Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 012 (The Sanhedrin questions the Baptist)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

1. Wotuu nkorɔfoɔ firii Sanhedrinfoɔ no mu kobisaa Osuboni no nsɛm (Yohanne 1:19-28)


YOHANNE 1:22-24
22 ɛnna wɔsee no sɛ, "Hwan ne wo, Na yɛnnya bi nkɔbua wɔn a wɔsomaa yɛn no, woka wo ho asɛm bɛn?" 23 ɔse, "Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ, Montene Awurade kwan! sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no". 24 Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no firi Farisifoɔ mu.

Ananmusifoɔ no de won nsɛmbisa no baa Osuboni no so te sɛ akodeɛ. Saa nsɛmbisa yi yɛ deɛ ɛfa deɛ ɛkyerɛ sɛ obi bɛba ansana Agyenkwa no ankasa a wɔrehwɛ no kwan no bɛba. Na Yohanne paemu kaa sɛ ɛnnyɛ ɔno ne Agyenkwa no, anaa Elia no, anaa Adiyifoɔ no mu biara a Moses kaa won ho asɛm no, na ɛmaa won ahunahuna ne won ateatea a na wɔn asusu nyinaa yɛɛ ɔkwa. Nanso wɔtoaaso bisaa no onipa ko a ɔyɛ, ne onipa ko a ɔsomaa no. Na won botaeɛ ne sɛ wobɛnya biribi afiri Yohanne nkyen akɔka akyerɛ Sahedrin kuo no.

Na won nsɛmbisa no ne Yesaia nkɔmhyɛ a ɛwɔ (Yesaia 40:3) no nni twaka biara, Na mmom Honhom no na ɛmaa Osuboni no paemu kaa saa asɛmfua no. Na ɔkaaeɛ sɛ Mene nne a ɛteamu wɔ serɛ no so sɛ, monsiesie Awurade akwan tenpon no. Na sɛ anka woama won asɛm bi a ɛfiri Twerɛ Kronkron no mu a, anka wɔbɛbɔ no somboɔ sɛ ɔno ankasa pɛsɛ ɔfa ɔno ankasa tumi so na ɔde na'diyisɛm ba. Na anka ɛno mu no wobɛbu no kumfɔ sɛ woabɔ musuo. Ɛno nti Yohanne brɛɛ ne ho ase na ɔfaa Apam Dada no so wɔ ahobrɛaaseɛ gyinabea mu, na ɔkaeɛ sɛ ɔnyɛ hwee na mmom nne a ɛteamu wɔ serɛ no so.

Yɛn nyinaa te ɛserɛ so wɔ yɛn wiase yi mu. Na ɔhaw ne amaneɛ atwa yɛn ho ahyia. Nanso Onyankopɔn nngyae yɛn wiase bɔne yi ne mu nnipa a aporɔ yi nnto hɔ mmpan a ɔmma yɛn ɔboafoɔ. Na mmom ɔba nnipa nkyen daa bɛboa yɛn. Saa mboa yi a ɛfiri soro ba asaase yi so no yɛ adom kɛseɛ. Na Ɔkronkronni no ne yɛn ndi no sɛdeɛ yɛteɛ na ɛfata yɛn, na mmom ɔhwehwɛ yɛn na ɔgye won a ayera no. Ɛfirisɛ ne dɔ no mu yɛ duru sene sɛdeɛ yɛsusu mpo. Na ne nkwagyeɛ tumi no danne ɛserɛ pradadaso ma no bɛyɛ asaase bereɛ.

Osuboni no nam Honhom Kronkron no so nyaa nteaseɛ sɛ Onyankopɔn nam Kristo so reba yɛn wiase yi mu. Ɛno nti ofitiaaseɛ sɛ ɔrefrɛ nnipa sɛ won nsakyera won adwene na won nsiesie won ho mma deɛ ɔreba no. Na ɔpɛpa nkenyan a onyaaeɛ de siesie kwan maa Kristo no na ɛmaa no nne a ɔde teaamu wɔ yɛn wiase serɛ no so. Na woamfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ anaa ɔsomafoɔ, na mmom nne kɛkɛ. Nanso saa nne yi yɛ deɛ Onyankopɔn ankasa na ɔhyɛeɛ, na woapɛ sɛ yɛbɛtena yɛn bɔne mu.

Na deɛbɛn na ɛnne no reka? Na'sɛmpa tiri ne sɛ: Sɔre, na hunu sɛ Onyankopɔn Ahendie no aba wo so! na tutu woanamon nso yiye! Onyankopɔn yɛ kronkron na obɛbu wo atɛn. wɔ atoro biara mu, ne krɔnosɛm biara mu, nsɛmhunu biara mu ne amumuyɛ nyinaa mu, na Onyankopɔn bɛfrɛ wo sɛ bɛbu ho akontaa na ɔde atɛnbugya bɛtwe asoɔden biara aso. Onyankopɔn mbu na'ni nngu yɛn bɔne so. Onipa bɔnefoɔ bɛkɔ akopue na'nim wɔ ne bɔne nyinaa mu. na deɛ ɔyɛ papa wɔ ɔno ankasa anisoɔ no nso rennyɛ soronko nnsene ɔdebɔneyɛni no. Ɛfirisɛ obiara nni hɔ a ɔyɛ papa wɔ na'nim.

Deɛ ɛyɛ den wɔ Osuboni no nsɛm no mu nyinaa ne sɛ obiara bɛhwehwɛ ɔno ankasa ne ho mu yiye, ne nimdieɛ a onipa bɛnya wɔ na'mumuyɛ ho, na woasakyera ɛfiri ahantan ne ahomasoɔ mu, na woasesa nadwene nso. Onuabarima, so wogye wo ho di sɛ woyɛ papa a wo ho nni asɛm bi? Bɔ mmɔden di nokorɛ na paemu ka wo mfomsoɔ nyinaa! Sɛ wonam kwan bi so ɛsisi obi agye ne biribi a, bɔ mmɔden fa nadeɛ kɔma no ntɛmso. Twe wo ho firi ahantan ho na tena ase ma Onyankopɔn. Ma deɛ ayɛ abonkyiabonkyi nyinaa ntene wɔ wa'brabɔ mu. Na brɛ wo ho ase yiye ɛfirisɛ woayɛ bɔne.

Na mpaninfoɔ ananmusifoɔ bebree a wɔbaeɛ no nyinaa yɛ Fariseefoɔ. Na won ani beree wɔ Osuboni no akokoduru ne ne nkenyan no mu, ɛfirisɛ wɔgye won ho di sɛ won na wɔyɛ atreneefoɔ, ahofama ne nkorɔfoɔ a wɔyɛ papa, a wɔde Mmra no asi won aniso frenkyemm rediso yiye. Nanso na wɔredaadaa won ho. Na wɔyɛ won trenee wɔ nipa aniso kɛkɛ, nanso won mu deɛ wɔyɛ adufudepɛfoɔ,na adwene bɔne nso ahyɛ won ma na ɛfei nso wonni bɔne fakyɛ wɔ won akoma mu ma nipa, na wɔte sɛ bɔre ahurutia.

Na won anim hu no ammbɔ Yohanene hu sɛ ɔbɛka won anim, na ɔka kyerɛ won nyinaa sɛ ɛsɛ yɛn nyinaa danne yɛn ho na yɛkɔ Onyankopɔn nkyen, na yɛsiesie Awurade akwan tempon no ma ne mbaeɛ no a ɔreba yɛn nkyen no.

MPAEBƆ: Awurade, wonim ma'koma mu, na wonim ma'brabɔ a ɛtwam ne me bɔne nyinaa. Me'ni awu wɔ woanim wɔ mebɔne nyinaa nti, deɛ ahinta ne deɛ ɛhodahɔ nyinaa. Mepaemu ka ma'mumuyɛ nyinaa kyerɛ wo na mesrɛ wo nkyen bɔne fakyɛ. Nto me ntwene mmfiri wa'nim. Boa me na memfa adeɛ biara a ma'gye afiri obi nsam ansan mma no na mensrɛ onipa biara a mafom no nkyen bɔne fakyɛ. Bubu ma'homasoɔ nyinaa, na hohoro me ho firi me bɔne nyinaa mu wɔ wo mmɔborohunu mu, Oh ɔdomfoɔ ne oyemhyehyefoɔ a ohunu won a wɔyɛ mmɔborohunufoɔ no mmɔmbɔ.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Osuboni no faaeɛ frɛɛ nnipa no sɛ won nsiesie Awurade kwan no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)