Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 10 Eighth Commandment: Do Not Steal

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

10 - Mmra Nsɛm A Ɛtɔso Nwotwe: Mmɔ Krɔno



EKSODOS 20:15
"Mmɔ Krɔno."


10.1 - Hwan Na Agyapadeɛ Yɛ Ne Dea?

Mfitiaaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ osoro ne asaase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Ɔno nkoa na nnoɔma a ɛwom mu nyinaa, ndua, mboa, ne Nnipa nyinaa yɛ ne deɛ. Yɛyɛ Onyankopɔn deɛ. Na woanyɛ yɛn kɛkɛ, na mmom ɔnam Onyankopɔn adom so, ne ho nimdeɛ ne ne tumi nyinaa ada ɛdi pɛfee wo na bɔdeɛ nsa ano adwuma nyinaa mu. Wiase nyinaa yɛ Onyankopɔn deɛ. Na ɛmu adeɛ nyinaa nso yɛ ne dea, sika ne dwetɛ nso yɛ ne dea. Na yɛyɛ ahyɛfoɔ kɛkɛ wɔ nea ɔde ahyɛ yɛn nsa nyinaa so. Na yɛwɔ asodie wɔ nea ɔde ama yɛn nyinaa ho. Yɛn mmere, yahoɔden, yɛn tumi, yɛn sika, ne yɛn agyapadeɛ nyinaa nnyɛ yɛn dea, na mmom ɛyɛ ɔno nkoaa dea. Wogye tumu?

Mfeɛ bɛyɛ ɔha rekɔ ni no, nhwehwɛmufoɔ bi nyansa a ɛkyerɛ sɛ won ngye ndi sɛ honhom bi wɔ hɔ. Na nnoɔma a aniwa hunu ne neɛ ɛda ɛdi nko ara na wɔyɛ ho adwuma. Na wondwene Onyankopɔn ho. Ɛno nti na wiase nyansafoɔ ne nhwehwɛmufoɔ ka sɛ Nnipa bɛdi wiase ne asaase nyinaa so, na ɛnyɛ Onyankopɔn. Aban a obu ɔman no tumi fa adeɛ nyinaa domum di so ɛne mpo amanfoɔ agyapadeɛ, na wɔkyekyɛ saa agyapadeɛ yi mu bebree ma won ho won ho. Na wotumi de ndaadaa ne ntoro wia teman mufoɔ no adwene, na wonfa adwumaden na ɛbɔ won bra, na wɔfom ɔman no sika ne agyapadeɛ de nya won ho ma ɛboroso. Ɛno nti na sɛ wohwɛ aman bi te sɛ China ne aman ahorrow bi nso a wode ankorɛ ankorɛ adwuma yɛ, bɔ won bra no bebree no atumi akɔ won anim yiye bebree wɔ npontuo mu. Meagre adwuma kuobi daa ahintasɛm bi ɛdi kaeɛ sɛ woambɔ Onipa sɛ ɔnhyɛ ɔman anaa kuobi nhyehyeɛ ase ansa na woatumi ayɛyiye. Na mmom wɔbɔɔ yɛn sɛ obiara nhu sɛnea abrabɔ teɛ ne brabɔ mu botaeɛ ne ankorɛ ankorɛ adwumayɛ mu nsiyɛ firi ahyeaaseɛ. Ɛsɛ sɛ Onipa biara hyɛ ɔno ankasa ne ho den, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho to obi so. Bere a amanyɔ sɛm nhyehyeɛ baeɛ no na temanmufoɔ ne dommu nhyehyeɛ bebree poroporoɛ.

Wɔ atɔeɛ fam no, ankorɛankorɛ nhyehyeɛ a ɛkyerɛ sɛ ankorɛ ankorɛ biara na ɔwɔ tumi wɔ ɔno ankasa ne mmbrɛ ne ne sika so. Na Nipa kuo anaa dɔm nhyehyeɛ no bɔ won ho mmɔden sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔyɛ mmere no wɔ ɔman no sikasɛm a ne nyinaa akodi ɔman mpaninfoɔ nsam no. Oh anka saa ɔmanmu asikafoɔ mpaninfoɔ yi bɛtumi ahu won ɛsɛdeɛ a Onyankopɔn de ama won wɔ nanim na won asakyera a!. Na won atumi ahu ahiafoɔ mmɔmɔ na woadwen abrɛfoɔ nso ho ne nketewa ho wɔ won hia mu.

Nokwareɛ mu no dodoɔ nhyehyeɛ ne ankorɛ ankorɛ nhyehyeɛ no nyinaa wɔ bɔtaeɛ koro no a ɛte saa. Won nyinaa pɛ sɛ wodi agyapadeɛ nyinaa ne tumi so. Na nsonosonoeɛ a ɛda wɔn miennu yi ntam ne obiara kwan a ɔfa so di tumi ne agyapadeɛ so. Na aturasɛm mu agyapadeɛ wɔ amanaman bebree mu, na ɛmu fa kɛse no ara firi nsisie ne krɔno mu. Ahiafoɔ a ɛwɔ ankorɛ nhyehyeɛ aman mu no mpaninfoɔ no de aniteɛ na adanne won akyiri kyerɛ won, a bebree no nam abɛɛfo ɛfidie kwanso.

Ɛsɛ Kristofoɔ, nyinaa hu no sɛ, agyapadeɛ ne ahoyadeɛ nyinaa yɛ ɔboɔdeɛ no deɛ. Na ɛnyɛ yɛn deɛ anaa yɛn ankasa na yɛde yɛn ho, na mmom yɛyɛ ahwɛfoɔ kɛkɛ. Bibiara nyɛ yɛn dea. Na nea yɛwɔ nyinaa yɛ Oyankopɔn nhyira na ɔde ama yɛn, na ɛsɛ sɛ yɛbu ho akontaa sɛnea yɛde yɛ adwuma fa, ɛno nti hwɛ yiye wɔ senea wode sika di dwuma!.


10.2 - Wobɛdɔ Onyankopɔn Na Wani Abre Sika Nso

Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ, "biara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon". (Mateo 6:24). Kristoni ntumi nnyɛ ne ho sɛ ɔno ankasa na ɔde ne ho ne na ne sika nso woamfa ne nyinaa anhyɛ Onyankopɔn nsa, sɛ ɛba saa a ɔbɛyɛ te sɛ ɔkrɔfoɔ a owia ne wura hɔ adeɛ. Eyi nti no ɛsɛ sɛ kwan a yɛ fa so de sika yɛ adwuma anaa sɛ yɛkora sika no sesa koraa sɛ yɛbɛyɛ Kristofo a. Kristofoɔ paa no ɛnsɛ sɛ wosusu anaa wodwen sɛ wotease ma won ho, na mmom no, wobisa Awurade sɛ den na ɔpɛ sɛ wode won sika a ɔde ama won no nyɛ mma no.

Aman a atumpon no, a wowɔ nfili dwuma kakraabi no, nyinaa hia sɛ woya honhom mu nteaseɛ ɛdinkan. Onyankopɔn baasa koro no ho nteɛseɛ no boa pɛgya asɛdeɛ, nsiwɔ, ne ahofama suban. Kristo Yesu mu ayonkofa a ɛmu yɛ den no pɛ na ɛtumi ma Onipa firi adwene a asɛe mu na ɛmma no nnyɛ pɛsɛmenkomenya na mmom wɔdwen na wɔte nka nso ma afoforo nso ahiadeɛ ho. Na Onipa ansesa ne suban a akwadworɔ, korɔno , atutrasɛm ne atuatew bɛtu atosey yiye. Kristo nkoaa ne yɛn wiase yi mu anidasoɔ!

Kyerewsɛm no ka no pɛfee sɛ, "mmɔ korɔno", ɛno kyerɛ si ankorɛankorɛ agyapadeɛ so dua. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ obi anibere obiara ahoyadeɛ, ɛfisɛ daa nkwa mu adeya yini wɔ mboroso ne ahoya mu nso. Yesu kyerɛkyerɛɛ nahyɛdeɛ no ase kaeɛ sɛ, Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. (Mateo 19:24). Obiara ntumi nka sɛ obi wɔ sika anya ne ho mboroso nti obɛwia no, ɛfisɛ, obiara a owia adeɛ no wɔ asotwe na obɛgyina Onyankopɔn atɛnmuo anim.

Sɛ yɛhwehwɛ yɛn ankasa yɛn mu yiye paa a, yɛbɛhunu sɛ daa no yɛn ahonim bu yɛn fɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wobɛfa obi adeɛ. Yɛn ahonim yɛ ade kɛseɛ a ɛwɔ yɛn nipadua mu na dabiara no ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ mma yɛn wia obi adeɛ, sɛ ɛyɛ kɛse anaa ketewaa. Ɛsɛ sɛ yɛhwehɛ yɛn mu yiye paa na yɛhwɛ sɛ obiara biribi nni yɛn nkyɛn anaa. Awurade ankasa bɛboa wo wɔ woahonim mu ma woatumi ahu nea ɛyɛ wo dea ne nea ɛyɛ obi nso dea, sɛ wobɛbisa no sɛ ɔmboa wo na kae ade biara a ɛnyɛ wo dea a ɔbɛboa wo. Na ɛsɛ sɛ yɛbisa Yesu nso sɛ ɔmma yɛn akokoduro na yɛatumi de dea ɛnyɛ yɛn dea no nso asan akɔma ne wura ntɛmso. Na yɛsrɛ Onyankopɔn ne owura no bɔne fakye. Ɔdɔfo krɔnodeɛ bɛtumi asɛe yɛn ahonim na ɛfie nso asɛe yɛne Yesu ntam ayonkofa no. Wɔ asɛmpatrew nhyiamu bi wɔ Africa no, wohyɛɛ obiara nkuran sɛ wonsan mfa obiara adeɛ biara a woawia no nsan kɔ ma owura. Na ɛno mu no asraafoɔ banbɔfoɔ bi hwehwɛɛ won ho won ho sreeɛ kyerɛɛ won ho, ɛfisisɛ wonim sɛ wɔn awia obi adeɛ da. Saa nnoɔma yi tumi sisi wɔ mbeaɛ bebree na ɛyɛ Onyankopɔn adom soronko bi na ɛboa yɛn ma mpo yɛni tumi ba yɛn ho so na yɛhunu yɛn bɔne, nu yɛn ho na yɛtan nso, na yɛtumi sakyera yɛadwene, na efie yɛka yɛn bɔne kyera no a ohu yɛn mmɔbɔ. Da biara danne wo ho bra Yesu nken na ɔbɛboa wo ama woasiesie nea asɛe a ɛfiri wo. Fa nea ɛnyɛ wo deɛ nyinaa san ma owura ntɛmso!


10.3 - Abɛɛfo Korɔno Bɔ

Momma yɛnbisa yɛn ho sɛ, "Den ne adewia wɔ yɛn mbre yi mu?". Ɛnyɛ sɛ yɛbɛfa adea a ɛyɛ obi deɛ nkoaa na ɛyɛ korɔno ɛndɛ na mmom nso sɛ wo bɛ daadaa obi agye na deɛ, a yɛtaa frɛ no sakawa, ne mmɔntohɔ, ne mmere a yɛ sɛe no obi adwuma mu kwa. Na nsisie biara a yɛde sisi obi no yɛ korɔnobɔ. Sɛ wo tɔn adeɛ a ne boɔ yɛ den ma obi foo a anaa wo tɔn adeɛ a ne boɔ yɛ foo ma obi aboɔden a ne nyinaa yɛ ade wia anaa korɔnobɔ a nea ɔtɔ no bɔ. Mpen pii no nnoɔma a yɛtɔn no nnyɛ nnoɔma no boɔ ankasa paa ne no. Sɛ wode ɛtoɔ ho nsɛm rekoma mpaninfoɔ na ɛnyɛ nokware a ɛno nso yɛ korɔno. Kwan ahorrow bebree so na Nnipa fa so de sisi adwumayɛfoɔ wɔ dwumadie ahorrow mu. Sɛ woansua sɛ da biaa no wobɛtena Ɔkronkronni Onyankopɔn anim a wobɛtumi atɔ bɔne nsɔhwɛ mu ne sakawa bɔne mu atia Onyankopɔn ne ne nkrofoɔ.

Saa bɔne nsɔhwɛ a ɛyɛ adwuma wɔ ahonim mu no nso ko tia asaase wuranom paa, ne adwumamu mpaninfoɔ ne aman mu mpaninfoɔ a wɔnam kwan ahorrow so hyɛ Nnipa so na wosisi won adwumayɛfoɔ nso wɔ won akatua mu ɛfisɛ bebree no ara na wontua won adwumayɛfoɔ ka yiye koraa. Na ɛyɛ bɔne kɛseɛ nso sɛ sika korabea ndwuma ne ankorɛ ankorɛ ndwuma sɛ wɔde mfasoɔ kɛseɛ bɛtoto won nnoɔma so ayɛ no aboɔden. Ɛyɛ bɔne nso sɛ obi bɛkɔ akɔgye bosea afiri obi hɔ na efie ontua bosea no mma owura no. Kwan ahorrow bebree wɔ hɔ a Nnipa fa so wia adeɛ, ankorɛ ankorɛ ne dɔm mu nyinaa, na sɛ yɛntumi ahyɛ yɛn ho den na yɛambɔ yɛadwene ne yɛahonim abosoɔ wɔ akwan trenee ne Honhom Kronkron ahoɔden mu a, yɛn trenee ne yɛn nkwagyeɛ bɛhyere yɛn ɛnam sika anibere ne pɛsɛmenkomenya wɔ agyapadeɛ ho nti. Paulo kae pɛfee sɛ, "ne awifoɔ ne aniberefoɔ ne asabofoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no"...( Korintofo 6:10).

Wɔ yɛn abɛɛfo wiase yi mu ɛndɛ no Nnipa nam kwan ahorrow bebree so bɔ korɔno. Ɛbinom de adwuma mu tetefon bɛkasa saa wɔ mbre a won ankasa pɛ mu a ɛmfa adwuma no ho dwumadie ho. Ɛbinom nso tumi wia adeɛ firi ade tɔn bea a wontua ka. Ɛbinom nso wia amanfoɔ hyɛn de dwane kɔ akyirikyiri baabi. Saa ara na ɛbinom nso kyekyɛ nduro bɔne ma nkrɔfoɔ kwa de won yɛ adwuma, na wosan nso hyɛ won sɛ wontua nduro no ka. Na wotumi hyɛ ma wokodi bɔne ahorrow ne korɔnobɔ nso de nya sika. Na bebree no nso nam abɛɛfo kwanso wia ɛnnoɔma ahorrow bebree a ɛbu won fɔ wo won ahonim mu.

Sɛ yɛnya akoma foforo amfiri Yesu hɔ a yɛbue yɛn ho ma nsɔhwɛ ahorrow bebree. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden na yɛamma sika pɛ anyɛ yɛn abrabɔ mu ade a ɛdikan, saa no bɛtumi ama wiase ahoyadeɛ akyekyere yɛadwene na ɛwieɛ no Awurade mu anigye no bɛfiri yɛn nsa. Mmomma yɛnwere mfi sɛ pɛsɛmenkomenya ne anibere na ɛde saa nnoɔma yi a ɛyɛ bɔne su ahorrow yi nyinaa ba. Obiara a ɔde sikapɛ si nani so no suban tumi sesa wɔ ne nneyɛe mu. Na koma tumi yɛ den, na ne dɔ nso dwodwo, na nea ɔyɛ nyinaa nso yɛ sika pɛ botaeɛ ne sika anibere. Saa Nnipa no de sika si nani so yɛ ne botaeɛ wɔ abrabɔ mu na Onyankopɔn deɛ ne were bɛfi no koraa.

Yesu kyerɛ yɛn sɛ anka ɛyɛ ma yɛn mpo sɛ yɛbɛ tena ohia mu sene sɛ yɛbɛtɔ sikapɛ mu bɔne nsɔhwɛ mu. Na ɔno mpo yɛanya baabi amfa tiri anto. Na Juda a oyii yɛn Awurade maaeɛ no, na ɔyɛ ɔkorɔnfoɔ a okura sika bɔto no (Yohanne 12:6) na ɔsen ne ho ɛwieɛ no.

Paulo de ne nsa yɛɛ adwumaden. Na woamfa ne anto obiara so. Na ɔyɛɛ adwuma pɛɛ sika de boa ɔno ankasa nabrabɔ ne afoforo nso deɛ bi, de kaa asɛmpa no kyerɛɛ amanaman.


10.4 - Adwuma Ne Aforebɔ

Endɛ agyidifoɔ bebree no hia sɛ wɔsesa won adwene ne won suban fa sika pɛ ho na woyɛ adwuma wɔ nokwaredie de pɛ sika, ɛfisɛ ade srɛ ne nnipa nkyen mboa nso nyɛ ade papa ne anisɔ ne annuoyam adeɛ a ɛbɛtumi de sika aba. Awurade mpaebɔ no mu ade srɛdeɛ asɛm a ɛtɔso anan no ne sɛ; "Ma yɛn daa aduane ɛndɛ". Eyikyerɛ sɛ yɛde akoko duro bɔ mpae a yɛn agya a ɔwɔ soro no bɛma yɛn adwuma papa na woahyira yɛn wɔ apoomuden mu na yɛaya boasetɔ ayɛ, a ɛmfa ho ne ɔhaw ne amaneɛ a ɛba yɛn so.

Na sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ nante na yɛde yɛ adwuma nokware mu a, ɛho nhia sɛ yɛbɛwia adeɛ anaa yɛbɛbu obi afa so ɛfisɛ yɛreyɛ nhira mma yɛn abusua nkoaa, na mmom yɛbɛyɛ nhyira na yayɛ nhyira nso ama afoforo a wɔwo ohia mu, na won nso, ne yɛn abom wɔ ɔsom ne mpaebɔ mu wɔ Awurade adwuma mu. Na ɔma mu wɔ nhyira bebree sene ɔgyeɛ (Asomafo 20:35; Efesofo 4:28; 1 Thesalonikafo 4:11).

Da koro bi Yesu hyiaa abranteɛ ɔdefoɔ bi a ɔsom Onyankopɔn na odi Mmra nsɛm no so yiye paa. Yesu dɔɔ no na ɔpɛɛ sɛ anka ɔgye no firi ne nnoɔma bi a ahinta fri nabrabɔ mu. Eno nti Yesu see no sɛ: "Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m'akyi"! (Mateo 19:21). Na abranteɛ no werehow wɔ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no, ɛfisɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ. Na omunaeɛ gyaa Yesu hɔ kɔeɛ. Sika ho hiaa no sene Onyankopɔn Ba no. Mmere ne mmere ano no ɛsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ho hwɛ sɛ Kristo akyiridie no yɛ yɛn botaeɛ kɛse a ɛdin kan anaa sɛ yɛde yɛn were akɔhyɛ yɛn agyapadeɛ ne yɛn ahoya mu anaa yɛn were hyɛ yɛn sika a ɛwɔ sika korabea mu Marko 10:19; Luka 18:10). Yesu pɛ sɛ ɔgye yɛn firi awerehyem a yɛde kɔhyɛ sika mu. Na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yesu na yɛde yɛn ho nyinaa bɔ aforeɛ ma no na yɛde no yɛ yɛn botaeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. Sɛnea Yesu de ne ho bɔɔ aforeɛ ma Nnipa bebree no saa ara nso na yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛboa won a wohia mboa wɔ anigye mu da biaa. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔgye yɛn firi sika pɛ ne sika anibere mu na woahyɛ yɛn den wɔ ne mu.

Na Kristofoɔ a ɛdikan no dɔɔ won ho won ho yiye wɔ honhom mu ne won daa nhyiamu ne ɔtwen a wode twen yɛn Awurade Yesu mbaeɛ a ɛtɔso miennu no. Na wo tɔntɔn won agyapadeɛ nyinaa na wɔkyekyɛɛ maa won ho won ho de tenaa won som no mu. Na wofirii won akoma mu som won ho won ho wɔ ɔdɔ mu. Ente sɛ amanaman mufoɔ no; a obiara ne nua nkyɛ biribiara no. Nanaso adɔeɛ dwumadie yi wɔ Kristofoɔ a ɛdii kan no abrabɔ mu no, antumi antoa so ankɔ akyiri paa. Kristofoɔ bebree bɛyɛɛ ahiafoɔ wɔ won abrabɔ mu ɛfisɛ na wonim sɛ Kristo no bɛsan aba ntɛmso sɛnea na wosusu no. Eno nti bre a ɔkɔm baa asaase no so no ɛde ahokyereɛ kɛse paa baa won so. Enam so ma Paulo boaboaa aforebɔ dodoɔ ano firii nsɔrensɔre no mu wɔ ɛndɛ yi bea a wofrɛ hɔ Greece ne Turkey nyinaa na ɔde aforebɔ no kɔɔ Jerusalem asɔre no mu kɔboaa agyidifoɔ no.

Na Paulo sesaa saa dwumadie yi asekyerɛ na ɔkaeɛ sɛ; Na adwuma biara a moyɛ no, momfiri ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa, (Colosefo 3:23). Na ɛfiri hɔ no adwumapa biara a Onipa bɛyɛ biara no ɔyɛ de som Onyankopɔn . Nti sɛ maame tumi hwɛ ne mba a na ɔbaani prapra mmɔten so a na ɔsɔfoɔ nso ka nsɛm pa kwasia a, na ne nyinaa yɛ adwuma a ɛyɛ ɔsom ma Onyankopɔn. Na ɛsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ho hwɛ na yɛbisa yɛn ho sɛ; "Hwan na yɛsom no? So yɛsom yɛn ho anaa, anaa yɛbusua, yɛn adwumayɛfoɔ, ɔman anaa yɛte ase ma Onyankopɔn?" Mpaebɔ ne adwumayɛ yɛ Nipadua baako ne Kristofoɔ abrabɔ.


10.5 - Islam Ne Agyapadeɛ

Islam gyidi sɛ adeɛ nyinaa yɛ ɔboadeɛ no deɛ. Na ɛsi gyinaɛ sɛ adeɛ biara obiara wɔ no yɛ Onyankopɔn dea na ɔde ahyɛ yɛn nsa. Agyapadeɛ yɛ akyedeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ ma obiara a ɔbɔ no mpaeɛ daa na ɔbɔ ne bra sɛnea Islamic nhyehyeɛ teɛ. Na nea ne nsam wɔ bi no nipa wɔ ne ho bebree, na wonte hɔ sɛ baakofoɔ na mmom sɛ abusua no nyinaa nkabom. Na agyadeɛ bi te sɛ fango a ɛtaa hɔ ne nsu tene ahorrow nyinaa no nea ɔhwɛ so no yɛ abusua no awoɔ ntoantoa soɔ. Na abusua no yɛ guakobea ma obiara, won a woabɔ mmerewa, won a wɔyare, won a wontumi nnante ne mpo atuatewfoɔ nyinaa san ne ba. Kosii sɛ nansa yi na ɛnhia bebree sɛ wɔ mfimfini man mu sɛ wɔbɛgye banbɔ ne abrabɔ nsiakyibaa, ne abɛɛfo mfidie mu dwumadie ahorrow , na adwumayɛfoɔ bebree nso atene won ho ma adɔeɛ kuo ahorrow nso ho akohia yiye.

Muslimfoɔ Asɔredan ne Islamic fapem nyinaa no wode asɔre toɔ (zakat) ne adɔeɛ ahorrow ( sadaqa). Saa ntoboa yi nyinaa ne sika ahorrow no nyinaa no wɔde yɛ adwuma a akontaa bu biara nni mu, na aban mpaninfoɔ anaa obiara ani nndi saa sika no akyi ɛfisɛ ɛyɛ ne botaɛ ne ɔsom adwuma ne adɔeɛ a ɛno nso yɛ Muslimfoɔ asedeɛ mu adwuma a ɛde won bɛkɔ paradise. Na sɛ obi tumi si Muslimfoo asɔredan wɔ asaase so a, ne gyidie ne sɛ daakye obɛya ɔdan foforo wɔ paradise.

Wɔ mmere a Islam fitiiase no, na wɔkyekyɛɛ won ɔko mu asadeɛ no maa Muslim akofoɔ no ɛmaa won nkuranhyɛ kɛseɛ sɛ wobɛdi won atanfoɔ a won ayɛ won adwene sɛ worengye Islam som no ntum no. Na Muhammad de sii neni so sɛ obɛdi saa kwan yi so de ayɛ adwuma, wɔ natanfo so, " Na woafa saa kwan no so de atwe nkorɔfoɔ aba Islam mu". Na sɛ ɔhɔhoɔ bi ankye Islam antum a, wobɛkum no anaa sɛ ɔbɛyɛ akoa. Sɛnea Quran ne Islam Mmra kyerɛ no, akoa biara yɛ Muslimfoɔ agyapadeɛ, ne asomfoɔ ma awarefoɔ a won wuranom ne won awofoɔ nso gye tum saa. Nkoa tɔn kɔɔ mmerɛ bebree kyɛe yiye wɔ Islam amanaman mu nyinaa mu. Na ɔko kɛseɛ sii wɔ America abrokyiri man mu na ɛmaa nkoa som ne nkoa tɔn to twaaeɛ.


10.6 - Asotwe A Ɛmu Yɛ Den Wɔ Sharia Mu Ma Akorɔnfoɔ

Ɛyɛ ɔhyɛ ma Islam som no sɛ wode asotwe a ɛmu yɛ den ma ɔkorɔnfoɔ biara. Wobɛtwa ɔkorɔnfoɔ no nsa afiri so sɛ wɔkye no sɛ woawia adeɛ a ɛdu sika boten bi a ɛdikan koraa a, na efie wobɛtwa ne nan benkum no nso sɛ okowia adeɛ a ɛtɔso miennu a. Na saa asotwe yi maa korɔnosɛm baa fam yiye wɔ Islamic aman mu paa. Na osuro maa Nnipa dii saa Mmra yi so yiye, na ɛbɛsi nnɛ korɔnosɛm da so kɔ so yɛ adwuma wɔ Iran, Sudan, ne Islamic aman bebree mu, wɔ baabia ɛnan ne nsa twa yɛ asotwe no wɔ Nnipa dɔm nyinaa anim no. Khomeini hyɛe sɛ wontwa ɔkorɔfoɔ biara a wobɛkyere no no nsa a tirimmɔboro biara nni mu. Islamic Mmra a ɛwɔ Sudan no wogyaeɛ sɛ womfa nnyɛ adwuma bio bɛyɛ mfeɛ nan ni. Na ɛbaa saa no Nnipa a woatwatwa won nan ne won nsa no tee ɛkuo maa won a wɔnam mmra no so ama won adi dɛm nyinaa. Na wɔsrɛɛ aban no sɛ wontua won mpata sika ne ahomegye sika, ɛfisɛ woatwitwa won nsa afiri so ɛnam mmra a ɛtwam no so. Ɛyɛ ɛkuo ahorrow ne mbarima bi a won nso woatwitwa won nan ɛsane korɔno a wɔkɔbɔɔɛ no nti. Wɔ "Sudan seisei no" abakɔsɛm nwoma a ɛwɔ hɔ bebree no ara yɛ saa Nnipa kuo yi a mmra no maa wotwitwaa won nsa ne won nan no na ɛwɔ mu.

Sharria mmra asotwe a ɛmu yɛ den saa yi a ɛyɛ asotwe ma akorɔnfoɔ no ntumi mma won suban anaa won abrabɔ bɔne nsakyera, na mmom ɛmma no ntumi nnyɛ adwuma na ɛde no kɔ abrabɔ animguaseɛ mu. Na yɛdwen na yɛsusu ho sɛ anka wiase nyinaa kura saa mmra yi na ɛyɛ adwuma wɔ amanaman nyinaa mu de twe akorɔnfoɔ aso a na won nyinaa wotwitwa won nsa a den na anka ɛbɛsi. Nnipa sen na anka ɛbɛka a wobɛya nsa papa? Sharia nnyɛ adwuma bio ɛndɛ.


10.7 - Kwan Bɛn So Na Yesu Ne Nasuafoɔ No Sɔre Tiaa Korɔnobɔ?

Yesu kyerɛɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so adi korɔno so. Nanso Yesu ansɛe ɔman no asotwe nhyehyeɛ a ɛda hɔ ma korɔnobɔ no. Na mmom ɔfaa daa atɛnmuo asotwe a ɛda hɔ ma akorɔnfoɔ ne adebɔneyɛfoɔ nyinaa too ne ho so na owu ma nea owia adeɛ. Enam yɛn anisɔ ne yɛn aseda a yɛ de ma ne wuo ne namanehunu aforeɔ no nti, yɛn nso yɛrenfa yɛn nsa nka adeɛ a ɛnyɛ yɛn deɛ bio.

Nokware honhom no agye yɛn ama yɛade yɛn ho ɛfiri korɔno honhom mu. ɔhyɛ yɛn akoma foforoyɛ no den na yɛatumi de yɛn were ahyɛ Onyankopɔn yɛn Agya no mu na yɛasrɛ no sɛ ɔmma yɛn adwumapa a akatua no yɛ na yɛaya yɛn daadaa aduane sɛnea yɛsrɛ no wɔ yɛn mpaebɔ mu daa no. Na yɛamma awerehow mbu mfa yɛn so ɛfisɛ yenim sɛ yɛn soro Agya no dwene yɛn ho ankorɛ ankorɛ na ongyaa yɛn nkoaa nso da. Na ɔde saa kyerewsɛm yi maa yɛn de kyerɛɛ Kristo akyidifoɔ nyinaa kwan sɛ; Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia. (Efesofo 4:28).

Yesu ama nakyidifoɔ nyinaa akoma foforo a ɛkyerɛ sɛ abrapa a annuoyam wom no fapem nngyina sika so anaa wiase ahoyadeɛ so na mmom ɛgyina honhom mu brabɔ pa a ɛyɛ ɔdɔ ne anisɔ aseda na akura no. Na yɛn Awurade no ama yɛade yɛn ho afiri atirimmɔden ne anibee mu. Na woakyerɛkyerɛ yɛn sɛ nea ɔpɛ sɛ onya ne ho biara no tumi tɔ nsɔhwɛ ahorrow bebree abɛtumi ɛhyɛ no so. Eno nti ɛsɛ sɛ daa no yɛdwen ɔkwan a yɛfa so sɛe sika anaa yɛde sika yɛɛ adwuma na yɛatumi abu akontaapa akyerɛ Onyankopɔn ne yɛn ankasa yɛn ho wɔ sika biara a yɛasɛe no ho yiye. Yɛyɛ ahwɛfoɔ ma nea ɔde ahyɛ yɛn nsa nyinaa so.

Kristoni gyidini hwɛ ohiani wɔ ɔdɔ ne ayemhyehye mu na woaya akoma pa ne adwen pa sɛ ɔbɛboa won ama won nso atumi agyina wɔn nanso ayɛ adwuma nokware ne nsiyɔ mu ade won ho. Esɛ sɛ yɛfa kwanpa ne nyansa kwan bi so de boa ahiafoɔ na won nso tumi boa won ho, gyesɛ ɛyɛbia won adi dɛm a wontumi nnyɛ adwuma. Na obiara a ɔwɔ asɔre abusua kuo no mu no wɔ saa asodie yi kyɛfa sɛ ɔbɛbɔ mmɔden boa bi. "Nea onim papa na woansiesie ne sɛ ɔbɛyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no".

Odɔ ma Onyankopɔn yɛ adehiadeɛ ne nea ɛsombɔ kɛseɛ wɔ Kristoni biara abrabɔ mu, na ɛnyɛ osuro ne asotwe. Na ɛyɛ aforebɔ kɛseɛ a Kristo bɔɔ no wɔ asendua no so wɔ calvary, na ɛnyɛ yɛn ndwumapa na ɛbɛpopa yɛn bɔne afiri hɔ. Yɛda Awurade ase sɛ woahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛntraase wɔ nokware mu, wɔ ɔpene ne nsiyɔ mu. Sɛ anka obɛtumi de mmra bɛkyerekyere yɛn na woagye yɛn toɔ ahorrow nso, Yesu anyɛ no saa na mmom won a wodi nakyi nyinaa no ɔsesaa yɛn adwene ne yɛn akoma na woama yɛadi ne nhyehyeɛ a ɛsesa amanmmere ahoorow nyinaa nda santenn nyinaa. "sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no".(Mateo 20:28).

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)