Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 015 (Testimonies of the Baptist to Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

2. Osuboni no adansedie mu nkenyan ma Kristo no (Yohanne 1:29-34)


YOHANNE 1:31-34
31 "Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu." 32 Na Yohane dii adanseɛ sɛ, "Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so. 33 Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ, Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu'. 34 Na mahunu na madi adanseɛ sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no."

Onyankopɔn frɛɛ Osuboni no na woadi mfeɛ 30 sɛ onsiesie kwan ma Kristo no. Na ɛyi baa mu wɔ asubɔ no mu, na ɛmaa nnipa no hunuu Kristo a wɔrehwɛ no kwan no. Onankopn kasa kyerɛɛ Ouboni no wɔ bɔhyɛ mu sɛ ɔbɛma woahunu adeɛ a obiara nnhunuu bi da a ɛyɛ adansedie sɛ ɔbɛma Honhom Kronkron no asane aba Kristo so. Na ampa ara Honhom no baa Kristo Yesu so. Apam Daa no mu Adiyifoɔ no nyaa nkenyan wɔ mberɛ bi mu, nanso Kristo no deɛ Honhom Kronkron no bɛhyɛ no ma daa a ɛnni ɛwieɛ. Te sɛ asubonten a ɛsene afebɔɔ, Honhom no bɛhyɛ gyidifoɔ nyinaa ma wɔ Onyankopɔn tumi mu.

Na mbranteɛ miennu yi gyinaa Yordan asubonten no ano; na ntɛm ara no ɔsoro bueɛ, nanso Yohanne hunuu Honhom Kronkron no te sɛ ɛbuburo a ɔresane aba no so, a ɛyɛ fitaa - na ɛyɛ asomdwee ne ahobrɛaaseɛ ahyɛnsodeɛ.

Saa Honhom yi annsane amma Osuboni no so, anaasɛ nnipa kuo no so, na mmom ɛbaa Yesu so bɛtenaa no so, na ɛdii adanseɛ kyerɛɛ Yohanne sɛ Nazarethni no yɛ kɛseɛ sene Adiyifoɔ no nyinaa ne bɔdeɛ biara. Osuboni no nim sɛ Onyankopɔn wɔ nafa, Daa Agya ne ɔbanbɔfoɔ no.

Na ayɛyie ne anigyie hyɛɛ Osuboni no ma, te sɛdeɛ ɔkekaa ne ho wɔ ne maame yefunu mu no, wɔ mberɛ a Maria kɔsraa Elizabeth no na ɔno nso too ayɛyie nnwom ne ahurusie no (Luka 1:36-45).

Osuboni no hunuu Kristo no sɛ ɔno na ɔma Honhom no, anso woanhunu anisoadeɛhunu no yiye, na ɔpaemu kaa sɛ, "Awurade aba; na ɔwɔ ha, woambɛbu atɛn na mmom obɛyii ɔdɔ kɛseɛ ɛdi kyerɛɛ yɛn. Na ɔbrɛ ne ho ase, nanso ɔyɛ Onyankopɔn Ba a Hnhom Kronkron no ahyɛ no ma. Obiara a ɔpaemu aka sɛ Yesu yɛ Honhom a ɛfiri Onyankopɔn nkyen no, nso paemu ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba." Ɛno nti Yohanne daa Yesu botaeɛ nti a ɔbaeɛ no ɛdi pɛfee kyerɛeɛ; sɛ ɔbɛbɔ asu wɔ Honhom Kronkron mu. Onyankopɔn yɛ Honhom, Na Ne Ba no nso yɛ Onyankopɔn Honhom a ɔbaaeɛ wɔ honam mu. Na ɛyɛ Ne pɛ sɛ ɔde Ne Honhom tumi no bɛhyɛ nakyidifoɔ nyinaa ma: Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.

Onua barima so Honhom Kronkron no ahyɛ wo ma anaa? So woahunu Kristo tumi no wɔ woabrabɔ mu anaa? Onyankopɔn mu gyinabea yi tumi da ɛdi nko wɔ bɔne fakyɛ mu wɔ gyidie a ɛwɔ Kristo afrebɔ mu. Obiara a ɔgye tomu sɛ bɔne fakyɛ firi Onyankopɔn adwammaa no mu no Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma. Onyankopɔn Ba no ayɛ krado sɛ ɔde honhom mu akyɛdeɛ no bɛma ogyidini biara.

MPAEBƆ: Oh Onyankopɔn Ba Kronkron, Yɛyi wo ayɛ tontom wo. Yɛn nti wobrɛɛ wo ho ase, na wofaa yɛn bɔne soaeɛ. yɛda wo ase sɛ wode yɛn bɔne nyinaa kyɛɛ yɛn wɔ mogya a wohwie guuɛ ma yɛn wɔ asɛndua no so. Yɛda wo ase nso sɛ woahwie wo Honhom Kronkron tumi no agu yɛn so ne obiara a ɔdɔ wo nso so. Nyane nnipa bebree firi won bɔne nnaeɛ mu. Na yɛ won foforo wɔ wo nokorɛdie no mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu bɛyɛɛ deɛ ɔma Honhom Kronkron no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)