Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 073 (The raising of Lazarus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
4. Oyanee Lazarus frii awufoɔ mu ne ɛho nsunsuansoɔ (Yohanne 10:40 – 11:54)

c) Lazaro sɔree firii awufoɔ mu (Yohanne 11:34-44)


YOHANNE 11:34-35
34 na ɔkaa sɛ, "ɛhe na mode no toeɛ?" Wɔsee no sɛ, "Awurade, bra bɛhwɛ" 35 Yesu sui.

Yesu anka asɛm biara. Ɛfirisɛ awerɛhoɔ ho nkommɔdie ho nnhia. Afei ɔmaa Ne nneyɛɛpa no daa ɛdi soronko sene kasa pii. Na ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔkyerɛ no baabi a ɔda. Na wɔkaa sɛ, "Bra bɛhwɛ." Ɛyi ne nsɛm a ɛfa Yesu ho a ɔkakyerɛɛ n'asuafoɔ no berɛ a ɔhyɛɛ n'adwuma ase no. Ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔnbɛnya nkwa; nanso wɔrefrɛ no sɛ Ɔbɛhwɛ owuo. Ɔsuiiɛ ɛfirisɛ, ohunuu sɛ nnipa nni nimdieɛ na wɔnnyɛ agyidifoɔ. Asuafoɔ no mpo annhunu saa gyidie yi. Na honam no mmerɛ na gyidie nso nni ɔkra no mu. Ɛfiri sɛ na Honhom kronkron no nnya baa wɔn so. Ɛnti owuo na ɛdi wiase so, ma Onyankopɔn Ba no no dii awerɛhoɔ maa nnipa mma.

Na Yesu baa nnipa tebea mu, ne nnipa dii ahurusie, na ɔne nnipa boo mu tee nisuo. Honhom no kaa no. Na ɔtee nka wɔ ne kra mu sɛ, anka saa owuo yi baa n'akyidifoɔ so a, anka ɔbɛhunu sɛdeɛ wɔnni dɔ ma Onyankopɔn teasefoɔ no. Ɛnnɛ yi Yesu da so su ma yɛn ne nsɔresɔre ne dodoɔ a wɔnam bɔne so ayera owuo mu.

YOHANNE 11:36-38a
36 ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ, "Hwɛ dɔ a ɔdɔ no" 37 Na wɔn mu binom se, "Oyi a ɔbuee onifirani ani no, sɛanka ɔbɛtumi agye oyi afiri wuo mu." 38 ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio….

Jewfoɔ no hunuu sɛ Yesu resu no, wɔkyerɛɛ mu sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Lazaro ntira. Nanso ɔdɔ nnyɛ suahunu, na mmom atinka a wonya ma afoforɔ. Ɔdɔ a Kristo wɔ ma yɛn no boro adwene ne nteaseɛ so na ɛso sene sɛdeɛ yɛdwene mpo so kosi Ne wuo mu. Ohuu Lazaro sɛ ɔda ne adamona mu no ne werɛ hoeɛ sɛ owuo adi n'adamfo no so nkunim. Nanso n'akoma foro kɔɔ soro na ɔsiesie owufoɔ no sɛ ɔbɛtumi ate Ne nne.

Nnipa no binom kasaa tiaa Yesu wɔ ne ndwuma ho, na wɔkasa faa ne tumideyɛ nso ho. Ne saa nti Yesu bu fuui saa berɛ no. Ɛfirisɛ ɔdɔ ne gyidie ne anidasoɔ a nnipa nni nti na Onyankopɔn abufuo hyeɛ aba wɔn so. Nti Yesu de sii naniso sɛ ɔbɛgye yɛn amanehunu nyinaa mu, na woagye yɛn ɛfri yɛn haw nso mu, na yɛne no atena ne dɔ ne gyidie mu, na woama yɛn gyidie ne anidasoɔ soronko, a yɛrenbɔ yɛn bra wɔ wiase nyansa ne nnipa nsusuiɛ mu, na mmom yɛagye ne ne tumidie no ɛdi. Na ɔpɛɛ sɛ anka oyane wɔn a woawu wɔ won bɔne mu nyinaa ba nkwa mu. So ɛyɛ ɔhaw ma Yesu sɛ yɛnngye no nni anaa n'ani gye wɔ ɔdɔ a ɔwɔ ma No no ho?

MPAEBƆ: Awurade Yesu fa kyɛ me wɔ gyide ne ɔdɔ a m'annya wɔ mu. Fa kyɛ me sɛ me de me ho too me nhunumu so na m'annye wo adi. Ma me anidasoɔ a ɛtease na m'atumi aso aba wɔ mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu dii awerɛhoɔ na adɛn nti nso na osuuiɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 04:13 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)