Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 085 (Christ predicts Peter's denial; God is present in Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
B - Deɛ Ɛsiiɛ Ansana Awurade Ɛdidie No (Yohanne 13:1-38)

4. Kristo ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔbɛpo No mprensa (Yohanne 13:36-38)


YOHANNE 13:36-38
36 Simon Petro see no sɛ, “Awurade, ɛhe na worekorɔ?” Yesu buaa no sɛ, “Faako a merekorɔ no, wontumi nni m'akyi seesei; na akyire yi na wobɛdi m'akyire.” 37 Petro see no sɛ, “Awurade, ɛdeɛn nti na mentumi menni w'akyi seesei? Mede me kra bɛto hɔ ama wo.” 38 Yesu buaa no sɛ, “Wode wo kra bɛto hɔ ama me?” Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.

Petro annya abotɔyem koraa wɔ nakoma mu, ɛno nti woantie deɛ Yesu ka faa ɔdɔ ho. Na deɛ na ɔdwene nyinaa ne sɛ n'Awurade regya won hɔ wɔ amanehunu mu a woayi no ama. Na ɔde ne ho too ɔno ankasa ho so, ne nokorɛdie mu. Na ɔhyɛɛ Yesu bɔ sɛ obɛdi nakyi wɔ baabiaa sɛdeɛ ɛteɛ biara mu. Na woanntumi annhunu sɛdeɛ ɔtɔsini fa, na onyaa gyidie bi sɛ ɔbɛtumi ayɛ deɛ ɔreka no. Na nkenyan soronko ahyɛ no ma ama Yesu, a na woayɛ krado sɛ ɔbɛko awu de ne kra ato hɔ ama no.


C - Nkradie A Ɔde Maa Won Wɔ Abansoro No So (Yohanne 14:1-31)

1. Onyankopɔn wɔ Kristo mu (Yohanne 14:1–11)


YOHANNE 14:1-3
1 “Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni. 2 Tenaberɛ pii wɔ m'agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo? 3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”

Na ɛyɛɛ asuafoɔ no ateetee sɛ Yesu regya won hɔ, a wonntumi nndi nakyi nnkorɔ baabiaa ɔrekorɔ no. Na Yesu ka kyerɛɛ Petro nso sɛ ɔbɛpa no, na Petro deɛ ɔtoaaso kaa sɛ obɛdi nakyi akosi wuo mu wɔ ne gyidie mu. Na asuafoɔ no mu binom nso dwenee sɛ won ayɛ mfomsoɔ sɛ won bɛdii Yesu nakyi anaa, na ɛfei obɛgya won hɔ anaasɛ ɔbɛwu nso. Na Yesu hunuu won awerɛhoɔ ne won haw na ɔhyɛɛ won den. Na ɔmaa wɔde won ho nyinaa too Onyankopɔn so, ɛfirisɛ ɔno ne ɔbotantim no mberɛ nyinaa mu, na ɔno na onhinhim ara da. Na ɔka yɛn anim wɔ yɛn ahomasoɔ mu. Osuro kyerɛ anngye annie. Wo soro Agya no nnyɛ ɔdaadaafoɔ na ɔrenngyae wo ara da. Na ɛyi ne nkunimdie a ɛdi wiase so nkunim - a ɛno ne yɛn gyidie.

Yesu hywehwɛɛ saa gyidie mpenmpensoɔ no ara frii nakyidifoɔ no nkyen, wɔ akokoduro ne mpaebɔ mu, sɛdeɛ ɛsɛ fata n'Agya no. Ɛfirisɛ ɔno na ɔne Agya wɔ hɔ. Sɛdeɛ Agya no ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn awieɛ pa no, saa ara nso na Ɔba no ahyɛ yɛn bɔ. Agya no wɔ Ɔba no mu wɔ wiase yi mu. Na ɛsɛ fata sɛ yɛgye no di wɔ ne dɔ no mu. Na ne nokorɛdie yɛ fapem a ɛtim - hɔ daa.

Na ɛfei nso ɔkaa ahintasɛm a ɛbɛsi wɔ ne wuo ne ne wusɔerɛ ne soro kɔ mu kyerɛɛ nasuafoɔ no. Onyankopɔn mu na woasiesie adan a ɛyɛ fe na ɛhyeren sene adan biara ɛwɔ asaase yi so. Onyankopɔn Ahengua a ɛwɔ soro no hyeren sene kuro biara, na ɛso korɔn paa yiye a ɛbɛtumi akora ahoteefoɔ a ɛwɔ wiase nyinaa mberɛ biara mu. Sɛ mpo ɛnnɛ wote ntɔmadan ase mpo a, mma wo werɛ nho koraa. Ɛfirisɛ wɔ w'Agya fie hɔ no adan bebree abuso a wobɛtena mu. na woasiesie ɛfie a ɛhoteɛ ama wo, Na ne botaeɛ ne sɛ wobɛtena abɛn w'Agya no pɛɛ ɛkosi daa a ɛnni ɛwieɛ.

Onyankopɔn, ankasa, dɔ agyidifoɔ a ɛwɔ Kristo mu na woasiesie kuro kɛseɛ bi ama won. Na Yesu foro kɔɔ soro no ɔkɔhwɛɛ saa adan yinom nyinaa na woasiesie ama yɛn. Na ɛfei nso ɔbaa yɛn nkyen bio; ɛfirisɛ ɔmpɛsɛ ɔne yɛn ntam bɛware. Na ɔbaa yɛn nkyen bio twee agyidifoɔ nyinaa bataa ne ho. Na ɔdɔɔ won te sɛdeɛ ayeforokunu dɔ ne yere no; ɛno nti ɔde Asɔre no asi hɔ sɛ, Ayeforo, wɔ n'Agya no anim, ɛnnyɛ sɛ ɔde won rekyerɛ Agya no kɛkɛ, na mmom sɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔno ara wɔ ɔsoro abusua mu. Na yɛne no bɛtena daa a ɛnni ɛwieɛ, a ne banbɔ atwa yɛn ho ahyia, wɔ nadɔeɛ kɛseɛ mu.

YOHANNE 14:4-6
4 “Na faako a merekorɔ no, monim kwan no.” 5 Toma see no sɛ, “Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?” 6 Yesu see no sɛ, “Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”

Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ, “Monim baabia merekɔrɔ, na monim kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyen nso.” Na Thomas kaa sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu kwan no, ɛfirisɛ wonim deɛ worekɔrɔ no?” Na awerɛhoɔ nti na onim nanim botaeɛ. ɛfei nso na osuro akyekyere no; na woanntumi annhunu nanim kwan.

Na Yesu buaa no sɛ, "Mene kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyen, Me dɔ ne me nokorɛdie ne mmra a ɛnam so de kɔ Ɔsoro Ahennie mu. Mene nnipa nyinaa susudua farebae, a Onyankopɔn bɛgyina soɔ de abu obiara atɛn. Mommmfa nipasɛm nnyɛ susudua mmma mo ho. Na mmom momfa kwan pa a ɛkɔ Onyankopɔn nkyen no so. Mommra me nkyen, na momfa mo ho nto nto me ho; na mobɛhunu sɛ monyɛ hwee sɛ adebɔneyɛfoɔ a won aporɔ."

Kristo mmfa wo nnkɔ osuro mu, ne awerɛhoɔ mu. Na wotɔ baha wɔ woabrabɔ mu a ɔtene ne nsa so wo mu gye won nkwa, na woaka akyerɛ wo sɛ, “Mede me nokorɛ ama wo nnɛ, na kane nnoɔma no atwam. Ɛfirisɛ mewu maa wo, na mede Apam Foforo a ɛyɛ adom na ama woɔ. Na mede wo bɔne nyinaa nso akyɛ wo; na wo gyidie nso agye wo nkwa. Wo ne me ntena daa na ama woayɛ me ba daa. Me mu na wobɛnya nokorɛ nsɛm no na ama woatumi akɔ Onyankopɔn nkyen. Na menim a wunntumi nya nkwa na wobɛyera.”

Wobɛtumi aka sɛ, “Mate saa nnoɔma yinom nyinaa, nanso menni gyidie, tumi, na menim mpaebɔ nso, na mennyɛ kronkron nso.” Na Yesu buaa wo sɛ, “Mema wo daa nkwa; mene nkwa nyinaa farebae. Ɛno nti fa wo ho nyinaa tɔ me so wɔ gyidie mu na wobɛnya Honhom Kronkron no. Wɔ saa Honhom yi mu na wobɛnya nkwa aboroso.” Obiara a ɔgye Kristo die no wɔ daa nkwa. Ɛno nti nntwe wo ho mmfri ne ho koraa; ɛfirisɛ ɔno ne wo nkwa. Ɛyɛ adeɛ sɛ wobɛkɔso atena wo bɔne mu wɔ owuo mu anaasɛ wobɛnya nkwa wɔ Kristo mu. Kwan foforo biara nni hɔ bio. Kristo ne agyifoɔ nyinaa nkwa ne won abrabɔ.

Won a wɔde won ho abata Kristo ho nyinaa, gyina Onyankopɔn anim na wohunu no sɛ mmɔborohunufoɔ Agya. Ɔsom biara nni hɔ, anaasɛ nnipa nyansasɛm, anaasɛ mmra bi, anaasɛ abɔdeɛ mu nhwehwɛmu biara nni hɔ a ɛbɛtumi abɛn Onyankopɔn. Yesu ne Onyankopɔn adiyisɛm a ɛdimu' na ɛyɛ pɛ. Na obiara nnim Agya no agyesɛ ɔno nko ara. Na ɛfei deɛ yɛwɔ akwanya sɛ yɛtumi ahunu Onyankopɔn; na yɛakɔ ne nkyen, ɛfirisɛ Kristo yɛ ɔdɔ, na woayɛ yɛn Onyankopɔn mma.

YOHANNE 14:7
7 “Sɛ monim me a, anka moahunu m'agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no.”

Wiase yi mma wɔ akyirikyri fri Onyankopɔn ho ɛsane won bɔne nti. Onipa biara nntumi mmfri ɔno ankasa ahoɔden mu nnhunu Onyankopɔn. Na obiara nso nnhunuu Onyankopɔn da, na mmom agyesɛ ne Ba no nko, ɔno na ɔda Agya no koko mu daa. Na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ; Sɛ monim me a, anka monim Agya no nso. Nanso won anntumi annhunu ɛyi. Sɛ obi hunu biribi a ɛno nnkyerɛ nteaseɛ, na mmom adwene sakyera ne nkenyan na ɛhia. Na Onyankopɔn nimdeɛ bɛyɛ nipasu wɔ yɛn mu, na ada ɛdi wɔ yɛn abrabɔ mu. Momma wonndaadaa mo, ɔsom mu nkyerɛkyerɛ nnkyerɛ sɛ obi nim Onyankopɔn. Na deɛ ɛhia ne sɛ obi de ne ho nyinaa bɛma kanea a ɛhyeren wɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno mu na wobɛsesa na woabɛyɛ kanea a ɛhyeren.

Na mberɛ a wɔrebɛyi no ama no mu no Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ, “Firi ɛnnɛ rekɔ deɛ monim me. Mennyɛ Nyame a me tumi so nko na meyɛ nkunimdifoɔ, ne onyansani ne annuoyamfoɔ nko, na mmom meyɛ Onyankopɔn Adwammaa a meyi wiase bɔne nyinaa korɔ. Wɔ mafɔrebɔ no mu na Onyankopɔn yii ne ho ɛdi sɛ mmɔborohunufoɔ Agya, na ɔrenntwe mo aso wɔ mo bɔne ho wɔ nabufuohyeɛ no mu, na ɔrennsɛe mo nso, na mmom mo asotwe nyinaa abɛda meso. Ne Ba no, na ama moade mo ho na moasesa abɛyɛ kronkron, na mone no anya ayɔnkofa sɛ Ne mma.”

Wɔ asɛndua no so no, Onyankopɔn daa Ne ho ɛdi sɛ Agya. Deɛ ɔkron no nnin akyiri koraa, na mmom ɔyɛ ɔdɔ, ne mmɔborohunufoɔ ne ɔgyefoɔ. Onyankopɔn ne wo Agya prekopɛ. Mone nnipa a mogye me die, na mo nso na monim Onyankopɔn nokorɛ no. Na saa nimdieɛ yi bɛma moanya nhunumu wɔ mo abrabɔ mu nneyɛɛ nyinaa mu.

YOHANNE 14:8-9
8 Filipo see no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. 9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no?”

Na Yesu kaa sɛ, “Moahunu Agya no na monim No nso.” Na ɛyɛɛ Filipo wawa ma no kaa sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na yɛhunuu No”, Na ɔkaa sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.” Na saa mbuaeɛ yi kyerɛɛ sɛ woahunu sɛdeɛ Yesu annuoyam ne Ne tumi no teɛ. Na saa ahintasɛm no fapem no gyina sɛdeɛ ɔne Agya no ayɔnkofa teɛ. Na sɛ ɔrebɛgya won hɔ deɛ a ɛdɔɔso ma won sɛ ɔbɛkyerɛ won Agya no, na ama wɔde no ayɛ adwuma na woakyerɛ won kwan nso wɔ otumfoɔ no ahoɔden mu. Na ama won ɛtumi ahunu Onyankopɔn tenabea hɔ, na won anya tumi ne ahoɔden wɔ adeɛ nyinaa so, ne ayaresa tumi nso.

Nanso wɔ saa asɛmbisa no mu no, Filipo kyerɛɛ sɛ onnim Agya no ne Ɔba no nso. Na woanntumi annhunu Onyankopɔn ne nokorɛ no. Nanso Yesu annka nanim, na mmom ohunuu no mmɔmɔ, na ɛfei ɛnummere mu no ɔkaa nokorɛ kɛseɛ no kyerɛɛ won. Sɛ, “Deɛ ohunu Me no ahunu Agya no nso.” Wɔ saa asɛm yi mu no Yesu tetee nkataanim a akata asuafoɔ no aniso no frii hɔ. Na anisoadeɛhunu ne daeso biara nni hɔ a ɛbɛtumi ada nokorɛ a ɛfa Onyankopɔn ho no ɛdi; agyesɛ Yesu Kristo nko ara. Na ɔnnyɛ nipa titiriw kɛkɛ, na mmom ɔno mu na yɛhunuu Onyankopɔn ankasa. Ɛno nti ɛnnɛ wobɛtumi anya anisoadeɛhunu afa Onyankopɔn ho sɛ wohunu Yesu yiye a. Na Thomas nso tee saa nsɛm yinom nanso woanntumi annya ɛmu nteaseɛ. Nanso Yesu sɔree frii awufoɔ mu akyiri no obuu nkotodwe wɔ ne wura no anim na ɔkaa sɛ, “M'Awurade ne M'Nyankopɔn!”

YOHANNE 14:10-11
10 “Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no. 11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni”

Ɛbɛtumi aba sɛ osuani bɛtumi akenkan asɛmpa no nanso na onnhunuu Yesu yiye, ne sɛdeɛ ɔteɛ ankasa paa, sɛ saa nipa no nnyaa adwene sakyera wɔ akoma mu wɔ Honhom no mu a. Yesu bisaa Filipo asɛmbisa bi de maa ne gyidie a ɛwɔ ne mu no yɛɛ duru wɔ Ne Nyamesu ho, na ɔsee no sɛ, “Wonngye nni sɛ Me wɔ Agya no mu? na me botaeɛ ne sɛ mehyɛ Agya no annuoyam. Mewɔ Agya no mu. Na Agya no nso wɔ Me mu wɔ nipadua mu. Na Onyankopɔn mayɛ nyinaa te me nipadua mu. Na Honhom Kronkron no na ɛwɔɔ me, na bɔne biara nni mabrabɔ mu. Na menim Agya no fri adebɔ mfitiaseɛ mu, na mene Ne nimdeɛ wɔ nipasu mu. Na me mu na ɔda Agyayɛ adɔeɛ ɛdi wɔ ma mo wɔ ne mmɔborohunu mu.”

“Mewɔ saa adansedie yi mu duasi; ɛno ne me tumi nsɛm ne me ndwuma no. Sɛ munni gyidie wɔ Agya no mu wɔ me mu a, ɛndeɛ muntie me nsɛm a meka no, a ɛyɛ Agya no na ɛkasa fa me mu no. Ɛfirisɛ saa nsɛm yi na ɛma mo nkwa, ne tumi ne akokoduro. Na sɛ munnya nteaseɛ wɔ me nsɛm mu a, ɛndeɛ monhwɛ me ndwuma no; na munhunu sɛ Onyankopɔn, ankasa, na ɛyɛ adwuma wɔ mo mu wɔ Ɔsoro nsɛnkyerɛnne mu. Na ɔnam me so regye mo nkwa, mo a moayera. Wɔ masɛndua mu no mobɛhunu Onyankopɔn ndwuma akɛseɛ a woayɛ wɔ mo mu, sɛ ɔretwe nnipa nyinaa abata Ne ho wɔ me wuo mu. Ɛno nti mombue mo aniwa, na munnsisi mo aso nso. Na mobɛhunu Onyankopɔn wɔ masɛndua no mu. Ɔno ne Onyankopɔn nokorɛfoɔ a ɔrenbu mo atɛn, na mmom no ɔbɛgye mo nkwa.”

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, megyina woadom no mu ka sɛ, "MAwurade ne me Nyankopɔn!" Fa me anngye anndi ne ɔdɔ a menni nyinaa kyɛ me. Bue me honhom mu aniwa na menhunu wo Honhom Kronkron no, na ama matumi ahunu Agya no wɔ wo mu, na menya Ne dɔ no bi, na ama wo ho nimdeɛ ahyɛ me ma bebree sene owuo. Na yi woannuoyam nso ɛdi kyerɛ won a wonni wo mu gyidie no na ama won nso anya nkwa foforo wɔ gyidie mu.

NSƐMBISA:

  1. Nkutahodie ayɔnkofa bɛn na ɛda Yesu ne Onyankopɔn Agya no ntam?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 08:14 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)