Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 102 (Jesus intercedes for his apostles)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
E - Yesu Bɔɔ Odima Mpaebɔ (Yohanne 17:1-26)

3. Yesu bɔɔ odima mpaebɔ maa n'asomafoɔ no (Yohanne 17:6-19)


YOHANNE 17:9-10
9 Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea. 10 Na m'adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu.

Yesu bɔɔ mpaeɛ maa obiara a ɔgye Onyankopɔn die, Agya no, a Ɔne Ɔba no yɛ baako mberɛ santen nyinaa no. Yesu ba maa wiase nyinaa, ɛfirisɛ nnipa nyinaa amane afri Awurade Honhom ho, na atɛnbuo nso da won so. Na Yesu nyaa ɔdɔ soronko maa nasɔre no ne won a Onyankopɔn apaw won nyinaa. Kristosom nnhunu sɛ wiase nsɔre nsɔre bɛtumi afa nnipa nyinaa, ɛfirisɛ Asɔre no yɛ deɛ woapaw won afri nnipa nyinaa mu, na woayi won soronko, abɛyɛ adekan a wofiri Kristo ne wuo mu.

Na Yesu ammpɛ wiase ahoyadeɛ biara ammma Ne ho, na mmom odii adanseɛ faa deɛ ɛyɛ n'Agya no agyapadeɛ ho, na Agya no nso de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa. Na Ɔba no yɛɛ ahobrɛaseɛ maa no, na ɔde deɛ ɛyɛ Ne dea nyinaa hyɛɛ Agya no nsa wɔ mpaebɔ mu.

Yesu hunuu sɛ won a wɔgyee No diiɛ no hyɛɛ annuoyam, nanso yɛpɛ ntɛm kasa tia Asɔre no ka sɛ ɛyɛ mberɛ na ɛbu Kristo din animtia; nanso ɔno deɛ ohunu no soronko sene saa. Na Agya no hunu yɛn wɔ asɛndua no kanea no mu. Na ɔnam Ne Ba no so hwie Ne Honhom Kronkron no gu agyidifoɔ nyinaa so. Na saa honhom mu dwumadie yi kyerɛ adwuma soronko a asɛndua no ayɛ. Kristo annwu kwa, na mmom Honhom Kronkron nam so de abasoɔ bebree aba. Ɛno nti awoɔ foforo biara de annuoyam brɛ Kristo.

YOHANNE 17:11
11 Na afei menni wiase bio, -na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.

Kristo san kɔɔ n'Agya no nkyen, na odikan ka kyerɛɛ won sɛ ɔbɛsan akɔ, na deɛ oyii no maaeɛ no ne asraafoɔ dɔm baa No so bɛkyeree no. Na Yesu hunuu sɛ ɛnam Ne wuo no so bɛma Agya no anya annuoyam, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Memmfri wiase yi mu”, nanso na ɔdaso wɔ wiase.

Yesu faa wiase yi sɛ nsuten kɛseɛ a ɛde mirika ntɛm resene, a ɛdane bɛyɛ nsuo a ɛfiri soro tɔ gu fam. Na Kristo nam mu reboro wɔ nasuten mu, na ɔreyi nnipa fri mu. Na onim sɛ nasuafoɔ nni tumi a ɛbɛtumi ako atia ɔbonsam no. Ɛno nti ɔsrɛɛ n'Agya no sɛ ɔmfa nadɔfoɔ no nsie Ne din no mu.

Yesu sii so bio kaa sɛ, “O Agya Kronkron”. Wɔ wiase nyinaa bɔne kɛseɛ mu no, Ɔba no dii Agya no kronkronyɛ ho adanseɛ kyerɛeɛ, ɔno na asɛm biara nni Ne ho, na ɔdwo nso, na mfomsoɔ biara nni Ne ho koraa. Onyankopɔn Agya no yɛ Kronkron wɔ ahoteɛ nyinaa mu. Na ɔde ɔdɔ akata Ne ho sɛ atareɛ wɔ Ne Kronkronyɛ mu, sɛdeɛ nannuoyam heren no teɛ no.

Na Onyankopɔn din kronkron yɛɛ dwankɔbea maa asuafoɔ no frii ɔbɔnefoɔ nhyɛsoɔ mu. Ɛno nti obiara a ɔte Kristo mu no, te Agya no nso mu. Na deɛ ɔtena Ɔba no mu no, tena Agya no nso mu. Onyankopɔn Agyayɛ no hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔde yɛn bɛhyɛ Ne wini ase na woama yɛn daa banbɔ nso. Na ɔbonsam nntumi nhwim won mmfri Agya no nsam ara da.

Na deɛ ɛbɛma won anya banbɔ ne sɛ wɔremmfa ɔtan mmbɔ won bra, na mmom wɔde afoforo bɔne nso bɛkyɛ won wɔ ɔdɔ mu. Na saa ɔdɔ yi mmfiri nnipa ahoɔden mu, na mmom obiara a ɔtena Nyankopɔn Baasa Koro no dɔ mu no nya tumi ne ahoɔden, ne boasetɔ ne ɔdɔ ma afoforo. Kristo srɛɛ n'Agya no sɛ ɔnkora yɛn wɔ nayɔnkofa nkutahodie tumi mu, na ama yɛne No ayɛ baako tesɛdeɛ Ɔba no ne Agya no yɛ baako no: Na saa nsɛm yinom nnyɛ asɛm biara kɛkɛ a mfasoɔ nni so wɔ yɛne Onyankopɔn ntam, na mmom ɛyɛ Yesu nkradie mu adebisa a ɔsrɛɛ Agya no maa yɛn. Na yɛn gyidie fapem nni ahomasoɔ mu; na mmom ɛyɛ Yesu mpaebɔ mu abasoɔ ne Ne namaneɛhunu a ohunu maa yɛn.

YOHANNE 17:12-13
12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, - na twerɛsɛm no aba mu. 13 Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka yeinom wiase, na wɔanya m'anigyeɛ ama awie pɛyɛ wɔ wɔn mu.

Wɔ boasetɔ ne ntɔboaseɛ mu no Yesu koraa nasuafoɔ no so frii ɔbonsam nsɔhwɛ nyinaa mu, wɔ won won gyidie a na ɛhinhim nyinaa mu mpo. Na ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “ɔbonsam pɛɛ sɛ anka ohwim wo, nanso Mabɔ mpaeɛ ama wo, na ammma wo gyidie anntɔ fam.” Ɛno nti yɛn gyidie bɛtumi agyina a na ɛyɛ ɔno a odi ma yɛn wɔ mpaebɔ mu ntia, na yɛanya nkwagyeɛ wɔ nadom no mu.

Na saa adom ahoɔden yi a ɛkoraa nakyidifoɔ no so no fririi Yuda so ma no de ne ho maa ɔsɛeɛ honhom na ɔpoo nokorɛ Honhom no. Na ɛfei ɔbɛyɛɛ ɔsɛeɛ ba. Yɛn soro Agya no nnhyɛ obiara sɛ ɔmbɛyɛ Ne ba na onyan abayɛ akyɛdeɛ no bi. Ɛfirisɛ onim deɛ ɛwɔ nnipa akoma mu, ne nnoɔma a ɛbɛsisie, saa ara na Apam Dada no kaaeɛ too hɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Yuda bɛyi no ama na wɔkaa ɛyi too hɔ mfeɛ bebree ansana ɛbaa mu. Nanso, Yuda kɔɔso ara poo Kristo no na oyii no maaeɛ. Yɛn tumfoɔ Nyankopɔn no nnyɛ nhyɛsoɔ na mmom ɔyɛ onyansafoɔ Agya; na Ne dɔ akyɛdeɛ no yɛ ɔgyeɛ ne fahodie a ɔde ma nnipa nyinaa, Sɛdeɛ yɛn asase so agyanom ma won mma a won ayini fahodie ma wɔde bɔ won ankasa bra no.

Yesu hunuu sɛ ɔka Agya no nkyen a ɛbɛyɛ kanea kwan kɛseɛ a ɛbɛbɔ ɛwura ɛsum kabii mu. Na ɔbonsam mpo, anaa bɔne, ne owuo mpo nntumi nnsi No kwan sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyen bio. Na Ɔba no yɛ Kronkron yie, ɛno nti anigyie hyɛɛ ne kra ma. Na bɔne biara ammba nabrabɔ mu da. Na osuro nso nnni No so koraa wɔ Ne mpaebɔ mu. Na Ɔba no wɔ Ne fa ho die na Agya no nso kyerɛɛ no kwan, na ɔyɛɛ osetie daa. Yɛn Nyankopɔn no yɛ Awurade a anigyie ahyɛ no ma. Na Yesu srɛɛ Agya no sɛ ɔde saa anigyie korɔ yi ara bɛhyɛ nasuafoɔ no akoma mu ma. Na ɔmpɛ sɛ awerɛhoɔ bɛhyɛ nakyidifoɔ akoma mu ma, na mmom ɔpɛsɛ anigyie ne nhyira hyɛ won ma, na ama ɔsoro anigyie yɛ won kyɛfa, wɔ mberɛ a wɔte wiase a ɛsum ahyɛ no ma. Anigyie a ɛwɔ bɔne fakyɛ ne aseda mu bɛyɛ yɛn dea wɔ Onyankopɔn abusuakuo mu a ne yɛn nyinaa Kristo odima mpaebɔ a odi maa yɛn.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ wɔgyinaa mu di maa yɛn wɔ Agya no anim. Yɛyi wo ayɛ sɛ wonam wo dima mpaebɔ so maa yɛn gyidie siipi. Yɛyi wo ayɛ sɛ woafa yɛn ayɛ wo dea. Woanim tumi ne Agya no Honhom de nkwa ne yiedie abrɛ yɛn wɔ honhom mu, ne daa nkwa mu nhyira. Yɛda wo ase sɛ wobɔɔ mpaeɛ maa yɛn; yɛte ase wɔ wo dima mpaebɔ a wobɔ maa yɛn nti.

NSƐMBISA:

  1. Yɛn banbɔ a ɛwɔ Agya no din mu no kyerɛ sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 04:52 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)