Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 037 (Christ raises the dead and judges the world)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

3. Kristo yanee awufoɔ na obuu wiase atɛn (Yohanne 5:20-30)


YOHANNE 5:25-26
25 "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Dɔn no reba na adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa. 26 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu…"

Yesu ka no pɛfee sɛ ɔno ne nokorɛ no, ɔkaeɛ sɛ, "Nokorɛ, nokorɛ mese mo sɛ." Ɔhyɛɛ nnoɔma a woahyɛ ho nkɔm a ɛfa ne mbaeɛ no ho pɛfee bebree mpo sene sɛdeɛ Apam Dada mufoɔ no susiɛ. Ɛnnɛ ne ɔkyena nyinaa ɔdaso yane awufoɔ. Nnipa nyinaa awuwu wɔ won bɔne mu na won aprɔ nso. Nanso Yesu deɛ ɔno ne Ɔkronkronni no, Onyankopɔn Ba wɔ nipasu mu, a wɔ Ne'honam asetra mu no odii bɔne so; sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛne Ne'nipadua bɛyɛ baako wɔ gyidie mu. Ɛno nti obiara a obɛnya aso ama nkwagyeɛ Asɛmpa no, na obɛnya ɛmu nteaseɛ abata Yesu ho no, obɛnya Onyankopɔn nkwa no bi. Ɛfri owusɔreɛ mberɛ mu bɛsi nnɛ yi yɛnim sɛ yɛn gyidie no yɛ nkwagyeɛ mu gyidie, na mmom nnyɛ ɔsom a ɛde owuo ne ɔsɛeɛ ba mu. Yesu de Ne nkwa Honhom no ɛwura obiara a otie na'nom nsɛm, mberɛ mpo a wonnyaa nte aseɛ no, wɔpre sɛ wbɛhunu ne nsɛm no mu yiye. Na ɛno mu na ɔma wɔte aseɛ paa, na ama nsɛnkyerɛnne ne awawadeɛ ada ɛdi. Awufoɔ nntumi nte asɛm biara wɔ won ankasa pɛ mu, na mmom Yesu na ɔde nkwa wura won mu na ama won ɛtumi ate asɛm.

Yɛn nkwa a ɛwɔ asaase yi so no yera, Nanso Nyankopɔn nkwa a ɔde ama yɛn no tena ase daa a ɛnni ɛwieɛ. Sɛdeɛ Yesu kaa sɛ; Mene owusɔreɛ ne nkwa no. Na obiara a ɔgye Me die no, sɛ woawu mpo a, obɛnya nkwa; na obiara a ɔte ase na ɔgye Me die no, rennhunu owuo da."

Kristo na ɔma yɛn nkenyan, ɛfirisɛ Agya no de daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ nyinaa ahyɛ Ne nsa. Kristo ne nkwa asuti a Ne mu na nkwa nsuo a ɛto ntwada sene fri. Ne mu na yɛanya kanea abɔ kanea so, ne ɔdɔ abɔ ɔdɔ so, nokorɛ abɔ nokorɛ so. Ne mu na prɔeɛ ne ɛsum biara nni koraa, ne adwene bɔne. Ɔdɔ ahyɛ No ma, sɛdeɛ Poulo kaeɛ sɛ: Kristo yɛ mmɔborohunufoɔ ne adamfoɔ a ahoɔyaw ne ahohoahoa biara nni ne mu; na ɔnnyɛ pɛsɛmenkomenya na ɔnndwene bɔne nso mma afoforo na ɔnsosɔ bɔne so. Ɔtoneboase wɔ adeɛ nyinaa mu, na ɔwɔ boasetɔ ma obiara; na Ne dɔ nsesa da. Na ɛyi na woahwie agu yɛn so wɔ Ne Honhom mu. Ɛno nti mmoma yɛn nso yɛnyɛ nka fapen no bi.

YOHANNE 5:27-29
27 "… na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba. 28 Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne, 29 na wɔafiri adi, na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmuo wusɔreɛ mu."

Onipa wu, ɛnam bɔne nti. Ɛno nti obiara a onnya aso ntie Onyankopɔn asɛm no de atɛnmuo ba ne ho so. Kristo anom nsɛm yɛ ɔdɔ, na ɛyɛ tumi a ahoteɛ ahyɛ no ma. Ɛno nti obiara a otie no no bɛtena ase. Na ɛfei Ne nsɛm ne na'brabɔ nso yɛ ahyɛdeɛ ma yɛn abrabɔ. Onyankopɔn de atɛnmuo nyinaa ahyɛ ne nsa; ɔno ne Ɔkronkronni no, ɔno na wɔsɔɔ no hwɛeɛ, nanso woanyɛ bɔne biara da. Onipa biara nni hɔ a obɛtumi agyina Onyankopɔn atɛnmuo anim. Ɛno nti Kristo ne deɛ ɔsɛfata sɛ obu wiase nyinaa atɛn. Ɔno na ɔkyerɛ nnipa nyinaa hyɛberɛ. Abɔfoɔ ne abɔdeɛ nyinaa som no.

Ɛrekyɛ owusɔreɛ bɛsi, wɔ Yesu nne nteamu no mu. Na Ne frɛ nne no bɛwosow wiase nyinaa; owufoɔ nnte nne biara. Nanso Ɔba no nne bɛma awufoɔ nyinaa ho apopo. Na akra a won adeda nyinaa bɛsɔre, ɛfri ɛdi afri aboda mu. Awawadeɛ mu awawadeɛ, na ɛbinom bɛsɔre akɔ nkwa mu, na ɛbinom nso akɔ owu mprennu mu. Owusɔreɛ miennu na ɛwɔ hɔ, baako bɛkɔ nkwa mu, na deɛ aka no nso akɔ atɛnmuo mu. Saa da no bɛyɛ awawadeɛ akɛseɛ: Na ɛbinom bɛsɔre akɔ osu ne kusuuyɛ mu, na ɛbinom nso ahunu kanea hyeren kɛseɛ. na ɛbinom nso bɛhyeren te sɛ awia hyeren no, na yɛbɛnya anigyie ne ɛdɛw!

Won a wosusu sɛ wɔtene wɔ Onyankopɔn anim no, nnyɛ papa sene abɔnefoɔ no. Nanso ɛkuo a ɛdikan no anya bɔne fakyɛ wɔ Kristo Yesu mu na won de aseda ama No daa nyinaa. Na wɔtenaa Asɛmpa no tumi mu nna nyinaa. Na ɛfei Honhom Kronkron no aba no nso ada ɛdi wɔ won mu. Na Yesu de Ne mogya apopa won ho fi nyinaa. Saa adom yi baa won so, ɛsane won gyidie nti.

Nanso, obiara ɔdwene sɛ ne ndwuma dimu' wɔ Onyankopɔn anim no nso bɛte na'tɛnmuo nka, "Nyaatwomfoɔ adɛn nti na modwene mo nko mo yiyedie ho, na monnɔ mo atanfoɔ? Adɛn nti na monngye bɔne fakyɛ akwanya no ntomu, a deɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no ayɛ ho adwuma ato mo ne Onyankopɔn ntam? Na adɛn nti nso na mopo Ne daa nkwa no wɔ mo nipadua mu? Mo ahomasoɔ ama moafa owuo, ɛno nti monkɔ so mmpo adom a wɔde ama mo no." Won a wowuuiɛ wɔ bɔne mu no bɛsɔre agyina atɛnmuo anim kɛseɛ, na obiara anya ne nsɛm ho akatua, ne ndwuma ne ne nsusuiɛ nyinaa mu akatua. Na mmom won a wɔbataa Kristo annuoyam ho wɔ gyidie mu no, Kristo bɛyi Ne'dɔ kɛseɛ ɛdi akyerɛ won. Ɛyi ne Ne mmɔborohunu adwuma no, a ɛyɛ daa nkwa mu abrabɔ nnɛ yi.

YOHANNE 5:30
30 "Me deɛ, mentumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛdeɛ meteɛ no, na mebu atɛn, na m'atemmuo no yɛ tenenee. Na menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ."

Kristo yɛɛ adwumaden maa nnipa nyinaa; na Ɔno ne ɔtɛnmufoɔ a onni ɛwieɛ. Na onim tumi a Agya no de ama no nyinaa. Nanso ne nyinaa mu no ɔbrɛɛ Ne ho ase, baa nnipa tebea mu koraa, na ɔkaeɛ sɛ, "Menntumi nnyɛ hwee wɔ Me ankasa mepɛ mu." Ɛno kyerɛ sɛ, Menntumi mfa mepɛ mbu atɛn, anaa ndwene, anaa sɛ medɔ anaa mehome wɔ me ankasa mepɛ mu. Ɛno nti ɔde annuoyam nyinaa maa Agya no.

Wɔ mberɛ nyinaa mu no Yesu bataa Agya no ho. Na won mu antete dabiarada. Onyankopɔn kyerɛɛ No honhom a ɛwɔ nnipa mu. Na Onyankopɔn Honhom pɛɛpɛɛ wiase nyinaa mu na ɛpɛɛpɛɛ akoma mu nso, na ɛyi ahintasɛm a ɛhinta wɔ adwene mu nyinaa ɛdi. Ɛno nti saa Honhom yi a ɛwɔ Kristo mu no bu yɛn atɛn wɔ nokorɛ mu. Nti nhyira ne onipa biara a ɔka ne bɔne kyerɛ Onyankopɔn na onya bɔne fakyɛ fri deɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no nkyen. Sɛ ɛba no saa a wɔbɛtwerɛ wo din wɔ nkwa nwoma mu. Na ɛfei ɔse ɔtreneeni sɛ, Mommra mo a, Ma'Agya ahyira mo, mommɛdi dɛ wɔ Ahennie a woasiesie ama mo no mu firi wiase ahyɛaseɛ mu."

Kristo nokorɛdie rennwu dabirada; na ɔno deɛ ɔkyerɛɛ yɛn deɛ ɛwɔ onipa akoma mu. Na onim sɛ yɛnyaa saa suban bɔne no frii Yɛn agyanom nkyen, ɛno nti ombu yɛn atɛn ntɛmso. Na ɔtwɛn sɛ ɔdebɔneyɛni biara bɛsakyera na'dwene. Na Ne kronkronyɛ suban no bɛboaboa won a won anya mmɔborohunu no ano wɔ Ne mmɔborohunu no mu, afri won a wɔpo Ne Honhom no mu, na ama won akoma akɔso ɛpirim ara.

Kristo kyerɛɛ Na'hobrɛɛaseɛ suban wɔ Ne dɔ nyinaa mu. Na adeɛ biara a ɔbɛyɛ no obisaa Na'Agya no ansana woayɛ. Ɛno nti Kristo yɛɛ Na'Agya no apɛdeɛ nyinaa mpo wɔ asɛndua no so. Wɔ mberɛ a ɛmu yɛɛ den maa No no ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, "Ɛnnyɛ Me pɛ, na mmom Wo pɛ na ɛnyɛ hɔ." Ɛno nti ɔbɛyi Onyankopɔn atɛnmuo ɛdi ntɛmso koraa.

Na saa ayɔnkofa yi nyinaa a ɛwɔ Agya no ne Ɔba no ntam a ɔsɛmpakani no twerɛɛeɛ no botaeɛ ne sɛ yɛbɛnya gyidie mu ngyinasoɔ a ɛsi pi wɔ Nyankopɔn Baasa Koro no nkabom mu. Tumi a ɔde yanee awufoɔ no yɛ Agya no ne Ɔba nyinaa dea. Onyankopɔn kyerɛɛ No ne ndwuma nyinaa, na woammfa biribiara anhinta Ɔba no. Kristo nne bɛyane awufoɔ nyinaa aba nkwa mu; ɛfirisɛ Ɔno na okura owuo ne asamando safoa. Yɛn gyidie yɛ nkwaseasɛm ma wiase anyansafoɔ; Na Kristo Honhom no nko na sɛ wohwie gu yɛn so wɔ na'hobrɛaaseɛ no mu a, yɛbɛtumi adwene ahunu sɛ Onyankopɔn yɛ Baasa Koro na ama yɛanya nkwagyeɛ.

NSƐMBISA:

  1. Nkutahodie ayɔnkofa bɛn na ɛda Agya no ne Ɔba no ntam sɛdeɛ Yesu kyerɛkyerɛmu kyerɛɛ yɛn no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:27 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)