Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 125 (Conclusion of John's gospel)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

4. Yohane asɛmpa no ɛwieɛ (Yohanne 20:30-31)


YOHANNE 20:30-31
30 Na afei, nsɛnkyerɛnneɛ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛɛ no asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu. 31 Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.

Wɔ nnwoma yi ɛwieɛ mu no, yɛhuu deɛ Yohane ankasa twerɛɛ. Ɔsɛmpakafoɔ a ɔtwerɛ ahintasɛm no kyerɛɛ yɛn Onyankopɔn kanea a ɛpueɛ wɔ ɛsum kabii mu no nanso wiase annhunu no. Nanso dodoɔ a wɔgyee No no, ɔmaa won tumi sɛ wonyɛ Onyankopɔn mma, won a wɔgyee No diiɛ no. Saa Ɔsɛmpakafoɔ kɛseɛ yi maa yɛhunuu sɛ yɛnam Yesu so ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa nkutahodie soronko. Na ɔmaa yɛhunuu sɛ Kristo no wuuiɛ na woasɔre afri awufoɔ mu, na ama yɛanya Ne mu gyidie na yɛahu No sɛ ɔte yɛn mu.

Wɔ ne tɔfabɔ mu no, ɔsomafoɔ no kyerɛɛ yɛn nhyehyɛeɛ anan bi, a ɛbɛtumi ama yɛahunu asɛmpa no atirimupɔ ne botaeɛ nti ɔtwerɛeɛ.

Ɛnnyɛ nnoɔma a Yesu yɛɛeɛ nyinaa na Yohane twerɛɛ ho nsɛm. Annyɛ saa a, anka ɛsɛ sɛ onya nnwoma kɛseɛ paa. Na mmom ɔfaa nsɛnkyerɛnne ahorroɔ binom a Yesu yɛɛeɛ ne Ne nsɛm binom a ɛbɛma yɛnya nteaseɛ wɔ Yesu mu na ɔtwerɛɛeɛ. Na deɛ ɔtwerɛeɛ no nnyɛ Onyankopɔn Honhom na ɛyiyi maa no baako baako, te sɛ nnoɔma bi a ɔteeɛ wɔ wiɛmu wɔ nadwene mu. Na mmom, ɛyɛ deɛ ɔno akasa de naniwa hunuuiɛ, na Honhom Kronkron no hyɛɛ no den ma no kaa ho asɛm, sɛ obɛyiyi mu nnoɔma ne nsɛm soronko atwerɛ ho nsɛm, na ɔde ɔdɔ kɛseɛ daa Onyankopɔn Adwammaa a oyii wiase bɔne nyinaa kɔɔeɛ no wɔ ne ntwerɛeɛ no mu, deɛ wokum No no.

Yohane twerɛɛ saa asɛmpa yi maa yɛn sɛdeɛ yɛbɛhunu sɛ Ɔbarima Yesu a ofri Nazaret a nipa poo No no yɛ Kristo no a wɔhyɛɛ Ne ho nkɔm na ɔyɛ Onyankopɔn Ba nso. Wɔ saa abodin miennu yi mu no, ɛmaa deɛ Jewfoɔ no rehwɛ kwan mberɛ santen mu no baa mu. Ɛno nti, obuu ɔman no atɛn sɛ wɔbɔɔ Dawid Ba no a wɔhyɛɛ Ne ho nkɔm no asɛndua mu. Wosii so dua sɛ Ɔbarima Yesu No ne Kristo no ne Onyankopɔn Ba nso. Onyankopɔn dɔ kɛseɛ no ne Ne mu'die kronkron no nntumi nnya ahohora, anaasɛ obiara a ɔwɔ ɔpɛpa nntumi mmpo. Yohane de annuoyam a ɛkorɔn maa Yesu. Na ɔdaa Yesu ɛdi wawasoɔ kɛseɛ kyerɛɛ yɛn, na ama yɛatumi ahunu Onyankopɔn Ba no dɔ a ɔwɔ ma yɛn, Ɔno na ɔbɛyɛɛ onipa te sɛ yɛn ara na ama yɛn ɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn mma.

Ɛnnyɛ Yohane botaeɛ ne sɛ ɔbɛma yɛagye adeɛ bi a ɛnnyɛ nokorɛ atom, na mmom ɔpɛɛsɛ ɔbɛtwe yɛn abata Onyankopɔn Ba no ho. Sɛdeɛ Yesu yɛ Ɔba no, saa ara nso na Onyankopɔn abɛyɛ yɛn Agya. Ɛsanesɛ deɛ ɔwɔ soro no yɛ yɛn Agya no, obɛtumi awo mma bebree nso, na ɔde Ne daa nkwa no ahyɛ won ma. Awoɔ foforo a ɛnam Kristo mogya no baeɛ ne Honhom a ɛte yɛn mu no, ɛno Yohane botaeɛ a ɔde twerɛɛ asɛmpa no. Ɛnti, so woawo wo honhom mu anaa, anaasɛ woawu wɔ bɔne mu? So Onyankopɔn nkwa te wo mu anaa, anaasɛ woapo Ne Honhom Kronkron no?

Yɛn awoɔ foforo no woawie ho adwuma wɔ Onyankopɔn Ba no mu gyidie mu. Na obiara a ɔgye No die no wɔ daa nkwa. Na yɛwɔ saa nkwa yi ayɔnkofa daa a ɛnni ɛwieɛ wɔ Ne mu gyidie mu. Na deɛ ɔtena Yesu mu no, bɛhunu sɛ Yesu nso te ne mu. Na saa ogyidini no bɛyini wɔ Honhom ne nokorɛ mu, na Nyankopɔn nkwa aba bɛsow wɔ no mu. Daa nkwa yɛ Onyankopɔn dɔ a ɛma yɛn nkenyan ma yɛtumi kyerɛ nnipa bebree kwan kɔ Yesu mu gyidie mu, na ama won ɛtumi anya ɔdɔ na won atena Ne mu na Ɔno nso atena won mu daa.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase wɔ woasɛmpa a wode maa yɛn sɛdeɛ Yohane twerɛeɛ no. Wɔ saa nnwoma soronko yi mu no ɛma yɛhunu wo tumideyɛ ne wo nokorɛ no. Yɛde anigyie koto sɔre wo, ɛfirisɛ woama yɛnya wo mu gyidie, na wonam woadom so ama yɛnya awoɔ foforo nso. Ma yɛnya wo mu ayɔnkofa, na yɛde ɔdɔ ɛdi wo mmra nsɛm so. Boa yɛn ma yɛndi wo din ho adanseɛ wɔ bɛdwa mu nkyerɛ obiara, na ama yɛn nnamfonom anya wo mu gyidie na won anya daa nkwa mborosoɔ wɔ gyidie mu.

NSƐMBISA:

  1. Nsɛm bɛn na Yohane kaaeɛ wɔ nasɛmpa no ɛwieɛ mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 10:19 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)