Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Tracts -- Tract 01 (Do You Know Jesus?)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean -- Lingala -- Maranao -- Nepali -- Peul -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Next Tract

TRACTS - Short biblical messages for distribution

TRACT 1 -- Wonnim Yesu Anaa?


Bɛtumi hu mpaninfoɔ akunni a ayɛɛ atwuma den tete enna a ɛtwam aboa akyekye amanaman.Okunni kɛse a ɔkyenso wɔ wiase nyinaa a ɔkyekyereɛ na ɔboaboa amanaman ano; Ne ɔbarima bi a wofrɛ no Yesu Kristo; Mary ba no. Wiase ɛbupenn ɛkyekyem miensa ɛdi ɔbarima Yesu Kristo yi nkyerekyere akyi ɛwo wiase nyinaa. Na ɛdinn Yesu Kristo no ne ɛdinn a ɛkrɔn na ɛso kyen ɛdin biara wɔ wiase wɔ apam foforɔ nwoma no mu. Na ɛdinn Yesu Kristo no ada neho ɛdi 975 wo apam foforɔ no mu.

Onyankopɔn somaa ɔbɔfɔo Gabriel kɔɔ ɔbabun Mary nkyen; na ɛkyirie Onyankopɔn somaa ɔbɔfo no kɔɔ Joseph enso nkyen ne no kɔkasae ɛfa abofra Yesu awoɔ a Mary bɛwo no no ho; ɛwo adaeso mu. ɛsanesɛ na Joseph ɛsi Mary ɛsiwaa sɛ ɔbeware no. Na ɔbɔfoɔ no kakyerɛɛ mary sɛ; honhom kronkron ɛba no so ama woayinsen; eno nti abofra no bɛyɛ Onyankopɔn ba Na wɔbɛfrɛ no "Yesu; efiri sɛ ɔno na ɔbɛkye ne manfo ɛfiri wɔn bɔne mu." (Mateo 1:20-23; Luka 1:31).

Ɛdin Yesu no mfiri nnipa nhyehyeɛ anaa nnipa atwen na wode maa no; na mmom ɛfiri Onyankopɔn atirimpɔ ne ne nhyehyeɛ a woahye atohɔ no mu na ɔbɔfoɔ no de maaɛ. Efirisɛ Onyankopɔn de onipa nkwakyeɛ ne onipa fawohodi nnyinaa ahyɛ ɛdin Yesu mu. Onyankopɔn atirimpɔ a ɔhyehyeɛ too hɔ ansanna wiase fitiase. ɛdin Yesu no kyerɛ sɛ, "Ewurade apam a ɛboa na ɛkye nkwa".

Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ofiri nazareth so ɛyi wiase ɛnome nnyinaa ɛfiri hɔ; abɔ kwan foforɔ ama adasamma. Yesu Kristo nkyerekyerɛ ne ne nsenkyerɛnne emfiri wiase nyansa; na mmom ɛnam Onyankopɔn tumi ne nahoɔden so na ɔkasaeɛ na odii ne dwuma. (Johanne 5:19-21; 14:10-24). Yesu ne mbaɛ; ne ne tumi no bɔtaɛ ne senn?


Ɔbɛkye yɛn afiri ahomasoɔ ne ahantan mu

Yesu se: "mommbra menkyen moa moayɛ adwuma abrɛ na mokomu rebu nnyinaa; na memma mo ahomme. Munsua me sɛ medwo na mebrɛ meho ase wo koma mu; na mobenya ɔhomme ama mokra." (Mateo 11:28-29). Moa mobrɛ na abrabɔ ne mo di asi nnyinaa mbra Yesu nkyen; efirisɛ obiara a ɔbɛba ne kyen no; obɛyi no ɛfiri adesoa nyinaa mu na woama wo ahomme.

Yesu kaɛ sɛ: "hwɛ onipa ba no amma sɛ wonsom no; na mmom ɔbaɛ sɛ ɔbɛsom na ɔde nekra ama sɛ afɔrebodeɛ ama nnipa bebree" (Mateo 20:28). Wɔn a wodi Yesu akyi nokɔre mu no ntwen wɔn koaa deɛho; na mmom wɔtwen afoforɔ nso deɛ ho bi wɔ ɛwurade ahoaden mu.


Ɔgye yen firi Onyankopɔn abufuwhye mu

Onyankopɔn abufuwheaɛ da onipa biara a ɔyɛ bɔne so; nanso Ewurade Yesu Kristo ɛgye onipa biara a wafa no ayɛ nawurade ne nekra agyenkwa ɛfiri Onyankopɔn abufuwhyeɛ atemmuo mu; Na wama wɔn nkwa da a ɛdi ɛkyerie no, owusɔre mu (Johanne 3:18; 5:24). Ewurade Yesu yii saa nokware asɛm yi kyerɛɛ Odiifoɔ Yesaia s: "Hwɛ yayayadeɛ no; ɔno na woafa; na yɛpinisie nso; ɔno na woasoa. Yasodie ho asotwe kɔdaa no so. Na yɛndeɛ yehuu no no; yebuu no sɛ onipa bi a woahwe no na woaka no ahye amanneɛ mu. Nanso yɛmumuyɛ nti na wopiraa no; yɛnmmra tɔ nti na wɔtwere no; na yasomtwee ho asotwe kɔdaa no so. Na ne mmaa ntape no mu na yɛyaa yayaresa; yɛn nyinaa dannee fofaa yenkwanso tesɛ ɛndwan a woni hyɛfo; nanso Onyankopɔn maa yɛbɔne nyinaa kɔdaa no so." (Yesaia 53:4-6)

Yesu sann asendua no so rebɛwu no mpo: "Ɔbɔɔ mpaeɛ maa natanfoɔ no sɛ; agya fakye wɔn ɛfirisɛ wonim nea wɔyɛ no." (Luka 23:34) Na yɛgyedi sɛ Onyankopɔn tie ne mpaebɔ no.


Ɔgye yɛn firi bɔne mu

Na Yesu kae sɛ, "obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa; na sɛ ɔba no yɛ wo ɔdehyea; wobɛyɛ adehyeɛ ammpa." (Johanne 8:34, 36) Yesu Kristo gye dodo a wogye no di nyinaa firi bɔne mpokyere mu; ɛfirisɛ ɔno ara na woasoa wiase nyinaa bɔne na ɔde ɔno ankasa ne mmogya ayi yɛn bɔne nyinaa kɔ. Na ɔde ne honhom krɔnkrɔn no abɛtra yɛn mu sɛ enhye yɛn den ma yentumi nni bɔne so. (Romanfo 8:9-11) ɛno nti obiara a ɔbegye Yesu Kristo din ɛdi no; Onyankopɔn bu no bim kwa.


Ɔno na odi nkunim wo ɔtanfo bonsam so

Yesu Kristo adi nkunim wo ɔbonsam so; gyinaa pintinn gyinaa Onyankopɔn asɛm so dii ɔbonsam nsohwe so. (Mateo 4:1-11; Luka 4:1-13) Wɔ ɔhaw ne amanneɛ mu mpo; Yesu kɔɔso de ne ho hyɛɛ Onyankopɔn nsa; yii ne ho firii bɔne mu. ɛno nti ɔbonsam antumi anya no so tumi biara. Yesu tutuu ahonhom fi firii nnipa brebree mu. Na Yesu de ne tumi no maa nɛsuafoɔ no sɛ wonkyerekyere nnipa nyinaa (Luka 9:1). Na obiara a ɔbɛgye ɛdi no bɛya ɔgyeɛ ne fahodie afiri abonsam tumi ase.


Ɔno na woadi owuo ne asaman so

Na Yesu kaasɛ: "me ne owusɔre ne nkwa; nea ɔgye me di no; sɛ wawu mpo a ɔbɛyankwa. Wogyedi anaa?" (Johanne 11:25-26)

Yesu Kristo wui na ɔsɔree firi awufoɔ mu; na oyii ne ho ɛdi kyereɛ wɔ honam fam; na nasuafo no de wɔn nsa soo ne mu dii adenseɛ sɛ woasɔre ampa. Saa ara na Yesu tumi gye nakyidifoɔ nyinaa firi owuo tumi mu; na woama wɔn nyinaa daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ


Ɔno ne ɔyaresafo ne ɔtemmufo nokwafo

Yesu ka kyerɛɛ nakyidifo nyinaa sɛ: "Mondɔ moatanfo na munhyira wɔn a wɔdome mo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa; na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wohiahia mo ho no; na ɛno mu na mobɛyɛ moagya a ɔwɔ soro no mma ampa." (Mateo 5:44-45; Luka 6:27-28)

Yesu; Onyankopɔn ba a honhom krɔnkrɔn woo no; ɔno nkoa na otumi de bɔne kye; na ɔhye nso sɛ nakyidifo nyinaa mfa afoforo bɔne nkye wɔn. Yesu a ɔdɔ ne mmɔbrɔhunu ahyɛ no ma; na ɔgye obiara a ɔyɛ osetie ɛma nanum asɛm. Yesu kristo; mary ba no a nnipa paa no; kaano mplie; dii no ho few; nanso ne nyinaa mu no; oyii ne dɔ kɛse kyerɛɛ nnipa. ɔmaa yɛn akwanya foforo; gyee yɛn attemmuo mu; na oyii ne tumi adi kyerɛɛ yɛn; ɛno nti obiara a odi nakyi na ɔsan firii nakwan bɔne ho; obu no bimm na woama no daa nkwa.

Ɔdofo a worekan nhoma yi,
Ɔteasefo Yesu Kristo reto nsa frɛ wo; sɛ wo de wowerɛ nyinaa bɛhye ne ne mu; na woagye nɛnum nsɛm ɛdia; ɔde ne honhom krɔkrɔn tumi akyedeɛ no bɛdom wo; na woatew wo honhom; wokra ne wonipadua ho ma ayɛ foforo na ɔgyeɛ ne fawohodie ayɛ wo dea daa. ɛno nti ɛmmpirim wo koma; na mmom fa akwanya yii so na ya bɔne fafiri dwane Onyankopɔn abufuw kɛseɛ a ɛreba no mu. (Johanne 1:16).

Mpaebɔ
"Ewurade Yesu; megye medi sɛ wo ne wiase agyenkwa; mesrɛ wo; gye me firii Onyankopɔn abufuw keseɛ a ɛreba wiase nyinaa mu; Ewurade Yesu; yi me firi attemmuo mu; na yi me firi mahantan ne mahomaso mu; me srɛ wo dware me firi bɔne nkekaawa nyinaa ho; ɛne ɛfi mu. Owura Yesu; me srɛ wo; ma me wo trenee na yi bɔne firi maniso; na ɔbɔnefo anya meso tumi biara. Gye me tɔmu sɛ wadwumayɛni na bue mani na mente wokyerekyere ne wahyedeɛ nyinaa ase. Ma wotumi nyɛ den wɔ me mbreyɛ mu; ma menhye den na mɛyi woayɛ daa nyinaa wo masetra mu. Amen."


Wopɛ sɛ wohu Yesu Kristo; Mary ba no anaa?

Yayɛ krado sɛ yɛde nhoma yi bɛbrewo; sɛ wopɛ na woma yaso te a. Yɛde Ewurade Yesu Kristo asɛmpa no ho nimdeɛ ne ɛmu sua hu nyinaa nam nhoma yi so be brewo.


Ewurade Yesu asɛmpa trɛw ma wiase

Ɔdɔfo; sɛ nhoma yi mu nsɛm ama wayɛ nhyira a ne anidasoɔ bi wɔ Ewurade mu a; yɛhye wo nkuran sɛ wo ne anuanom; ndafonom ne adɔfo nso bɛkye asɛmpa yi. Yani Yani bɛ nso sɛ yɛde nhoma yi bebree nso bebre wo. Ma yenhu dodo a wopɛ sɛ wonsaka. Yɛretwen wo. Yɛbɔ mpaɛ sɛ ɔteasefo Onyankopɔn behyira wo. Mma wowere mfi wobɛkyerɔ yɛn; ne wa adress nso.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO )
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 27, 2020, at 06:59 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)