Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 021 (Cleansing of the Temple)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?

1. Asɔredan no mu nsiesie (Yohanne 2:13-22)


YOHANNE 2:13-17
13 Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 14 Na ɔkɔhunuu wɔn a wɔtɔn anantwie ne nnwan ne mmorɔnoma ne sikasesafoɔ sɛ wɔtete asɔrefie. 15 Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, - nnwan ne anantwie no - firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui; 16 na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ, "Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m'Agya fie adwadie fie" 17 Na n'asuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ, "Wo fie ho mmɔdemmɔ amene me."

Yesu kɔɔ Yerusalem bere a na Twam Afahwɛ kɛsɛe no rekɔ so, ɛna Jewfoɔ mpem ɔha ne akyire a wɔfiri wiase nyinaa bɛboaboa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na ɛyɛ odwamaa afɔrebɔdeɛ a wɔde reyi Onyankopɔn abufuhyeɛ afirri wɔnso. Mogya hwIeguo amba a bɔne fafiri nso nni hɔ. Ɛna sɛ nsiesie amma a ɔsom nni ngyinasoɔ. Ɛnti Yesu nam Yordan Asubɔ ahyensodeɛ so ayi wɔn bɔne afiri wɔn so. Wɔn nti ɔgyee owuo mu Asubɔ too mu, ahyensodeɛ a asei Onyankopɔn abufuhyeɛ. Na onim yiye paa sɛ ɔno ne Onyankopɔn adwamaa a wa'yi no.

Bere a owuraa kuro no mu na ɔkɔɔ asɔredan no mu no, n'ani angye sɛdeɛ na asɔredan no keseɛ ne ne fɛ teɛ ho, na mmom sɛnea nnipa nam ne wuo afɔrebɔ no so bɛnya nkwagyeɛe. Awawasɛm, ne sɛ wanhunu ahosiesie biara ɛkyerɛ sɛ ɛhɔ yɛ asɔrefie. Deɛ ɔhunuɛ bi ne nfuturo ne nnantweei agyanan ne adetɔnfoɔ nnoɔma ne mmoa mogya. Ɔsan nso tee hooye wɔ wɔn a wɔ sesa sika kɔ jewfoɔ sika mu nne, sɛ won ntua wɔn toɔ ɔhyɛso.

Hooyɛ a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefie hɔ no kyerɛ wɔn gyidie bi sɛ wɔbɛtumi de sika anaa nnoɔma bi a ɛsombo asesa trenee abrabɔ. Na wɔsusu sɛ adom ne trenee nam sika ne afɔrebɔ so, Na wɔnnim sɛ abrabɔpa so na wɔnam bɛnya nkwagyeɛ.

Ɛyi nti Yesu yii ne trenee adi. Ɛnam ɔsompa ho tumi a ɔwɔ nti ɛtuu no ma no pamoo adetɔnfoɔ ne mmoa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa san nso kaa wɔn sika nyinaa guu fam. Woantwerɛ sɛ ɔkum obiara, na mmom ne nne teamu sɛ Onyankopɔn bɛseɛ wɔn a wɔmmu n'ahennie. Biribiara nni asase yi so a ɛsɔ Onyankopɔn ani, gye sɛ akoma a abubu wɔ Kronkronni no anim.

Yesu dii awerehoɔ faa Yesrusalem ho sɛ wɔne Onyankopɔn Kronkronyɛ di apreperɛ daa. Na saa anngye ɛnni yi ne po a wɔpo wɔ won som mu no kyerɛ ɛsum a ɛduru won adwene ne won akoma, mpo ɛmfa ho sɛ wɔde Mmra Nsɛm no maa won bɛyɛ mfeɛ 1300 ansa. Ɛno nti Yesu de abufuo ne Kronkronyɛ nkenyan pamoo adetɔnfoɔ nyinaa firii asɔredan no mu na osiesie hɔ. Ɛfirisɛ ɔsom bea hɔ no gyina hɔ ma won nyinaa. Na ɔhwehwɛɛ foforoyɛ wɔ won som mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na nnipa bɛtumi asesa won adwene ne won suban wɔ Onyankopɔn anim.

YOHANNE 2:18-22
18 ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ, "Sɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛna enti woyɛ yeinom?" 19 Yesu bua see wɔn sɛ, "Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio." 20 ɛnna Yudafoɔ no se, "Mfirinhyia aduanan nsia na wɔde sii asɔredan yi, na wo deɛ, nnansa na wode bɛma soɔ?" 21 Deɛ ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan. 22 Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n'asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

Na asɔfoɔ mpaninfoɔ no nim nsiesie a ɛfa asɔredan no ne adwadifoɔ no abooboodie nti, wɔkɔɔ Yesu nkyɛn ntam ara kobisaa no sɛ, ''Hwan na ɔmaa wo kwan sɛ yɛ saa? Hwan na ɔsomaa wo? Kyerɛ yɛn baabi ko a wonya wo tumi de yɛ eyi. Wɔgyee nsiesie no too mu; Na wɔtee nka sɛ Yesu nneyɛeɛ ne n'abufuo no nfiri nipa, na mmom kronkronyɛ mu tumi a ɛde obuo ba onyankopɔn fie mu sedeɛ ɔde honhom kronkron mu nokorɛ som bɛbrɛ nnipa nyinaa; mmom wɔpɛɛ sɛ wɔbɛhu botaeɛ ne dea etuu no. Nti Yesu bɛyɛɛ won atanfo efiri sɛ Ɔpɛɛ sɛ ɔde nsiesie foforɔ ba wɔ mbere a woambɔ asofokuo no amanneɛ.

Yesu kaa wɔn anim wɔ nyaatwom som ho, ɛfiri sɛ wɔgye ahonyadeɛ mu tumi to mu sene Onyankopɔn tumi. Wɔ anisoadehunu mu no Yesu huu sɛ asɔrɔdan no seɛ no nam motromodwo som ne mereyɛ mu. Ɔsom nhyehyeɛ ne n'amamere ntumi nngye nipa, na mmom akoma mu nsakyeraeɛ ne nokorɛ mu ogyeɛ a ɛfiri onyankoopɔn na ɛma mpuntuo.

Saa ɔgyeeɛ Nyameye nipasu no gyina won ntam pee. Yesu ne nokorɛ asɔredan no. Na Onyankopɔn wɔ Kristo mu wɔ won ntam. Ɛte sɛdea Yesu reka sɛ, seɛ asɔredan a ɛno ne me nipadua yi, ɛfiri sɛ worentumi ngyina ma'hokeka a mewo ma Oyankopɔn no mu. Wobɛyɛ nnoɔma a ɛyɛ hu de aseɛ Asɔredan yi, naso mɛsan ama so nna mmiensa ntam; Mɛsɔre afiri nna no mu. Mobɛku me, nanso metease, firi sɛ me ne nkwa no ankasa, Onyankopɔn wɔ honam mu. Morentumi nku me. Kyerɛ sɛ, Yesu kaa ne wusɔreɛ ho asɛm yɛɛ mfantoho. Saa owusɔreɛ yi yɛ ɛnnɛ mmere yi mu nsɛnkyerennee kɛseɛ.

Nnipa a Asɔfoɔ mpaninfoɔ no yii wɔn no ante saa abɛbusɛm a ɛfa asɔredan no ho ase. Wɔ gyinaa hɔ din faa adwene bi suusuu sɛ Yesu aka abususɛmm afa asɔredan kronkron no ho, a Herod sii no mfirihyia duanan nsia ne akyiri no. Wɔkasa faa aboɔ ho a ɛno ne nipadua ho. Saa nsusueɛ yi a eho hia firi bere a ofii nadwuma ase no de no kɔɔ atɛnbuafoɔ anim ɛnam adansefoɔ bi a woanka nokorɛ nti.

Apam Dada mufoɔ no anntumi annhunu adwene a efa gyidie foforɔ a Kristo de baeɛ no ho. Asomafoɔ no mpo ante ɔsom foforɔ no ase yiye kosi Kristo wuo ne ne sɔreɛ mu. Ansaana wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Ɔba no asoa won bɔne nyinaa na wasan asɔre afri owuo mu bio.

Ɛnnɛ yi Ɔne yɛn wɔ hɔ wɔ honhom asɔredan mu ɛno nti yɛyɛ nkwa boɔ. Honhom kronkron no hyɛɛ asomafoɔ no ma eno nti wɔwɔ hɔ wɔ honhom asɔredan mu a eye nkwa boɔ. Honhom kronkron no maa asomafoɔ no gyinaa pintinn wɔ gyidie mu, ne enkabom mu na wobeyɛɛ sɔredan kronkron.

MPAEBƆ: O Awurade Yesu, woyɛ Onyankopɔn tenabea, ɔtamgyinfoɔ wɔ Oyankopɔn ne adebɔneyɛfoɔ ntam. Boa yɛn na yɛnyɛ deɛ ɛtene na yɛnsom wo na yɛnhyɛ ma wɔ wo mu, na yatumi akabomu ayɛ sɔredan krokron a wo Honhom kronkron ahyɛ no ma, na yama Agya no so dabiara.

NSƐMBISA:

  1. Aden nti na Yesu kɔɔ asɔredan mu hɔ no ɔpamoo adwadifoɔ no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)