Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 110 (Pilate awed by Christ; Pilate's unjust sentence)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
3. Ɔman no totoo nano wɔ Roman aban mu (Yohanne 18:28 – 19:16)

d) Pilate awed by Christ's divine nature (Yohanne 19:6-11)


YOHANNE 19:8-11
8 ɛnna Pilato tee asɛm yi no, ɔsuroo pii, 9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no. 10 ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu? 11 Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.

Pilato anntumi annte Yesu nipasu ase yie. Ne mudie, nahoteɛ ne Ne dɔ nyinaa yii ɛdi kyerɛɛ ɔman panin no. Ɛno nti ohunuu sɛ Yesu nnyɛ Ɔhene kɛkɛ na mmom no ɔyɛ Onyankopɔn Ba nso no ɛbɔɔ no hu yie. Romanfoɔ ne Greekfoɔ nyinaa hunu no sɛ ɔsoro yɛ honhom ne tumi bi a, ɛdu mmerɛ bi a wɔdanne nipa ba nnipa mma mu. Ɛno nti ɔdaa ne ho so, dwenee sɛ, “ɔbɛyɛ onyame bi a woaba wɔ nnipa tebea mu?” ɛno nti obisaa sɛ, “Wofri henefa”

Yesu ammpre sɛ ɔbɛdwane ammfri asotwe a ɔbɛfa mu no ho, na mmom no ɔyɛɛ koom. Na saa koomyɛ no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn mmma mbuaeɛ mfa nnoɔma a ɛda hɔ pɛfee ho, anaasɛ asɛm biara ho kɛkɛ, na mmom oyi Ne ho kyerɛ ogyidini a ɔde ne nsɛm to nanim. Na ɛyɛ soronko koraa sene Romanfoɔ adwenepɔ ne won susuiɛ a ɛfa Ne ho. Na obiara nte sɛ Ɔno. Wɔ saa koomyɛ yi mu no, ɛmaa Pilato bo fuiɛ bisaa no sɛ, "So wompɛsɛ wone me bɛkasa anaa? na wonim sɛ mewɔ tumi sɛ mekum wo anaasɛ megyae wo, na wohyɛ me tumi ase. Woatanfoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛbɔ wo asɛndua mu. na menko ara metumi agye woɔ anaasɛ mede wo bɛsɛn dua no so."

Anka Yesu bɛtumi aka sɛ, "Ɛyɛ nokorɛ, wo wɔ tumi. M'Agya na ɔde tumi no maa woɔ. Na ɛnnyɛ wo ankasa tumi mu na wokorɔn. Na wo nneyɛɛ bɔne bɛda ɛdi wɔ wo kasa bɔne baakopɛ mu. Na m'Agya a ɔwɔ soro no na ɔwɔ baabiaa, ne Me nso. Na tumi biara nni asase yi so, a ɛnnyɛ Ɔno na ɔde sii hɔ." Na saa akwanma yi mu no nipa bebree de sɛeɛ adeɛ te sɛ Pilato nso, a Onyankopɔn de tumi akyɛ no no. Na Onyankopɔn na ɔwɔ abakɔsɛm so tumi, na mmom ɔma nipa akwanya sɛ wobɛdi dwuma wɔ mu bi. Ɛno nti deɛ wɔde bɛyɛ nipa biara no wowɔ ho akontaa buo wɔ ho.

Na Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ, "Woayɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnnyɛ wo nko na wodi fɔ wɔ ɛyi mu. Na won nyinaa atɔ bɔne afirie mu. Wompɛ sɛ wobɛbɔ me asɛndua mu, na won a wɔsɛe woadwene ne suro a wosuro Kaifas nti na worebu me fɔ." Ɛno nti Ɔsɔfo Panin no ayɛ bɔne kɛseɛ, ɛfirisɛ ɔpɛsɛ ɔbɔ Yesu asɛndua mu wɔ ɔtan ne anibereɛ nti. Na anka ne gyinabea a ɛkorɔn nti no na ɛsɛ sɛ onya mmɔborohunu ma won wɔteetee won na ɔtwe won bata Onyankopɔn ho. Nanso ɔmaa ahonhom mmɔne faa no domum, na ɔyɛɛ Yesu ayayadeɛ kosii owuo mu.


e) Pilato buu Yesu atɛn (Yohanne 19:12-16)


YOHANNE 19:12
12 ɛfiri yei soɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ, “Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.”

Pilato pɛɛ sɛ anka ogyae Yesu, ɛfirisɛ deduani no hunuu sɛ ɔwɔ tumi. Nanso na ɛwom sɛ Kristo tumi boro saa tumi no so. Na Yesu ahunahuna Pilato, na mmom no ɔkaa nanim. Na ɔkyerɛɛ nsonsonoeɛ a ɛwɔ Pilato bɔne a woayɛ ne Kaifas nso amumuyɛ mu. Yesu buu atɛn wɔ won a na wɔretoto nano no mu, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ anka ɔbɛtwe nadwene asi Onyankopɔn nnoɔma a ɛwɔ hɔ so.

Na Jewfoɔ asɔfoɔ no hunuu sɛ Pilato resesa nadwene no, wɔdannee won asɛm no kɔɔ amanyɔsɛm mu. Na wɔbɔɔ Yesu kwɛɛdu sɛ ne nneyɛɛ ne Ne nyamesu no yɛ deɛ ɛtia Romanfoɔ mmrahyɛbea nhyehyɛeɛ. Ɛno nti wɔbɔɔ ɔman panin no hu sɛ ɔreyɛ deɛ ɛtia Kaesar nhyehyɛe, sɛ woakum Yesu a.

“Deɛ ɔyɛ Kaesar adamfo no” na ɔyɛ obi paa a ɔpɛ nasɛm. Na saa abodin yi nso ka ne dibea no ho na ɔka abusua no nso ho. Pilato yere na ɛyɛ bi a ɔbɛyɛ obusuani no ankasa. Na Tiberius Kaesar nso annya gyidie wɔ obiara mu ɛfirisɛ ɔyɛ obi a ɔdwene bɔne wɔ biribiara mu, na nadwene mu yɛɛ no kesenee wɔ ananmusifoɔ no ho. Na wɔhwɛ kwan daa sɛ atiateɛfoɔ bi bɛtumi asɔre wɔ won mu a won mu baako yɛ won kandifoɔ. Na obiara a ɔbɛtoto Kaesar adamfo ano na ɔbɛtumi agyina bintin wɔ ne somboɔ a ɔrebɔ no mu bɛtumi abrɛ deɛ ɔrebɔ no somboɔ no ase, na ɛbɛma woayi saa nipa no ɛdi anaasɛ wɔbɛpamo no koraa.

Na sɛ anka Jewfoɔ mpaninfoɔ no kyerɛɛ krataa kɔɔ Rome sɛ Pilato “ama Jewfoɔ Hene no fahodie a” anka ɛmmfa ho sɛdeɛ won nso asoɔden ho somboɔ teɛ no, na ɛkyerɛ sɛ Pilato nso reboaboa Kaesar atanfoɔ ano ama ɔno ankasa ho. Na ɛfei, ɛbɛma Pilato dibea ho aba asɛm wɔ Kaesar anim. Ɛno nti woampɛ sɛ ne dibea bɛfri ne nsa ɛsene Yesu nti, sɛ mpo na Yesu reka deɛ ɛyɛ nokorɛ a. Na saa ahunahuna yi maa no twee ne ho frii Yesu ho, na ɔyɛɛ amammerɛ de kyerɛɛ sɛ ondi Kristo mogya ho fɔ biara. Na ɔdaa no ɛdi sɛ woabu atɛn trenee, nanso wɔ nakoma mu paa no na onim sɛ woabu atɛnkyea.

YOHANNE 19:13-16a
13 Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ noGabata. 14 Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ: Hwɛ, mo hene nie! 15 Na wɔteaa mu sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa? Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare. 16 ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu….

Pilato buu Mesaia no ho anidasoɔ a na Jewfoɔ no hwɛ kwan no animtiaa, na odii won few kaa sɛ, “Morebɔ Yesu a ɔyɛ ne ho sɛ Ɔhene no somboɔ! momfa mo Ahennie a tumi biara nni mu no! Mo nyinaa te sɛ ɔno ara, na ɛnsɛ sɛ mo bɛsɛe me mmerɛ koraa!”

Na Jewfoɔ no nyaa nteaseɛ wɔ deɛ nti a ɔredi won ho few no, na ɛmaa won somboɔ a wɔwɔ tia Yesu no dannee won afɔbuo mmom. Na wɔde nne baako teaamu sɛ, “Bɔ no asɛndua mu, na go nanim ase, ɛfirisɛ woadome no! Bɔ No asɛndua mu!”

Onua Barima, won a wɔteaamu no susu sɛ wɔyɛ atreneefoɔ sɛdeɛ won mmra no kyerɛ no, nanso na won aniwa afura, a won anntumi annhunu ɔdɔ a ada ɛdi wɔ nipadua su mu ne Nyankopɔn a woasane abɛhwɛ won no, na Onyankopɔn Kronkronyɛ a ahyɛ ma wɔ Yesu mu no. Na mmom wɔtan no na wɔpɛ sɛ wokum no fri hɔ koraa. Ɛnnyɛ nipa ahoɔden, anaasɛ nahofama na ɛbɛtumi atwe no abata Onyankopɔn ho; na mmom ɔdɔ a ɛda ɛdie wɔ Yesu mu no nko na ɛbɛtumi abue yɛn aniwa ama yɛahunu ne mmɔborohunu ne nafɔrebɔ no.

Pilato buu Jewfoɔ no abufuohyeɛ no animtiaa, na ɔfrɛɛ Yesu bio sɛ “Ɔhene” na ɔka kyerɛɛ won sɛ womfa adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yesu wu no mbrɛ no. Pilato pɛɛ sɛ anka ɔfa kwan bi so de twe ne ho koraa ɛfirisɛ nadwene antene no, nanso nnipakuo no nyinaa nyaa botaeɛ baako sɛ wɔmbɔ Yesu asɛndua mu. Nanso nnipa dɔm no nne no nnyɛ Onyankopɔn nne, ɛfirisɛ wɔfomsoɔ wɔ won nneyɛɛ bɔne mu, na ɛde won kɔ akyiri na ɔbonsam nso ma wodi nguguo wɔ won nneyɛɛ mu.

Na asɔfoɔ no nso bu fuuiɛ wɔ fewdie a Pilato kɔ so de di won no mu. Na won nyinaa boomu kaa sɛ, “Yɛnni Ɔhene biara ka Kaesar ho.” Na saa asɛm a wɔkaeɛ no nyinaa yɛ nyaatwom. Na asɔfo abusua no nso nyinaa Mesaia no dwumadie, ne ɔtan a wɔde tan Herodi nso sɛ Ɔhene. Na deɛ wɔpɛ no ne Kaesar, a ɔhwɛ Greekfoɔ amammerɛ so, wɔ mmra mu ne nhyehyɛeɛ mu wɔ asase no so. Na ɛfei wɔpo Apam Dada no nkɔmhyɛ ne anidasoɔ a ɛwɔ Mesaia no mbaeɛ mu nyinaa. Na ɛyi yɛ atoro nyinaa agya no na ɔhyɛ won ma. Nanso Yesu nko na ogyina maa nokorɛ wɔ Bɛdwa no mu, a ɔtee Onyankopɔn nne na ogyinaa Ne mu'die mu daa.

Na ɛfei, Pilato maa natɛnbuo, a ɛyɛ ahopepreɛ ne ndaadaa ngyinasoɔ. Nanso Onyankopɔn Ba no yɛɛ koom, na ɔde Ne ho too Agya no akwankyerɛ so, ɛfirisɛ Ɔno na woama kwan sɛ ɔman panin no mmɔ Ne Ba no asɛndua mu. Wɔ saa atɛnkyea yi mu no, Yesu de wie ayɔkofa nkutahodie a ɔpɛsɛ ɛbɛda Onyankopɔn ne nnipa ntam ho adwuma no koraa. Na ahonhom mmɔne nyinaa yɛɛ won adwene sɛ won ɛdi nkunim, nanso na ɛyɛ Onyankopɔn mmom nhyehyɛeɛ na ne nyinaa aba mu ɛwie, a ɛmmfa ho ne atanfoɔ no ndaadaa nhyehyɛeɛ nyinaa mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, Yɛkoto sɔre wo; ɛfirisɛ wone Onyankopɔn Adwammaa no, a woyi wiase bɔne nyinaa korɔ. Ma yɛn mmɔborohunu, ne nokorɛ ne ɛmu'die akoma. Boa yɛn yɛammmfa afoforo annyɛ yɛn mfasodeɛ, na ma yɛn ahoɔden na yɛmfa owuo mmom nsene atorɔ na yɛadi bɔne so nkunim.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Pilato buu Yesu atɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 03:54 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)