Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 129 (Future predictions)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
5. Yesu daa Ne ho ɛdi wɔ nsutareɛ no ho (Yohanne 21:1-25)

c) Yesu kaa daakye ho nsɛm kyerɛɛ won (Yohanne 21:20-23)


YOHANNE 21:20-22
20 ɛnna Petro danee n'ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ, “Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?” 21 ɔno na Petro hunuuno no, ɔsee Yesu sɛ, “Awurade, na oyi ɛ?” 22 Yesu see no sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m'akyi!”

Petro tiee ne wura nne sɛdea ɔdwanhwɛfoɔ hwɛ ne wura ndwan no. Ɛnam sɛ na Yohane yɛ akumaa wɔ asomafoɔ no mu nti, Petro bisaa Yesu gyinabea wɔ Yohane ho. Sɛ ɔbɛma no akɔ fie ɛfiri sɛ ɔsua anaa ɔnnka wɔn ho?

Na ahoyaa wɔ Petro nsɛm no mu, ɛfiri sɛ na Yesu de Yohane retoto afoforɔ ho, afei nso na ɔdɔ no yie. Wɔ adidieɛ no mu no, Petro de Yohane yɛɛ ntamgyinafoɔ wɔ ɔne Awurade mu brɛɛ biribiara ase.

Na Yohane bɛn Yesu paa, kɔsi sɛ ɔgyinaa asɛnnua ne ho de ne nkwa too hɔ maa Kristo atanfoɔ. Ɔno nipa a ɔdii kan ɔgy diieɛ sɛ Awurade asɔre afiri awufoɔ mu, na ɔno nso na ɔdii nkan hunuu no wɔ berɛ a ɔbaa po no ano no. Na n; akoma ne Kristo deɛ yɛ baako. Ɛfiri sɛ na ɔdi Yesu akyi ansaana ɔfrɛɛ Petro sɛ ɔnni n'akyi. Na ɔyɛ Awurade adanfo pa ara.

Ɛnti Petro bisaa Yesu sɛ, so Yohane bɛfa ɔhaw mu daakye sɛdeɛ woahyɛ ama no no anaa? Yesu buaa no sɛ, woanhyɛ sɛ ɔbɛdi wɔn nyinaa so na mmom sɛ onua a ɔne wɔn nyinaa yɛ pɛ. Na ɛho nhia sɛ ɔbɛdwene Yohane daakye ho, wɔ sɛdeɛ ɔne Kristo teɛ ho, wɔ berɛ na Petro ne asomafoɔ no nyinaa kasafoɔ no. Ɛti Yohane yɛɛ dinn, wɔ mpaebɔ mu wɔ asafo no nkyerɛkyerɛ mu de hyɛɛ wɔn den wɔ mpaebɔ mu (Asomafoɔ 3:1; 8:14; Galentifoɔ 2:9).

Na yɛhunuu Yohane frɛɛ no sɛdeɛ ɛho hia yie, sɛ yɛbɛwu wɔ Kristo mu anaa yɛbɛnya nkwa teneten wɔ mu. Na deɛ ɛho hia ne sɛ yɛbɛyɛ setie ama no. Yesu antete N'akyidifoɔ sɛ wɔbɛnya tebea baako, na mmom sɛ obiara bɛhyɛ ne wura no Anuonyam. Na yɛante Yohane wuo ho biribiara, ɛfiri sɛ owueɛ sɛdeɛ Agya no pɛ.

Ɛnti Yesu ka kyerɛɛɛ Petro sɛ, ɔnhwɛ ɔno nko ara, na ɛnni sɛ ɔhyɛ asuafoɔ no so. Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyɛ sɛ yɛbɛkasa afoforɔ a wɔyɛ agyidifoɔ ndwuma ho, mmom sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn pɛ wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛatumi adi n'akyi biribiara mu. Sɛ yɛbɛdi Kristo akyi nokorɛ mu no yɛ ogyidini biara abɔdin sonoko.

Na ɔkaa ne mbaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ho asɛm kyerɛɛ n'asuafoɔ no. Ne mbaeɛ a ɛtɔ so mmienu no yɛ wiase abakwasɛm. Na asuafoɔ nko nyinaa adwene wɔ saa asɛmayi so. Ɛfiri sɛ, sɛ Onyankopɔn ba nnipa ntam a awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa nya awerɛhyɛmu sonoko. Yesu bɛba n'anuonyam mu. So worehwɛ kwan wɔ mpaebɔ, ɔsom, ayeyie ndwom ne woahoteɛ mu anaa? Na ne mu na yɛbɛhunu dodoɔ awɔdii n'akyiri wɔ gyidie mu a woanni biribiara akyiri.

YOHANNE 21:23
23 ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse, “Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?”

Nokwasɛm ne sɛ, Yohane nyinii kyɛɛ yie, na ɔbɛyɛɛ nkwɛedum maa Agyenkwa no. Ɔno mu na dodoɔ a wɔrewuo no nyinaa firi bɛba kɔsi berɛ a Awurade bɛba. Paul nso pɛɛ sɛ anka Yesu bɛba ntam sɛdeɛ ɔrenwu na woakɔ soro. Yohane hunuu sɛ, Kristo bɔhyɛ no nkyerɛ sɛ ɔrenwu kɔsi berɛ a Ɔnuonyamfoɔ no bɛba. Na ne tirim pɔ no ngyina Petro nsɛm so. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔwdanhwɛfoɔpa a ɔdi n'asuafoɔ anim wɔ berɛ a ɔpɛ mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, woyɛ Agyenkwa, Odwanhwɛfoɔ pa, Yɛda woase sɛ woabɔ Petro ne Yohane ho ban sɛ wɔnhyɛ wo anuonyam wɔ owuo ne nkwa nyinaa mu. Ma yɛn ahoɔden na yɛatumi adi woakyiri daa. Afei bɔ yɛabusuafoɔ ne yɛnamfofoɔ ho ban na woahunu wo mmaeɛ a ɛto so mmienu no.

NSƐMBISA:

  1. Kristo anom nsɛm a ɛtwa toɔ wɔ asɛmpa yi mu no nkyerɛaseɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 10:52 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)