Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 043 (Jesus offers people the choice)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

4. Yesu maa nnipa akwanya sɛ, "wɔbɛgye no atom anaasɛ wɔbɛpo No!" (Yohanne 6:22-59)


YOHANNE 6:34-35
34 ɛnna wɔsee no sɛ, "Awurade, ma yɛn paanoo yi daa" 35 Na Yesu see wɔn sɛ, "Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da."

Yesu maa N'atiefoɔ no pre hwehwɛɛ sɛ wobɛnya Onyankopɔn aboodoo no, na ɔgyee won frii ndwuma hunu nkondua mu. Na ɔmaa wohunuu sɛ wohia nkwagyeɛ ama won kra, na osiesie won sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛtumi agye Onyankopɔn agyedeɛ no; na ɔmaa won nkyerɛkyerɛmu wɔ hia a ɛhia sɛ wonya ne mu gyidie.

Na ɛno mu no nkurɔfokuo no nyinaa kaa sɛ, "Wo na woma Nyankopɔn aboodoo no, ɛndeɛ ma yɛn saa akyɛdeɛ soronko yi bi daa, na agye yɛn ɛfiri ɔbrɛ mu. Yɛde yɛn ho to wo so, ma yɛn daa nkwa no bi, na ma yɛn wo tumi no nso bi!" Nanso na wɔdaso dwene sɛ ɛyɛ asaase so paanoo, nanso na wonim yiye paa sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ biara yɛ soronko.

Yesu ampo obiara a ɔde asɛm bi baa nanim. Na ɔdaa no ɛdi pɛfee sɛ Ɔno ne Onyankopɔn aboodoo anaa paanoo a ɔde no ama wiase nyinaa no, na mmom ɔnyɛ obi a ɔma honam fam aduane. Ɔno ne mu na daa nkwa frie ba. Na ɔkaa sɛ, Sɛ moangye me anni a morennya daa nkwa wɔ baabiara ka me ho. Ɛfirisɛ Me ne Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde ama mo; na sɛ menim a mobɛtena owuo mu."

"Sɛdeɛ onipa di aboodoo na ɛkɔ ne mu na ɛma no nya ahoɔden wɔ nabrabɔ mu no, saa ara na mepɛ sɛ mebɛtena mo mu, na me kenyan mo adwene ne mo nhunumu mu, na ama mo ɛtumi anya Honhom mu abrabɔ. Sɛ mennim a morenntumi nnyɛ hwee. Mohia me daa. Na me de Me ho nyinaa ama mo sɛ akyɛdeɛ. Na morenntua hwee. Na mmom momma mo ho kwan na membɛtena mo akoma mu." Onua barima, wohia Kristo no. Sɛ wobɛkenkan N'asɛmpa no na wobɛtie nanom asɛm nko no, nntumi mma wo nsipi. Na wohia sɛ wone No bɛnya ayɔnkofa soronko. Na Ɔno ne obi a wohia paa te sɛ nsuo ne aduane a wodi no da biara no. Ɛfei ɛyɛ wo woasɛdeɛ sɛ wobɛgye no atom koraa wɔ woabrabɔ mu na woannyɛ ɔyeraba.

Wobɛbisa sɛ, kwan bɛn so na ɛbɛtumi afa so akɔ me mu? Na ɔbɛbua wo sɛ: ma woakoma mpre nhwehwɛ me, twibɛn me na fa aseda gye me tomu, na gye me die yiye. Gyidie na ɛbɔ kwan ma Yesu tumi bɛtena yɛn akoma mu. Ɛno nti mmoma yɛnda Yesu ase yiye ɛfirisɛ Ɔno ne Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde maa yɛn, kwa a yɛntua hwee; mmoma yɛmfa ahurusi nyi no ayɛ, ɛfirisɛ woayɛ krado sɛ ɔbɛtena wo mu. Ɔbɛba sɛ wobisa no a. Ɛno nti srɛ No sɛ ɔmbɛtena wo mu daa a ɛnni ɛwieɛ.

Ɛno mu na Yesu bɛka akyerɛ wo sɛ, "Ɛsanesɛ woagye me ɛdi nti, Mɛtena wo mu, na mede daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ amee wo kra a ɔkɔm de no no. Ɛno nti mmfa wiase nyansa ne nsusui hunu a ɛnni ngyinasoɔ no mbɔ wo bra bio. Na mmfa wiase ahuhudeɛ nngye wani bio. Na mɛma wo tumi, nteaseɛ ne asomdwee."

YOHANNE 6:36-40
36 "Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni. 37 Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da, 38 ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ. 39 Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no. 40 Na yei ne m'Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no."

Na Yesu ama Galileefoɔ no adom aboodoo no bi a won antua hwee. Na wɔde nidie kɛseɛ maa No wɔ ne tumideyɛ mu. Nanso deɛ wohunuuɛ nyinaa mu no won ansakkera won adwene, na won anntumi anya gyidie nso wɔ mu. Na won adwene mu yɛɛ won kesenee na ɛhinhimiiɛ. Nanso won ani kuu Yesu ho sɛ Awurade a ɔma aboodoo no, na mmom ɛyɛɛ won den sɛ wɔbɛgye no ɛdi na won agye no atom nso. Na won ammfa aseda anngye No atom.

Yesu ka kyerɛɛ won sɛ, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no, ɛno nti na nnipa pii twee won ho firii Ne ho no. Adɛn nti na nnipa pii nni Yesu mu gyidie? Deɛ ɛyɛ wawa paa ne sɛ, Yesu mbu nipa fɔ nka sɛ, "Ɛyɛ wo mfomsoɔ," na mmom dabiaa no ɔkyerɛ won Agya no, na ɔkyerɛ won sɛdeɛ gyidie nso yɛ adwuma wɔ Onyankopɔn mu.

Yesu nni ɔpɛpa biara sɛ ɔbɛfa ndaadaa anaa adɛfɛ adɛfɛ kwan bi so de atwe nnipa aba ne nkyen; na mmom ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde adebɔneyɛfoɔ hyɛɛ ne nsa, ɛfirisɛ ɔno na onim nokorɛ biara a ɛfa won ho ne sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔ sakyera won adwene. Ɛno nti won a Honhom Kronkron no bɛtwe won no na ɛbɛtumi aba Yesu nkyen. aAtorofoɔ ne adwamanbɔfoɔ, ne akurɔnfoɔ, ne amumuyɛfoɔ nyinaa nnyɛ abusudeɛ mma Kristo no, na mmom sɛ wɔ dane won ho ba Ne nkyen sɛ nkurɔfoɔ a won ano won ho a ɔbɛgye won. Na ɔmpo obiara a ɔbɛba ne nkyen dabi ara da, na mpo natanfoɔ no nso. Ohunu won mmɔbɔ na ɔma won nkwagyeɛ nso.

Kristo ambɔ Ne bra te sɛ obi a ɔno ankasa de ne ho, na ɛfei nso ɛnnyɛ deɛ ɔno ara pɛ na ɔyɛeɛ. Na mmom ɔbaa wiase yi mu sɛ ɔrebɛyɛ Agya no apɛdeɛ nyinaa, sɛdeɛ ɛteɛ pɛpɛɛpɛ wɔ ɔdɔ ne botaeɛ mu, sɛ ɔbɛgye nnipa dodoɔ a wɔbɛma ho kwan sɛ ɔngye won nkwa, na ɔde saa agyidifoɔ no a won anu won ho no atena Ne mu daa. Nahunu mmɔboroɔ ne Ne nkwagyeɛ tumi no yɛ kɛseɛ paa. Na owuo anaa ɔbonsam anaa bɔne tumi mpo renntumi ntwe won a woagye won no mmfiri Ne nsam koraa. Wɔ Ne mmɔborohunu mu no obɛyane N'akyidifoɔ nyinaa ɛfiri owuo tumi mu wɔ atɛnmuo da no akɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu.

So wonim Onyankopɔn apɛdeɛ? Ɔpɛsɛ woma woani so hwɛ Ne Ba no nko ara, sɛ wobɛhunu No na wode wo werɛ nyinaa bɛhyɛ Ne mu koraa. Ɛfirisɛ Ɔno na Honhom Kronkron no woo no, a adom ne nokorɛ ahyɛ No ma. Na ɔpɛsɛ wode wo ho nyinaa bata Agyenkwa no ho, ne agyidifoɔ nyinaa wɔ Ne daa nkwa Apam no a ɛmbubu da no mu; na ama Onyankopɔn botaeɛ a ɔwɔ ma woɔ no nyinaa ɛtumi aba mu na agyina nso. Sɛ Honhom Kronkron no sane ba ogyidini biara so a, ɛma no nya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ wɔ ne nipadua mu. Na wo gyidie a ɛwɔ Yesu mu no ne saa daa nkwa a ɛwɔ wo mu no fapem, na saa nkwa yi abasoɔ bi ne anigyie, ɔdɔ, asomdwee ne ahobrɛaaseɛ. Onyankopɔn nkwa a aba wo mu no to nntwa da. Na nna a ɛdi ɛkyiri wɔ Onyankopɔ pɛ mu no, Yesu bɛnyane wo afiri awufoɔ mu. Na ɛyi ne agyidifoɔ nyinaa anidasoɔ, na ɛfei nkwa ahoɔden a Ɔba no de maa woɔ no bada ɛdi - wɔ Ɔba no annuoyam tumi a ɛhyeren kɛseɛ mu a ɛbɛpue wɔ Ne dɔ mu no.

MPAEBƆ: Yɛyi wo ayɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron. Ɛfirisɛ wone yɛn ntam nware koraa. Na mpo wobaa yɛn nkyen wɔ mberɛ a na nnipa dodoɔ no ara apo woɔ no. Wobuee yɛn aniwa ma yɛhunuu wo na yɛgyee wo diiɛ sɛ nokorɛ aboodoo no. Yɛda wo ase sɛ woampo yɛn. Na woama ɔkɔm a ɛde yɛn kra no amee, na wobɛnyane yɛn akɔ daa nkwa mu, ne daa anigyie ne ayɛyiye mu.

NSƐMBISA:

  1. Nkwa Aboodoo" asekyerɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 02:31 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)