Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 026 (The Baptist testifies to Jesus)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?

3. Osubɔni no dii Yesu ho aadnseɛ sɛ ɔno ne ayeforokunu (Yohanne 3:22–36)


YOHANNE 3:22-30
22 Yeinom akyiri no, Yesu ne n'asuafoɔ no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu. 23 Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon aɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu. 24 Na wɔnnya mfaa Yohane ntoo afiase. 25 ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam. 26 Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛkakyerɛɛ no sɛ, "Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn." 27 Yohane bua kaa sɛ, "Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no ansa. 28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ: ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n'anim. 29 Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n'ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ. 30 ɔno deɛ, ɛtwa sɛ ɔdɔre, na me deɛ, me so hwan."

Twam afahyɛ akyiri no Yesu kɔɔ Yerusalem na ɔhyeaaseɛ bɔɔ nnipa asu. Na asuafoɔ nim hia a ɛho hia sɛ obi bɛsakyera ansana woanya awoɔ foforo no, na sɛ obi ampaemu anka ne bɔne nso a nkwagyeɛ nntumi mba. Ɛno nti asubɔ gyina hɔ ma bɔne fakyɛ ne adwene sakyera, a ɛkyerɛ sɛ saa nipa no pɛsɛ ɔne Onyankopɔn nya Apam.

Na Osubɔni no frii babiaa ɔrebɔ asu no kɔɔ Aenon atifi fam wɔ Yordan bonhwea no mu. Na nnipa pii baa Yohane nkyen bɛkaa won bɔne kyerɛɛ no; na ɔbɔɔ won nyinaa asu, na osiesiee won kɔhyiaa Yesu.

Na Yesu ansan ankɔ Galilee prekopɛ wɔ afahyɛ no akyiri, na mmom ɔhyɛaseɛ bɔɔ asu wɔ nkuro fofro so. Wɔ tumi kɛseɛ mu nti, nnipa bebree baa ne nkyen sene Yohane. Na ɛfei nsɛmbisa binom sɔree fa won miennu ho. Na nsɛmbisa no ne sɛ: Won mu hwan na ɔyɛ kɛseɛ na ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ? Won mu hwan na ɔban Onyankopɔn paa? Ɛha ne asɛmbisa titiri no, ɛfirisɛ na won adwene mu yɛ won kesenee wɔ saa akyerɛkyerɛfoɔ miennu yi mu deɛ ɛsɛ sɛ wonya ahofama ma no paa. So onua, woahwehwɛ woahofama mu yiye paa?

Na osubɔni no poo saa nsɔhwɛ kɛseɛ yi, na nani ambere Yesu nkɔsoɔ no koraa, na ohunuu sɛ ɔno nadwumayɛ no yɛ deɛ ɛwɔ ɛwieɛ. na ɔgye ɛno toomu wɔ ahobrɛaaseɛ mu kaa sɛ, "Onipa nntumi nya biribi agyesɛ wɔde firi soro ama no ansa. Agyesɛ Onyankopɔn nko na obɛtumi ama no tumi, nhyira ne aba soɔ, ansana obɛtumi ayɛ biribi. Na "Yɛn" nso, yɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn honhom mu nimdie kakra a yɛwɔ ho, yɛn mpaebɔ mu, ne yɛn kasa mu nso. Sɛ wonya honhom mu akyɛdeɛ, a ɛfiri Onyankopɔn nkyen a. Kae sɛ wodaso yɛ akoa ne ɔsomfoɔ, na wo nsɛ mfata mpo sɛ wotumi yɛ deɛ Onyankopɔn pɛ nyinaa mpo a. Ɛno nti Osubɔni no kɔɔ so brɛɛ ne ho ase yiye, na woamma ne ho so wɔ tumi mu, na mmom ɔhyɛɛ Onyankopɔn nkoaa annuoyam.

Ɛbio nso Yohane dii adanseɛ kyerɛɛ asuafoɔ no. Na ɔka kyerɛɛ won sɛ ɛnnyɛ ɔno ne Mesaia no. Anka obɛtumi ama ne ho so ama nnipa abɔ ose ɛdi nakyi akɔ Yerusalem, nanso woanyɛ saa. Na Yesu nso kɔɔso bɔɔ nnipa asu. Na ɛmaa no yɛɛ Yohane wawa, nanso ɔkɔɔso yɛɛ osetie ara. Ɛfirisɛ na ɔno deɛ na ɔyɛ aprapra kwan mu ma Kristo no.

Yohane kɔɔ so sow aba wɔ nanisoadeɛhunu frɛ a wɔde ama no mu. Na odii adanseɛ sɛ Yesu ne ayeforokunu no, ma won a asakyera won adwene no, a wɔnam nsuo mu asubɔ so abɛyɛ ayeforo no. Ɛbɛsi ɛnnɛ nyinaa Honhom no de saa nkabom yi brɛ yɛn, ɛno nti Poulo kaa sɛ, "Yɛyɛ Kristo nipadua akwaa no bi, na Ɔno ne ɛtiri no; na yɛne No nyinaa yɛ baako." Kristo no nnyɛ yɛn tɛnbufoɔ bio na mmom Ɔno ne yɛn Agyenkwa no, a ɔyɛ ayeforokunu no. Na ayeforohyia no mu anigyie kɛseɛ no kyerɛ yɛn anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Kristo mu.

Na Osubɔni no gyinaa akyirikyiri, na nani gye wɔ asɔre no mpuntuo ho. Nanso ogyinaa Yesu nkyen, sene ɔno ankasa fekuo mu. Na ɔpaemu kaa sɛ adamfoɔ nokorɛfoɔ. Na ɔno nko kɔɔ serɛ no soɔ no, Yesu nso kɔɔ kuro kɛseɛ no mu, na ɛhɔ no ɔkaa asɛmpa no a nsɛnkyerɛnne akɛseɛ nso di akyiri. Osubɔni no hunuu sɛ Onyankopɔn Ahennie rekɔ nanim no odii ahurusie. Na ayeforokunu no nne sɔɔ nani yiye paa. Na Kristo no ho asɛm a ɛtrɛeɛ kɔɔ mbeambeaɛ no bɛyɛɛ osoro nnwom dɛ bi wɔ nakoma mu. Na ɔmaa nani gyeeɛ yiye paa sɛ ɔyɔnko dwumayɛni wɔ ayeforohyia afahyɛ kɛseɛ no mu.

Yohane yɛɛ krado sɛ mpo ɔbɛwu, ɛno nti nani ambere sɛ ɔbɛpɛ nnipa dɔm pii ɛdi nakyi. Na mmom ɔkaeɛ sɛ ɛsɛ sɛ neso hwian, na Yesu mmom kɔso dɔre boroso.

Ɔdɔfo kenkanfoɔ, hwan ne wotiri tena foɔ wɔ mo nhyiamudie mu? So wodi mpanindie ho apreapreɛ, anaa woma afoforo ho akwanya, na woaba fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Kristo no bɛkɔ so aborosoɔ wɔ womu? Ɔdɔfoɔ wone Yohane mbom nyɛ adwene nka sɛ, Ɛsɛ sɛ Ɔno mmom yɛ kɛseɛ, na yɛyɛ ketewaa bi."

NSƐMBISA:

  1. Nteaseɛ bɛn mu na Kristo no yɛ ayeforokunu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)