Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 010 (The fullness of God in Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

3. Onyankopɔn mayɛ nyinaa daa ɛdi wɔ Kristo nipasu mu (Yohanne 1:14-18)


YOHANNE 1:17-18
17 Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ. 18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Nsonsonoeɛ a ɛda Apam Dada no ne Apam Foforo no mu no bɛtumi ayɛ mfantoho ne nsonsonoeɛ a ɛda trenee a ɛfiri Mmra mu ba ne trenee nso a ɛfiri adom mu ba no ho. Onyankopɔn de Mmra Nsɛm Du no maa Moses, Mmra a ɛfa mogya aforebɔ ho ne mmra a ɛyɛ nhyehyɛeɛ ma onipa abrabɔ. Na obiara a otumi hwɛ saa nhyehyɛeɛ yi na odi so no wɔ nkwa wɔ mu. Nanso obiara a ɔbɛto ɛmu baako mpo no ɛsɛ sɛ oniiko no owu. Wɔ saa kwan yi so no mmra no yɛ atɛnbuo a ɛgyina hɔ ma owuo, ɛfirisɛ onipa biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ. Na won mpo a wɔyɛ atreneefoɔ no hunuu sɛ wɔtɔ sinni na wohia adwene sakyera wɔ mmra no so die ne ɛho nhyehyɛeɛ nyinaa mu. Nyaatwomfoɔ, nso, a wobu won ho sɛ wɔyɛ papa no, te sɛ wɔyɛ nkorɔfoɔ a wɔsɔ Onyankopɔn ani. Na ɛde won kɔɔ ahopɛdeɛ ne ɔsomntrasoɔ nkyekyereɛ mu. Na wɔpaa ɔdɔ akyiri kwan de won ho too won ankasa trenee so ahohoahoa ndwumadie mu. Ampa sɛ, Mmra no yɛ kronkron ɛfirisɛ ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn kronkronyɛ. Nanso wɔ Mmra no anim deɛ onipa biara yɛ ɔdebɔneyɛni. Ɛno nti wɔ saa kwan yi so no Mmra no de nnipa nyinaa kɔɔ owuo mu.

Wɔ saa owuo tebea yi mu no na Ɔsɛmpakanni Yohanne bɔɔ Yesu din bere a ɛdikan koraa wɔ na'sɛmpaka adwuma mu sɛ Yesu no ne ɔgyefoɔ ne deɛ ɔma nkwa firi Onyankopɔn abufuohyeɛ kɛseɛ no mu. Na Ɔbarima Yesu a ofri Nazareth no ne Agyenkwa a woahyɛ ne ho bɔ ama yɛn no a wɔde Honhom Kronkron ngo sra no ahyɛ no ma. Ɔno ne Ahene mu Hene no, ne Onyankopɔn Asɛm ne Ɔsɔfo Panin no. na Ɔno ne awerehyem, anidasoɔ ne nkwagyeɛ nyinaa tɔfabɔ.

Kristo ammfa Mmra foforo nhyehyɛeɛ biara ammba yɛn nkyen, na mmom ɔbɛgyee yɛn firii mmra no nnome mu. Wɔ ne dɔ kɛseɛ mu no ogyinaa yɛn anan mu hyɛɛ Mmra no nhyehyɛeɛ no nyinaa ma de maa yɛn. Na ɔfaa yɛn bɔne nyinaa too Ne ho so ne wiase atɛnbuo nyinaa too na'bɛtiso, na ɔtwee yɛn bataa Onyankopɔn ho wɔ nkabom mu. Ɛno nti Onyankopɔn nnyɛ yɛn tanfo wɔ bɔne mu bio, na mmom yɛnya asomdwee wɔ Onyankopɔn mu wɔ Yesu Kristo yɛn Awurade no din mu. Na Ɔbarima Yesu foro kɔɔ soro wɔ Na'Agya no nkyɛn, na woahwie Ne Honhom Kronkron no agu yɛn so. Na ɔde ne mmra no ahyɛ yɛn akoma mu, na ɔde na'hoteɛ ahyɛ yɛn mu ma, ne ne nokorɛdie ne adwenepa ama yɛn. Ɛno nti yɛnnhyɛ mmra no ase bio, na mmom ɔte yɛn mu. Wɔ saa kwan yi so no Onyankopɔn ama yɛn tumi a yɛde bɛdi Ne dɔ nhyehyɛeɛ no so.

Wɔ Kristo mbaaeɛ no mu, na yɛnyaa adom mbere mfitiaseɛ mu na yɛtenaa mu. Na Onyankopɔn mmbisa yɛn nkyen ndwan bio, ɔsom ahorrow ne afoɔrebɔ ahorrow bio a ɛbɛma yɛn ankasa yɛn trenee na mmom ɔsomaa Ɔno ankasa Ne Ba koro no ma No de Onyankopɔn trenee brɛɛ yɛn, Ɛno nti obiara a ɔbɛgye no adi no wobu no bem. Ɛyi nti yɛdɔ no na yɛda no ase de yɛn ayɛyiye a ɛte ase afɔrebɔ ma No, ɛfirisɛ woatew yɛn ho.

Kristo angya yɛn hɔ sɛ ngyanka na mmom ɔne yɛn na ɛwɔ hɔ daa, na ohwie na'kyɛdeɛ no gu yɛn so. Anka yɛnsɛ mfata sɛ ɔde yɛn bɔne mpo bɛkyɛ yɛn, anaa sɛ Onyankopɔn Honhom no ayɔnkofa mu kyɛfa mpo. Na anka ɛnsɛ sɛ yɛnya nhyira akyɛdeɛ bi mpo firi ne nkyɛn. Na mmom no nnoɔma nyinaa yɛ adom a ɛfiri ne nkyɛn ara kwa. Ɛyɛ ampa sɛ deɛ anka ɛsɛ fata yɛn ne abufuohyeɛ ne ɔsɛeɛ. Nanso ɛsanesɛ yɛde yɛn ho abata Kristo ho wɔ gyidie mu nti, yɛn nso yɛyɛ Onyankopɔn mba a woahwie na'adom no agu yɛn so. Ɛno nti woahunu nsonsonoeɛ a ɛda bɔne nkoayɛ ne adom mba ntam?

Na saa adom yi nnyɛ atinka bi ara kɛkɛ a ɛwɔ Ɔkronkronni no akoma mu. Na mmom, ɛyɛ Ne dɔ akwanya a ɔde ama yɛn. Onyankopɔn renntumi mmfa obiara ɔno ara pɛ bɔne nkyɛ no, na mmom Kristo asɛndua no so wuo no ne deɛ ayɛ ntam gyinafoɔ ama yɛn trenee nyinaa ɛwie pɛyɛ. Ɛno nti ɛyɛ adom na ama yɛn akwanya ama yɛnya Onyankopɔn anim mmɔborohunu a ɛnnhinhim da. Kristo mu adom na abɛyɛ mmra nhyehyɛeɛ a ɛno ne yɛn ngyinasoɔ wɔ Onyankopɔn anim nkwagyeɛ mu.

Wobɛbisa sɛ: hwan ne saa Onyankopɔn yi, a otumi yɛ biribiara a ɔpɛ, nanso ɔde atɛn trenee akyekyere ne ho yi? Yɛbɛbua wo sɛ: Ɔsom ahorrow bebree abɔ mmɔden sɛ wobɛtumi ate Onyankopɔn nneyɛɛ ase yie. Nanso ɛtesɛ atwereɛ a wɔde asi asaase so a ɛrenntumi nnkoduru soro. Na mmom Kristo te sɛ Onyankopɔn atwereɛ a ɛfiri soro resane, na wɔde asi asaase so. Na sɛ yɛne Ɔno di ahyiamu a yɛn abammu remmbu da bi ara da.

Onipa biara nni hɔ a woahunu Ɔbɔadeɛ no a ɔtehɔ daa no dabiarada, ɛfirisɛ yɛn bɔne tete yɛne Ɔkronkronni no ntam. Nsɛm ahorrow a wɔka fa Onyankopɔn ho no mu bebree yɛ atirimubɔ nsɛmka. Na mmom Kristo pɛ ne Ne Ba koro, a Ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ daa ne daa a ɛnni ɛwieɛ, Onyankopɔn Baasa Koro no mu baako. Ɔba no nim Agya no. Na Adiyisɛm ahorrow a atwam no nyinaa yɛ nsunsuma, Na mmom Kristo ne Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ pɛ koraa, ne nokorɛ nyinaa tɔfabɔ.

Kristo asɛmka no botaeɛ titiri ne sɛn?

Na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛrebɔ mpaeɛ a yɛnka sɛ, "Yɛn Agya a wowɔ soro". Wɔ saa kwan yi a yɛne Onyankopɔn bɛnya nkutahodie mu no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yɛ Agya de ma yɛn. Onyankopɔn nnyɛ nhyɛsoɔ, anaa opoopoofoɔ ne ɔsɛefoɔ. Anaa deɛ ɔhyɛ abufuo anaa soronko bi. Na mmom ɔdwene yɛn ho dabiara te sɛdeɛ Agya biara dwene ne mba ho no. Sɛ abofra tɔ atɛkyɛ mu a, agya no yi no bue, na woapopa ne ho na onngyae no sɛ ɔnyera wɔ wiase afɔbuo mu. Ɛno nti bere a yɛahunu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Agya yi, yɛn bɔne mu ateetee ne ɔhaw nyinaa woayi afri yɛn so. Ɛfirisɛ sɛ yɛsane kɔ yɛn Agya no nkyen a otware yɛn na woatew yɛn ho na ɛfei woama yɛn akwaaba. Yɛne Onyankopɔn na ɛteɛ kosi daa ɛnni ɛwieɛ. Ɔsompa a ɛbaa yɛn wiase yi mu wɔ Agya no din mu no yɛ Kristosom nkyerɛkyerɛ foforo a Kristo de baeɛ no. Saa Agyayɛ din no, ne deɛ ɛkura Kristo nsɛm nyinaa tɔfabɔ.

Kristo nnyaa mmbaa wiase yi mu no na ɔne Agya no na ɛwɔ hɔ. Na ɛyi kyerɛ ɔdɔ nkutahodie kɛseɛ a ɛda Kristo ne Onyankopɔn ntam. Na Ne wusɔreɛ akyiri no , Ɔba no sane kɔɔ Agya no nkyen bio. Na woannkɔ tena Agya no nkyen kɛkɛ na mmom no ɔtwere Agya no kokomu. Na ɛyi kyerɛ sɛ Ɔno, ne Ɔno ara. Na ɛkyerɛ sɛ Kristo nsɛm a ɔkaa faa Agya no ho nyinaa yɛ nokorɛ. Wɔ Kristo mu na yɛhunu sɛdeɛ Agya no teɛ ankasa. Sɛdeɛ Ɔba no teɛ no, saa ara nso na Agya no teɛ, na sɛdeɛ Agya no teɛ no, saa ara nso na Ɔba no nso teɛ.

MPAEBƆ: Yɛn Agya a wowɔ soro yɛda wo ase na yɛyi wo ayɛ daa, Ɛfirisɛ wosomaa Kristo a ɔyɛ wodɔ Ba koro no brɛɛ yɛn. Yɛkoto sɔre wo ɛfirisɛ woagye yɛn afri Mmra no ntwɛtwɛdɛ nyinaa mu na wode Onyankopɔn trenee ɛdua yɛn mu. Yɛda wo ase wɔ honhom mu akyɛdeɛ nyinaa a wode ama yɛn, na yɛyi wo ayɛ wɔ akwanya a wode ama yɛn wɔ Agya no din a ɛte yɛn mu no mu.

NSƐMBISA:

  1. 'Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn na Kristo de baa wiase yi mu?''

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)