Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 013 (The Sanhedrin questions the Baptist)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

1. Wotuu nkorɔfoɔ firii Sanhedrinfoɔ no mu kobisaa Osuboni no nsɛm (Yohanne 1:19-28)


YOHANNE 1:25-28
25 Na wɔbisaa no sɛ, "Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛnnti na wobɔ asu yi?" 26 Yohane buaa wɔn sɛ "Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu, na obi a monni no gyina mo mfimfini. 27 ɔno ne deɛ ɔdi m'akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo". 28 Yeinom sii wɔ Betania, Yordan agya nohoa, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.

Wɔ Mmra Nsɛm no mu no na Jewfoɔ anya adesua afa ahoteɛ ho, ntromaadeɛ ne asubɔ nso ho. Ntromaadeɛ yɛ ahohohoro ɛfri ahonim mu ɛfi mu, na asubɔ nso gyina hɔ ma won a wonnnyɛ Jewfoɔ no ahoteɛ adeɛ, ɛfirisɛ na wohunu amanaman no sɛ won ho nte. Nanso asubɔ gyina hɔ ma ahobrɛaaseɛ ne Onyankopɔn nkorɔfoɔ.

Saa nkyerɛkyerɛmu yi nti na ananmusifoɔ a wofri Yerusalem no yɛɛ basaa no. "Adɛn nti na worefrɛ agyidifoɔ sɛ won nsakyera, nnipa a won atwa won twatia na wɔte Apam no mu? So wobu yɛn sɛ yɛyɛ fi a yɛnyɛ kronkron, na wodwene sɛ yɛayera a Onyankopɔn abufuohyew da yɛn so, yɛn ne akandifoɔ wɔ yɛn man yi mu".

Yohanne asubɔ no bɛyɛɛ sintidua maa "won a wɔgyedi sɛ wodi mu' no". Na ɛmaa mpaapaemu baa won mu maa wɔbɛyɛɛ ɛkuo ahorrow miennu. Ɛkuo a ɛdikan no yɛ won a wɔnam asubɔ so atew won ho wɔ adwene sakyera mu. Won na wɔretwen Kristo no sɛ nkorɔfoɔ a woapaw won na wɔrekohyia won Awurade. Na ɛkuo a ɛtɔso miennu no poo adwene sakyera ho asubɔ no, na wɔdwene sɛ wodimu' sɛ wobɛhyia Kristo no ama no akwaaba. Na wɔdwenee nso sɛ Kristo no mbaeɛ no yɛ deɛ ɛfa amayɔsɛm ho ne mmrahyɛ ho nsɛm.

Ɛyɛ bi mpo a na Ɔsɛmpakani Yohanne, ankasa nso, gyina hɔ bi wɔ saa mpaninfoɔ yi mpansempamsem mu yi mu. Na saa ano booboo yi kaa na'koma, ne titiriw no deɛ ananmusifoɔ no bɛbisaa Osuboni no, na won deɛ wohunuu ne mbuaeɛ no sɛ ɛnnyɛ Ɔno ne Kristo no, anaa Elia, anaa sɛ Adiyifoɔ no mu biara. Wɔ saa mbaeɛ yi nti woguu na'nim ase, Na wɔkaeɛ sɛ onyɛ obiara na ne ho nhia.

Na Osuboni no, nim deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti no, ɔbrɛɛ ne ho ase na ɔseree kaeɛ sɛ, "Ɛyɛ nokorɛ, menyɛ hwee ne otitirie biara. Me deɛ mebɔ mo asu wɔ nsuo mu, a nkonyaa ne tumi biara nni mu. Na deɛ meyɛ nyinaa yɛ ahyɛnsodeɛ a, ɛrekyerɛ deɛ ɔreba no."

Na ɛfei Osuboni no a ɔhyɛ afuram nwoma sɛ atareɛ no sɔre gyinaeɛ de nne kɛseɛ teaamu kyerɛɛ ananmusifoɔ no mpaninfoɔ no ne nnipa kuo no nyinaa sɛ, "Mo nyinaa yɛ anifuraeɛfoɔ. Montumi nnhunu nnoɔma a woatwerɛ ho asɛm no sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ mo ntam. Moabisabisa me nsɛm ahwehwɛ me mu, na moahunu sɛ meyɛ akumaa. Nanso merese mo sɛ Kristo no anya aba mo ntam. Na ɔwɔ mo ntam wɔ nipa dɔm no mu. Na Me, Yohanne Osuboni, menni tumi biara a mede bɛyɛ biribiara. Na mmom adwuma baakopɛ na woasoma me sɛ mebɛyɛ na menwieɛ no koraa. Me ne ɛnne a ɛteamu no, na Honhom Kronkron no ayi me asotirie afa Awurade a ɔreba no ho siesiaa. Na ɔwɔ ha. Ɛnnɛ yɛ nkwagyeɛ da ma obiara. Monsakyera mo adwene ntɛmso, na da a ɛdi ɛkyiri no aduru na abɛn"

Na wɔ saa asɛnka yi mu nti ɛmaa nnipa no nyinaa ani baa won ho so. Ɛfiisɛ na won nyinaa anida Kristo no so na ɛno ne botaeɛ titiri nti a won nyinaa aba hɔ sɛ wɔrehwɛ Kristo kwan. Nanso na ɔwɔ won ntam dada, na won anntumi ahunu ne mbaeɛ no na won ahunu no nso. Na wɔyɛɛ basaa paa, na obiara rehwɛ awadeɛ bi kwan sɛ ɛbɛdaa ɛdi.

Na Osuboni no paemu kaa deɛ Twerɛsɛm no aka afa Kristo no ho wɔ na'dansedie nsɛm no mu a ɛmu yɛ duru sene dea ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ na'sɛmpa no kaeɛ wɔ nkyekyɛmu 15 no sɛ, "Deɛ odi ma'kyi reba no wa'di me kan dada." Wɔ saa kwan yi so no Osuboni no yii Kristo Onyanmesu ɛdi kyerɛɛeɛ na ɔkyerɛɛ won sɛ ɔwɔ won ntam nso. Na ɔkaa no pɛfee sɛ Kristo no yɛ onipa a ɔno nso ne won gyina hɔ wɔ nnipa dɔm no mu, a won nnim no, a ɔnnyɛ soronko bi, anaa ɔhyɛ ntareɛ soronko bi, anaa sɛ ɔwɔ aniwa a ɛredɛre sɛ ogya. Na ɔte sɛ obiara, na onngyina abonten nso. Na mmom wɔ na'bɔsuo mu no ɔyɛ soronko sene obiara: Na ɔwɔ hɔ ansana wiase mfitiaseɛ baeɛ, na ofiri soro na ɔyɛ Onyankopɔn nso, na ogyina won ntam na a ɔnyɛ kyenkyerekyyɛnn.

Osuboni no paemu kaeɛ sɛ ɔnsɛ mfata Kristo no mpo sɛ ɔbɛyɛ nakoa. Na won amammere saa mberɛ no mu ne sɛ wonya ɔhɔhoɔ wɔ ɛfie bi mu a, akoa de nsuo bɛhohoro saa ɔhɔhoɔ no nan ho. Ɛno nti ohunuu Yesu sɛ ɔwɔ nnipa dɔm no mu no, Osuboni no buu ne ho abonfiaa sɛ ɔnnsɛ mfata mpo sɛ obɛsane Yesu nan ase mpaboa mpo na woahohoro ne nan ho.

Na saa nsɛm yi maa nkenyan baa nnipa no mu. Na wobisabisaa won ho nsɛm sɛ, "Hwan ne saa ɔhɔhoɔ yi a ogyina yɛn ntam yi? Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛyɛ obiara kɛkɛ? Na adɛn nti nso na Osuboni kɛseɛ yi ka sɛ ɔnnsɛ mfata sɛ obɛyi ne nan ase mpaboa mpo?" Na ananmusifoɔ a wofiri Yerusalem baeɛ no adwene mu yɛɛ won kesenee wɔ bere a wɔretie Osuboni no, na wɔkae sɛ, "Osuboni no yɛ ɔdaadaafoɔ!" Ɛno nti wofirii hɔ kɔeɛ. Na ɛbinom nso a wɔbaeɛ no bi nso yɛɛ saa ara, na wɔdwene sɛ Kristo no bɛpue wɔ kuro kɛseɛ Yesrusalem mu wɔ tumi ne annuoyam mu na mmom nnyɛ obi a won nnim no, a ɔyɛ onipa bi kɛkɛ a ɔwɔ serɛ so. Ɛno nti wɔpoo akwanya kɛseɛ a wɔde bɛhyia Onyankopɔn Kristo no.

Saa nsɛm yi kɔɔ so wɔ Yordan nsuo no ɛgya wɔ ɛpueɛ fam, wɔ Sanhedrinfoɔ no amanbuo mansini mu, a na herode Antipas na odi hene wɔ hɔ. Na ananmusifoɔ no anntumi annkyere Osuboni no ammfa no annkɔ won atɛnbuo adwa anim wɔ Yerusalem.

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, yeda wo ase sɛ wobaa yɛn nkyen, na wobɛyɛɛ Onipa na woyɛ Onyankopɔn nso. Yɛyi woayɛ na yɛtontom wo sɛ wobaa yɛn nkyɛn. wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo onipasu abrabɔ mu na ɛmaa Osuboni no hunuu wo. Wobrɛ wo ho ase na wodwo wɔ akoma mu. Kyerɛkyerɛ yɛn na yɛnya ahobrɛaaseɛ honhom tesɛ wo ara na yɛndi woakyi wɔ Honhom Kronkron akwankyerɛ mu.

NSƐMBISA:

  1. Mpɛmpɛnsoɔ bɛn na Osuboni no adansedie a ɛfa Yesu ho no koruuruuɛ wɔ ananmusifoɔ a wofiri Sanhedrin no anim?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)