Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 096 (The Holy Spirit reveals history's developments)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

4. Honhom Kronkron no daa abakɔsɛm kɛseɛ a ɛde mpuntuo aba no ɛdi (Yohanne 16:4-15)


YOHANNE 16:4-7
4 'Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ. 5 Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: ɛhe na worekorɔ? 6 Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma. Honhom Kronkron ba 7 Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.
'

Yesu anndikan annka annkasa annkyerɛ asuafoɔ no ammfa ahokyerɛ a wɔbɛfa mu, ne amanehunu, ne ɔtaa a asuafoɔ no bɛfa mu, na mmom no ɔkaa ɔsoro nnoɔma ho nsɛm na ɛkyerɛɛ won, ne abɔfoɔ a wobɛdi ɔsoro ne asaase so aforosane wɔ Onipa Ba no so. Na wonim wɔ anigyie kɛseɛ mu sɛ Onyankopɔn tumi reyɛ adwuma wɔ Ne Ba no mu wɔ nsɛnkyerɛnne mu. Na ɛfei nka nkara nkakra mu no, bebree pirim won akoma wɔ ne ho, na ɛfei nnipa dodoɔ no ara nso san wonakyi frii ne ho wɔ Jewfoɔ no ho suro nti. Na ɛkaa nasuafoɔ no nko ara wɔ ne nkyen, a na ɔrebɛgya won hɔ akɔ n'Agya a ɔwɔ soro no nkyen. Na ɛfei ɔkaa amaneɛhunu ne owuo a ɔrebɛhunu ho asɛm kyerɛɛ won, na ɛmaa awerɛhoɔ hyɛɛ won ma. Na won anntumi annhunu botaeɛ no ne daakye mu nkuranhyɛ nanso wohunuu sɛ ɔrennka hwee mmfa ɔno ankasa amaneɛhunu a ɔrebɛhunu no ho, ne ɔyaw ne owuo a ɔbɛfa mu no; na mmom ɔkasa faa soro a ɔbɛsan akorɔ wɔ n'Agya no nkyen no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ won, na wobisaa no sɛ, "Ɛhenefa na wɔrekorɔ?" Na won ammpɛ sɛ ɔbɛfri won nkyen akɔ soro, na mmom anka wɔpɛsɛ ɔne won tena daa, nanso sɛ asɛndua no amba a, wonntumi nhwie Honhom no ngu won so. Na mmom agyesɛ Onyankopɔn ahunu nnipa mmɔboro atwe won abata ne ho ansa, ne bɔne fakye a ɛnam Onyankopɔn Adwammaa no wuo no so ba no, ɛno mu na Onyankopɔn nkwagyeɛ tumi no bɛba nakyidifoɔ nyinaa so. Na Yesu na ɔhyɛɛ Onyankopɔn trenee nyinaa ma wɔ Apam Foforo no mu na ama woahwie ne dɔ no agu yɛn nyinaa so. Na Yesu wuo no ne Apam Foforo no ngyinasoɔ, na ɛno na ɛma yɛn akwanya sɛ yɛne Onyankopɔn nya ayɔnkofa. Ɛno mu na Honhom Kronkron no nyaa ne botaeɛ no nyinaa, na ɔno nso na ɔkyekye wo werɛ, na ɔma wohunu sɛ Onyankopɔn ka wo ho na ɔte wo mu nso.

YOHANNE 16:8-11
8 Naɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho. 9 Bɔne ho, ɛfiri sɛ wɔnnye me nni; 10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio; 11 ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.

Na Honhom no kyekyee asuafoɔ no werɛ, na obie agyidifoɔ no aniwa, na obuu wiasefoɔ no akoma atɛn nso wɔ saa nhyehyɛeɛ no mu.

Na Honhom no kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ bɔne teɛ ne ɛho nsunsuansoɔ. Ansana Kristo no bɛba no, bɔne yɛ mmrato wɔ Mmra no mu, ne Onyankopɔn apɛdeɛ a ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwuma. Na ɛyi ne ɔsom ne ɔdɔ mu awerɛhyem - abrabɔ a Onyankopɔn nnim no na ɛyɛ asoɔden tia no. Na bɔne nyinaa fri adwene mu, anaasɛ abrabɔ mu anaasɛ Honhom mu bɔne nyinaa yɛ deɛ ɛtia Onyankopɔn tumidie. Na asɛndua no akyi no, saa nteaseɛ yi yɛ bɔne a nnipa yɛ, anaasɛ wɔde po Yesu Kristo sɛ won kra Agyenkwa no, anaasɛ ɔpo a wɔpo Onyankopɔn adom a ɔde kyɛ kwa no. Ɛno nti obiara a ɔpo Yesu bɔne fakyɛ adom no, bɔ mmusuo tia Ɔkronkronni no, na ɛfei obiara nso a ɔnngye Onyankopɔn nni sɛ Agya ne Yesu sɛ Ɔba no gyina hɔ sɛ ɔtanfoɔ ma Onyankopɔn Baasa Koro no. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, ɛno nti obiara a ɔpo saa ɔdɔ a ɛda ɛdie wɔ Kristo mu no yɛ bɔne tia ɔno ankasa ho na ɛfei oyi ne ho fri nkwagyeɛ mu.

Wɔ asɛndua no so no Kristo wiee wiase nkwagyeɛ ho adwuma. Ɛno nti ɛho nnhia sɛ obɛwu bio, ɛfirisɛ ɔde nnipa nyinaa bɔne akyɛ won koraa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Wɔ Kristo mogya no mu na woabu nnipa nyinaa bem. Na ɔno ne Ɔsɔfo Panin no, na ne dwumadie nam kwan ahorroɔ miensa so. Ɛdikan ne, Okum a wokum no no, ɛtɔso miennu ne mogya a ohwie guu kronkron mu kronkron no, na ɛyɛ ntam-gyinafoɔ afɔrebɔ wɔ Onyankopɔn anim. Deɛ ɛtɔsoɔ miensa ne, sɛ ɔde nhyira no guu agyidifoɔ dodoɔ a wɔretwen saa nhyira no. Yesu yɛɛ ɛyinom nyinaa. Wɔ saa afɔrebɔ yi mu na ohwiee Honhom Kronkron no guu yɛn soɔ, na ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ yɛn sɛ woayɛ yɛn atreneefoɔ. Kristo wusɔreɛ ne Ne sorokɔ no awie yɛn bembuo ho adwuma wɔ asɛndua no so.

Ɛnnyɛ Yesu botaeɛ ne sɛ ɔde won a anngye no anndie nyinaa bɛgu atɛnbuo-gya mu wɔ wiase atɛnbuo da no mu, na mmom ohunuu sɛ ɔbonsam awieɛ ne ne sɛeɛ no ne atɛnbuo da no. Ɛfirisɛ ɛyɛ ɔno na ɔtwe nnipa nyinaa fri Onyankopɔn dɔ ayɔnkofa no mu. Na ɔde ɔtan kyekyere nnipa nyinaa, na ɔdanne nnipa ma wɔbɛyɛ ɔbonsam mma a amumuyɛ ahyɛ won ma. Na wɔ Yesu abrabɔ mu wɔ asaase yi so no ɔbrɛɛ Ne ho ase wɔ ɔdwoɔ mu na obuu ɔdaadaafoɔ no atɛn. Na Ɔba no dɔ bubuu ɔbɔnefoɔ no akodeɛ nyinaa. Na Yesu gyaa Ne Honhom mu hyɛɛ Agya no nsa wɔ owuo mu no odii ɔbonsam tumi nyinaa so nkunim. Yesu ne nkunimdifoɔ no, Na Ne nokorɛdie a odii wɔ owuo mu no ne deɛ ɔde dii ɔbonsam so nkunim na ɔsɛe ne ndwuma nyinaa. Na Ne nkunimdie a ɛyɛ adwuma mu na yɛteɛ bɔ yɛn bra wɔ nnɛ mberɛ yi mu. Na yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ Agya no sɛ, mmfa yɛn nnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom yi yɛn fri bɔne mu", na ama yɛahunu Kristo nkunimdie no mu banbɔ ne awerɛhyem kɛseɛ.

MPAEƐBƆ: Meda wo ase, Awurade Yesu, ɛfirisɛ woako ɔkopa no, na wɔkɔɔso kuraa wo nokorɛdie bintinn wɔ ahobrɛaaseɛ mu, ɔdɔ ne anidasoɔ mu. Yeda wo ase nso sɛ wokɔɔ Agya no nkyen na wowiee yɛn bembuo ho adwuma no. Yɛma wo so yi wo ayɛ ka sɛ Halleuyah, ɛfirisɛ wonam Honhom Kronkron so de wo nhyira no agu yɛn so. Yɛsrɛ wo sɛ kora yɛn wɔ wo dɔ trenee no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔtanfoɔ no rennya yɛn ho kwan bio. Gye yɛn fri ɔbonsam nsam, na ama w'Ahennie no aba yɛn so, na ama Agya no din ho ate wɔ wiase afanan nyinaa mu.

NSƐMBISA:

  1. Adwuma bɛn na Honhom Kronkron no yɛ wɔ wiase yi mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:58 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)