Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 071 (Jesus across the Jordan)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
4. Oyanee Lazarus frii awufoɔ mu ne ɛho nsunsuansoɔ (Yohanne 10:40 – 11:54)

a) Yesu twaa Yordan asubonten no (Yohanne 10:40 – 11:16)


YOHANNE 11:11-16
11 ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ, "Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no." 12 ɛnna n'asuafoɔ no kaa sɛ, "Awurade, sɛ wada deɛ a, ɔbɛsɔre." 13 Na Yesu deɛ, ɔkaa ne wuo ho asɛm; na wɔn deɛ, wɔsusuu sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka. 14 ɛnna afei Yesusee wɔn pefee sɛ, "Lasaro awu; 15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn" 16 ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, "Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu"

Yesu kaa Lazaro ho asɛm sɛ, "yɛn dɔfoɔ". nti Yesu ne n'asuafoɔ no kɔdwo wɔn ahome wɔ ne fie. Afei ɔbɛyɛɛ asuafoɔ no nyinaa adanfo. Afei na yɛbɛka sɛ, Lasurus a ɔyɛ Yesu "dɔfoɔ no" bɛnyaa abɔdin a na ɛda Abraham so sɛ Onyankopɔn adanfo no bi.

Yesu kyerɛɛ nokorɛ no mu sɛ, owuo nnyɛ nnipa awieɛ. Ɛnti, ɔde "nnaeɛ" gyinaa hɔ maa owuo, Na ɔkaa sɛ yɛn nnipadua yi bɛyera nanso yɛn kra bɛtena ase. Yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Awurade mu ne yɛn ahomegyeɛ seisei. Ɛnti yɛwɔ ahotɔ wɔ Awurade ahomegyeɛ yi mu, ɛfiri sɛ yɛbɛhunu sɛ Agyenkwa no bɛyane yɛn wɔ owusɔreɛ mu. Na yɛbɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ.

Yesu de akokoduro kaa sɛ "Merekɔnyane no." Woannka sɛ, momma yɛnmmɔ mpaeɛ mmisa Nyankopɔn deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛdeɛ yɛbɛkyekyere abusua no werɛ. "Nanso Yesu bɔɔ n'Agya no mpae nna mmienu ntam ansana ɔrete n'adanfo Lazaro wuo no. Na onim sɛ, sɛ onyane Lazaro a n'annuoyamhyɛ bɛda ɛdi. Na ahyɛ n'akyiridifoɔ no den wɔ gyidie mu na akyerɛ n'atanfoɔ nyinaa sɛ, ɔno ne agyenkwa no. Afei Ɔka sii so sɛ, "Merekɔnyane no". Te sɛ deɛ ɛnna nyane ne ba sɛ sɔre na ɛberɛ aso sɛ wokɔ sukuu." Yesu antwintwɛne so kraa, ɛfirisɛ ɔno ara ne nkwa no, deɛ ɔwɔ owuo so tumi no. Nea ɔwɔ no mu gyidie no rensuro hwee na ɔbɛnya daa nkwa.

Asuafoɔ no ante Kristo nkunimdie no ase saa mmerɛ no. Na wɔdwene sɛ Lazaro ada; ɛnti na ɛho nhia sɛ wɔbɛnyane no koraa. Afei nso na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔwu wɔ Jewfoɔ no nsam sɛ wɔsan kɔ kuro no mu bio a.

Afei Yesu kakyerɛɛ won pɛfee sɛ, "W'awu". Saa nsɛm yi haa Asuafoɔ no, Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ, "M'ani agye". Ɛfiri sɛ, ɛyi kyerɛ ngyesoɔ ma Onyankopɔn Ba no ma wuo tumi. Na ɛma no hunu nkunimdie ne owusrɔeɛ. Ɛnti owuo nnyɛ awerɛhoɔ farebae, na mmom ɛyɛ anigyeɛ, ɛfiri sɛ, Yesu de daa nkwa ama n'akyidifoɔ nyinaa. Ɔno ne nkwa no, obiara ɔgye no die no bɛnya daa nkwa wɔ ne mu.

Yesu toa so sɛ, "Mo nti, m'ani agye, ɛfirisɛ na me nni hɔ ne wuo mu na masa no yadeɛ amono mu hɔ ara. Ɛyi ne ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ onipa biara awieɛ. Nso ne mu gyidie bɛma yɛn abrabɔ foforɔ. Ɛnti momma yyɛnkɔ ne kyɛn." Saa ɔfrɛ yi yɛ osu ne awerehoɔ ma nnipa, nanso Yesu deɛ, ɛyɛ owusɔreɛ ma no. Yɛda Onyankopɔn ase sɛ, ɔnam Yesu so sɛ yɛnbra ne nkyɛn. Na sɛ ɔno nso ba yɛn kyɛn a ɛyɛ ahotɔ ne daa nkwa ne kanea ma yɛn.

Ɔsomafoɔ Thomas nyaa akokoduro na ɔdɔ Yesu nso. Wɔ berɛ a Kristo yɛɛ sɛ ɔrekɔ amu no ho no, na ɔnnim sɛ Kristo botaeɛ ne sɛ ɔbɛnyane owufoɔ no, ɛnti ɔka kyerɛɛ suafoɔ nkaeɛ no sɛ, "Ɛnsɛ sɛ yɛgya Yesu nko ara; Yɛdɔ Awurade nti ɛsɛ sɛ yɛne no kɔ owuo mu. Yɛn nyinaa hyɛ ne sa." Na thomas yii ne nokorɛdie ahofama ɛdi kosii ɛwieɛ.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu annuoyam yɛɛ kɛseɛ wɔ nkunimdie mu wɔ mberɛ a ɔmaa Lazarus baa nkwa mu bio no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 03:28 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)