Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 103 (Jesus intercedes for his apostles)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
E - Yesu Bɔɔ Odima Mpaebɔ (Yohanne 17:1-26)

3. Yesu bɔɔ odima mpaebɔ maa n'asomafoɔ no (Yohanne 17:6-19)


YOHANNE 17:14
14 Mede w'asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.

Yesu dii adanseɛ wɔ Ne mpaebɔ mu sɛ woasrɛ Agya no ama nasuafoɔ no, na oyii N'Agya no din ne ɛmu nkyerɛaseɛ kyerɛɛ won. Na saa adiyisɛm yi mu na ɔdaa Onyankopɔn Baasa Koro no ɛdie kyerɛɛ yɛn. Na saa adiyisɛm wawasoɔ yi a ɛfa Onyankopɔn ho no maa asuafoɔ no ho dwirii won. Na ɛsesaa won na ɛmaa won tumi nso, na ɛmaa wɔbɛyɛɛ Kristo nipadua akwaa no bi wɔ honhom mu.

Na ɔka kyerɛɛ won sɛ saa abodin yi nti wiase bɛtan won, sɛdeɛ won tan Yesu nso no. Na sɛdeɛ Kristo ahoɔden ne tumi nyinaa fri Onyankopɔn no, na nabrabɔ nyinaa hyɛ Onyankopɔn mu fri daa a ɛnni ɛwieɛ no, saa ara nso na won a woanya awoɔ foforo no nyinaa nso bɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ.

YOHANNE 17:15
15 Mensrɛ sɛ: Yi wɔn firi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn firi ɔbɔnefoɔ no ho siel.

Yesu annhwim nasuafoɔ no annkɔ soro, anaa woamfa won annkɔ baabi soronko bi, nanso ɛwom sɛ ahokyere ne ɔhaw ahorroɔ baa won so. Na ɔsrɛɛ n'Agya no sɛ ɔmbɔ nakyidifoɔho ban mfri ɔbonsam nhyehyɛeɛ nyinaa mu ne ahonhom mmɔne nyinaa ho. Yɛn Awurade no yɛɛ odima mpaebɔ maa yɛn. Na ogyidini biara te saa banbɔ soronko yi mu. Na Yesu mogya no bɔ yɛn ho ban, na ɛsane nafɔrebɔ no nti Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Na obiara nntumi nnsɛe yɛn koraa. Na Ne mu na yɛayɛ atreneefoɔ, ne adwene mu teɛ, a Ɔkronkronni no adom no kora yɛn so. Agyesɛ yɛyi asoɔden biara afri yɛn ho atwene ne bɔne ahorroɔ a yɛyɛ; na ammma yɛntɔ nsɔhwɛ mu, wɔ bɔne a ɛte yɛn mu no ammma yɛnntena animguaseɛ mu. Na yɛde osuro ne ahopopo asakyera yɛn adwene wɔ osu mu, aka sɛ, “Agya, mmfa yɛn nnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom yi yɛn fri bɔne mu.” Na obiara ɔde ɔno ankasa ahoɔden ne ɔbonsam ne owuo bɛdi ako no daadaa ɔno ankasa ho. Fa wo ho to Kristo mogya no mu ne odima mpaebɔ, na Ɔno ne yɛn Agyenkwa koro.

YOHANNE 17:16-17
16 Wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no. 17 Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w'asɛm yɛ nokorɛ.

Wɔ Yesu mpaebɔ mu no ɔkaa nadansedie ho asɛm bio kyerɛɛ nasuafoɔ no, sɛ wommfri wiase yi mu, ɛwom sɛ wɔte wiase bɔne yi mu wɔ honam fam a bɔne ne won redi apereɛ tesɛ afoforo a aka no. Na wobɛdi aerɛhoɔ, nanso Onyankopɔn adom ne Kristo mogya agye won afri ɔbonsam mpɔkyerɛ ne nafiase mu. Ɛno nti won ayɛ ahɔhoɔ wɔ wiase yi mu na won abɛyɛ ɔsoro abusuakuo mma.

Na saa agyidifoɔ foforo no tebea ne gyinabea a aba won nipadua ne ɔkra mu no yɛ nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Na ɛno mu no yɛho Honhom Kronkron no werɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkomenya a, na yɛdɔ yɛn adwuma ne yɛn abusua sene afoforo a. Sɛ yɛyɛ deɛ ɛsɔ yɛn ankasa ani a ɛma afɔbuo ba yɛn adwene mu. Na ndaadaa ne atoro biara a yɛbɛdi no ɛka wɔ yɛn adwene mu. Na Onyankopɔn Honhom remma wo ho kwan sɛ wobɛkora nnoɔma a woawia wɔ wo fie. Na sɛ woyi nneyɛɛ bɔne ɛdi kyerɛ obi nso a, nokorɛ Honhom no bɛhyɛ wo ama woakɔsrɛ bɔne fakyɛ afri nipa ko no hɔ. Ɛfirisɛ Honhom Kronkron no pa amumuyɛ nyina ho ntɔma, ne deɛ ɛyɛ ndaadaa ne ntorɔ a ɛwɔ woabrabɔ mu nyinaa, na obɛbu wo atɛn wɔ nokorɛ mu.

Kristo srɛɛ n'Agya no sɛ ɔnte yɛn ho, ɛfirisɛ deɛ ne ho nte no nntumi mmma obi ho nte. Na ɛyɛ Ne nokorɛ nsɛm no na ɛma yɛnya yɛn ahoteɛ. Na ama yɛatumi ahunu Onyankopɔn dɔ no na ama yɛatena Ɔba no adom no mu ne Honhom Kronkron tumi mu daa, na ama yɛayɛ kronkron. Na Onyankopɔn tumi a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu no na ɛma yɛn nkenyan. Na Onyankopɔn ma Napɛdeɛ yɛ hɔ wɔ yɛn abrabɔ mu, na ɔka sɛ, “Monyɛ Kronkron ɛfirisɛ Me meyɛ kronkron.” Yesu mogya no te yɛn ho prekopɛ, na ɛma Honhom Kronkron a ɛwɔ yɛn mu no wie mu'die. Na ɛfei wo gyidie a ɛwɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu no ma wo ahoteɛ a ɛdim' prekopɛ.

Na saa ahoteɛ a yɛnya wɔ Onyankopɔn mu no ba wɔ yɛn ahotɔsoɔ a yɛde bɛto Nasɛm soɔ no. Yɛn ahoteɛ fapem nyinaa gyina Asɛmpa no so, ne yɛn sotie mu. Kristo anom nsɛm de yɛn kɔ gyidie mu, na ɛma yɛpa yɛn ho akyi na yɛnya ɔdɔ a yɛde som, na ama yɛayɛ pɛ ne akokoduro a yɛde bɛkɔ Onyankopɔn anim a biribiara nnsiw yɛn kwan. Ɛno nti bue woakoma mu ma Agya no anom nsɛm, wo Nyankopɔn no yɛ ɔdɔ na obiara a ɔtena ɔdɔ mu no tena Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso tena ne mu.

YOHANNE 17:18
18 Sɛdeɛ wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.

Na Yesu bɔɔ mpaeɛ maa nasuafoɔ no srɛɛ maa won sɛ wobɛnya ahoteɛ akyirie no, ɔsomaa won sɛ wonkɔ wiase nyinaa. Na ɔgyee yɛn nkwa de tew yɛn ho; na ɛfei ɔsomaa yɛn kɔɔ wiase sɛ yɛnkɔgye nnipa pii nkwa na wonya ahoteɛ no bi. Asɔre no nnyɛ ahotɔfoɔ nhyiamudie, a wɔde anigyie hyehyɛ won ho na wɔkekare won kasa na wɔnam mmra so bu atɛn koraa. na mmom ɛyɛ nhyiamudie a ɛyɛ adwumayɛ, a wobubu ɔbonsam ndwuma nyinaa wɔ gyidie mu, na wɔde mpaebɔ ne ɔtwen hwehwɛ won a ayera akyi kwan. Ɛsɛ sɛ Asɔre no paemu ka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛ, na wɔhwehwɛ napɛdeɛ daa a ɛfa asɛnka ho wɔ asase yi so. So woahunu Kristo mpaebɔ a ɔbɔɔeɛ asɛnka ho no anaa?

Yesu afrɛ wo ahyɛ wo annuoyam sɛ ɔresoma wo akɔ hwehwɛ won a ayera no nyinaa, sɛdeɛ Agya no somaa No no. Ne botaeɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛhyɛ wo den. Na obue waniwa fa nokorɛ Asɛm a ɛfa Onyankopɔn wɔ Kristo mu. Yesu refrɛ wo akɔ nadwuma mu, na ɔmpɛ sɛ wobɛtena hɔ kwa. Na Ne Honhom Kronkron no ne woahoɔden.

YOHANNE 17:19
19 Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron nokorɛ mu.

Na Yesu nim nasuafoɔ no nyinaa nntumi mmfri won ankasa ahoɔden mu nka asɛmpa no na wɔrenntumi nya honhom mu akodeɛ nso, na ɛyi bɛtumi de ɔhaw kɛseɛ abrɛ won, nanso Onyankopɔn de Ne kronkronyɛ kataa won so. Ɛyinom nti na Ɔba no hunuu amaneɛ maa won no, na ɔyɛɛ kronkron nso wɔ won mu, nanso na ɔyɛ kronkron mberɛ nyinaa dada. Na Ɔfaa Ne wuo no so maa kronkronyɛ nyinaa wiee pɛyɛ, na ama ɔbonsam anototo nyinaa ayɛ kwa wɔ Kristo mogya mu. Wɔ saa owuo afɔrebɔ yi mu no, ɛmaa asuafoɔ no tumi nyaa Honhom Kronkron bɔhyɛ no, a ɛmaa wɔyɛɛ nkoa asomfoɔ a ɛyɛ nkwa asuten, a wodii Yesu asɛnka nyinaa ho adanseɛ wɔ Ne din mu.

Na ɛfei wɔdee won ho frii amumuyɛ nyinaa mu, na won anofafa nso ho teeɛ frii ndaadaa nyinaa mu. Na wonyaa akokoduro wɔ papa nyina mu, na wɔpaa bɔne ho ntɔma kyerɛɛeɛ, a mpo na ɛde ɔhaw bɛba wɔ nnipa adwene mu, nanso ɛno mu na ɛde nnipa kɔɔ nkwagyeɛ mu. Na saa ntorɔsɛm yi ne amumuyɛ ne ahomasoɔ yinom a wɔde ko tia won no bɛtumi afri won so wɔ Kristo banbɔ mu ne Ne dima mpaebɔ mu pɛ.

MPAEƐBƆ: Fa ɔtan no nyinaa kyɛ, ne atoro ne akoma mu ahomasoɔ nnyinaa. Ɛfirisɛ yɛn awosuo yɛ bɔne, na wo ne kronkronni no. Na yi yɛn ɔbonsam mpokyere mu. Kyerɛkyerɛ yɛn Asɛmpa no na ama yɛn ho ate wɔ nokorɛ mu, na ama yɛabɔ yɛn bra wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu bisaa N'Agya no sɛ onyi yɛn mfiri bɔne mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 04:58 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)