Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 034 (Healing of the paralytic)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

1. Obubuani bi ayaresa wɔ baseda nsubura no ho (Yohanne 5:1-16)


YOHANNE 5:10-13
10 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ, "ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ." 11 ɔbuaa wɔn sɛ, "Deɛ ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na ɔsee me sɛ, "Yi wo kɛtɛ, na nante" 12 ɛnna wɔbisaa no sɛ, "Hwan ne onipa a ɔsee wo sɛ, 'Yi wo kɛtɛ nanante no?'?" 13 Nso deɛ ne ho asane no no nnim onipa ko; ɛfiri sɛ na nkurɔfokuo no wɔ hɔ nti, na Yesu nso atwe ne ho afiri hɔ.

Na nkurɔfoɔ a na wogyina Baseda asubura no ho nyinaa nya suahunu bi, agyesɛ mmrakyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ no. Na saa nyaatwomfoɔ yi bo huruuiɛ wɔ aniberɛ mu, ne titirie no wɔ ayaresa a ɔsaeɛ wɔ homeda mu no. ɛnnyɛ sɛ Yesu asa obubuafoɔ yareɛ nko mu, na mmom ɔhyɛɛ no nso sɛ ɔmmfa ne ketɛ na ɔnante kuro mu. Na ɛyi mu no wɔdwenee sɛ saa nneyɛɛ yi yɛ bɔne a ɛtia Onyankopɔn ne homeda ho nhyehyɛeɛ no, ɛfirisɛ na nna nsia na obiara yɛ adwuma. Na obiara a obɛbu saa mmra yi so no ɛsɛ sɛ owu (Numri 15:32-36). Jewfoɔ no kaa sɛ Kristo no mbaeɛ, ɛno nti ɛsɛ sɛ obiara di homeda mmra no so pɛpɛɛpɛ.

Na anka Jewfoɔ no bɛtumi ɛsi ɔbarima yi na ɔso ne ketɛ no amonomu hɔ ara, nanso na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no kɔkɔ ansana won abu no atɛn. Na won hooyɛ no yɛ deɛ ɛbɔhu. Na ɔbarima a woasa no yareɛ no bɔɔ Yesu din sɛ ɔno na ɔhyɛɛ no sɛ ɔmfa ne ketɛ na ɔnkɔ. Nanso ne kɛte a ɔsoaaɛ no yɛ nayaresa a ɛdimu' koraa.

Mmrakyerɛfoɔ no bofuiɛ na wɔkaa sɛ saa ayaresa no mmfiri Nyankopɔn. Na won anntumi annhunu tumi ne ɔdɔ a Yesu de saa ɔyarefoɔ no yareɛ no. Na wɔde aniberɛ susuu ho na wɔtan deɛ woasa no yareɛ no nso. Na ɛfei nso wosii deɛ woanya nayaresa no ho kwan sɛ ɛnsɛ sɛ ɔsoa ne ketɛ de nante homeda no. Na wɔkaa sɛ Yesu yɛ mmratoni, na ɛsɛ sɛ owu.

Na deɛ woasa no yareɛ no nnim deɛ ɔsaa no yare no, ɛfirisɛ na Yesu yɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ. Saa da no ne Ne nsrahwɛ a ɛdikan wɔ Baseda. Na ɔsaa yareɛ no wieɛ no ofrii hɔ kɔeɛ. Na Yesu ampɛsɛ nnipa bɛnya Ne mu gyidie a ne fapem gyina nsɛnkyerɛnne so, na mmom deɛ ɛgyina Ne nipasu soɔ.

YOHANNE 5:14-16
14 Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo. 15 Onipa no sii mu kɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. 16 Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.

Yesu hwehwɛɛ deɛ woasa no yareɛ no kakyerɛɛ no sɛ woagye wo afri wo bɔne mu. Na ohunuu ɔbarima no sɛ ɔwɔ asɔredan no mu reyi Onyankopɔn ayɛ. Na ɔde osuro ne ɛfei anigyie reyi ayɛ, na ohunuu Yesu. Na yɛhunuu deɛ Yesu ka kyerɛɛ no:

Woanya wayaresa, Hunu awawadeɛ a aba wo nkyen. Ɛfirisɛ woayare mfirihyia 38. Ɛno nti ɛyi yɛ Onyankopɔn na ayɛ ama woɔ. Na ɛmfri nipa. Na Onyankopɔn a ɔbaa nipasu mu no ankasa na ɛbue woakoma nteaseɛ aniwa.

Na wonim wo bɔne nyinaa. Abrabɔ a na Onyankopɔn nni mu no na ɛde saa mmusuo yi nyinaa aba. Na ayaresa yi nti, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo. na ɛfei wo nipadua nyinaa nso anya ayaresa, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ osetie na mma no nnyɛ bɔne bio. Bɔne fakyɛ akyiri no ɛnsɛ sɛ yɛkɔyɛ bɔne bio. Obiara ɔgye Kristo anom nsɛm no, na ɔde awerehoɔ sakyera nadwene no, saa nipa no nya Onyankopɔn anim tumi, na ɔbɛtumi ɛdi bɔne so wɔ Onyankopɔn ahoɔden mu. Kristo mmbisa yɛn nkyen adeɛ a yɛnntumi nyɛ, na mmom ɔma yɛn Honhom a yɛbɛtumi de ɛdi yɛn honam mu nsɔhwɛ so nkunim. Nokorɛ Honhom no boa yɛn ma yɛtumi di ɔbenefoɔ no so nkunim.

Mpren pii no ɔhaw ne nsɔhwɛ ahorroɔ nso yɛ asotwe a Onyankopɔn fa so de twe yɛn bata Ne ho. Na ɛfei nso no ɛdu mberɛ bi nso a yiyedie ne ahoyadeɛ nso tumi yɛ Nyankopɔn asotwe a ɛma onipa akoma pirim wɔ Onyankopɔn anim. Ahonhomfi tumi hyɛ onipa ma, na awieɛ no woahwere adeɛ nyinaa. Ɔdɔfoɔ ɛnne bɔne nndi apreaperɛ, na mmom hunu wo nkondua pɔtee a woda mu, na srɛ kristo sɛ ɔngye wo mfiri mu. Menyɛ motoromodwo wɔ bɔne ne Yesu ntam. Bubu wo bɔne nkondua no mu. Na hyɛ w'Agyenkwa no bɔ wɔ Apam mu. Na ɔbɛgye wo nkwa koraa.

Deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ! Yesu tuu deɛ woasa no yareɛ no fɔ wieɛ no otuu mirika kɔɔ Jewfoɔ no nkyen, kɔkaa kyerɛɛ won sɛ ɛyɛ Nazaretni no na ɛsaa no yareɛ no na ɔmaa no too homeda ho mmra no. Na ɛmaa mmrakyerɛfoɔ no nyaa ɛmu anidasoɔ sɛ wobɛgyina ɛno so de atetɛ no yiye de akyere no.

Ɔtan a asɔfoɔ no yii kyerɛɛ Yesu wɔ berɛ a ɔprapra asɔredan no mu no nnyɛ den te sɛ ɔtan a Fariseefoɔ no yii de tiaa Yesu no, wɔ saa ayaresa yi akyiri no. Na ɛyɛɛ won sɛ Kristo ɛgu won 'trenee ho fi,' na mmom ɔkyerɛɛ won sɛ treneeyɛ mfri mmra no so die mu wɔ wiase nyansa mu. Na mmom Onyankopɔn hwehwɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu. Kronkronyɛ a ɔdɔ nni mu no ɛyɛ kwa. Na Onyankopɔn hwehwɛ mmɔborohunu firi yɛn mu, na mmom ɛnnyɛ nkonyaa. Yɛda Onyankopɔn ase sɛ woagye yɛn ɛfiri mmra nhyɛsodeɛ mpem mpem mu, na woama yɛn ɔdɔ sɛ ahyɛdeɛ nyinaa fapem.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Jewfoɔ no de ɔtaa baa Yesu so?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:14 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)