Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 011 (The Sanhedrin questions the Baptist)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

1. Wotuu nkorɔfoɔ firii Sanhedrinfoɔ no mu kobisaa Osuboni no nsɛm (Yohanne 1:19-28)


YOHANNE 1:19-21
19 Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ, "Woyɛ hwan no?". 20 Na ɔpaee mu kae, na wansane, na ɔpaee mu kaa sɛ, "ɛnyɛ mene Kristo no". 21 Na wɔbisaa no sɛ, "ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia?" Na ɔse, ɛnyɛ mene no. "Wone odiyifoɔ no?" Na ɔbuaa sɛ, "Dabi."

Nkenyan kɛseɛ daa ɛdi wɔ Yordan bonhua no mu, wɔ Osuboni no asɛnka mu. Na nnipa mpem mpem bebree firii kwan ahorrow so ne mmepɔw so kɔɔ ne nkyen wɔ bonhua no mu. Wɔbaa Osuboni no nkyen sɛ wɔrekɔtie Odiyifoɔ no nne, na woabɔ won asu afriri won bɔne mu. Na nnipakuo no nyinaa brɛɛ won ho ase, ɛfirisɛ na honhom mu nsukɔm de won sɛ wobɛnya Onyankopɔn mu akwankyerɛ. Na wotumi hunu obiara a tumi ahoɔden bi reyɛ ne mu adwuma ntɛmso. Na wɔmpɛ sɛ wɔbɛte nsɛm biara afa nkonyaayie ho ne ahyɛdeɛ ahorrow mu, na mmom won kra kondɔ sɛ wɔne Onyankopɔn bɛnya nkutahodie soronko.

Sanhedrin kuo no mu nnipa no, ne Jewfoɔ som mu mmrahyɛ bea kununi, no nyinaa hunuuiɛ na wɔtee saa nkenyan yi ho asɛm. Na wɔsomaa ananmusifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ ne aboafoɔ binom, a won na wokum aforebɔ ndwan no. Sɛ wonkobisa Osuboni no nsɛm, sɛ ɔreyɛ abusudeɛ bi a won atumi atwe na'so.

Ɛno nti saa nhyiamudie yi a ɛkɔɔso wɔ Osuboni no ne ananmusifoɔ a wofri sanhedrin kuo no ntam no yɛɛ ɔhyɛ ne deɛ ɛyɛ hu nso. Na Ɔsɛmpakani Yohanne frɛɛ saa mbarima yi a wofiri Yerusalem a wɔyɛ Jewfoɔ no. Wɔ saa din yi mu no, ɔdaa na'sɛmpa no tiri asɛm mu baako ɛdi. Wɔ saa mbere no mu no Jewfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Mmra Nsɛm no ho na ɛyɛ adwuma, a na pɛsɛmenkomenya ne ahoɔyaa ahyɛ won ma, na ɛmaa Yerusalem bɛyɛɛ osiakwan honhom a ɛkotiaa Kristo no Honhom. Ɛnnyɛ Apam Dada no mu nnipa nyinaa deɛ, na mmom asɔfo kuo binom, ne titiriw no Faliseefoɔ no, na won na wɔyɛ atanfoɔ kɛseɛ tia Onyanmesom mpontuo biara. Ɛno nti na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobɛsum Osuboni no afirie wɔ won nsɛmbisa mu.

"Wone ne hwan?" ne asɛm a ɛdikan a wobisaa Yohanne, a na nnipa akuakuo bebree atwa ne ho ahyia retie ne nsɛmpa no yiye. "Hwan na ɔmaa wo saa akwanya yi sɛ kasa? So woasua Mmra no ne ɛmu nsɛm no? Onyankopɔn na ɔsomaa wo anaa, anaasɛ wone agyenkwa no?"

Yohanne Osuboni no hunuu won ndɛɛdɛɛ ne won ndaadaa a wɔde rebisa no nsɛm no nyinaa, ɛno nti woantwa won atoro. Sɛ anka ɔkaaeɛ sɛ, "Mene agyenkwa no a", anka wobɛbu no kumfɔ na won asiw no aboɔ; anaa sɛ anka ɔkaaeɛ sɛ, Ɛnnyɛ mene agyenkwa no a", nnipa nyinaa bɛgya no hɔ akɔ na won abu no animtiaa. Na saa mberɛ no mu no na Abraham asefoɔ no wɔ Romanfoɔ no ateetee ne won nhyɛsoɔ mu. Na wɔrehwehwɛ ɔgyefoɔ, a ɔbɛgye won afiri Romanfoɔ no nkondua mu.

Osuboni no paemu kaaeɛ wɔ bɛdwamu sɛ ɛnnyɛ ɔno ne Kristo no anaa Onyankopɔn Ba no. Na woanngye abodin biara a ɛkotia Honhom Kronkron no akwankyerɛ. Na ɔyɛɛ osetie ne ahobrɛaaseɛ wɔ nokorɛdie mu maa ne frɛ adwuma no, na onyaa Onyankopɔn mu gyidie sɛ wɔ ne berɛ mu no obɛnya na'sɛmpa no mu duasi afiri Onyankopɔn nkyen.

Wɔ won sekan twe a ɛdikan akyiri mu no ananmusifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, "Wone Elia no anaa?" Saa din yi yɛ deɛ Odiyifoɔ Malaki 4:5, hyɛɛ ho nkɔm no, Ɛno mu na Twerɛ asɛm no kaeɛ sɛ ansana agyenkwa no bɛba no, Odiyifoɔ bi bɛba wɔ Elia honhom tumi ngo sra mu, saa Elia yi na ɔfrɛɛ ogya firii soro baa na'tanfoɔ soɔ no, na oyanee owufoɔ wɔ Onyankopɔn tumi ahoɔden mu. Na obiara de nidie kɛseɛ ma saa Odiyifoɔ yi sɛ ɔkandifoɔ wɔ won man no mu. Nanso Yohanne deɛ ɔbrɛɛ ne ho ase, nanso na nokorɛsɛm ne sɛ ɔno ankasa ne Odiyifoɔ a woahyɛ ne ho bɔ no, na ɛkyiri yi Kristo nso dii ne ho adanseɛ (Mateo 11:14).

Na ɛfei asɔfoɔ no bisaa no sɛ ɔno ne Odiyifoɔ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no anaa, deɛ Moses twerɛɛ ne ho asɛm sɛ ɔbɛba no, te sɛ ɔno moses ara no, na woama won apam foforo kɛseɛ no anaa (Deuteronomium 18:15). Na saa nsɛmbisa yi mu nso no, na wɔpɛsɛ wohunu onipa ko pɔtee a ɔsomaa no sɛ ombɛkasa te sɛ Odiyifoɔ. Ɛno nti wɔkɔɔso bisaa no onipa ko a ɔyɛ ne tumi a ɔwɔ, na ɛfei nso sɛ ɔnam adiyisɛm so na ɛrekasa anaa sɛ ɔkasa ma ne ho.

Osuboni no kaaeɛ sɛ ɛnnyɛ ɔno na moses twerɛɛ ne ho asɛm no. Na woampɛ sɛ ɔde apam foforo biara bɛsi hɔ a ɛnnyɛ Onyankopɔn na ahyɛ no sɛ ɔnyɛ saa. Anaa sɛ ɔpɛsɛ odi ɔman no anim kɔ ɔko mu. Na odii nokorɛ wɔ ne nsɔhwɛ no mu na woanyɛ ahomasoɔ biara nso. Na ɛfei na ɔyɛ onyansafoɔ na woammbua na'tanfoɔ no nsɛmbisa ano wɔ nsɛm bebree mu. Na ɛhohia paa sɛ yɛn nso yɛde saa nyansa yi bi bɛyɛ adwuma wɔ yɛn daadaa abrabɔ mu.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ wɔsomaa Yohanne Osuboni no baa yɛn wiase yi mu, Onipa a ɔbrɛɛ ne ho ase yiye. Fa yɛn ahantan ne yɛn ahomasoɔ bɔne nyinaa kyɛ yɛn sɛ yɛdwene mpo sɛ yɛn ho hia yiye sene afoforo. kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛnya nteaseɛ sɛ yɛyɛ nkoa a yɛnsɛ mfata na wo nko ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ.

NSƐMBISA:

  1. Ananmusifoɔ no nsɛmbisa a wɔde baeɛ firi asɛmdibea kununi no botaeɛ nyinaa ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)