Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 045 (Jesus offers people the choice)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

4. Yesu maa nnipa akwanya sɛ, "wɔbɛgye no atom anaasɛ wɔbɛpo No!" (Yohanne 6:22-59)


YOHANNE 6:51
51 "Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam."

So woahunu paanoo a ɛnante anaasɛ ɛrekasa da anaa? Yesu frɛ Ne ho sɛ nkwa aboodoo, nkwa aboodoo a ɛte ase - ɛnyɛ honam fam paanoo a efiri soro ho asɛm na ɔreka, na mmom Honhom mu ne Onyankopɔn aduane. Na ɛno nkyerɛ yɛn sɛ ɔpɛsɛ yɛdi Ne nipadua honam no ankasa a ɛyɛ honam ne mogya no; ɛfirisɛ yɛnyɛ abɛyifoɔ.

Na Yesu kaa Ne wuo ho asɛm kyerɛɛ won. ɛnnyɛ Ne Honhom mu abrabɔ na ɛgyee nnipa, na mmom Ne Nyameyɛ nipasu no. Na ɔbɛyɛɛ onipa na ɔde ne ho maaeɛ wɔ yɛn bɔne nti. nanso won a wotiee no no ɛtoo won sintidua; ɛfirisɛ wohunuu No sɛ onipa bi kɛkɛ, a wonim nabusuafoɔ nyinaa. Na mmom ɔbaeɛ te sɛ ɔbɔfoɔ bi a ofiri soro a, anka wɔbɛgye no wɔ anigyie kɛseɛ mu. Yesu ma wɔtee aseɛ sɛ ɛnnyɛ N'annuoyam ne honhom na ɛbɛgye won, na mmom Ne nipadua na ɔde bɛto hɔ ama nnipa nyinaa nkwagyeɛ.

YOHANNE 6:52-56
52 ɛnna Yudafoɔ no yɛɛ akasakasa wɔn mu sɛ, "ɛbɛyɛ dɛn na oyi bɛtumi de ne honam ama yɛn na yɛadie?" 53 ɛnna Yesu see wɔn sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu. 54 Deɛ ɔdi me honam na ɔnomme mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. 55 Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa. 56 Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena ne mu."

Wɔ Jewfoɔ no mu no dodoɔ no ara gyee Yesu diiɛ, na ɛbinom nso poo no. Na saa ɛkuo miennu yi adwene annyɛ baako ara da, na wɔgye akyingyɛ dendenso. Na ɛyɛɛ abusudeɛ maa Yesu atanfoɔ no sɛ wɔtee sɛ ɛsɛ sɛ wodi Ne honam na wɔnom Ne mogya. Yesu hunuu mpaapaemu a aba wɔ afanu no nyinaa mu no, ɔtwee won a wɔgye No die no bataa ne ho. Na ɔsɔɔ ɛkuo a ɛdikan no dɔ hwɛɛeɛ na ɛmaa afoforo nkaeɛ no anifura no daa ɛdi. Na ɔkaeɛ sɛ, "Nokorɛ, Nokorɛ, Me se mo sɛ, sɛ moandi me honam na moannom me kuruwa no ano a, munni daa nkwa wɔ mo mu. Na agyesɛ modi me nipadua, anyɛ saa a mobɛtena owuo ne bɔne mu daa." Na wɔtee saa nsɛm yi no wɔkaa sɛ woaka abusudeɛ. Na ɛyɛɛ won sɛ ɔbarima Yesu rese won sɛ, "Monkum me, ɛfirisɛ me ankasa meyɛ nsɛnkyerɛnne wura. Na me nipadua yɛ paanoo, a ɛyɛ Onyankopɔn nkwa a ɔde ama mo." Na wɔtee saa asɛm no won bufuiɛ yiye. Nanso won a wɔwɔ ne mu gyidie no gyee no toomu wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, na wɔgyee N'awawadeɛ no nyinaa diiɛ, na wɔde won ho too Yesu ne nanoma nsɛmpa no so. Na sɛ won ani baa won ho so wɔ Twam Afahyɛ no ho a, anka wobɛtumi ahunu sɛ Yohane Osubɔni no frɛɛ Yesu sɛ, Onyankopɔn Adwammaa: Jewfoɔ nyinaa de won ani to Twa Afahyɛ no so, na wodi odwan a wokum no wɔ Afahyɛ no mu. Na wɔyɛ saa wɔ nkyerɛaaseɛ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn abufuo bɛfri won so, wɔ afɔrebɔ no mu. Na Yesu ka kyerɛɛ won sɛ Ɔno ne Onyankopɔn Adwammaa nokorɛ a woasoa wiase nyinaa bɔne no.

Na ɛfei yɛn mberɛ yi mu nso yɛnim sɛ Awurade ɛdidie no yɛ ɛhyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛdi ne honam na yɛnom ne mogya nso, na Ne mogya no tew yɛn ho firi bɔne nyinaa mu. Na yɛda No ase wɔ saa adom yi mu. Wɔ saa mberɛ no mu no Galileefoɔ no anntumi annhunu saa ahintasɛm yi mu, ɛno nti ɛmaa Ne nsɛm no yɛɛ won adwene mu kesenee. Na Yesu resɔ won gyidie ahyɛ, nanso won akoma pirim no daa ɛdi.

Yɛsom Kristo wɔ anigyie ne aseda mu, ɛfirisɛ woakyerɛkyerɛ yɛn Awurade ɛdidie no ase wɔ ahyɛnsodeɛ mu, ne kwan a ɔfaso ba yɛn nkyen na ɔbɛtena yɛn mu wɔ Ne Honhom Kronkron no mu. Saa afɔrebɔ yi nnim a yɛnntumi mmbɛn Onyankopɔn koraa sɛ yɛbɛtena Ne mu. Sɛdeɛ ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn wɔ mudie mu nti no, ɛmaa no tumi bɛtenaa yɛn mu. Sɛ yɛnya Ne mu gyidie a ɛde nsɛnkyerɛnne brɛ yɛn na ɛfei nso ɛboa yɛn ma yɛnya owusɔreɛ tumi no mu anidasoɔ. Yɛsom Odwammaa no, ɛfirisɛ ɔno na ɔgyee yɛn nkwa. Yesu ammpɛ sɛ obɛwu ama yɛn wɔ asɛndua no so nko, na mmom no ɔpɛɛsɛ ɔhyɛ yɛn ma nso, na ama yɛabɛyɛ ahoteefoɔ a yɛne No bɛtena daa ɛnni ɛwieɛ.

YOHANNE 6:57-59
57 "Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ no somaa me na Agya no nti mete aseɛ no, saa ara nso na deɛ ɔdi me honam no nso, me nti ɔbɛtena aseɛ. 58 Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa." 59 ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa yeinom.

Kristo kyerɛɛ yɛn nkwa a ɛwɔ Otumfoɔ Nynakopɔn no mu, a ɔno ne Agya a ɔyɛ ɔteasefoɔ no. Ɔno na ɔyɛ tete ntredee Agya a ɔboro adeɛ nyinaa soɔ. Kristo wɔ Agya no mu, na ɔnnte ase ma Ne ho na mmom ɔte ase ma Agya no. na N'abrabɔ nnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛsɔ ɔno ankasa ani, na mmom ɔyɛ osetie ma N'Agya no wɔ adeɛ nyinaa mu, ɛfirisɛ ɔno na ɔwoo No. Ɔba no som Agya no, na Agya no nso dɔ Ɔba no na odi Ne dwmadie nyinaa wɔ Ɔba no mu.

Yesu yii ahintasɛm a ɛwɔ Ɔne Agya no nkabom mu ɛdi kyerɛɛ natanfo no. na ɔmaa won anisoaadeɛ hunu bi sɛ, "Mete ase ma Agya no na ɛfei Mete Ne mu nso, na ɛno nti mepɛsɛ mo nti metena ase na metena mo mu nso. sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtena ase ama me na moatena me mu nso." Onua dɔfoɔ, so woayɛ krado sɛ wɔde wo ho bɛbata Kristo no ho anaa? So wofri wo mu adeɛ nyinaa bɛgye No atomu anaasɛ worenngye No ntom? So wobɛtumi apa wo ho akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena ase ama Awurade na Ɔno nso atena wo mu anaa?

Kristo amba sɛ ɔde nneyɛɛ na ɛrebɛkenyan nnipa, anaa sɛ ɔresoma yɛn sɛ yɛn ankasa mfa yɛn hoɔden mmoa yɛn ho. Na nnyɛ nkuraase mpuntudwuma nti na ɔbaeɛ. Daabida! Na mmom Ɔno na ɔsesa nnipa akoma, na ama onipa ɛtumi abɔ ne bra wɔ Onyankopɔn trenee kwanso daa nyinaa. Na ɔmaa Onyamesu baa agyidifoɔ nyinaa mu. Na ɔmaa yɛyɛɛ onipa foforo a onnwu wɔ yɛn mu, deɛ ɔtehɔ daa, na ɔde ɔdɔ som. Na Ne botaeɛ nyinaa ne Onyankopɔn.

Kenkan nkyekyɛmu nsia no, na ken mpren dodoɔ a Kristo kaa saa nsɛm miensa yinom, "Agya", "Nkwa" ne "Owusɔreɛ" ne babiaa ɛfiri nso. Na ɛyi mu no wobɛtumi anya Yohane asɛmpa no mu nteaseɛ yiye paa. Kristo mu gyidini biara te Agya no Honhom tumi mu, a ɔrekɔ owusɔreɛ annuoyam mu.

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛda wo ase sɛ wobaa yɛn nkyen, na wode Agya no nkwa maa yɛn wɔ anigyie kɛseɛ mu. Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn na tew yɛn ho koraa, na ama yɛde bosetɔ ne ɔdɔ asom wo yiye, na yɛadi woakyi wɔ ahobrɛaaseɛ mu, na yɛanntena ase amma yɛn ankasa ho.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ N'atifoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wodi Ne nipadua na wɔnom Ne mgya nso?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 02:39 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)