Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 066 (Sheep hear the voice of the true shepherd; Jesus is the authentic door)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
3. Yesu yɛ Odwanhwefoɔpa (Yohanne 10:1–39)

a) Ndwan no nim Odwanhwefoɔpa no nne (Yohanne 10:1-6)


Wɔ nkyekyɛmu 7 ne 8 no Yesu maa natanfoɔ no hunuu won gyinabea sɛdeɛ ɛteɛ ankasa, na ɛwɔ nkyekyɛmu 9 no oyii won anifuraeɛ no ɛdi kyerɛɛ won sɛ wonntumi nnhunu Onyankopɔn ne Ne Ba no ne won ankasa ho. Na wɔ nkyekyɛmu 10 no, ɔmaa won a wɔyɛ ne deɛ no dee won ho frii won akandifoɔ abɔnefoɔ no nsam, na ɔtwee won baa ɔno ankasa nkyen. Ɔno ne Odwanhwɛfoɔpa no, ne opono baakopɛ a ɛkɔ Onyankopɔn nkyen.


YOHANNE 10:1-6
1 "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ; 2 na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ. 3 ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan dinfrɛ wɔn firi adi. 4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n'akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne. 5 Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n'akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne." 6 Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn deɛ, wɔanhunu asɛm ko a ɔkaa wɔn no. Nnwammuo ano pono

Wɔ nkuraase binom no wotumi boaboa won ndwan ano bebree wɔ pɛtee mu na awɛnfoɔ hwɛ won so anadwo mu nyinaa. Na ɛdu anopa a, odwanhwɛfoɔ no ba ndwan no mu bɛhwɛ won ndwan no. Na awɛnfoɔ no ma won kwan ma wɔkɔhwɛ won ndwan no, na ɛba saa biribi soronko bi si: ndwanhwɛfoɔ no mmfa ɔhyɛ mpia ndwan no, na mmom ɔde nne bi a ne ndwan no nim frɛ won ma wodi nakyi. Na ɛfei ndwan no nso tumi hunu sɛ saa nne no yɛ won wura na ɔrefrɛ won, na wotie ne nne di nakyi. Na mpo sɛ won wura no sesa ne ho wɔ natarehyɛ mu mpo a wotumi hunu ne nne, na ndwan no bɛdi won wura no nne akyi. Nanso sɛ obi a wonnim no hyɛ atareɛ mpo te sɛ won wura no a, ndwan no rennkɔ koraa. Na ndwan no di nne a wonim akyi a ɛyɛ won wura. Na sɛ odwanhwɛfoɔ no frɛ won a odi won anim kɔ nwura frɔmfrɔm adidibea ne nsuoten ho. Na ne ndwan no twa ne ho hyia; na baako mpo nni hɔ a ɔka akyiri; na wɔde won werɛ hyɛ won wura no mu prekopɛ.

Na Yesu de ɛyi yɛɛ mfantoho de kyerɛɛ yɛn sɛ obiara ɔyɛ osetie ma no no tie ne nne, na saa nkurɔfoɔ no Yesu yɛ Onyankopɔn Odwanhwɛfoɔpa ma won. Na woamba Apam Dada no mufoɔ nkyen sɛ ɔrebɛwia won, na mmom ɔfrɛɛ Onyankopɔn mma soronko firii won mu baa Ne nkyen. Na ɔgyee won maa won Honhom mu aduane da biara. na "odwanhwɛfoɔ" afoforo binom te sɛ akorɔnfoɔ a wodi ndwan no akyi te sɛ mpataku. Na wɔde ndaadaa na ɛkɔ won mu. Na wowia ndwan no kɔ won nkyen na wɔtete won mu sɛe won. Na da nyinaa wɔhwehwɛ deɛ ɛbɛmee won ankasa, na wɔhyɛ won ankasa ho annuoyam. Na womfiri ɔpɛpa mu nsom ndwan no. Asɔfoɔ ne asomfoɔ a wɔwɔ nsɔre mu a ɛnnyɛ Onyankopɔn na asoma won na ɛfei wonnte Kristo apɛdeɛ mu wɔ nokorɛ mu, na saa nnipa yinom na yɛn Awurade frɛ won sɛ akorɔnfoɔ. Na wɔde ɔhaw ba nipa so sene sɛ wɔbɛboa won.

Yesu ka too hɔ sɛ nakyidifoɔ a won gyidie si pi nyinaa renntumi ndi adwanhwefoɔ atorofoɔ akyi ara da, na ɔmaa wohunuu sɛ ɛyɛ deɛ ɛyɛ hu a ɛbɛba. Na ɔhyɛɛ won sɛ won mfa won werɛ nhyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ mu sɛ, Ɔno ankasa, bɛdi Ne ndwan anim daa sɛdeɛ ɔkaaeɛ wɔ Nnwom 23 no.

Nanso nnipa anntumi annya nteaseɛ wɔ Yesu anom nsɛm mu, na won anntumi annhunu sɛ won ahwɛfoɔ no yɛ ɛdwootwafoɔ ne atorofoɔ abɔnefoɔ (Yeremia 2:8; 10:21, Hesekiel 34:1-10; Sakeria 11:4-6). Na ɛyinom nyinaa mu mpo no, na Onyankopɔn ayɛ krado sɛ, ɔbɛyɛ won Hwɛfoɔ, na ama woakyerɛkyerɛ Ne nkurɔfoɔ na woasoma asɔfoɔ anokwafoɔ abrɛ won, te sɛdeɛ Moses ne Dawid teɛ no. Twerɛ Kronkron no kasa fa asɔfoɔ ho; na ɛdin "ɔhwɛfoɔ" no ne "ndwan" no ne "Onyankopɔn Adwammaa" no ne "ɔgyeɛ a ɛfri mogya-hwiegu" mu no, yɛ adeɛ a ne nyinaa firi Odwanhwɛfoɔpa no mu, a ɛkyerɛ yɛn Ne nhwɛsoɔpa a ɔwɔ ma yɛn.


b) Yesu ne pono no (John 10:7-10)


YOHANNE 10:7-10
7 ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Mene nnwan no pono no. 8 Wɔn a wɔdii m'anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn. 9 Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea. 10 Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso."

Yesu de Ne ho yɛɛ mfantoho sɛ Ɔno ne Onyankopɔn ndwan no pono. Na kwan foforo biara nni hɔ a ɛkɔ ɔgyeɛ mu wɔ asɔre no mu agyesɛ Kristo nko ara. Na obiara a ɔde ɔsom bi si hɔ a ɛnngyina Kristo soɔ no te sɛ ɔkorɔnfoɔ ne odwotwafoɔ a ɔdaadaa Onyankopɔn ndwan no adwene kɔ ɔhaw mu. Honhom Kronkron no nnkyerɛ yɛn kwan nnkɔ ɔkwan kakeraa no mu na mmom odi yɛn anim kɔ ɔpono hiahiaa no mu a ɛno ne Yesu. Ɛno nti obiara a woammfa saa pono yi mu annkɔ mu no, na woanndi Ne honam no, na woannom Ne mogya no, saa nipa no nni akwanya biara wɔ Onyankopɔn mma mu. Na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkum yɛn apɛdeɛ na ama yɛatumi akɔ Kristo ndwankuo no mu; na ama yɛn nso yɛabɛyɛ Ne ndwan no bi.

Nnipa atitirie a wɔbaaeɛ ansana Kristo no reba no ne won a na wɔwɔ hɔ nyinaa a na wonni Honhom Kronkron no sɛ won ngyinasoɔ no, nyinaa yɛ akorɔnfoɔ ne adwotwafoɔ a wɔdaadaa. Yesu kaa sɛ wiase anyansafoɔ ne adehunufoɔ ne akandifoɔ nyinaa yɛ akorɔnfoɔ ne adwotwafoɔ, sɛ won angye no anndi wɔ ahofama mu a; wɔde nkyerɛkyerɛ bɔne sɛe nnipa wɔ suban bɔne mu. Na adiyifoɔ anokwafoɔ a wɔtenaa Kristo Honhom mu no nyinaa akoma bubui yiye wɔ ahobrɛaaseɛ mu, na wɔfaa opono no mu kɔɔ Onyankopɔn nkyen. Na Yesu siesiee won na ɔsomaa won wɔ nokorɛ som mu wɔ Ne ndwankuo mu.

Obiara nntumi nkɔ Onyankopɔn ndwankuo no mu agyesɛ ɔno ankasa ɛdikan apa ne ho akyi aba Yesu nkyen sɛ ɔngye no. Na Yesu nso yɛ Ne ndwan a wɔyɛ osetie ma no nyinaa Ahenfo ne asɔfoɔ. Na Asɔfoɔ anokwafoɔ no fa pono no mu kɔ mu na wɔkɔ wiase kɔpaemu kyerɛ nnipa mma na ama won anya nkwagyeɛ. Na wɔde won san ba Kristo nipadua asafo no mu, na ama Kristo atena won mu. Na saa asɔfoɔ no mmbu won ho sɛ wɔyɛ akɛseɛ sene ndwan no, ɛfirisɛ won nyinaa kɔɔ Kristo no nkyen. Na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, ohunu Awurade mu tumi ne nyansa a ayɛ ma wɔ ne mu. Na akoma a ahobrɛaaseɛ ahyɛ no ma no nya Yesu mu nhyira a abusoɔ ne ɛdidibea frɔmfrɔm.

Mpren anan mu na Yesu bɔɔ Ne ndwan no kɔkɔ faa atwerɛfoɔ no ne asɔfoɔ no ho, won na wɔhwehwɛ annuoyam ma won ankasa ho na wosɛe afoforo nso adwene koraa.

Wɔ saa berɛ no ara mu no Kristo frɛɛ nnipa nyinaa sɛ wombra Ne nkyen, na wombɛnya abrabɔ pa ne asomdwee, na ama won ayɛ nhyira farebae ama afoforo nso. Ɛno nti obiara ɔbɛba Kristo nkyen no, ɔbɛyɛ nhyira asuten a ɛsene na ɛpem kɔ afoforo nso nkyen. Ndwanhwɛfoɔ mmbɔ won bra te sɛ won ankasa na wɔde won ho, na mmom wɔde won mberɛ ne won nna nyinaa bɔ asɔreɛ ma ndwan no. Ɛfirisɛ Onyankopɔn Honhom no mmma yɛn ɔsoro nkwa no kɛkɛ sɛ yɛn nkoaa nkwagyeɛ, na mmom oyi yɛn si hɔ sɛ nkoa ne asɔfoɔ sɛ yɛmpa yɛn ho akyi na yɛndɔ afoforo soronko wɔ ɔsom mu. Na sɛ yɛnya ɔdɔ bebree a ɛma yɛnya nkɔsoɔ nso bebree boroso. Biribiara nni hɔ a ɛyɛ ɔdɔ sene sɛ yɛbɛyɛ Awurade adwuma no! Ɛyi na ɛkyerɛ sɛ, "Sɛ wobɛnya nkwa na won anya no mboroso!"

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛda wo ase sɛ wone ɔpono a yɛfaso kɔ Onyankopɔn nkyen. Yɛyi wo ayɛ ɛfirisɛ wona wofrɛɛ yɛn baa woayɔnkofa nhyiamu no mu, sɛ yɛn mbɛsom Onyankopɔn ne nnipa. Yɛsrɛ wo sɛ boa yɛn ma yɛntumi mbrɛ yɛn ho ase mma wo daa na ama yɛnya nkwa. Ma yɛn ahoɔden na ama yɛatumi atwe akra bebree ama wo wɔ Honhom no tumi mu, na ama yɛayɛ nhyira ama nnipa nyinaa wɔ woadom a wode ama yɛn no mu.

NSƐMBISA:

  1. Nhyira bɛn na Yesu de guu Ne ndwankuo nyinaa soɔ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 02:56 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)