Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 086 (The Holy Trinity descends on believers)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
C - Nkradie A Ɔde Maa Won Wɔ Abansoro No So (Yohanne 14:1-31)

2. Honhom Kronkron no sane baa agyidifoɔ so a ɔyɛ awerɛkyekyefoɔ (Yohanne 14:12–25)


YOHANNE 14:12
12 “Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.”

Onyankopɔn nimdieɛ no nnyɛ nnipa nyansasɛm anaasɛ nnipa susuiɛ nsɛmka. Nnipa tirimu nyansa nyinaa pem, na mmom ɛyi ne Onyankopɔn nyansa a ɛyɛ ɔdɔ ne Ne Ba no nkwagyeɛ no. Ɛma onipa fahodie ma no tumi som yie. Kristo maa nasuafoɔ no mmra foforo “sɛ wɔmfa Onyankopɔn dɔ nyɛ adwuma wɔ won abrabɔ mu wɔ won dwumadie ne nneyɛɛ nyinaa mu ne mpaebɔ nso.”

Asuafoɔ no srɛɛ Yesu hɔ banbɔ ne Onyankopɔn mu nimdieɛ ne nyansa, mberɛ a wɔteaseɛ sɛ ɔrebɛgya won hɔ akɔ no. Nanso Kristo de won hyɛɛ Agya no nsa, na ama won ho ayɛ den akɔ ka Asɛmpa no akyerɛ wiase nyinaa.

Deɛ ɛho hiaa won no, nnyɛ won ankasa abrabɔ mu nnoɔma, na mmom wosiesiee won ho maa Onyankopɔn adwuma no. Agya no ne Ɔba no ho nimdieɛ no yi yɛn firi ahomasoɔ mu, na ɛboa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase ma ɔsompa. Yesu kaa sɛ; Deɛ ɔgye Me die no ɔyɛ m'dwuma, na mmom ɔnnkasa kɛkɛ, na mmom ɔde ne ho bɔ afɔreɛ. Mpo de kosi sɛ ogyedini pa ne ho akyi na oyi Kristo ayɛ daa, Ɔba no a ɔsɔre frii awufoɔ mu no yɛ adwuma wɔ ne mu na ohwie ɔsoro nhyira nso gu no so. Wɔ saa gyidie yi mu na Asomafoɔ no tumi saa nyarewa na wɔde bɔne ahorroɔ nso kyɛɛeɛ na woyanee awufoɔ nso firii owuo mu wɔ Yesu din no mu wɔ mberɛ a wohwiee Honhom no guu won soɔ no. Na wɔpaa won ho akyi, na Kristo tenaa won mu. Na wɔde won akoma nyinaa dɔɔ no, na wɔnam won nneyɛɛ mu hyɛɛ no annuoyam.

Wɔ saa dwumadie kronkron yi mu no, Kristo somaa won sɛ wonkɔ yɛ adwuma nti a ɔbaa wiase yi mu no ntoaso. Na ɔforo kɔɔ soro no ohwiee Ne Honhom Kronkron no guu won so, na ama nnipa bebree afa won asɛnka so anya adwene sakyera. Na ama woawo mma bebree ama Agya no, te sɛdeɛ ɔbɔsuo tɔ no. Biribiara nni hɔ a ɛho teɛ sene yɛn adansedie a ɛfa Kristo wuo ne Ne- wusɔreɛ ho adansedie no. Na sɛ nnipa gye saa adansedie yinom di a, won anya nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Ɛfirisɛ Honhom Kronkron no ba won a wɔde won ho ma Kristo no so na ɔyɛ won Onyankopɔn mma, na ama won ahyɛ won Agya no annuoyam wɔ won nkwa nna nyinaa mu wɔ trenee mu.

YOHANNE 14:13-14
13 Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na meyɛ, na Agya no anya animuonyam ɔba no mu. 14 Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ. Honhom Kronkron ho bɔhyɛ

So Wobɔ mpae anaa? So wo mpaebɔ no bɛtumi agye wo wobɔne mu? Na mmerɛ dodoɔ sen na wo de som Onyankopɔn ne afoforɔ? Wobɔ mpae ma afoforɔ a woayera yi Oyankopɔn dɔ adi kyerɛ afoforɔ anaasɛ wo nko ara wo ho anaa wowɔ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne won a ayera nso?

So wobɔ mpae wɔ Oyankopɔn dɔ mu a wotumi hyira woatanfoɔ? So wonam Kristo nkwagyeɛ mu gye afoforɔ wɔ ne din mu? So wonam Awurade Yesu nkyerɛkyerɛ mu bɔ wo mpaeɛ anaa woda so tan afoforɔ a wmmfaa wɔnbɔne nkyɛ wɔn?.

Sɛ wo bɔ m pae Kristo din mu a, wobɛtena ase na woadwene sɛdeɛ ne Honhom teɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ na anigyeɛ ne adwene pa bɛhyɛ woakoma mu ma.

Kristo de tumi ne nhyira a ɛfiri soro hyɛɛ yɛn bɔ. Na ɔde saa bɔhyɛ yi too nhyehyɛeɛ yi ho sɛ, “Sɛ mo ma me nsɛm sesa mo a, mɛyɛ kɛseɛ wo mo mu, na menam mo gyidie ne mpaebɔ so bɛgye afoforɔ afiri ɔseɛ mu. Na dabiara a mobɛbɔ mpae na moagye me adi no metie mu ntam so.”

Me nua barima, da Yesu ase sɛ woama wo saa akwanya yi. Fa mpaebɔ so nya ɔsoro agyapadeɛ. “Na me de nhyira, nkwagyeɛ, nimdeɛ, adwenesakyera ne mmoa a ɛfiri soro bɛba woasefoɔ so.” Bɔ mpae n a hwɛ kwan sɛ Yesu de n koa a ɛwɔ wo fie bɛyɛ Onyankopɔn mma. Mmpa aba wo mpaebɔ mu: ɛfiri sɛ ɛnam wo gyide so na afoforɔ bɛnya ɔgyeɛ. Gyid sɛ Yesu atie wo mpaebɔ. Da no ase na frɛ afoforɔ nne wɔn mbɔ mpae wɔ gyidie mu. Mmmerɛ wɔ ɔsoreɛne aseda mu. Na bɔ mpae sɛ ɔnhwee ne mpaebɔ Honhom no nngu wo so.

Sɛ wote nka sɛ Yesu anntie wo mpaebɔ a, ɛnneɛ na sesa woadwene na ka wo bɔne na woatumi ate wo ho. Na ɔbɛma wo tumi a wobɛtumi atwe ɔsoro ahoɔden aba saase so. Sɛ wobɔ mpae wɔ gyidie mu a ɛhyɛ Agya, Ɔba Ne Honhom Kronkron anounyam.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, ma yɛn Honhom a yɛdebbɔ mpae, mmma yɛn dwene yɛn ko ara ho, mmom afoforɔ nso. Ma yɛn yɛ agyidifoɔ mapa na yɛatumi agye yɛasefoɔ nso. Yɛda wo ase sɛ woabue ɔsoro ama yɛn ne wo nhyira agu yɛn so. Yɛhyɛ Agya no anounyam wɔ mma dodoɔ a ɛnam Kristo so anya. Ma wɔn abrabɔ pa nte wo din ne wotumi ho.

NSƐMBISA:

  1. Bɔ nnoɔma bi a ɛtumi ma yɛnya yɛn mpaebɔ so mbuaeɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 08:30 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)