Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 084 (The new commandment)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
B - Deɛ Ɛsiiɛ Ansana Awurade Ɛdidie No (Yohanne 13:1-38)

3. Ɔmaa asɔre no mmra nsɛm foforo (Yohanne 13:33-35)


YOHANNE 13:33
33 “Mma nkumaa, berɛ tiaa bina aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.”

Na ɔhyɛɛ Agya no annuoyam wɔ Honhom mu no, Yesu maa yɛn gyidie mu akwankyerɛ. Na ɔne yɛn nni hɔ wɔ honam mu nko, na mmom ɔwɔ hɔ daa wɔ soro hɔ. Kristo a ɔsoro firii awufoɔ mu no yɛ asɛm hiadeɛ a ɛho hia yiye wɔ wiase yi mu. Obiara a onim ɔteasefoɔ no na onnni ne mu gyedie mu no ani afura na woayera nso, na mmom obiara ɔbɛhunu no no bɛnya daa nkwa.

Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ babiaa ɔrekɔ no wɔrenntumi nni nakyi nnkɔ hɔ. na ɛnnyɛ Bɛdwa kuo no asɛm na ɔreka kyerɛ won, anaasɛ ne wuo ne ne sie mu, na mmom na ɔreka saa de akyerɛ won Agya no nkyen a ɔbɛsan akɔrɔ wɔ soro bio. Ɛfirisɛ na Agya aka sɛ “Tena me nsa nifa so ha kosi sɛ mede woatanfoɔ nyinaa bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.” Na Yesu anntu anyera ammfri nakyidifoɔ no nkyen prekopɛ mu, na mmom odikan ka kyerɛɛ won koraa mpo ansa ɔresɔre afri owuo muakɔ soro, ɛhɔ na onipa biara nntumi mmfiri ɔno ankasa ahoɔden mu nkɔ. Na ɔkaa saa asɛm yi nso kyerɛɛ Jewfoɔ no nso, nanso won annya ɛmu nteaseɛ. So asuafoɔ no nso tumi nyaa ɛmu nteaseɛ wɔ mberɛ woyii no maaeɛ no? Na ɔmaa won akwanya ma woyii Agya no ne Ɔba no ayɛ, na amma awerɛhoɔ annhyɛ won ma. So wobɛnya ne mu gyidie anaa, sɛ ɔrenngyae won? na won botaeɛ nso ɛrennyɛ kwa anaa?

YOHANNE 13:34-35
34 “Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho. 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m'asuafoɔ.”

Na Yesu nim sɛ nasuafoɔ no nnyaa ne nsɛm no mu nteaseɛ yiye, ɛfirisɛ na wonnyaa nhwiee Honhom no nnguu won so. Na ɛfei nso won honhom mu aniwa afura, na won dɔ nso nnsipi, “na Onyankopɔn nso yɛ ɔdɔ, na obiara a ɔtena ɔdɔ mu no tena Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso tena ne mu.” Onyankopɔn Baasa Koro no yɛ ɔdɔ. Ɛfirisɛ ɔdɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu no tim hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ, na Yesu pɛɛsɛ saa ade koro no a ɛyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu no nso bɛyɛ adwuma wɔ nnipa nyinaa mu, na ɛfei kronkronyɛ nso abɛyɛ asuafoɔ no abrabɔ.

Ɛno nti Yesu de ɔdɔ nkenyan wuraa nasuafoɔ no mu wɔ won ho won ho mu wɔ nasɔre no mu. Na woammfa akyiwadeɛ ɛdu a ɛyɛ mmra amma won te sɛdeɛ ɛteɛ wɔ Apam Dada no mu no, na mmom mmra nsɛm baakopɛ. Ɔdɔ na ɛhyɛ mmra no nyinaa ma. Na Moses maa nnipa mmra a ɛyɛ den, na Kristo maa yɛn deɛ ɛdi mu', na ɔno ankasa ne nhwesoɔ no. Ɔdɔ ne adeɛ a ɛho hia yiye wɔ Asɔre no abrabɔ mu. Na Asɔre biara a ɔdɔ nni mu no ɛnnyɛ Asɔre bio.

Ahintasɛm a ɛwɔ Kristo abrabɔ mu ne ɔdɔ. Onyaa ayemhyehyɛ maa ne Ndwan a won ayera sɛdeɛ Odwanhwɛfoɔ biara bɛyɛ no, na onyaa mmɔborohunu maa ndwan a ayera no nso. Na onyaa nasuafoɔ no ho boasetɔ ne aboterɛ mu. Kristo maa ɔdɔ bɛyɛɛ suban wɔ Nahennie mu. Na obiara a ɛwɔ ɔdɔ no tena Yesu mmɔborohunu mu, na mmom obiara a ɔtan ahyɛ no ma fri ɔbonsam. Ɔdɔ wɔ tema na ɛmma ne ho so koraa. Ɛfei ɔdɔ yɛ boasetɔ, na ɛwɔ anidasoɔ wɔ ade papa biara mu ne atanfoɔ mu mpo, sɛdeɛ asomafoɔ no de won maaeɛ no. Onyankopɔn dɔ nndi hwanbɔ ara da; na ɛno na ɛde ɛmu'die nyinaa ba.

Wɔ Asɔre no mu no ahyɛnsodeɛ biara nni hɔ agyesɛ ɔdɔ afɔrebɔ. Na sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ ɔsompa mu a ɛno mu na yɛbɛtumi ayɛ nasuafoɔ ampa. Yɛnya wɔ Yesu nkyen suahunu mu sɛdeɛ ɔdɔ mu nneyɛɛ teɛ. Ne mmɔborohunu mu nti na yɛte aseɛ, na yɛatumi afri anigyie mu de yɛn nnuanom mfomsoɔ nso akyɛ won. Sɛ obiara ammfa aniberɛ ammpre mpanindie ne ahomasoɔ a, na mmom sɛ obiara nya anigyie ɛfirisɛ Kristo Honhom ama won nyinaa nkabom a ɛdimu' a, ɛno mu na Ɔsoro Ahennie aba asaase soɔ, na Yɛn teasefoɔ Awurade no de ne Asɔre a Honhom Kronkron no ahyɛ no ma sis hɔ bebree.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na ɔdɔ nko na ɛma Kristofoɔ daa ɛdi soronko?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 07:57 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)