɔne ho, yɛyi wo ayɛ, ɛfirisɛ wodɔ yɛn na womaa yɛyɛɛ pɛ wɔ womu wɔ asɛndua no so. Yɛdɔ wo, na yɛ da wo ase, ɛfirisɛ woamba yɛn nkyen sɛ ɔtɛnbufoɔ, na mmom sɛ adwammaa. Yegye wodi, ɛfirisɛ wo na wofaa wiase nnipa nyinaa bɔne kɔeɛ. Ma yɛn nyansa na yɛatumi aka akyerɛ nnipa nyinaa sɛ wo na wogyee yɛn nkwa.

NSƐMBISA:

  1. "Onyankopɔn Adwammaa" no nkyrɛ ase ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)