Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 072 (Jesus meets Martha and Mary)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
4. Oyanee Lazarus frii awufoɔ mu ne ɛho nsunsuansoɔ (Yohanne 10:40 – 11:54)

b) Yesu hyiaa Martha ne Mary (Yohanne 11:17-33)


YOHANNE 11:17-19
17 ɛnna Yesu duruu hɔ no, ɔbɛhunuu sɛ wadi ɛda mu nnanan dada. 18 Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansini mmienu, 19 na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.

Ɛda a Lazaro wuiɛ no ara na wɔde no too adakamona mu, na nna nnan ntam no, Yesu teeɛ. Na ɛho nnhia sɛ Yesu bɛkɔ n'adanfo no nkyɛn ɛfiri sɛ na woasie no dada. Ɛfirisɛ akyinngyɛgye biara nni owuo mu.

Bethany wɔ apue fam a ɛda ngo bepɔ a anim kyerɛ Yordan ntentenso a ne nsusuhama bɛyɛ kwansima 1.000 wɔ aseɛ. Na ɛpo a nkwa nnim no nso da nakyiri. Na Yerusalem nso da natoeɛ fam bɛyɛ kwansini miensa wɔ bepo a ɛwɔ Kidron bonhwua no mu.

Na deɛ woawu no nnamfonom bebree baa fie hɔ, na wodii awerɛhoɔ ne osu pii. Na awerɛhoɔ ne deɛ ɛdi adanseɛ soronko, ɛfirisɛ na Lazaro na ɔhwɛ abusua no wɔ adeɛ nyinaa mu. Nanso owuo sunsuma bɛkataa won so.

YOHANNE 11:20-24
20 ɛnna Marta teesɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria deɛ, ɔtenaa fie. 21 ɛnna Marta see Yesu sɛ, "Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu. 22 Na seesei mpo menim sɛ biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo." 23 Yesu see no sɛ, "Wo nuabarima no bɛsɔre bio." 24 Marta see no sɛ, "Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre."

Martha tee sɛ Yesu reba no, ɔde awerɛhoɔ kɔhyia no kaa sɛ, sɛ wobaa ntɛm a anka saa awerɛsɛm yi ansi. Ɔkyerɛɛ ne gyidie a na ɔwɔ wɔ Yesu mu akokoduro mu berɛ a wɔhyiaeɛ no. Marta ansɛe mmerɛ anndi awerɛhoɔ na mmom ɔkaa ne gyidie a ɔwɔ wɔ Yesu mu sɛ ɔbɛgye ne nua no afiri owuo mu. Na onnim sɛdeɛ ɛbɛyɛ nanso ɔgye dii sɛ ɔwɔ tumi, ne ayɔnkofa a ɔne Onyankopɔn wɔ nti, onim sɛ deɛ Ɔba no bɛbisa no biara no ɔbɛyɛ ama no daa.

Yesu nam Marta gyidie so hyɛɛ no ɔ sɛ, "Wo nua barima no bɛ sɔre". Woanya nteaseɛ sɛ ɛyɛ ɔɛsɔre amonom hɔ ara na mmom onim sɛ Yesu rekasa afa daakye wusɔreɛ ho. Ɔnyaa anidasoɔ na ɔhunuu sɛ nnipa awieɛ nnyɛ owuo. Na mmom owusɔreɛ a ɛma daa nkwa na agyidfoɔ nyinaa rehwɛ kwan.

YOHANNE 11:25-27
25 Yesu see no sɛ, "Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?" 27 ɔsee no sɛ, "Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba aɔreba wiase no."

Na n'asuafoɔ no tiee no, na Yesu ɔkakyerɛɛ Marta sɛ, owusɔreɛ no bɛnya aba mu, na ɛwɔ me mu. Ɛnyɛ owusɔreɛ da no na ɔbɛnyane na mmom ɛnnɛ yi ara. Me ne nea ɔbɔɔ adeɛ nyinaa no, na me na me de Honhom Kronkron no ma mo. Me de mekra bɛto hɔ ama mo bɔne na m'ama mo daa nkwa. Na owuo renya mo so tumi bio. Mo ne me bɛkɔ owuo mu na yɛasɔre nso wɔ gyidie mu. Me wuo no yɛ mo dea, na me nkwa nso yɛ mo dea, na mo bɛtena me mu."

Adeɛ baako a yɛnam so bɛnya Kristo brabɔ ne sɛ yɛbɛnya ne mu gyidie wɔ Apam mu. Worentumi nya n'abrabɔ pa no gye sɛ wotena ne mu. Yɛn gyidie wɔ Kristo mu bue yɛn nteaseɛ aniwa wɔ Agya no mu ne daa nkwa ho. Kristo mu dɔ de anigyeɛ ne asomdwoeɛ ba yɛn mu a ɛto nntwa da. Onpa biara Kristo mu dɔ ahyɛ no ma no bɛtena ase, ɛfirisɛ Onyankopɔn Honhom te hɔ daa. Saa Honhom yi te dodoɔ a wɔgye Kristo die no akoma mu.

Yesu anka ne nkunimdie a ɔwɔ wɔ owuo so antoto Lazaro sɔreɛ no ho. Ɔhyɛɛ dodoɔ a ne Honhom te wɔn mu no sɛ, owu nni wɔn so tumi, ɛffiri sɛ wɔ ne No awu asɔre dada. So woahunu saa bɔhyɛ yi a nhyehyɛeɛ biara nni ho a ɛfri nanom baeɛ no anaa? Ɛkyerɛ sɛ, obiara ɔgye no die no wɔ daa nkwa. Nndwendwene owuo ho, mmom dane woani kyerɛ Yesu. Da no ase wɔ saa ahofama kɛseɛ yi ho, ɛfiri sɛ ɔde daa nkwa asi hɔ ama wo.

Me nua barima so wogye Yesu a ɔma nkwa no di? na woahunu sɛ woayi wo afiri owuo tumi ase anaa, na woasane ayi wo afiri wo bɔne mu? Sɛ wonnyaa nngyee no dieɛ a ɛndeɛ na ɔgyina wo nkyɛn a woatene ne sa sɛ ɔbɛgye wo. Gye ne dɔ ne tumi no di. Sɔ ne nsam na ɔbɛma wo so afiri bɔne mu na woama wo daa nkwa. Ɛfiri sɛ Ɔno ne w'Agyenkwa nokwafoɔ no.

Marta gyee Yesu bɔhyɛ no toomu. Na ɛnyɛ nkwa nko ara na Marta hunuieɛ, na mmom ɔhunuu Agyenkwa no nso. Ɔgye diiɛ sɛ Yesu ne Agyenkwa no a woahyɛ no bɔ no, na ɔwɔ tumi sɛ onyane awufoɔ. Na ɔwɔ tumi sɛ ɔbu atɛn nso. Ɔtee Yesu tumi no nka wɔ ne kra mu sɛ ɛrema no nkenyan soronko. Ɔnyaa akokoduro dii ne gyedie ho adanseɛ wɔ saa kwan no so, ɛwom sɛ na Jewfoɔ no pɛ sɛ wɔsi Yesu aboɔ ɛfiri sɛ woaka sɛ ɔno ne Onyankopɔn Ba no. Nanso woansuro owuo no ɛfiri sɛ na ɔdɔ n'Agyenkwa no. Ɔbaa a n'akokoduro ma mbarima aniwuo. N'ahokeka no kyerɛɛ ne dɔ kɛseɛ.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, wo kɛse yɛ tim h ɔ daa. Wo na wowɔ owuoso tumi. Wo wu maa yɛn, na wo sɔre maa yɛn. Yɛda wo ase na yɛhyira wo din. Na owuo nni yɛn so tumi bio,ɛfiri sɛ woama yɛn daa nkwa.Yɛda wo ase sɛ woabu yɛn bim afiri yɛn bɔne, surone owuo mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na yɛn nso bɛsɔre ɛfiri awufoɔ mu nnɛ?

YOHANNE 11:28-31
28 Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ, "Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo." 29 ɔno nso teeɛ no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn. 30 Nanso na Yesu nnya nhyɛnee kuro no mu, na ɔwɔ deɛ Marta bɛhyiaa no hɔ. 31 ɛnna Yudafoɔ a wɔne no wɔ efie hɔ regyam no no hunuu sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afiri adie no, wɔdii n'akyi kaa sɛ: ɔrekɔ ɛda no so hɔ akɔsu.

Afei Yesu pɛɛ sɛ anka Marta de Mary ba na ɔno nso bɛtie gyedie ne nkwagyeɛ nsɛm a ɛgye nnipa firi amumuyɔfoɔ nsam na ɛkyekye nnipa werɛ no. Na woatumi atu mpon wɔ gyidie mu ne Ne ɔdɔ no mu. Yesu dii nkunim wɔ akokoduro mu, na mmom ɛnnyɛ awerɛhoɔ mu. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔbɛtwe Mary aba Onyankopɔn anim wɔ Ne kanea no mu a ɛbɛ ma no Honhom mu ahoɔden.

Na Mary nnim sɛ Yesu aba hɔ, nanso berɛ a Marta kɔkakyerɛɛ no sɛ Yesu aba hɔ no, na ɔwɔ awerɛhoɔ mu deɛ nanso ɔde ahokeka kɔhyiaa Yesu. Ne saa nti nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisaa no sɛ ɔrekɔ nna no so akosu anaa. Afei nnipa no nyinaa sɔre dii nakyi kɔɔ nna no so, ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ ɔwerɛho bɛtumi twe nnipa akɔ ɔseɛ mu. Wɔ berɛ a ɔsom ahorroɔ ho nnimdieɛ ntumi nngye wɔn nkwa, na mmom owuo mu deɛ, gyedie ne nokorɛ anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma Kristoni, abɛyɛ deɛ ɛdi adanseɛ pɛfee ne awerɛkyekyerɛ a ɛgyina hɔ pintinn.

YOHANNE 11:32-33
32 ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu." 33 ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no.

Mary huu Yesu no, awerɛhoɔ hyɛɛ no ma na ɔtoo ne ho hwee ne nan ase, wɔ Honhom a ɛbubuo mu. Ɔkaa awerɛhyemu ne gyidie a ɔwɔ wɔ Yesu mu, na ɔpaemu kaa Onyankopɔn nsɛnkyerɛnne a otumi yɛ nyinaa. Na afei ɔkaa sɛɛ, sɛ wobaa ha ntɛm a anka me nua barima no anwu. Ɛyi kyerɛ gyidie a ɔwɔ wɔ Yesu mu sɛ Onyankopɔn te ne mu ampa. Nanso owuo ama won gyidie abrɛ ase ama awerɛhoɔ ahyɛ ne nuanom mbaa no nyinaa ma.

Yesu hunuu gyidie a n'akyidifoɔ no anya no ne nkurɔfokuo no nyinaa no, na oguu ahome wɔ Honhom mu. Na ohunuu sɛdeɛ owuo akyekyere nnipa afa. Na ne werɛ hooeɛ sɛ ɔhuu nnipa no redi awerɛhoɔ resu pii, na ohunuu sɛ bɔne tumi afa wiase nnomum. Afei ohunuu sɛ wiase bɔne nyinaa da ne kɔn ho; wɔ Honhom mu no, ohuu n'asɛndua no so mfasoɔ ne hia a ɛhia sɛ onyane owuofoɔ na odi awerɛhoɔ so nkunim. Na onim sɛ owusɔreɛ no nso yɛ deɛ ɛrebɛsi. Na ɛno ne atɛnbuo a ɛda owuo tumi so, ne anngye anndie ne awerɛhoɔ.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 03:50 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)