Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 044 (Jesus offers people the choice)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

4. Yesu maa nnipa akwanya sɛ, "wɔbɛgye no atom anaasɛ wɔbɛpo No!" (Yohanne 6:22-59)


YOHANNE 6:41-42
41 ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ, "Mene paanoo a ɛsiane firii soro no," 42 na wɔkaa sɛ, "ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnimn'agya ne ne na no? ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba?"

Yohane ɔsɛmpakani no frɛɛ Galileefoɔ no sɛ Jewfoɔ, ɛwom sɛ na wonni nnipakuo biara mu deɛ, nanso wɔpoo Kristo Honhom no nti, na nsonsonoeɛ biara nni wone Jewfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ anaafo fam no ntam.

Atwerɛfoɔ no ma won nkyerɛkyerɛmu foforo nti a wogyinaso nngye Yesu nntom, ɛfirisɛ won mmra a akyekyere won adwene ne won ankasa trenee ahodasoɔ no ne Yesu dɔ no nnhyia. Na Yesu bɛyɛɛ sintindua maa Galileefoɔ no nso, ɛfirisɛ wonim N'abusuafoɔ nyinaa, ɛfirisɛ "ne papa" (Josef a ɔyɛ kapentani no) ne won na ɛteɛ, ɔbarima a oni akyɛdeɛ biara wɔ adiyisɛm mu, anaa akyɛdeɛ soronko bi. Na Ne nna nso nnyɛ onipa soronko anaasɛ obi a ɛkura akyɛdeɛ soronko a ɛma no da nso wɔ mbaa afoforo mu, agyesɛ okunafoɔ a na ɔyɛ wɔ saa berɛ no mu, a na mpo ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn abufuo aba no so. Ɛno nti Galileefoɔ no anngye anni sɛ Yesu no nkwa aboodoo a ɛfiri soro no.

'''YOHANNE 6:43-46
YOHANNE 6:43-46 43 ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ, "Monnnwiinwii mo mu! 44 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. 45 Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. 46 ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no, gye deɛ ɔwɔ Nyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahunu Agya no."'''

Yesu ankyerɛkyerɛ N'awoɔ mu ankyerɛ won a wɔpoo No no, ɛfirisɛ wɔrenngye saa asɛm no nni. Anaa sɛ mpo yɛn ankasa bɛtumi ahunu Onyamesu ko a ɔbarima Yesu yɛ, agyesɛ Honhom Kronkron no bue yɛn aniwa ama yɛhunu. Ɛno nti obiara a ɔbɛba Ne nkyen wɔ gyidie mu no bɛhunu No na obɛhunu Ne nokorɛdie kɛseɛ no.

Yesu kasa tiaa nkurɔfokuo no awiiwii a wowiiwii tia Onyankopɔn adiyisɛm no. Asoɔden honhom nntumi ntie biribiara mmfiri Onyankopɔn Ahennie mu. Na mmom obiara a otie no na onya atinka no bɛhunu Onyankopɔn dɔ.

Na Onyankopɔn nam Ne dɔ so twee nnipa bataa Agyenkwa no ho, sɛ ɔbɛbue won aniwa na woakyerɛkyerɛ won nkakra nkakra, Sɛseɛ yɛ kenkan wɔ Yeremia 31:3 no. Wɔ Apam Foforo no mu no, ɛnnyɛ onipa ɛpɛmu anaa ɔno ankasa adwene na ɛde gyidie brɛ no; na mmom ɛyɛ Honhom Kronkron no na ɛbue yɛn aniwa na ama yɛatumi ahunu, na ɔde Onyankopɔn nkwa nso abrɛ yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ahunu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Agya ne yɛn Nyankopɔn ampa. Na ɔkyerɛkyerɛ Ne mba daa nyinaa, na ɔne won nya ayɔnkofa prekopɛ. Na ɔnam Ne Honhom Kronkron so ma yɛn gyidie soronko wɔ yɛn akoma mu. So woanya saa Honhom yi ayɔnkofa no bi wɔ woadwene mu anaa? Na ɛfei nso woabue woakoma mu ama Onyankopɔn dɔ soronko no anaa?

Agya no nam Ne Honhom so di yɛanim kɔ Yesu nkyen na ɔma yɛtena ne mu. Na ɔma yɛn kra kɔn dɔ no sɛ yɛbɛhunu no, kosi sɛ yɛbɛkɔ akɔhyia Yesu na yɛadɔ No. Na ɔno nso gye yɛn tom sɛdeɛ yɛteɛ biara, na ɔnto yɛn nntwene, na mmom odua yɛn wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu, na ama yɛnya owusɔreɛ tumi ahoɔden no bi, na aboa yɛn ama yɛatumi akɔ N'Agya no annuoyam Ahennie no mu bi.

Ɛno nti, Yesu yɛ soronko koraa sene agyidifoɔ a won anya awoɔ foforo no nyinaa. Ɛfirisɛ onipa biara nnhunuu Onyankopɔn da, agyesɛ Ɔba no nko. Ɔno na ɔne Agya no wɔ hɔ firi adebɔ mfitiaseɛ mu, na ɔda Agya no koko mu. Agya no ne Ɔba no nnyɛ ntetemu. Yesu wɔ ɔsoro asomdwee mu ne Onyankopɔn mu'die nyinaa mu.

YOHANNE 6:47-50
47 "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa. 48 Mene nkwa paanoo no. 49 Moagyanom dii mana ɛserɛ so, na wɔwuwuiɛ; 50 yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu."

Na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ Ɔne Agya no nkabom teɛ wieɛ no, na Honhom yɛɛ adwuma wɔ atiefoɔ no mu no, ɛbio Yesu maa won nyaa nteaseɛ wɔ nokorɛ mu a ɛfa nipasu ho na ama won ɛtumi anya Ne mu gyidie. Na ɔmaa won nkyerɛkyerɛmu sɛdeɛ Kristosom nhyehyɛeɛ teɛ kyerɛɛ won: Obiara ɔbɛgye Yesu adie no wɔ nkwa daa. Na saa nokorɛ yi yɛ bɔ a owuo tumi mpo nntumi nntwa mu.

Yesu te sɛ paanoo a ɛfiri Onyankopɔn nkyen baa wiase yi mu. sɛdeɛ aboodoo no to anntwa wɔ Ne nsam berɛ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne na ɔde aboodoo num maa nnipa mpem num no, saa ara nso na Yesu daso ma wiase nyinaa adehiadeɛ mberɛ nyinaa mu, ɛfirisɛ Ne mu na Onyankopɔn adom mayɛ nyinaa te. Ne mu na yɛnya anidasoɔ, anigyie ne nhyira. Ne nteaseɛ nyinaa mu ne sɛ, Ɔno na ɔmaa wiase nyinaa Onyankopɔn nkwa, nanso wiase poo No.

Manna a ɛsanee frii soro baeɛ wɔ serɛ no soɔ no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ; nanso saa aduane yi dii nna kakraabi na ɛtwaaeɛ. Na won nso a wodiiɛ no anntena hɔ daa na mmom wowuwuiɛ. ɛno mu na yɛde hunu sɛ ɛyɛ adɔeɛ adeɛ, suahunu maa yɛhunu sɛ ɛyɛ biribi a ɛbɛboaa won wɔ mberɛ tiaa bi mu. Na saa adeɛ yi mu no na owuo aduro biara nni mu anaa sɛ tumi bi a ɛdi bɔne so nkunim biara nni mu. Na mmom obiara a ɛbɛgye Kristo atom no renwu da. ɛyi ne Kristo botaeɛ nti a ɔbaeɛ, sɛ ɔrebɛtena wo mu. Na Ne pɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛtena ankorɛ ankorɛ biara akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a honhom foforo biara renntumi ntena wo mu nni wo so. na ama yɛatumi adi akonnɔ bɔne nyinaa so, na ama osuro tumi biara nso afiri hɔ, na ɛfei nso ahyɛ wo den wɔ wo mmerɛyɛ nyinaa mu. Ɔno ne Onyankopɔn paanoo a wɔde no ama woɔ. Ɛno nti di bi na nya nkwa tena ase, na amma woanyera te sɛ afoforo a bɔne nti won ayera no.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu buaa N'atiefoɔ no awiiwii no ano?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 02:35 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)