Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 039 (The reason for unbelief)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

5. Deɛ nti a won anngye anni (Yohanne 5:41-47)


YOHANNE 5:41-44
41 "Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn, 42 na mahu mo sɛ monni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu. 43 Me deɛ, mebaa m'Agya din mu, na monnye me; sɛ ɔfoforɔ ba ɔno ara din mu a, ɔno na mobɛgye no. 44 ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?"

Yesu bɔɔ Na'tanfoɔ no akodeɛ nyinaa guuiɛ, na ɔkyerɛɛ won, won akoma mu tebea sɛdeɛ ɛteɛ ne won daakye ɛwieɛ. Na oyii won akoma mu bɔne ahintasɛm kyerɛɛ won, ne won nneyɛɛ ne won suban ankasa sɛdeɛ ɛteɛ.

Na onhia nnipa nhoanhoa ne mmɔngyesoɔ, ɛfirisɛ onim ne botaeɛ ne Ne'dwumadie nti a ɔbaeɛ. Na woanhome wɔ saa botaeɛ no mu wɔ ne dwumadie nyinaa mu. Na sɛ nnipa hyɛ no annuoyam a ɔde saa annuoayamhyɛ no ma Na'Agya no, sene sɛ ɔde bɛma ɔno ankasa Ne ho, ɔyɛɛ saa kyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ Kristosom teɛ ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛka sɛ, "Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte, na Woahennie mbra, Woapɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asaase so sɛdeɛ ɛteɛ wɔ soro no." Yesu paa Ne ho akyi na wonnhwehwɛ nidie ne annuoyam amma Ne ho. Na mmom Agya no annuoyam ne deɛ ɛyɛɛ Ne botaeɛ. Na Ɔkaeɛ sɛ Onyankopɔn ho dadwene amene me.

Onyankopɔn dɔ na ɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma, na ɛma ɔgyeɛ, na ɛde pɛyɛ nyina ba. Ɛno ne fapem kɛseɛ a ɛwɔ Nyankopɔn Baasa Koro no mu. Mmra Nsɛm no so die ne pɛyɛ nyinaa wie mu'die wɔ saa ɔdɔ yi mu. Ɛno nti obia a ɔwɔ no, nte ase mma ne ho, anaa sɛ ɔhyɛ ɔno ankasa ne ho annuoyam, na mmom no ɔhyɛ afoforo annuoyam, na ɔsom won wɔ ahopaakyi mu. Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ma ahiafoɔ. Ɔdɔ nndi hwammɔ da.

Onipa biara nntumi mfiri ɔno ankasa pɛ mu nnɔ Onyankopɔn, na mmom agyesɛ obiara a woanya ahohohorɔ afri ne bɔne mu, na woasakyera na'dwene na woagye Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo mu no ato mu, saa nipa no bɛpaemu aka Onyankopɔn dɔ a Honhom Kronkron no ɛhwie agu yɛn akoma mu no akyerɛ, Sɛdeɛ Poulo yɛeɛ no. Saa ɔdɔ yi da ɛdi wɔ afɔrebɔ mu, ahobrɛaaseɛ, ne boasetɔ mu. Obiara a obue ne kra mu ma Onyankopɔn Honhom no, bɛdɔ Nyakopɔn Baasa Koro no Kronkronyɛ no ne nnipa nyinaa. na mmom no obiara ɔma ne ho soɔ, na ɔdwene sɛ odimu' no nnyɛ deɛ ɔsɔ ani wɔ nokorɛ mu, na mmom otia Onyankopɔn Honhom no. Na ɔyɛ pɛsɛmenkomenya. Saa nipa no mpre sɛ obɛnya foforoyɛ nkenyan biara, na onnhunu mpo sɛ ohia Agyenkwa bi, na mmom opirim na'koma. Kristo amba wɔ onyame foforo bi din mu, na mmom ɔbaaeɛ wɔ Agya no din mu, sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn dɔ ne Ne'mmɔborohunu ɛdi akyerɛ. Won a wɔpo Kristo nyinaa kyerɛ sɛ won ato won adwene mu afri Onyankopɔn dɔ mu. Na wɔdɔ ɛsum sene hyan, na ɛfei nso wɔtan won a hyan no awo won nso.

Kristo bɔɔ natanfoɔ no kɔkɔ faa Atoro-Kristo a ɔbɛba no ho, na ɔno na ɔbɛtwe pɛsɛmenkomenyafoɔ nyinaa aba ne nkyen, na woadi won anim wɔ atuateɛ mu atia Onyankopɔn dɔ kɛseɛ no. Na ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛseɛ de ne ho atoto Kristo no ho.

Nnipa pii nntumi nngye nni, na wɔpɛ wiase afekuobɔ mmom sene adwene sakyera a ɛyɛ nokorɛ no. Na wobu won ho sɛ wodimu', sɛ wɔyɛ den wɔ ahoɔden mu ne aniteɛ mu. Na won ho mpopo wɔ Ɔkronkronni no anim, na ɛfei nso wonhunu mpo sɛ Ɔno nko na odimu'. Onipa a obu ɔno ankasa ho sɛ treneeni no nngye biribiara nni, na ɛfei nso ahomasoɔ ne na'brabɔ nneyɛɛ mu nsɛnkyerɛnne.

Obiara a onim Onyankopɔn na onim ne kra nso no, brɛ ne ho ase paemu ka ne bɔne kyerɛ, na ɔmfa annuoyam ne nidie mma ne ho, na mmom ɔde annuoyam nyinaa ma Agya no ne Ɔba no mberɛ biara mu. Na ɔtotom ɔdomfoɔ no. Na ɔgyedi sɛ ɔnam adom so na ɛde yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn na woagye yɛn afiri ndaadaa abrabɔ nyinaa mu. Na yɛnim sɛdeɛ yɛteɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn nso teɛ. Ɔdɔ ka nokorɛ kyerɛ ne nnamfonom; na mmom ɔhantanfoɔ daadaa ne ho ne afoforo nso, na ofiri Onyankopɔn Honhom a ɛboa yɛn ma yɛyɛ ahobrɛaaseɛ no ho.

YOHANNE 5:45-47
45 "Monnsusu sɛ mede mo bɛtwa, Agya no anim, na deɛ ɔde mo twa no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no. 46 Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ. 47 Na sɛ monnye n'atwerɛsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?"

Kristo kɔɔso brɛɛ mmrakyerɛfoɔ no ahomasoɔ ase, na ɔkaa sɛ, "ɛnnyɛ Me na metoto mo ano wɔ Onyankopɔn anim de asesa mo, na mmom Mses a mode mo ani ato no soɔ no na ɛbɛyɛ saa. Ɔno na ɔmaa mo Apam Mmran Nsɛm no, na ɛno ara na ɛbɛbu mo fɔ. ɛfirisɛ munni dɔ ma me, na mopɛsɛ mo gyina mmra no so na mo kum me. Na sɛ mo fri Onyankopɔn ho a mobɛ nante ɛsum kabii mu. Mesaa ɔyarefoɔ yareɛ wɔ homeda mu, na ɛmaa mobo afu Onyankopɔn ndwuma a meyɛɛeɛ no; na motan me, M a meyɛ Onyankopɔn dɔ a ɛbaa mo nkyen wɔ nipasu mu no. Monngye nni sɛ ɛyi yɛ Mesaia no ndwuma: ɛfirisɛ mo honhom ate atua wɔ asobrakyeɛ mu. Onyankopɔn maa mo nkwa Mmra Nsɛm, na ɛnnyɛ owuo deɛ. na sɛ moasakyera a, anka mobɛhwehwɛ Agyenkwa no. Ɛfirisɛ Mmra no ne Adiyifoɔ no nyinaa kyerɛ deɛ ɔrebɛba no ho asɛm. Na mo ama Mmra Nsɛm no botaeɛ akyea, na mode mo ankasa pɛ na ɛbu Onyankopɔn ahyɛdeɛ no. ɛfirisɛ munntumi nnhunu adiyi nkɔmhyɛ mu. Mo honhomfi no si mo kwan sɛ mobɛhunu nokorɛ no. Ɛno nti mobɛkɔso atena mo anngye anni ne moanifuraeɛ no mu, ɛfirisɛ mopo Onyankopɔn Honhom no. Wɔ po a mo po nti mo nngye Nkwa Nsɛm no nni."

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu amfa annuoyamhyɛ amma ne ho, sɛdeɛ ɛbinom yɛ no?

AGORODIE HO NSƐMBISA - 2

Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
fa wo mbuaeɛ papa no mu 17 brɛ yɛn wɔ saa nsɛmbisa ahrorroɔ 19 yi a yɛrebiase wo yi mu. Na yɛn nso yɛde saa adesua ahorroɔ yi mu nsɛm bɛbrɛ wo.

  1. Adɛn nti na Yesu kɔɔ hyiadan no mu no ɔpamoo adetɔnfoɔ no?
  2. Nsonsonoeɛ bɛn na ɛda Nikodemo trenee mu ne Kristo botae ntam?
  3. Nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛdi adanseɛ wɔ ogyidini mu sɛ woanya awoɔ foforo?
  4. Kwan bɛn so na Kristo gyina hɔ ma kɔbre wɔ a wɔde no sen dua so wɔ serɛ no so?
  5. Adɛn nti na Yesu mu agyidifoɔ renngyina atɛnmuo mu?
  6. Nteaseɛ bɛn mu na Kristo no yɛ ayeforokunu?
  7. Kwan bɛn so na yɛfa so de nya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ?
  8. Akyɛdeɛ bɛn na Yesu de maa yɛn? na ɛmu dwumadie ne sɛn?
  9. Dɛn na ɛtumi siw ɔsompa ho kwan?, na ɛho nsunsuansoɔ paa ne sɛn?
  10. Kwan bɛn so na nkwa nsuo no bɛtumi ɛgu yɛn so?
  11. Kwan bɛn so na yɛbɛtumi ayɛ adwumayɛfoɔ ama Yesu?
  12. Gyidie mpenpensoɔ ahorroɔ ne sɛn, a mpaninfoɔ no faa mu?
  13. Kwan bɛn so na Yesu faa so saa obubuafoɔ no yareɛ wɔ Basada asubura no ho?
  14. Adɛn nti na Jewfoɔ no de ɔtaa baa Yesu so?
  15. Kwan bɛn so na adɛn nti na Onyankopɔn ne Ne'Ba no bom yɛ adwuma?
  16. Dwumadie soronko ahorroɔ miennu bɛn na Agya no de maa Kristo sɛ ɔnyɛ ɛho adwuma?
  17. Nkutahodie ayɔnkofa bɛn na ɛda Agya no ne Ɔba no ntam sɛdeɛ Yesu kyerɛkyerɛmu kyerɛɛ yɛn no?
  18. Adansedie ahorroɔ anan no ne sɛn, na adanseɛ bɛn na wodie?
  19. Adɛn nti na Yesu amfa annuoyamhyɛ amma ne ho, sɛdeɛ ɛbinom yɛ no?

Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:36 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)