Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 067 (Jesus is the Good Shepherd)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
3. Yesu yɛ Odwanhwefoɔpa (Yohanne 10:1–39)

c) Yesu ne Odwanhwefoɔpa no (Yohanne 10:11–21)


YOHANNE 10:11-13
11 "Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no. 12 na ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, na nnwan no nyɛ ne dea no hunu pataku sɛ ɔreba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane; na pataku no bɛkye wɔn bɔ wɔn hwete. 13 Na ɔpaani dwane, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔpaani, na ɔnnwene nnwan no ho."

Ɛno nti na ɔsomaa Kristo no sɛ yɛn dwanhwɛfoɔpa. Na ɔbaeɛ no ɔkaaeɛ sɛ, "Mayɛ krado, Ɔhene nokwafoɔ no, ne Ɔsɔfo Panin, ne Odiyifoɔ a N'adiysɛm twatoɔ koraa." Wɔ Kristo mu na yɛnya ɔhwɛfoɔpa dwumadie wɔ mu'die nyinaa mu ayɛ ma abom a ɛwie pɛyɛ. Na Ɔno na ɔka sɛ, "Mommbra Me nkyen mo a moayɛ adwuma abrɛ na mo kon mu - rebu nyinaa, na mema mo ahome." Na Merenpo mo, na mmom megye mo afri abrabɔ hunu nyinaa mu ne ɔhaw nso mu.

Na deɛ ɛdi adanseɛ sɛ ɔno nko ne Odwanhwɛfoɔpa no ne ɔpɛpa a onyaaeɛ sɛ ɔde Ne kra bɛtɔ hɔ ama Ne ndwan no. Na wommfa nano anka no kɛkɛ sɛ ɔde Ne nipadua bɛtɔ hɔ, na mmom ɔde Ne nipadua too hɔ bɔɔ afɔreɛ, ne Ne kra ne Ne Honhom tɔɔ hɔ ma Onyankopɔn ndwan no nkwagyeɛ. Na ɔbrɛɛeɛ firii mfitiaseɛ no som N'akyidifoɔ no kosii ɛwieɛ. Ne honam mu wuo no ne nabotiri a ɛkyerɛ sɛ ɔde Ne-nkwa maa yɛn. Ɛno nti kae sɛ Yesu ammbɔ ne bra sɛ obi a ɔno ankasa de ne ho anaasɛ owuiɛ maa ne ho. Na mmom owu maa me ne wo.

Odwanhwɛfoɔ a wonni gyidie no da ɛdi pɛfee, ɛfirisɛ sɛ ɔhaw anaasɛ amaeɛ bi ba won so a wodwane kohinta, na won nkoaa won deɛ ho na wodwene daa. Na wogya ndwan no hɔ ma mpataku no, a woda won ho ɛdi no. Na wonyɛ mpataku nanso wɔda won nneyɛɛ ɛdi sɛ mpataku; na won agya ne ɔbonsam. Ɔno ne pataku kɛseɛ no, na ɔbonsam botaeɛ ne sɛ ɔbɛmene won. Na ɔko tia won daa, na ɔde ɔtaa ne okum na ɛba ndwan no so daa. Na ɔde nsɔhwɛ a ɛyɛ aniwa fɛ ne atoro dɔkɔdɔkɔ na ɛtɔ won so. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ ma kwan biara wɔ atoro nkyerɛkyerɛ ho a wɔboapa de ɔdɔ di mu tintimbɛn. Na mmom ɛsɛ sɛ yɛfa ɔdɔ kann so bɔ nokorɛ no ho ban wɔ nyansa nyinaa mu. Kristo abrabɔ kyerɛɛ yɛn sɛ ahonhom fi ne no dii ɛsie wɔ nanim daa. Nanso ɔnam ɔdɔ so kasa kyerɛɛ Ne nkoa nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛsom ndwankuo no wɔ won ahoɔden nyinaa mu na won abɔ won ho ban ɛfiri ɔbonsam honhom mu ko nyinaa. Ɛfirisɛ mpataku no botaeɛ nyinaa da ɛdi pɛfee, wɔ ntwantosoɔ ne ɔtaa kɛseɛ mu na napɛdeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔre. So wɔrehwehwɛ ɔsom ne annuoyam wɔ Onyankopɔn ndwankuo mu? Ɛndeɛ ɛsɛ sɛ wɔte aseɛ sɛ saa nnoɔma no yɛ ɔko kɛseɛ, ne amaneɛ, ne afɔrebɔ kɛseɛ, na ɛnnyɛ yiyedie ne anigyiedeɛ mu, na ɔhome nso nni mu.

YOHANNE 10:14-15
14 "Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me, 15 sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no."

Kristo sii so dua bio kaa sɛ Ɔno ne Odwanhwɛfoɔpa soronko no. Na yɛn nyinaa di nkuguo wɔ saa ɔsom adwuma yi ho, ɛfirisɛ yɛn nyinaa yɛnnhunu ɔtanfo no a ɔne yɛn ko no, na ɛfei ndwan no nso yɛnim won adwene mu nsɛm, ne kwan a yɛbɛfasoɔ ɛdi won anim akɔ wura frɔmfrɔm ɛdidibea. Nanso Kristo nim ankorɛ ankorɛ biara din baako baako, na onim obiara nso abrabɔ mu nsɛm, ne nsusuiɛ ne daakye asɛm.

Yesu frɛɛ Ɔno ankasa Ne ndwan, na ɔmaa won adom akyɛdeɛ a wɔnam so bɛhunu No yiye. Na sɛ wohunu No yiye a, ɛyɛ won wawa yiye paa sɛ Ɔno deɛ ongyae won dabiarada. Na Ne Honhom ma won nkenyan. Na saa nkenyan yi ma wonya ɔdɔ kɛseɛ ma no, na ɛno ma wode aseda ba nanim daa wɔ daa apam a ɛmu nntete da mu.

Na saa ayɔnkofa soronko yi a ɛda Yesu ne Ne ndwan ntam no nnyɛ wiase adeyɔ mu, na mmom ɛyɛ Honhom no akyɛdeɛ, ɛfirisɛ yɛhunu no sɛdeɛ Ɔno nso hunu Agya no, ne sɛdeɛ Agya no nso nim Ɔba no. Na ɛyi yɛ ahintasɛm kɛseɛ, a Kristoni biara, a ɔwɔ Honhom no mu no, tumi nya nokorɛ no mu adiyi a ɛnam Kristo so ma yɛnya Onyankopɔn mu nimdie ne nyansa. Na ɛyinom nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn Honhom te Ne ndwankuo mu, na ɔhyɛ won ma. Na ongyae obiara wɔ akyiri na ɔmpo obiara nso.

YOHANNE 10:16
16 "Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako."

Kristo no annwu ammma nnipakuo baako bi pɛ, na mmom owu maa obiara. Na ɛfei nso woannwu ammma Apam Dada no mu nkurɔfoɔ a wɔyɛ asoɔdenfoɔ, na mmom owu maa abɔnefoɔ a wɔwɔ amanaman nyinaa mu. Na ɔka too hɔ sɛ Ne wuo no bɛgye ndwankuo ahorroɔ bebree wɔ wiase afanan nyinaa mu. Na obiara nntumi nnkɔ Onyankopɔn nkyen wɔ ɔno ankasa ahoɔden mu; na mmom wohia ɔkwankyerɛfoɔ, a ɔyɛ Odwanhwɛfoɔpa. Na oyi ne Kristo no. Ɔno ne amanaman ne ankorɛ ankorɛ nyinaa gyefoɔ. Na ɔnam nanom asɛm so ma yɛn Ne Honhom mu akwankyerɛ. Na ndwan no nso te won hwɛfoɔ no nne, saa ara na baabiara no nnipa siesie won ho sɛ wɔbɛte Kristo no nne, na wɔsakyerɛ ntɛmso. Wɔ Apam Dada no mu ɔfrɛ no ne won nso a won asakyera won adwene wɔ amanaman mu no nyinaa anya Honhom mu biakoyɛ, wɔ Kristo akandie tumi mu. Na Apam Foforo no mu nkurɔfoɔ no abɛyɛ Onyankopɔn ndwan, a Yesu ne yɛn Odwanhwɛfoɔpa no. Na won a wɔde anigyie tie Asɛmpa no na wɔgye Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no die no, nyinaa abɛka nokorɛ asɔre no ho bi, a ɛmfaho ne asɔre ko a wɔbɛkɔmu. Ɛfirisɛ yɛn nyinaa wɔ Honhom baako, ne Awurade baako, ne Agya baako. Honhom no ba won a Kristo mogya ate won ho nyinaa so. Na Kristo ndwankuo no nkabom no yɛ ade kɛseɛ a ɛboro adwene ne nteaseɛ so, na ɔboaboa ndwankuo no ano fri baabiara. Odwanhwɛfoɔ no ankasa ba won nkyen, na odi won a wɔsom no nokorɛ mu ne nakyidifoɔ a wɔbrɛ won ho ase no nyinaa anim kɔ annuoyam mu. Na ɛfei won nyinaa abɛyɛ ɛkuo baako ne Ɔhwɛfoɔ nso baako. Na mmom obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔde asɔre bi bɛsi hɔ wɔ wiase ne nipasɛm kwanso na ne botaeɛ ne wiase yi no bɛnya amaneɛ kɛseɛ akɔto pataku afidie mu, a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe ndwan no afri won hwɛfoɔ no nkyen aba ɔno ankasa nkyen. Nanso, yɛn ankasa ahoɔden nntumi ngye yɛn ho, agyesɛ yɛde yɛn ho bata Kristo na yɛtwibɛn no.

YOHANNE 10:17-18
17 "Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio. 18 Obi nnye me nsam, na me ara na mede meto hɔ; na mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛdeɛ yi na menyaa no m'Agya nkyɛn."

Yɛgyedi sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, na ɔdɔ Ne Ba no dabiarada mu. Ɛfirisɛ Yesu yɛ deɛ ɛsɔ N'Agya no ani daa. Na ɛfei yɛn nso yɛakenkan deɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani; na ɛno ne asɛndua no. Kristo wuo no yɛ deɛ Onyankopɔn ankasa hyehyɛ too hɔ. Ɛfirisɛ na kwan foforo biara nni hɔ a ɔnam so bɛgye Ne ndwan no afri bɔne mu, na mmom agyesɛ nafɔrebɔ no na ɛbɛtew ne ndwan no ho ayɛ fitaa wɔ Odwammaa no mogya no mu.

Yesu wuo ne nesɔreɛ no yɛ nsɛnkyerɛnne kɛseɛ; na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ obɛwu na woasɔre bio. Na woammfa Ne ho ammma wɔ ɔhyɛ mu, na mmom ofirii ɔno ankasa Ne pɛ mu na ɔde Ne ho maaeɛ, Ɛfirisɛ na ɔwɔ ɔpɛpa sɛ ɔbɛgye adebɔneyɛfoɔ nkwa. Na Ɔno ne ɔdɔ kann no. N'Agya no maa no tumi sɛ ɔmbɛgye wiase nyinaa nkwa, na ɔmaa no tumi nso sɛ ɔnsan mfa Ne kra bio. Ɛno nti obiara anntumi ne Kristo anndi ɛsie wɔ nasɛndua no so nkunimdie mu. Ɔbonsam ne napamfoɔ bɔɔ mmɔden sɛ wobɛsiw ne dwumadie ano kwan; nanso Kristo dɔ tumi kɛseɛ no nti wodii nkuguo. Na ɛnnyɛ Kaifas anaa Pilato, anaa won mu biara na ɔhyɛɛ no sɛ onwu; na mmom ɛyɛ Ɔno ara tumi mu na owuiɛ. Na woanndwane wɔ mberɛ a na mpataku no reba no soɔ no, na mmom ɔde Ne ho maaeɛ de gyee yɛn nkwa. Na ɛyi ne Onyankopɔn apɛdeɛ soronko a ɛdimu'. Na Yesu dii ɔsoro ne atɛnmuo-gya mu apre-apreɛ no so nkunim wɔ asɛndua no so. Na ɛfiri saa da no na Ne ndwan no nyaa awerɛhyem kɛseɛ a woasɔ ano wɔ Odwammaa no mogya mu. Na Yesu dii yɛn anim wɔ ɔhaw ne amaneɛ mu kɔɔ annuoyam kɛseɛ mu.

YOHANNE 10:19-21
19 ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafoɔ no mu bio. 20 Na wɔn mu bebree kaa sɛ, "ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na motie no?" 21 Ebinom se, "Nsɛm yi nyɛ deɛ ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne bɛtumi abue anifirafoɔ ani?"

Na won a Jewfoɔ mpaninfoɔ no somaa won sɛ won nkɔtetɛ Yesu no tee sɛ ɔreka sɛ mpaninfoɔ no yɛ akorɔnfoɔ ne adwotwafoɔ ne ɔbonsam nkoa no, won bu fuiɛ yiye; ne deɛ ɔkaaeɛ nso sɛ Ɔno ne Odwanhwɛfoɔpa no, ne titirie no sɛ Ɔno ne amanaman nyinaa Odwanhwɛfoɔpa no - na Jewfoɔ no bu saa asɛm a ɛte saa sɛ abusudeɛ. Ɛfirisɛ wohunu won ho sɛ won na Onyankopɔn apaw won soronko. Ɛno nti wɔfrɛɛ no sɛ ahonhombɔne ahyɛ no ma na woabɔdam na ɔbɛyɛɛ akyiwadeɛ maa won. Na won a wogyinagyina hɔ no bebree foaa saa asɛm yi so. Na won mu pii no ara sɔre tiaa Yesu, ɛfirisɛ na wonni ntaseɛ wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfiri soro a ɔde rema won no.

Nanso won a wotiee no mu binom de akokoduro dii adanseɛ kaa sɛ wɔretie Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokorɛ wɔ Yesu anom nsɛm mu. Ɛfirisɛ Ne nsɛm no nnyɛ deɛ ɛyɛ hunu, na mmom tumi ahyɛ no ma. Na ɔde onifurani no bɔne nyinaa kyɛɛ no. Ɛno nti ɔtan a wɔtan Yesu wɔ won mu no kɔɔ soro, nanso won mu bebree nso nyaa ɔdɔ soronko maa no. Yesu dii Ne ndwankuo no anim wɔ mberɛ biara mu wɔ Honhom mu kɔɔ botaeɛ no mu.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, wone ndwan no Hwɛfoɔ, na woampo ndwan no a won aso yɛ den no, na mmom wohwehwɛɛ won kosii sɛ wohunuu won, na wode wokra too hɔ maa won. Yɛsrɛ wo fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn. Yɛda wo ase sɛ woama yɛn Honhom mu nimdieɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛhunu wo yiye, sɛdeɛ wo nso wonim Agya no. Na wonim yɛn din baako baako na wo werɛ mmfri yɛn. Wokyerɛ yɛn kwan ne w'akyidifoɔ nyinaa. Won a woapaw won afiri amanaman nyinaa mu no, won a wobɛtie wo no woka won bom. Bɔ won ho ban fri mpataku no ho daa.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ Odwanhwefoɔpa?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 03:08 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)