Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 036 (Christ raises the dead and judges the world)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

3. Kristo yanee awufoɔ na obuu wiase atɛn (Yohanne 5:20-30)


YOHANNE 5:20-23
20 "Na Agya no dɔ ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa. 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa. 22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ ɔba no nsa, 23 sɛ wɔn nyinaa nni ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni."

Ne ndwuma nyinaa yɛ akɛseɛ, Onipa biara nntumi nyɛ, na Yesu deɛ otumi yɛ ne nyinaa. Agya no de ne nyinaa hyɛɛ Ɔba no nsa sɛ onwie. Na ɛyi mu na yɛhunuu nnoɔma ahorroɔ miennu a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Twerɛ Kronkron no mu a ɛfa Kristo ho. Jewfoɔ no hwɛɛ kwan sɛ wobɛhunu ɔbarima a ne suban bɛsɛ won: deɛ obɛyane awufoɔ, na woabu atɛn ntɛmso nso. Nanso miennu yi yɛ adeɛ a ɛbom na Yesu yii no ɛdi faa ɔno ankasa ho. Yesu kaaeɛ wɔ n'atanfoɔ no anim kane sɛ ɔno ne Awurade a ɔma nkwa na ɔyɛ ɔtɛnbuafoɔ nso, nanso won deɛ wobuu no sɛ obi a woabɔ dam ne obi a ɔbɔ musuo. Na wɔyɛɛ won adwene sɛ wobɛkum no. Wɔ saa adwenpɔ yi mu no, Yesu pɛɛsɛ anka ɔbɛsesa won na woadi won anim akɔ adwene sakyera mu.

Yɛn Onyankopɔn no nsɛe adeɛ, na mmom ɔma- nkwa, na ɔmpɛ adebɔneyɛfoɔ wuo, na mmom sɛ wɔbɛsakyera won adwene akɔ nkwa mu. Ɛno nti obiara ɔpo Onyankopɔn no yera nkakra nkakra, wɔ ne honhom mu, ne kra mu, ne nipadua mu. Nanso obiara a ɔde ne ho bata Kristo no nya nkenyan na ɛfei onya daa nkwa. Agyenkwa no rehwehwɛ wo foforoyɛ ne wo nkenyan daa. So wobɛtie Ne nne no anaa? anaasɛ wobɛkɔso atena wo bɔne ne woafɔbuo no mu?

Wɔ adebɔ mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ wiase wɔ nokorɛdie mu. Na sɛ mpo nnipa mmfa won Awurade no nnyɛ hwee a, na wɔredi awu na wɔdaadaa won ho, nanso ne nyinaa mu no nokorɛ deɛ ɛyɛ baakopɛ a ɛnnsesa da. Na atɛnmuoda no yɛ akontaabuo kɛseɛ da. Onyankopɔn atɛnmuo bɛba adeɛ a ɛntene nyinaa so ne won a wobu akunafoɔ ne won a wɔyɛ mmerɛ animtiaa nyinaa so. Onyankopɔn de atɛnmuo nyinaa ahyɛ Kristo no nsa. Na ɔbɛbu nnipa nyinaa atɛn, kasa horroɔ, ne ɔsom ahorroɔ nyinaa. Bɔne biara nni Yesu ho koraa, ɛno nti ɔwɔ nteaseɛ ma yɛn nipasu gyinabea, na ɔwɔ tema nso ma yɛn mmerɛyɛ nyinaa. Na N'atɛnmuo yɛ pɛ ne trenee. Na sɛ opue wɔ N'annuoyam mu a, asaase so mmusuakuo nyinaa bɛdi abooboo kɛseɛ, ɛfirisɛ wɔpoo ɔtɛnmuafoɔ no, na wɔyii no maeɛ poo no koraa. So woahunu ɛyi anaa?

Na kotodwe nyinaa bɛkotoo Ɔba no. Mpo won a ansom no wɔ asaase yi soɔ no nyinaa, de annuoyamhyɛ bɛma no wɔ osuro ne ahopopoɔ mu. Tumi ne annuoyam nyinaa sɛfata Kristo no, ahodeɛ, ne nyansa, ne nidie ne annuoyam nyinaa yɛ ne dea (Adiyisɛm 5:12). Ɔno na woapata wiase abɔ Onyankopɔn ho. Na Ɔno ne Odwammaa a ɔbrɛ ne ho ase na wɔde no bɔɔ afɔreɛ maa yɛn. Onyankopɔn ne Ɔba no nyinaa yɛ baako wɔ ɔdɔ ne tumi ahoɔden mu a ɛnnyɛ ndwuma nko mu, na mmom nidie ne annuoyam mu, ne ntontom mu nyinaa. Ɛno nti na obiara ɔhyɛɛ Yesu annuoyam wɔ berɛ a ɔwɔ asaase soɔ no woampo no. Na ɛsɛ sɛ yɛde annuoyam ma Ɔba no sɛdeɛ yɛde ma Agya no. Na yɛbɛtumi de yɛn mpaebɔ akɔ Ɔba no anim prekopɛ, sɛdeɛ yɛde kɔ yɛn soro Agya no anim ara no.

Won a wɔpo Kristo no anaa wobu no animtiaa no nyinaa po Agya no ankasa nso. Na daa nkwa no ne sɛ wobɛfa Ɔba no. Na ɛyi nso nti na nnipa pii po Kristo abayɛ tumi no ne Ne som no, ɛyɛ won adwene bɔne ntia. Na wɔmpɛsɛ wobɛhunu no koraa, ɛno nti wontumi nso nhunu Onyankopɔn ara da.

YOHANNE 5:24
24 "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m'asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwamu."

Na obiara a ɔde anigyie bɛtie Kristo Asɛmpa no, na ɔbɛgye n'abayɛ tumi no ne ɔgyeɛ a ɛwɔ No mu no, wɔ daa nkwa. Nkwa a ɛmfiti aseɛ wɔ owuo mu nko, na mmom no wɔ asaase yi so asetena mu wɔ Honhom Kronkron no mu. Saa Honhom no ba yɛn so, ɛfirisɛ yɛwɔ gyidie wɔ Agya no ne Ɔba no mu. Ɛnnyɛ obiara na otie Kristo anom nsɛm no, mpo sɛ wɔte no mpren apem mpo a, na wɔkenkan na wɔdwene ho mpo a. Worenntumi mpaemu nka Ɔba no adom no, anaasɛ wɔbɛnante wɔ Honhom no mu. Gyidie a ɛsipi no, ɛwɔ Kisto mu anidasoɔ na ɛfei ɛyɛ osetie ma no. Sɛ obi nya saa nkabom yi wɔ Kristo mu a woabu no bem, na woade wo ne ho ɛfiri atɛnmuo mu, ɛfirisɛ ɛyɛ gyidie na agye wo nkwa na ɛnnyɛ wo ndwuma. Kristo dɔ no bɔ won a wodwane toa asɛndua no nyinaa ho ban, na ɛpopa won bɔne nyinaa firi hɔ na ɛhohoro won adwene mu nso. Na ɛma yɛn akoko duro a yɛde bɛkɔ Onyankopɔn anim. Ɛfirisɛ deɛ ɔwɔ hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ no abɛyɛ yɛn Agya wɔ yɛn awoɔfoforoyɛ mu. Na ɛsanesɛ woawo yɛn foforo nti no yɛnya bembuo nso koraa.

So woahunu Kristo bɔhyɛ kɛseɛ no, Ɛndeɛ woade wo ho ɛfri owuo ne ne nwowoeɛ nyinaa mu. Na wowɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ wɔ Kristo adom no mu. Na Onyankopɔn abufuohyeɛ no rema wo so.

Wogyidie a ɛwɔ Kristo mu no ama woayɛ foforoɔ, na daa nkwa ne kronkronyɛ ayɛ wo deɛ. Yɛne Yesu ntam nkutahodie no nnyɛ wiase nyansa, na mmom ɛyɛ nneyɛɛ, a ɛdimu'. Nkwagyeɛ kɛseɛ biara nni baabiara tesɛ Kristo mu asetra. bɔ mmɔden na sua nkyekyɛmu 24 dabiara, na fa woabrabɔ nyinaa si no so, na yɛgyedi sɛ yɛbɛhyia wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu daakye anim ne anim.

MPAEBƆ: Yɛyi wo ayɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron, ɛfirisɛ wode yɛn bɔne akyɛ yɛn na woabu yɛn bem nso. na woayi yɛn afri atɛnmuo mu, na woama woabufuhyeɛ no atwa yɛn ho kɔ. Yɛtontom wo ɛfirisɛ woahwie wo nkwa no agu yɛn so, ɛyi yɛn ɛfri owuo mu. Ɛno nti yɛte ase ma wo kosi daa a ɛnni ɛwieɛ. Ma yɛn ngyina pintinn mma wo, na yɛnyi wodin no ayɛ daa

NSƐMBISA:

  1. Dwumadie soronko ahorroɔ miennu bɛn na Agya no de maa Kristo sɛ ɔnyɛ ɛho adwuma?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:22 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)