Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 09 Seventh Commandment: Do Not Commit Adultery

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

09 - Mmra Nsɛm A Ɛtɔso Nson: Nsɛe Awareɛ



EKDODOS 20:14
"Nsɛe awareɛ."


09.1 - Awareɛ Ho Mmra Ne Ne Botaeɛ

Onyankopɔn bɔɔ Onipa wɔ ne suban ne ne sɛso, wɔ Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ won. Ɔbarima ne Ɔbaa na ɔbɔɔ won. Na oyii won miennu nyinaa sɛ wonsɛ ne suban. Na wɔn nyinaa nso wɔ honhom nipadua baako. Ɔbarima ne Ɔbaa no ayonkofa a ɛbɛda wɔ ne Onyankopɔn ntam no ne won annuoyam ahoɔden.

Onyankopɔn bɔɔ Ɔbaa baako maa Ɔbarima baako. Yɛnhu no sɛ, Onyankopɔn ambɔ Ɔbaa miennu anaa miensa anaa anan amma Ɔbarima sɛ ne yere. Na Onyankopɔn ankasa ne nea ɔtɔso miensa wɔ aware krokron Apam biara mu. Na ɔmaa won miennu nyinaa adwen koro, bɔtaeɛ koro, na ɔtenetene won miennu nyinaa na woayɛ won haako pɛ wɔ honhom mu. Na otutu won anamon kɔ abrabɔ ahofama mu a ɔde ne dɔ kɛseɛ no aka won abom ayɛ won pɛ. Obiara a ɔdɔ Onyankopɔn no, dɔ ne nehokafo nso. Awurade tumi ka Ɔbaa ne Barima miennu a wɔtɔ sin na wɔyɛ mmere bom, na ɔde ne tumi kɛse no aboa won ma won adi nkunim abɛyɛ pɛ.

Onyankopɔn bɔɔ Ɔbaa firii Ɔbarima mu, na ɛnyɛ biribi mu. Jewni Sɔfo panin bi kaeɛ sɛ, Ɔbɔadeɛ no ɛnnyi Ɔbarima mparewa no amfiri ne tiri mu, ambɔ Ɔbaa, ɛnyɛ saa a anka Ɔbaa anya Barima so tumi, na Ɔbɔadeɛ annyi amfiri ne nanase na Ɔbarima atiatia Ɔbaa so. Na mmom Onyankopɔn yii mparewa no Ɔbarima mfe, sɛ ɔmboa no, ɔnyɛ no pɛ na ɔne no mbom mfa adwen wɔ brabɔ mu.

Ansanna Onipa bɛhyease wɔ bɔne mu wɔ nfitiaseɛ no, na Ɔbaa din de isha, a wɔ Hebrew kasa mu no wɔfrɛ Ɔbaa ish, na wɔde Ɔbarima din kakra bataa Ɔbaa din no ho, wɔ Arabic ne Hebrew kasa nyinaa mu. Ɔbaa wɔ nasedeɛ ma ɔbarima wɔ adeɛ nyinaa mu. Ɛno nti na Ɔbarima bɛgya na Agya ne ne Nna hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho ayɛ honam baako, sɛnea Onyankopɔn asɛm aka no. Ɛsɛ sɛ Onipa biara a osiw saa bɔtaeɛ yi ho kwan no, sakyera nadwen na ɔma Abranteɛ ne Ababaawa biara ho kwan na ofiri na Abusua mu na ɔkɔbata ne hokafo ho wɔ asomdwee mu. Na ɛsɛ sɛ won miennu nyinaa de won ho na woya won Abusua de tena bom daa asomdwee mu wɔ Onyankooɔn anim, na won nkabom ayɛ kɛseɛ wɔ Honhom mu, Ɔkra ne Nipadua mu. Won nkutahodie wɔ mpa so ne won akondɔ nyinaa yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde ama won sɛ ɛnkora won awareɛ nkutahodie mu, na ɛfei nso, ɛmfa mmofra mbra awareɛ no mu wɔ Onyankopɔn adom mu. Na Onyankopɔn bu awareɛ mu mpa so agorodie sɛ ade krokron a fi biara nni ho koraa, wɔ mbre dodo a Onipa ne Onyankopɔn nam nyinaa, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ ma ne hokafo nso.


09.2 - Awareɛ Tin Hɔ Daa

Awareɛ ngyinasoɔ ne ne fapem sɛe prekopɛ, sɛ Awarefoɔ miennu nyinaa ne Onyankopɔn ayonkofa ntam sɛe a. Na Onipa ahyeaseɛ, ahyaaseɛ fri ne honhom ne ne kra mu, na ɛnyɛ ne Nipadua mu. Onipa ahomasoɔ ne ɔbonsam na ɛma no hyease. Ɔbarima ne Ɔbaa pɛɛ sɛ anka woyɛ sɛ Onyankopɔn. Saa nsɔhwɛ yi hyɛaaseɛ frii Onipa adwen ne ne pɛ mu, na ɛde ɔsɛeɛ kɛseɛ brɛɛ Nipa asetra wɔ abrabɔ nyinaa mu. Ɛno nti Ɔbaa nso bɛhyɛɛ Ɔbarima ase, na woaya abrabɔ mu nteaseɛ ambɔ ne bra wo mbre a Ɔbarima nka ne ho. Na ɛmaa onyaa awoɔ mu ɔhaw kɛseɛ nso, na Ɔbarima nso ayɛ ɛdwumaden wɔ asaase a ɛfifi nsoɔe so wɔ ne nfifiri mu. Na owuo nso bɛyɛɛ bɔne so akatua.

Onipa bɔne ahyeaaseɛ no ko tiaa na wareɛ paa, na Nnipa ware, ware baako baako , mbrɛ bebree de kosii brɛ a mpo na Nnipa ayɛ asoɔden tia Onyabkopɔn no. Nanso Mbarima bebree wɔ Apam dada no mu a, wɔwaree mbaa bebree nso, na ɛde awoɔ ntoantoasoɔ a wonyɛ osetie mmma Onyankopɔ, na waree mbaa boro baako trɛee asaase so. Sɛ wohwɛ Ismeal, Abraham abakan no a, ɔno na Islamfoɔ hu no sɛ ɔyɛ Arabfoɔ ne Muslimfoɔ nyinaa Agya, yɛhuu wɔ abakɔsɛm a ɛnam Agya Abraham asoɔden a ɛtiaa Onyankopɔn no, na ɛkɔfaa ne nyinaa baeɛ. Na ɛda ɛdi pɛfee wɔ ɔko ne akosɛm a ɛda saa anuanom miennu yi, Ismeal ne Isaac a won Agya baako asefoɔ ntam, na wɔwosow saa bea hɔ firi tete bɛsi ɛndɛ da yi wɔ ɔko mu.

Jacob ne ne Yere Rachel a ɔdɔ no no, nso woo mba, na ɔne ne yere a odi kan a wɔfrɛ no Leah nso wooɛ, ne ne mpenafoɔ nso wooɛ. David nso kum obi kunu na ɔfaa ne yere no waree no, nanso ɔsakyeraa nadwen yiye. Nnipa bebree yɛɛ bɔne ahorow te sɛ David, nanso bebree nso sakyeraɛ te sɛ David! ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kenkan Nnwom 51 na yɛdwen ho yiye, na yɛhunu Onyankopɔn akoa yi adwen sakyera paa no yiye. Onyansafoɔ Solomon nso dii nsɛm hunu, na ɔwaree amanaman mufoɔ mbaa bebree, na wodanee nakoma kɔɔ abɔsomsom ho, ma ɔde abosom baa ne man mu. Na saa abosom yi maa ne man mufoɔ no mu bebree hyeaase frii Ɔnokwafoɔ Onyankopɔn ho.

Awareɛ mborosoɔ ntwaa mu, na ɛdaso yɛɛ adwuma bɛsi ɛndɛ wɔ Isreal. Jewfoɔ a wotu kɔtraa Arab aman mu no, da so kuta awareɛ dodow mu na wɔware bebree. Aware gyaeɛ ne awareɛ mprenu yɛ adeɛ a wɔwo ho kwan, sɛ Ɔbaa ware na woanwo mba barima a, wutumi gyae no kɔware foforo.

Ɛwom sɛ Onyankopɔn buu nani guu awareɛ dodoɔ so wɔ Apam dada no mu, na ɔmaa obiara tuaa ne bɔne so akatua wɔ ahaw ne amaneɛ mu, nanso Onyankopɔn hyɛɛ wɔ Mmra no mu sɛ, nea ɔsɛe aware no, ɛsɛ sɛ wosi no aboɔ ku no. (Lewiticos 20: 10-16, Deuteronomium 22:22-26). Adaagye bɛbɔ yɛn, sɛ yɛka sɛ yɛrebɔbɔ bɔne ahorrow ne ɛso asotwe a ɛwɔ Mose Mmra no mu a ɛfa aware sɛeɛ ne bɔne a yɛda so di no ɛndɛ yi mu a, nea ɛwɔ han mu ne ɛsum mu. Na mpo wɔ Abusua mu mpo no, Nnipa bebree ne won nuanom di mpaso agoro a anka nakatua ne owuo ma saa Nnipa no na ɛkɔ so ɛndɛ. Na kyerewsɛm no nso tia Ɔbarima ne Ɔbarima ntam agorodie, na ɛyɛ ɛbusudeɛ a nakatua nso ne owuo. Na Onyankopɔn akyiwadeɛ kɛseɛ paa ne Onipa a ɔne oboa biara bɛda. Mpaso agorodi biara nni hɔ a Onyankopɔn gye tum, gye sɛ awarefoɔ ntam mpaso agorodie nko na Onyankopɔ ahyiraso na woatew ho. Na obiara a ɔbu nea Onyankopɔn de asi hɔ so no, hyɛ ndome ne atɛnmmuo ase wɔ Onyankopɔn anim. Wiase nyinaa hia nokwaredie ne daa daa adwen sakyera, adwene foforoyɛ, ne akoma mu ne nneyɔeɛɛ nyinaa mu.


09.3 - Aware Sɛeɛ Mu Ɔhaw ne Amaneɛ

Mpen pii no aware sɛeɛ nnhyaaseɛ mfiri Onipa baako a woafa nehokafo akyi ne obi akɔda so, na mmom ɛnam nnoɔma nkakrankakra a ɛtwe Onipa firi Onyankopɔn ho, na ɛfei awarefoɔ no nso nneyoɔɛ. Nanso obiara a ɔne Onyankopɔn ayonkofa ntam yɛ den no, tumi yini wɔ ɔdɔ a ɛmuyɛ den na ɛmu doɔ yiye ma ɔno ankasa hokafoɔ, na ontumi mfa nakyi nsɛe awareɛ wɔ nabrabɔ mu. Ɛno nti na aware sɛeɛ bebree nso nam sɛ, sɛ baako twe neho firi baako ho wɔ honhom mu, adwen ne nipadua ayonkofa mu a ɛde ɔhaw ba. Na ɛba no saa a awarefoɔ no nnya nteaseɛ mmma won ho won ho, na wotumi tɔ bɔne atɛkyɛ mu.

Awareɛ mu adwamanbɔ bebree no hyaaseɛ firii adwene mu. Na adwene no tumi twa mfoni bi a sɛ woantutu ase na woamfa mpaebɔ wɔ Yesu din mu ansɛe no a, na ɛde Onipa no akɔto bɔne wuo mu. Onipa tumi de nea ɔso ho daeɛ no ba honam mu na woatu ho anamon akɔyɛ, na woatɔ bɔne mu. Obi nso, ɛnam ahoɔfe ne ndaadaa kasa dɛ mu, na ɛde nsɔhwɛ abrɛ won miennu nyinaa, na ɛde won akɔtɔ bɔne mu. Na adwen no de nahokeka bɛba kane, na sɛ soɔden ne atuatew nso dɔɔso a, na ama akoma no nso apirim, na ɛba no saa a na adwamanbɔ no abɛyɛ suban a ɔhyɛ biara nni mu. Nanso ne bɔne no mfitiaseɛ no, na onim pɛfee sɛ, nea ɔrekɔ yɛ no nyinaa yɛ efi ne adeɛ a ɛntene. Obiara a ɔtɔ bɔne mu no, toa bɔne so. Na bɔne kura tumi a ɛdanedane Onipa biara a ogyae ne ho mu ma bɔne, nanso nhyira nka Awurade sɛ woama yɛn anidasoɔ ne ɔgyeɛ afiri bɔne tumi ase. Yesu kaeɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa. Enti sɛ ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa. (Yohanne 8:34-36). Adom ne Honhom Kronkron tumi a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu mu no tumi no bɔ wura yɛn adwen no mu, na ɛde ayaresa ne ahoteɛ ama yɛn koraa. ɛtwa, ne nsɔhwɛ mu nkae bi tumi keka yɛn ho deɛ, nanso Awurade Yesu Kristo mogya no, hohoro yɛn ho firi yɛn bɔne ahorrow nyinaa ho, na ɔma yen ahoɔden ne tumi sɛ yɛndi nsɔhwɛ so. Sɛ Onyankopɔn Ba yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.


09.4 - Yesu Hyɛɛ Awareɛ Mu Den

Yesus de ne nkyerɛkyerɛ sii Aware koroɔ so dua na ɔkyerekyereɛ sɛ Ɔbaa ne Ɔbarima awareɛ ayonkofa no yɛ asaase so asetra nna nyinaa wɔ awarefoɔ ntam (Mateo 19:4-6). Na obuaa see won sɛ; "Na ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbarima ne ɔbaa na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. Yei nti na onipa bɛgya n'agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntete mu. Na ɔwɔ fie no, n'asuafoɔ no bisaa no asɛm no ara bio. Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam, na sɛ ɔbaa no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforɔ a, na wasɛe awareɛ". (hwɛ wɔ Marko 10:1-12).

Wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ yi mu no, osii so dua kyerɛɛ nkyekyereɛ kɛseɛ miensa a ɛwɔ Onyankopɔn, Ɔbarima ne Ɔbaa ntam a ɔde ne Honhom kronkron asɔ ano wɔ nakyidifoɔ nyinaa akoma mu. Na ɔtew yɛn honhom ho, ne yɛn kra ne yɛn nipadua nyinaa ho. Na ɔma yɛn akwanya sɛ yɛambɛyɛ Onyankopɔn asɔredan ne aware kronkron abra a yaa bɛyɛ ne tenabea paradise wɔ wiase, na yɛredi hene. Na bɔne fakye tumi a ɛwɔ Yesu mogya mu no, ma yɛn Ɔkra, ne Nipadua kronkron, na ɛbɔ brabɔ foforo ma yɛn wɔ yɛ busua asetra nyinaa mu. Wɔ Kristo mu no, awareɛ nya anidasoɔ foforo, ne nhyirapa na ɛma awareɛ mu bɔtae papa. Na Ɛnsɛ sɛ Kristoni ware obiara ɔnyɛ kristoni na anaa onim Awurade. Na saa no bɛma woafiri ɔhaw mu, sɛ wɔdɔ Yesu a, ɛsɛ sɛ wodɔ wohokafo nso na wohwɛ no yiye wɔ nokware mu kosi owuo mu.

Yesu ne Asomafoɔ no nyinaa hyɛɛ awareɛ mu ahofama den, na wohyɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Ɔbarima gyaa ne yere, na mmom ɔdɔ ne ahofama yiye. Na wɔhyɛɛ sɛ, Ɔbaa nso mmere no ho ase mma nankasa ne kunu wɔ awareɛ mu. Na Honhon Kronkron nso de ɔpene a enni kabea nso boa awarefoɔ, na ɔma won akwankyerɛ kɔ ahobreaseɛ ne ɔdwoɔ mu wɔ won abrabɔ nyinaa mu. Ɔsomafo Paulo nso hyɛe sɛ, Ɔbarima biara ndɔ ɔno ankasa ne yere sɛnea Kristo nso dɔɔ Asafo no, na ɔde ne kra too hɔ maa no no. Ɔdɔ kan no, ɛnyɛ honam akondɔ nkoaa, a nhyehyeɛ biara nni mu, na mmom ɔdɔ kan no yɛ sɛ, wobɛsom wo ho kafoɔ wɔ ɔdɔ ne nidie mu. Onipa ahohyɛsoɔ fri Honhom Kronkron mu tena, ne ne mahyɛ mu, a ɛnsɛ sɛ wohu awareɛ sɛ mpa so agorodie nkoaa, na mmom sɛ awareɛ yɛ ahofama ne ɔsom a yɛde ma yɛn ho yɛn ho, na saa yɛ no, na ɛhyɛ Onyankopɔn annuoyam.


09.5 - Awareɛ A Ɛwɔ Apam Foforo No Mu

Yesu de ngyinasoɔ kɛseɛ sii hɔ maa yɛn ahoteɛ ma yɛn honhom, ɔkra ne nipadua. "Na ɔkae sɛ, Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n'akomam dada".( Mateo 5:28). Na saa ngyinasoɔ yi ma yɛhu sɛ Nnipa nyinaa yɛ adebɔnefoɔ wɔ Ɔkrokronni Onyankopɔn anim. Na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne nyinaa kyerɛ Onyankopɔn wɔ nokware mu ɛfisɛ obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn anim. Na ɛwɔsɛ yɛka yɛn adwammanbɔ dodoɔ a yɛabɔ nyinaa kyerɛ no na yɛnya adwareɛ mu ahoteɛ wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ adesua mu. Ɛsɛ sɛ yɛn gyae yɛn pɛ mu firi bɔne nyinaa mu wɔ ɔteasefoɔ atɛnmufoɔ no anim, a ɔno ara nso yɛ Onyankopɔn aguamaa a ɔdwoɔ a ɔno ara nso asoa wiase nyinaa bɔne kɔ. Obiara a ɔdanne ba ne nkyen no bɛya bembuo, na obɛdware no atew ne ho nso, na woaya nkwagyeɛ.

Na ɔman no mu mpaninfoɔ de ɔbaa bi a woakɔkyere no adwamanbɔ so pɛɛ brɛɛ Yesu, na wobu no fɔ wɔ ne bɔne ho, ɛna Yesu nso maa mpaninfoɔ no nso dwendwen won ankasa abrabɔ mu bisabisa wonho nsɛm wɔ won mu, ɔhyɛɛ sɛ ɛfei nea onni bɔne ho fɔ no nto aboɔ mbɔ ɔbaa no kanne. Na osii ne tiri ase sɛ ɔrekyerew fam: nea ɔnyɛɛ bɔne da no nkɔso ntoo aboɔ no kanne. Nanso wɔn nyinaa akoma ne won adwene buu won fɔ. Na won a na wɔrɛtoto Ɔbaa no ano no ne Asɔfoɔ mpaninfoɔ, mpaninfoɔ,ne mpo Kristo Asomafoɔ no ankasa nso. Na won nyinaa firii adi baako baako. Na ɛkaa Yesu ne Ɔbaa odwamanfoɔ no nkoaa wɔ hɔ. Anka na ɛsɛ sɛ Yesu too aboɔ kanne bɔ odwamanbɔfoɔ Ɔbaa yi, ɛfisɛ na ɔno nkoaa na bɔne nni ne ho. Nanso woanto aboɔ ambɔ no. Na ɔka kyerɛ no sɛ kɔ na menkɔyɛ bɔne bio. So Jesu buu Mmra no so sɛ woansiw no ɛboɔ? daabida! Na mmom ɔfaa Ɔbaa no bɔne too ne ho so na owu maa no de sii ne bɔne no anan mu. Ɛno nti na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde ne bɔne no kyɛ no. Yesu asendua no so wuo nkoaa na ɛtumi ma adwamanbɔfoɔ anya won fahodie firi atɛnmuo yaaya mu. Na Obiara a ɔbɔ adwaman wɔ adwene mu, kasa mu ne nneyɔeɛ nyinaa mu no bɛya nkwagyeɛ wɔ Yesu wuo ne ne wusɔreɛ nkoaa mu.

Yesu hyɛɛ sɛ aware gyaeɛ yɛ akyiwadeɛ, na ɔkaeɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obiara gyae ne yere anaa ne kunu. Na obiara a ɔne saa aware yi ho nhyehyeɛ yi di apreapreɛ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae yiye paa fa anamontuo yi ho. Na ɛsɛ sɛ Ɔbarima biara bisa sɛ, "So Ɔbaa yi yɛ nea Onyankopɔn ahyehyɛ ama me anaa sɛ me ankasa madwene na mederekɔfa Ɔbaa yi?. So me ne ne mfeɛ ntam no yɛ ma me anaa, ne suban, ne bufoɔ, nadesua mu, ne nabusua nso te sen?. So saa Nipa yi a merekɔware no yi gyina yiye wɔ Awurade mu anaa sɛ nadwene ne nahofama anyonkofa ma Onyankopɔn nso te sen?. Saa nsɛmbisa yi ne nnoɔma ahorrow a ɛhia a ɛsɛ sɛ wobɔ ho mpaebɔ hwehwɛ mu yiye paa ansa na awareɛ no bɛsi gyinaeɛ wɔ ne mbrɛ mu. Ɔdɔfo sɛ wohu nea wompɛ na wofiri mpratwe no mu ntɛm a ɛyɛ sene sɛ wobɛkɔ akɔware Onipa a wone no adwene nyɛ baako wɔ awareɛ mu.

Mpaso agorodie ansana awareɛ no ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden yi firi woabrabɔ mu koraa. Sɛ wɔdɔ wohokafoɔ a wode anidie bɛma no, na worengu ne ho fi anaa worenma nadwen mbu no fɔ. Na hunu sɛ obiara rentumi nhu mpo sɛ ɔbɛtena ase anaa obɛwu mpo ansa na awareɛ da no adu. Ɛno nti abranteɛ ne ababaawa biara no, ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wobɛhyɛ wohoso ama woawareɛ akwantuo. Na sɛ woware na wo yere yare nso a wontumi ne no nnya mpaso agorodie nsoɛɛ?. Ɔdɔ nnyɛ mpaso agorodie nkoa, na mmom ɛyɛ Onipa ahopakyi ne aforebɔ. Sɛ obi susu sɛ ontumi nkyen nkosi ayeforɔ mbrɛ mu a, na ɛndeɛ ɛsɛ sɛ ɔware ntɛmntɛm na woatumi ayɛ ɔnokwafoɔ. Kristo afrɛ yɛn sɛ yɛnbɛya ahohyɛsoɔ na ɛnyɛ honam akondɔ mu, ne nea wiase yi rekyerɛkyerɛ wo kasa foni ahorrow so ne ɔsom ahorrow nso reka a ɛnfiri Awurade.

Honam akondɔ ankasa no nyɛ bɔne anaa efi, na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ na ɔde maa yɛn nyinaaa wɔ ne bɔtaeɛ nti ɛsɛ sɛ yɛda no ase. Nanso ɛsɛ sɛ obiara tumi hyɛ nakondɔ so na woansɔ obiara anhwɛ. Na won a wogu mmofra ho fi no deɛ, Yesu kae sɛ, "Na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu". (Mateo 18:6). Na atɛnmuo kɛseɛ retwen saafoɔ yi. Obiara a ogu mmofra ho fi no renya Onyankopɔn Ahendie mu kwan gyesɛ ɔsakyera nadwen yiye na ogyae ne bɔne nyinaa yɛ (Korintofo 6:9=11). Ɔdɔ a ɛyɛ kron no nnyɛ bɔne.

Na Mbabaawa nso ɛsɛ sɛ wosisie won ho yiye twen won hokafoɔ wo mbrɛ a wodi Yesu akyi no. Na ɛwom sɛ nnoɔma nnyɛ tɔtrɔtɔɔ deɛ, wɔ ɛndɛ aniwuo oyi kyerɛ mfoni mu, ne kasa foni ahorrow so dwumadie a ɛmu bebree no firii ɔbonsam nkyen, na ɛnfiri soro. Abusua a Kristo te mu anaa Kristo mu mbrante kuo bɛtumi aboa ahyɛ won den ma won ayin wɔ Honhom mu, Ɔkra ne Nipadua mu. Ɛyɛ sɛ ababaawa de ne ho nyinaa bɛma Yesu ntɛn na woaya ɔgyeɛ. Na ɛba no saa a obɛyini honhom mu na woaya banbɔ afiri nsɔhwɛ ahorrow nyinaa mu. Ɛnsɛ sɛ ababaawa de sika anaa obi a woakɔ sukuul adu akyiri anaa obi a ɔwɔ dibea bi na ɔde si naniso sɛ ɔde rehwehwɛ kunu, na mmom ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ abranteɛ a woaya akoma foforo adwen sakyera mu, na ɔyɛ adwuma wɔ nokware ne nidie kwanso. Na Honhom no aba no sombɔ sene ahoɔfe nyinaa. Na Awurade kaeɛ sɛ, "Ɔbɔnefoɔ renya asomdwee", Na saa asɛm yi tumi ba mu wɔ awareɛ mu.

Na ma momma yɛn daadaa yɛn ho: ɛfisɛ wohuu ɔwɔ no mpo wɔ paradise. Sɛ obi amfa ne ho nyinaa anhyɛ Yesu mu a asomdwee ne banbɔ biara nni ne mu. Ɔno nkoaa na otumi boa yɛn ma yɛtumi di yɛn nsɔhwɛ nyinaa so. Ɛsanesɛ yɛn nyinaa yɛ adebɔneyɛfoɔ na bɔne wɔ yɛn ho yi, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne ne yɛn amumuyɛ nyinaa kyerɛ Yesu. Sɛ wotwintwen wo nanase wɔ bɔne ka ho a, bɔne bɛdi wo so. Ɔdɔfoɔ danne woho bra Awurade nkyen na ɔbɛgyewo ntɛmso koraa. dwane kɔ ne nkyen wɔ da biara a nsɔhwɛ bɛkyekyere wo no.

Ɛsɛ sɛ anka ayeforo dwumadie biara kɔ so wɔ Yesu din no mu, na sɛ anka ɛbɛyɛyiye mpo a ɛkɔ so wɔ Asɔredan mu na wode hyira abrabɔ akwantuo so. Sika, ntadeɛ, ahoɔden, ne wiase ahoyadeɛ nyinaa no ɛnsɛ sɛ ɛyɛ fapem a awareɛ gyina soɔ, na mmom Awurade asɛm ne ngyinasoɔ a ɛde adom bɔ adom so ma awarefoɔ no. Yesu se, "Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho". (Mateo 6:33). Mpo Ɔbarima a ne ho nni hɔ anaa obonin mpo no, saa awareɛ no bɛtumi ayɛ yiye. Awarefoɔ tumi nya nhyira ahorrow bebree ne nyansa nso wɔ mbrɛ a wodi Yesu akyi som no mfeɛ bebree wɔ kwan ahorrow mu. Na wobɛtumi akɔgye agyanka de no ayɛ wɔn ankasa ba na won ayɛ adɔeɛ ahorrow nso wɔ Awurade adwuma mu. Sɛ awareɛ mu nhyehyeɛ ne ne dwumadie angyina Onyankopɔn Agya no, ne Yesu ne Honhom Kronkron so a, aware sɛe ne aware gyae bɛtumi asi wɔ saa awereɛ no mu, ɛfisɛ won a wɔngye Awurade ndi no ntumi mmpa won ho akyi na wɔn mu dodoɔ no ara yɛ pɛsɛmenkomenya wɔ won abrabɔ mu. Na obiara a ɔware bre tiaa bi no (bretiaa bi) na ɔbɔ bra a nhyehyeɛ biara nni mu na onim abrabɔ mu nsɔhwɛ mbreɛ na ontumi nnya adwene mu nteaseɛ ne ahintasɛm a ɛwɔ Ɔbarima ne Ɔbaa ntam na Onyankopɔn suro nso biara nni wɔn mu. Fahodie a gyidie mu osetie nni mu no tumi bue kwan ma basabasayɛ. Annuoyam ngyinasoɔ ne brabɔ mu anibueɛ, ɛno nti nsɔ Awurade wɔ Onyankopɔn nhwɛ, Ɔboɔdeɛ no. Honhom Kronkron mpɛ fi, ne baasibra, ntadeɛ a ɛmfata, agoro bɔne, ɛdidi mboroso, nsanom ne nduro bɔne. Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ nea ɛsɛe akoma ne adwen na ɛsɛe Nnipa mpempem nso Nipadua. Na abrabɔ wiase yi mu no, sɛ wonte ɔbonsam a ɔyɛ wiase yi hene no tumi ase a, anaa sɛ Kristo, a ɔyɛ wiase agenkwa tumi ase a, ɔno na ɔhyɛ yɛn den wɔ yahoɔmmere mu. Yɛn wiase yi mu ɛndɛ yi abɛyɛ wiase ahoyadeɛ adwene nkoaa na bebree nnyɛɛ krado sɛ wode Yesu asetra mu nhyehyeɛ bɛbɔ wɔn bra, na woafa nahoteɛ ne ne kronkronyɛ no nso bi.


09.6 - Awareɛ A Ɛwɔ Muslimfoɔ Mu

Islam som no de mmra soronko bi a wɔfrɛ no sharia asi hɔ ama won awareɛ, na saa mmra yi kyerɛ sɛ Europe Abrokyirifoɔ ne Americafoɔ na ɛbɛtumi ayi won ho afiri saa nhyehyeɛ yi mu ɛsane won amanmere mu nhyehyeɛ nti wotumi firi sharia no mu.

Na Muhammad maa nakyifoɔ ho kwan sɛ wotumi ware kodu mbaa ɛnan. Na ɛfei ɔmaa won akwanya sɛ wobɛtumi aware (mut'a) a ɛkyerɛ sɛ bretiaa bi awareɛ sɛnea afanu no nyinaa bɛgye atum, wɔ sika susudua bi a ɛsi so ( Suras al- Nisa 4:4,24). Na nakyidifoɔ no yɛ akofoɔ kɛseɛ a na wone adwadifoɔ bebree di ahyia. Na mpen pii no wotutu akwan kɔ akyiri na wofiri ɛfei ɛnda bebree na sɛ wopɛ sɛ wɔsɛpɛ won ho wɔ won mbaa akondɔ mu a, ahohyesoɔ ne ahopaakyi nnyɛ den ma Islam, na mbaa no na ɛtumi yɛɛ saa. Islam odikanfoɔ no ankasa waree dumiensa, ɛno akyi no na ɔwɔ Jewfoɔ, Kristofoɔ, ne wuasefoɔ mpranom bebree.

Wɔ Islamic aman bebree mu no ɔbarima wɔ ho kwan sɛ obɛtumi agyae ne yere bre biara a ɔpɛ mu a bɔtaɛ biara nni mu. Na akyiri no obɛtumi aware no a ontua ɔbaa no tiri adeɛ bio sɛ onu ne ho sɛ woagyae ne yere no a. Na mpo sɛ ogyae no ne mprennu so a obɛtumi aware no bio a ɔntoo mmra. Na mmom sɛ Muslimni gyae ne yere ne prensa so a ɛno deɛ ontumi nware ɔbaa no bio, na ɔbaa no deɛ bɛtumi aware ɔbarima foforo. Na sɛ ɔbarima a ɔbaa no kɔwaree no no nso san gyae no a, ɛndeɛ ɔbaa no bɛtumi asan akɔware ne kunu dada no a odi kan no. Na sɛ ɛsi saa a den na ɛbɛkɔ so wɔ ɔbaa sɛ eyi adwene mu? wobu no sɛ adehunu bi na wonhu no sɛ ɔyɛ ɔhokafoɔ ne mfepadeɛ yere a ɔyɛ ɔkra teasefoɔ a ɔne ɔbarima nyinaa yɛ pɛ wɔ obuo ne nidie a ɛsɛ mu, a ɔwɔ akwanya, ne asedeɛ, sɛ ɛbɛyɛ na awarefoɔ no nyinaa betena wɔ honhom mu nkabom na won atumi adi abrabɔ mu ɔhaw ne amaneɛ so abom.

Nkrammoni anaa Muslimfoni te sɛ abuapanin wɔ ɔno ankasa abusua mu a ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɛmbaa ɛnan. Nanso na sɛdeɛ ne sɛ ɛsɛ ɔdɔ won nyinaa pɛpɛɛpɛ. Na sɛ ɔtɔ agyedeɛ ma ɔbaa baako a ɛsɛ sɛ ɔtɔ saa agyedɛ no nso ma ne yerenom nkaeɛ no a aka no nyinaa pɛpɛɛpɛ. Na ɛfei nso sɛ ɔtɔ atadeɛ foforo ma ɔbaa baako ba a, na ɛsɛ sɛ ɔtɔ saa ntadeɛ fofofro no ma mbaa no a aka no nso mba nyinaa sɛnea deɛ odikan deɛ no te pɛpɛɛpɛ. Muslimfoɔ mu bebree ware boro baako ɛsene abrabɔ mu nsɛm nti. Na Islamic aman bebree no ara gye awareɛ dodoɔ tum wɔ won mmra mu agyesɛ aman bi te sɛ Turkey ne Tunisia na wongye aware dodoɔ ntumu wɔ won mmra mu. Na ɛfei ɔbaa warefoɔ a nani ɛfi anaa woabɔ abrewa no wopam no firi fei na woakɔfa ababaawa a ne ho yɛ fe, na wode no abɛsi ɔbaa warefoɔ dada no a woayin no anan mu wɔ awareɛ no mu. Na sɛ Ɔbarima wɔ yerenom miennu, anaa miensa ne ɛnan a, saa abusua no de nukunu twe na ɛtena saa abusua no mu. Na ɛnam Muhammad suahunu wɔ mbaa ho wɔ awareɛ mu nti no ɔkaa sɛ mbaa yɛ ɛfei mu, bɔne nyinaa ne amaneɛ ne ateetee nyinaa farebae na ɔkae sɛ mbaa nni nimdie ne nteaseɛ biara fa nyamesom ho (Masud Ibn Hanbal II, 373). Na ɔde ɔbaa totoo kwakuo ho sɛ ɔbaa nsɛ nfata sɛ wɔde abusua adesoa biara bɛto no so, na ɔkae sɛ ɔman biara a ɔbaa di so no ɛnsɛ yɛsosɔ saa ɔman no so.

Na Quran no ne Hadith kyerekyere sɛ ɔbarima biara wɔ ho kwan sɛ ɔtene tene ne yere. Na ɛdinkan no ɛsɛ sɛ daa ɔbɔ no kɔkɔ ( sɛ osuro bi bɛba natuatew no mu a), Na mma ɔbarima no ne no nnya mpaso agorodi na ɛfei sɛ ɔbaa no antie no a ma ɔbarima no ntene ne nsa mbo no kosi sɛ ɔbaa no bɛbre ne ho ase ama no (Suras al-Nisa 4:34).

Na ɔbaa warefoɔ adansedie wɔ asɛmdibea yɛ ade ketewa sene ɔbarima adansedie wɔ asɛmdibea. Ɛno nti na ɔbarima baako adansedie sombɔ te sɛ mbaa miennu adansedie. Na ɔbaa warefoɔ nso wɔ awareɛ mu agyapadeɛ nkyekyemu awotwe mu baakopɛ firi ne kunu nkyen sɛ mpo ɔne ɔbarima no wɔ mba barima wɔ awareɛ no mu a. Na sɛ abofra barima no nyiniyeɛ koraa mpo a onya agyapadeɛ no nkyemu anan mu baako. Na abofra barima no sombɔ kyene ne maame mpen bebree. Sɛ wɔrekye won agyapadeɛ no a ɔbarima no abusuafoɔ nyinaa bɛba ɔwarefoɔ baa no anim bi adansedie (Suras al- Nisa 4:7-11).

Na mba barima yɛ okunu no nkoaa deɛ. ɔbaa warefoɔ a woagyae awareɛ wɔ ho kwan sɛ ɔtete ne mba kodu sɛ wobɛyini akodu won mpanin mfe so. Na ɛfei nso wɔ Muslimfoɔ awareɛ mu no ɔbaa ne okunu nkoaa ntena, na mmom abusua no nyinaa ka ase ɔbaa ho bom tena wɔ fei baako mu a ase baa no asɛm na ɛyɛ adwuma yiye wɔ abusua no mu. Islamic botae wɔ awareɛ mu paa no nnyɛ sɛ ɔbaa ne okunu no bɛnya nkabom kɛseɛ ne won ahofama ma won ho won ho wɔ won awareɛ mu, a wode bɛdi won awareɛ mu ɔhaw so nkunim abom, na mmom botaeɛ no ne sɛ wobɛhwɛ sɛ awoɔ ntoatoasoɔ bɛkɔ so yiye wɔ abusua no mu. Ɔwarefoɔ ɔbaa no yɛ akoa somfo kɛseɛ paa ma ne kunu. Na nasɛdeɛ ne sɛ ɔbɛwɔ mba barima bebree nso ama abusua no. Na ɔbaa no tumi nya tumi wɔ abusua no mu bebree sɛ otumi wo mba barima bebree a. Na sɛ ɔwo mba mbaa a na wɔka sɛ, "oh daabi, eyi yɛ animguaseɛ!"

Sɛ ɔwarefoɔ ɔbaa anaa ɔbaa sigyani kɔ bɔ adwaman na wokyere no a, Muhammad hyɛɛ sɛ wonka saa Onipa no mpire anaa wɔmbɔ no abaa mpren 100 nyɛ na sotwe (Suras al- Nur 24:3) anaa wonsiw no aboɔ nkum no. Da bi wode ɔbaa bi a oyinsen a ɔbarima hohoɔ bi na ɔne no yinsenyɛ brɛɛ Muhammad. Na ɔmaa ɔbaa no firii ɔman no mu kɔwooɛ na nawoɔ akyiri no ɔma no san bae ne man mu. Ɛfei ɔhyeɛ sɛ wonfa abofra no nkɔ nkɔhwɛ no na maame no deɛ ɔhyɛɛ sɛ womfa no nkɔ nkosiw no aboɔ nku no wɔ ne fei abonten ntɛmso. Nsonsonoeɛ kɛse da Muhammad ne Yesu ntam, Hwan, na won mu no oyii ɔdɔ aforebɔ adi, na ɔfaa adwamanbɔfoɔ nyinaa bɔne too ne ho so na owui maa wɔn. Islam nni obiara a ɔyɛ ntam gyinafoɔ wɔ wone Onyankopɔn atɛnmuo ntam. Ɛno nti na Muslimfoɔ ntumi mfa obiara a ɔfom won bɔne nkyɛ won na mmom wɔde amumuyɛ tua bɔne biara so ka.

Ɛsanesɛ adwamambɔ so akatua yɛ hu wɔ Islam mu nti, ɛntaa nsi wɔ won mu. Nanso Islamic mmra no ma mbarima kwanya wɔ adwamanbɔ ho wɔ kwan ahorrow bi so. Muslimni barima tumi pamo ne yere na woaware ɔbaa a ɔyɛ ababaawa ahoɔfefoɔ foforo. Ɛwom sɛ wɔ Islamic aman bi mu no ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ ɔbarima bɛware bebree, na Islam honhom da so di hene wɔ mbaa ne mbarima mu.

Na wobu mbaa abonfiaa wɔ Islam gyidie mu mpo kodu sɛ mbaa nyɛ hwee wɔ paradise. Muhammad kae sɛ, "Tenabea a ɛwɔ fam koraa wɔ paradise yɛ mbaa" Nanso mbarima no retwen akondɔ ahorrow ne mbabunu a woasiesie won wɔ paradise won a wɔyɛɛ mbabunu mpo wo mbre a wɔne won kununom hyiaɛ wɔ sum mu. Na bio no mmofra mbarima nyinaa nso yɛ Muslimfoɔ deɛ wɔ paradise. Na ɛfa ɛmbaa daakye ho no Muhammad kae sɛ, "Wɔkyerɛɛ me atɛnmu gya mu no, me huu Nnipa nkyem 90 wɔ ogya a ɛredɛw na ɛmu no won nyinaa yɛ mbaa".

Na Yesu paradise no deɛ ɛnte saa. Wɔ heaven no nakyidifoɔ nyinaa wɔ annuoyam abotiri, te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ na wonware na womma awareɛ. Na Onyankopɔn ahendie no nnyɛ ɛdidie anaa ɔnom anaa awareɛ, na mmom honhom mu ɔdɔ, anigye ne asomdwee wɔ Honhom Kronkron tumi mu. Paradise paa no ɛnfiri wiase ha. Sɛ wode Yesu adiyisɛm no toto ho a, so obi bɛtumi aka sɛ Quran no firi Onyankopɔn adiyisɛm mu anaa? Na ɛhoahoa ne ho wɔ mbarima suban ho ne nnipa nhyɛsoɔ ho na wuntumi mpo mfa ntotɔ Apam dada no ne Apam foforo no ho da.


09.7 - Adwene Sakyera Ho Duwurubɔ

Ɛnsɛ sɛ Kristofoɔ bu Nkrammofoɔ abobfiaa. Aman horrow bebree wɔ hɔ ndɛ a wɔwo fahodie a ɛnyɛ kyerewsɛm no mu fahodie, na aware gyaeɛ nso akɔ soro pii aboro so wɔ abrokyiri Europe aman mu. Na saa nneyɔeɛ yi ma mmofra pii bɔ hwete wɔ abrabɔ mu, na wofiri won ɛfie mu nantenante basabasa. Na ɛyɛ aniwuo kɛse paa sɛnea ɛndɛ wokyerɛkyerɛ mpaso agoro wɔ sukuul ahorrow mu. ɛfei so mfoni ahorrow a wode to koowa krataa ahorrow mu, abakɔsɛm nkrataa mu, oyi kyerɛ foni mu, ne kasa foni ahorrow so. Nanso Awofoɔ kakraabi na ɛtumi kasa tia saa nnoɔma yi!

Adwamanbɔ mfiaaseɛ ne sɛ obi nsuro Onyankopɔn. Mfoni twafoɔ a ɛwɔ abrokyiri man mu abue kwan bi ato hɔ ama nnoɔma hunu nyinaa ne ade a ɛho nteɛ. Onipa ahyeaaseɛ nyinaa firi ɔne Onyankopɔn ayonkofa mu nkutahodie no a ayera no na ama adwamanbɔ atu atose kɛse wɔ wiase nyinaa no. Nduro a Onipa fa a ɛntumi mma no nwo no nso ama Nnipa akondɔ wɔ mpaso agorodie akɔ soro yiye paa. Nanso ɛduro a wɔfrɛ no kote kotoku no nso ntumi nnyi yareɛ AIDS mfiri hɔ. Saa yareɛ yi nyinaa yɛ asotwe a aba won a wonyɛ anokwafoɔ mma won ankada yerenom no, ne mbarima a wɔne mbarima da, mbaa a wɔne won yonko mbaa da, won a wosi baasi bra ne obiara a ɔfa nduro bɔne. Wɔ (Romanfoɔ 1:24) Paulo kae sɛ, "Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efi, wɔn akoma akɔnnɔ mu, sɛ wɔmmobɔ wɔn nipadua adapaa wɔn mu" Na Onyankopɔn atɛnmuo no nni nyiyimu biara wɔ Muslimfoɔ mu, Jewfoɔ mu anaa Kristofoɔ mu, anaa din mu. Na mmom no nea obu nani gu Mmra no so no "Nsɛe awareɛ" no kyerɛ sɛ Nnipa mpem mpem de won ho hyɛ adwamanbɔ mu. Nteaaseɛ a ɛwɔ kyerewsɛm yi mu a ɛse, "bɔne akatua ne owuo" no yɛ nokwasɛm paa ɛndɛ.

Dea ɛmboa ne sɛ Nnipa binom nso a wɔn ho nni asɛm mpo tumi nya yareɛ AIDS yi bi nam mogya dwumadie ahorrow mu. Ɛno nti na ɛnsɛ sɛ obiara bɛbu obi a woaya saa yareɛ yi bi atɛn. Onyankopɔn nkoaa na onim obiara abrabɔ a ɛtwam no mu asɛm. Na yɛn ntene nsene obiara a woakyere no wɔ adwamanbɔ mu. Yesu nkoaa na onim nea ɛwɔ Onipa akoma mu na ɔkae sɛ, "Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm firi.." (Mateo 15:19). Yɛnnhia sɛ yɛbɛhunu banbɔ foforo biara fa AIDS yareɛ ho, na mmom nea obiara hia ne akoma a ɛmu teɛ mu, ne honhom papa ne adwene mu foforoyɛ. David a ɔbɔɔ adwaman na okum Nipa no ogyaa ne ho mu na ofirii nakondɔ bɔne nyinaa mu na ɛfie ɔbɔɔ mpae sɛ, "Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu. Nto me mfiri w'anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so". (Nnwom 51:10-11)

Sɛ yɛfiri yɛn akoma mu bɔ saa mpaeɛ yi wɔ nokware mu na yɛka yɛn bɔne nyinaa kyerɛ Yesu a otie yɛn na ɔgye yɛn so, "ɔba, ma wobo ntɔ woyem; wode wo bɔne afiri wo" (Mateo 9:2; ne Luka 7:48). Awurade Ɔkronkronni no ma yɛn ne Honhom Kronkron no sɛ ɛnkyerɛ yɛn abrabɔ kronkron kwan na ɔmfa yɛn bɔne nyinaa nso nkyɛ yɛn. Yesu rengyae yɛn nko da wɔ yɛn nsɔhwɛ brɛ mu, na wayɛ krado sɛ ɔbɛhyɛ yɛn den na yɛatumi adi yɛn nsɔhwɛ no nyinaa so wɔ ne din mu.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)