Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 035 (God works with His Son)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

2. Onyankopɔn ne Ne Ba no na ɛbom yɛ adwuma (Yohanne 5:17-20)


YOHANNE 5:17-18
17 Na ɔbuaa wɔn sɛ, "M'Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma." 18 Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrI Onyankopɔn sɛ ɔno ara n'Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn sɛ.

Wɔ Baseda ayaresa mo no, won a wɔsɔree tiaa Yesu no yɛ kumaa bi. Na ɛno akyiri no atanfoɔ bɛyɛɛ bebree. Na N'atanfoɔ no bɔɔ won tirim pɔ sɛ wɔbɛkum no. Ɛno nti nsɛnkyerɛne no ne deɛ Jewfoɔ no gyinaaso de tiaa no. Na ɛfei wɔde ɔtaa kɛseɛ tan Jesu abere biaa. Na won botaeɛ paa a wogyina so de tan ne sɛn?

Na ɛfei basabasayɛ bi daa ɛdi wɔ ɔdɔ bi a Kristo daa no ɛdi no maa Mmrakyerɛfoɔ mpaninfoɔ no booboo won ani kyerɛɛ no. Wɔ Apam Dada no mu no nkurɔfokuo no bɔ won bra te sɛ nnipa a wɔda ɛfiase. Wobu nnipa pii atɛn sɛ wonntumi nni mmra nsɛm no so pɛpɛɛpɛ; a ɛbɛma trenee apue wɔ ndwumapa mu. Na won mu dodoɔ a wɔwɔ ahofama no bɔ mmɔden sɛ wɔrennto mmra no mu ketewaa baako mpo na ama won ɛtumi anya adom wɔ Nyankopɔn anim. Mmra no sodie ne obiara botaeɛ sene ɔdɔ a wɔde ma won ho. Ɛfirisɛ Ɔman mu' no nyinaa ne Onyankopɔn wɔ Apam na wɔbɔ won bra wɔ Apam no mu, ɛno nti won a won ahofama no yɛ kɛseɛ paa no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ sɛ obiara bɛdi mmra no nhyehɛeɛ ahorroɔ no so pɛpɛɛpɛ. Na ne titiriw ne Homeda ho akyiwadeɛ a ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma biaa no. Sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔso nson wɔ N'adwumayɛ nyinaa mu no, saa ara na nnipa biara nni ho kwan sɛ ɛbɛyɛ adwuma wɔ saa da no mu a ɛyɛ ɔsom da, na deɛ ɔbɛbu saa mmra yi soɔ no nakatua yɛ owuo.

Ɛno nti Homeda no ne nsɛnkyerɛne apam denden a ɛda Jewfoɔ no ne Onyankopɔn ntam, na ɛkyerɛ sɛ ɔne won wɔ hɔ daa, a ɛte sɛ bɔne biara nni won mu a ɛtia Onyankopɔn wɔ wɔne no nkutahodie mu.

Yesu bisaa Fariseefoɔ no asɛmtiaa bi faa Homeda no a wogyinaa soɔ de ko tia no no, ɛnesɛ "Onyankopɔn yɛ adwuma." Yɛkenkan asɛm no "adwuma" ne baabiaa ɛfiri reba, a ɛtesɛ adwumayɛ mpren nson wɔ deɛ Yesu ka kyerɛɛ Fariseefoɔ no. Ne mbuaeɛ a ɔde maa saa mmrakyerɛfoɔ yi ne sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ wɔ Ne dwumadie nyinaa mu. Ɛno nti ɛbɛyɛ den na Onyankopɔn ahome ɛbɛsi nnɛ wɔ nabɔdeɛ mu, na mmom ɔdaso yɛ adwuma? Ɛfri mberɛ a bɔne baa wiase no, na owuo baa abɔdeɛ nyinaa soɔ no, na wiase nyinaa frii Onyankopɔn tumi mu no, Onyankopɔn nam Ne tumi ahoɔden so pɛsɛ ɔgye won a ayera nyinaa, na ɔde ɛtuateɛfoɔ asan aba Ne ayɔnkofa nhyiamudie mu. Na yɛn Kronkronyɛ ne Ne botaeɛ kɛseɛ, na ama yɛahunu Ne dɔ no wɔ ahoteɛ mu.

Homeda ayaresa no yɛ mfoni bi a Onyankopɔn daa no ɛdi kyerɛɛ won sɛ ɔdaso yɛ adwuma. Yesu kaa adom ho asɛmpa na oyii ɔdɔd ɛdi wɔ Ne dwumadie nyinaa mu, mpo wɔ mberɛ a na nadwumayɛ no tia Mmra Nsɛm no. Ɛfirisɛ Ɔdɔ ne Mmra Nsɛm no sodie. Homeda ayaresa no mu nkotia no yɛ ahofama a ɛnni ngyinasoɔ na ɔdɔ nso nni mu.

Na Jewfoɔ no kaa sɛ, "Yesu rebubu Homeda no! mo mboa! Apam no ngyinasoɔ no resɛe. Na saa Mmra yi ho tanfoɔ no abɔ musuo, na ɔde ne ho asi hɔ sɛ ɔno na ɔma mmra foforo, a ɛbɛma yɛn man no ahinhim."

Na won mu biara anntumi annhunu Kristo no dɔ ne Ne tema, na won anntumi annhunu Ne nkunimdie nso wɔ asaase yi so. Na mmom wɔkɔɔso tenaa won anifuraeɛ mu ara. Ɛno nti mma no nnyɛ wo wawa sɛ bɛsi nnɛ nnipa pii daso nntumi nnhunu Yesu sɛ ɔno ne Agyenkwa no, ɛfirisɛ won ani afura.

Na Jewfoɔ no bo fuu Yesu ɛfirisɛ wosusu sɛ woabɔ 'musuo' na wɔtee sɛ ɔse Onyankopɔn yɛ N'Agya. Na saa asɛm yi bɛyɛɛ akyiwadeɛ wɔ won asomu. Ɛno nti wɔde nne kɛseɛ teaamu sɛ, "Onyankopɔn yɛ baakopɛ; na ɔnni Ba biara nso." Adɛn nti na Yesu frɛ Onyankopɔn sɛ N'agya?

Na ɛyi kyerɛ sɛ wonim hwee; ɛfirisɛ na wonte Honhom no adiyisɛm ase, ne Twerɛ Nsɛm no ase nso yiye. Ɛfirisɛ na woatwerɛ nsɛm pii a ɛfa Onyankopɔn Baasa Koro no Agyayɛ wɔ mu. Na ɛfei nso Onyankopɔn frɛɛ nnipa a ɔne won wɔ Apam no sɛ, "Me mba" (Eksodos 4:22; Hosia 11:1), Nanso na Ɔman mu no nyinaa frɛ Onyankopɔn sɛ "Agya" (Deuteronomium 32:6; Nnwom 103:13; Yesaia 63:16; Yeremia 3:4,19 ne 31:9). Na Onyankopɔn nso frɛɛ Ɔhene a na ɔgye no die no sɛ "Me Ba" (2Samuel 7:14). Nanso ankorɛ ankorɛ biara nni ho kwan sɛ ɔbɛfrɛ Onyankopɔn sɛ "Agya" wɔ Ɔman a wɔte Apam mu no. Na ɛyi yɛ akyiwadeɛ ma Jewfoɔ no, na wobu no sɛ ɛyɛ ahantan ne ahomasoɔ. Na Jewfoɔ no nim sɛ Yesu yɛ deɛ woahyɛ ne ho bɔ no sɛ ɔyɛ Mwsaia no, na ofiri Onyankopɔn nkyen, a ɔde nkwagyeɛ a ɛyɛ daa nkwa baeɛ. Na won tan a wɔdaa no ɛdi kyerɛɛ Yesu no di adanseɛ sɛ wonngye no ntomu sɛ ɔyɛ Mesaia no

Na Yesu buaa Jewfoɔ no kaeɛ pɛfee sɛ Ɔno nso yɛ deɛ ohunu Agya no sɛ ɔyɛ no ara wɔ nyansa ne ɔdɔ mu. Na Yesu kaeɛ de sii so dua sɛ otumi adeɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no ara. Na ɔkaa saa no Jewfoɔ no aniberee no wɔ ɔtan kɛseɛ mu sɛ ɔkaa saa asɛm no. Na obiara a ɔma ne ho so na ɔyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ no ɛsɛ sɛ saa nipa no wu ntɛmso. Ɛno nti Jewfoɔ no tan Yesu sɛ obusubɔni a ɛsɛ sɛ owu.

YOHANNE 5:19-20
19 ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ. 20 Na Agya no dɔ ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa."

Na Yesu de ɔdɔ buaa Jewfoɔ no, na ɔkaa won anim wɔ tan a wɔtan no ho wɔ adwuma a ɔyɛ wɔ Onyankopɔn dɔ no mu no. Na ɔkaeɛ sɛ ɛyɛ nokkorɛ sɛ Ɔba no yɛ deɛ Agya no yɛ ara bi. Na Yesu mmfiri ne pɛ mu nnyɛ adwuma biara. Na ɔne Agya no ayɔnkofa nkabom no yɛ pɛ na ɔhwɛ deɛ Agya yɛ nyinaa. Ɛno nti ɔbrɛɛ Ne ho ase na ɔsan kɔɔ Agya no nkyen wɔ annuoyam mu. Na ɔhyɛɛ N'Agya no annuoyam. Momma yɛn nyinaa nhunu sɛ yɛyɛ ne nkoa, na woafrɛ yɛn sɛ yɛn mbɛte Agya no din ho sɛdeɛ Yesu yɛɛeɛ no.

Wɔ ahopaakyi ne ahobrɛaaseɛ mu no, Yesu nyaa tumi de yɛɛ Agya no adwuma nyinaa. Abodin ahorroɔ, ne ɛdin, ne ndwuma nyinaa a ɛyɛ Agya no dea no, yɛ Ne dea nso bi. Na Ɔno ne Onyankopɔn a ɛwɔ hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ no, ɔwɔ tumi, na ɔdɔ ahyɛ no ma, ne annuoyam. Na Ɔno ne Onyankopɔn nkabom no yɛ pɛ.

Onyankopɔn Agya no dɔ Kristo wɔ nahopaa- akyi mu, ɛno nti ɔmmfa biribiara nhinta no. Ɔno ne kanea no, na ɔne Ɔba no bom yɛ birbiara. Ɛyi mu na Onyankopɔn baasa Koro no nkabom da ɛdi pefee- wɔ ɔdɔ dwumadie nyinaa mu. Ɛfirisɛ Agya no, Ɔba no ne Honhom Kronkron no bom yɛ adeɛ nyinaa, ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛnya awerekyekye wɔ Onyankopɔn Baasa Koro no ho nimdie mu a ɛto nntwa da- na yɛde ama ɔko nyinaa gyae koraa, ɔtan ne basabasayɛ a ɛwɔ wiase nyinaa. Nkabom a ɛwɔ ɔdɔ mu no yɛ adeɛ kɛseɛ wɔ dwumadie nyinaa mu.

MPAEBƆ: Ɔsoro Agya, yɛda wo ase sɛ wosomaa wo Ba no baa yɛn nkyen. Wɔ Ne dwumadie mu no woakyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ, ne sɛdeɛ woteɛ nso. Gye yɛn firi mmra ndwuma nyinaa mu na kyerɛ yɛn ɔdɔ ndwuma. Ma yɛn adwene sakyera, na yɛsrɛ wo sɛ wobɛgye won a wɔyɛ honhom mu anifuraeɛfoɔ no na ama won ɛtumi ahunu fahodie a ɛwɔ wo dɔ no mu, na ama won abrɛ won ho ase ama wo wɔ osetie mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na adɛn nti na Onyankopɔn ne Ne'Ba no bom yɛ adwuma?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:19 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)