Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 121 (Jesus appears to the disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

2. Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ abansoro no so (Yohanne 20:19-23)


YOHANNE 20:21
21 ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.”

Na Yesu ka kyerɛɛ won bio sɛ, “Asomdwee nka mo”, na woabɔ afɔreɛ ama yɛn bɔne fakyɛ ne yɛne Nyankopɔn nkabom mu, na ɔpɛɛ won nso bɛyɛ asomdweepɛfoɔ na ama won atumi ayi nkwagyeɛ no ɛdi ma nnipa nyinaa. Wɔ asɛndua no so no, Onyankopɔn de nnipa nyinaa bɔne kyɛɛ won. Saa bɔhyɛ yi wɔ hɔ ma adebɔneyɛfoɔ nyinaa, na woayi atɛnbuo afri agyidifoɔ nyinaa so, na woama won anidasoɔ nso. Yesu somaa nasuafoɔ no kɔɔ wiase sɛ wonkɔka asomdwee ho asɛmpa nkyerɛ adebɔneyɛfoɔ.

Won a Onyankopɔn nam adom so agye won no anya nsesaeɛ wɔ akoma mu, na wɔde won atanfoɔ nyinaa nso bɔne bɛkyɛ won, sɛdeɛ Onyankopɔn nso de won bɔne akyɛ won no. Na wɔpɛsɛ wɔbɛtɔ won bo ase wɔ nsɔhwɛ mu sene sɛ wobɛdi bɔne akyi. Na ɛno mu na ɛbɛma ɔsoro adom nhyira bɛba won tenabea, sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ won sɛ, “Nhyira ne apatafoɔ; na won na wɔbɛfrɛ won Nyankopɔn mma.” Yɛn botaeɛ a ɛwɔ asɛmpaka mu no nnyɛ sɛ yɛde asomdwee a ɛnnyɛ papa bɛba aman mu; na mmom yɛbɔ mpaeɛ sɛ nnipa bɛnya adwene sakyera yie, na ɔboɔ akoma nso asesa ayɛ foforo. Wɔ saa nsesaeɛ no mu no amanbuo nyinaa bɛyɛ yie.

Yesu hyɛɛ nasuafoɔ no den wɔ adwuma a ɔde ahyɛ won nsa no mu na ama won atumi ayɛ sɛdeɛ Ɔno ankasa yɛeɛ no, “Sɛdeɛ Agya no asoma me no, saa ara nso na mesoma mo.” Ɛnti kwan bɛn so na Onyankopɔn somaa Ne Ba no? Ɛdikan no, ɔsomaa No sɛ Ɔba, ɛtɔso miennu no, sɛ onbɛyi Agya no ɛdi nkyerɛ yɛn, ne Ne kronkronyɛ wɔ ne nsɛm mu ne Ne dwumadie mu ne Ne mpaebɔ mu. Deɛ ɛtɔso miensa, Yesu ne Onyankopɔn asɛm, a ɔdɔ a ɛnni ɛwieɛ ahyɛ no ma. Na ɛyi mu na yɛhunu asɛmpaka no botaeɛ ne hia a ɛhia yie. Yesu wuo no ama yɛayɛ Onyankopɔn mma, sɛ yɛntena ase wɔ kronkronyɛ mu, na ama yɛayɛ pɛ wɔ ɔdɔ mu wɔ nanim.

Kristofoɔ yɛ Kristo ananmusifoɔ, a woabu won bem, na woate won ho ayɛ won fitaa sɛ wobɛgyina hɔ ayɛ pɛ wɔ ɔdɔ mu tesɛdeɛ ɔsoro Agya no teɛ. Na ɛyi ne asɛmpa no nyinaa botaeɛ, sɛ Agya no, nam Kristo wuo no so ayɛ won mma. Na asɛndua no ne won nipa foforoyɛ farebae ne susudua, na won gyidie nso na ama won ayɛ mma ɔdɔfoɔ.

Sɛdeɛ wɔwoo Yesu na owu de bɔɔ afɔreɛ maa yɛn no, saa ara nso na nakyidifoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔde won ho bɔ afɔreɛ. Na won nnhoahoa won ho, na wobu won ho sɛ Ɔsoro Nyankopɔn nkoa ne nnipa nyinaa nso nkoa. Na Awurade agye won afri won ankasa apɛdeɛ mu, sɛ wobɛnya ɔdɔ sɛdeɛ Ɔno nso wɔ ɔdɔ no.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase, ɛfirisɛ woafrɛ yɛn, yɛn a anka yɛnsɛ mfata no, sɛ yɛmbɛhyɛ Agya no annuoyam ne wo din annuoyam, wɔ nsɛm ne ndwuma mu. Yɛda wo ase sɛ wode yɛn bɔne akyɛ yɛn. Wotee yɛn ho sɛ yɛnka wo asomdwee ho asɛm nkyerɛ afoforo nso, na ama won aniwa abue atena nokorɛ mu. Yɛda wo ase, o Kristo, ɛfirisɛ woayɛ yɛn wo mma adɔfoɔ, na ama yɛn nso yɛnya ɔdɔ ne bɔne fakyɛ, sɛdeɛ wohunuu yɛn mmɔbɔ no.

NSƐMBISA:

  1. Adeɛ bɛn na ɛyɛ wawa wɔ mberɛ a ɔsomaa asuafoɔ no sɛ wonkɔ wiase nkɔka asɛmpa no mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:36 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)