Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 114 (Burial of Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
4. Asɛndua no ne Yesu wuo (Yohanne 19:16b-42)

f) Wosiee Yesu (Yohanne 19:38-42)


YOHANNE 19:38
38 Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n'amu no.

Ɛnnyɛ Bɛdwakuo no mu nnipa ɛduoson no nyinaa na ɛgye toomu sɛ wombu Yesu kumfɔ. Na nhwehwɛmufoɔ ama yɛahunu sɛ wobɛtumi abu obi kumfɔ a agyesɛ ɛkuo miennu bi nnya nteaseɛ wɔ obi ho ansa biribi saa bɛtumi ɛsi. Nanso sɛ won nyinaa ano kɔ bɛnkorɔ mu sɛ wombu obi kumfɔ a, na ɛndeɛ na ɛyɛ nnipakuo bi na abɔ pɔ bɔne atia saa nipa no a wɔtoto nano no, na ɛno kyerɛ sɛ Bɛdwakuo no ɛbu atɛnkyea. Wɔ biribi saa mu no, wɔyɛ nhwehwɛmu yie bio ne bio de hwehwɛ ɛho adansedie a ɛda ne kwan mu. Na sɛ wɔde saa nhyehyɛeɛ yi dii Yesu a, anka ɛbɛtumi aba sɛ bɛdwakuo no mu nnipa miennu bɛtumi asɔre atia atɛnbuo no. Ɛmu baako ne Yosef a ofiri Arimatia, a na ɔyɛ osuani a woanda ne ho ɛdi pɛfee (Mateo 27:57 ne Marko 15:43). na ɔmpɛ sɛ ɔbɛhwere nakondwa wɔ Bɛdwakuo no mu, anaasɛ ne gyinabea wɔ ɔman no mu, na ne nyansa mu dɔ yie. Yosef bo fuu Kaifas sɛ obuu atɛnkyea na ɔde ndaadaa nso dii Bɛdwakuo no so. Nanso Yosef anntumi annyi ne ho ammfri won mu na ama nnipa ahunu sɛ oka Yesu ho, na mmom ɔdaa ɛno ɛdi akyiri yi koraa, na nadansedie no bɛyɛɛ soronko koraa de sɛe Bɛdwakuo no agyinatuo no nyinaa. Na nnoɔma a ɛsisiiɛ nyinaa na wɔhwɛɛ ho de buu Yesu kumfɔ bɔɔ no asɛndua mu.

Yesu wuuiɛ akyirie no, Yosef kɔɔ Pilato nkyen (na ɔwɔ ho kwan sɛ otumi yɛ saa). Na Pilato nso nya nteaseɛ ma nadesrɛ no, na ɔmaa no ho kwan sɛ onyi Yesu nipadua no mmfri asɛndua no so na ɔnkɔsie No.

Na ɛno mu no, Pilato yɛɛ saa de tuaa Jewfoɔ no so ka bio, a wotumi twe amumuyɛfoɔ kɔ Hinnom bonhwua mu de won kɔma mboa ma wodi won honam, na wɔde sumina so nwira a ogya asɔmu twa won ho hyia. Nanso Onyankopɔn gyee Ne Ba no frii saa animguaseɛ kɛseɛ no mu. Na owiee Ne Nyankopɔn ahyɛdeɛ adwuma no sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ asɛndua no so. Na Ne soro Agya no hyɛɛ Yosef ma no siee Yesu wɔ abodan a ɛyɛ fɛ na nidie wɔ mu mu.

YOHANNE 19:39-42
39 Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛmfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae. 40 ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no. 41 Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforɔ bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; 42 na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn.

Na mpofirim mu no, Nikodemos nso bɛgyinaa asɛndua no ho. Ɔno ne onipa a ɔtɔsoɔ miennu a ɔsɔre tiaa Bɛdwakuo no agyinaeɛsie a wotu tiaa Yesu no. Na ɔno deɛ odikan sɔre tiaa Bɛdwakuo no atɛnbuo a wotuiɛ wɔ ahintaeɛ mu tiaa Yesu no, na ɔhyɛɛ won sɛ wɔmfa nokorɛ adansedie pɔtee a wogyinasoɔ tia Yesu no mbra (7:51). Na saa onipa yi a odii adanseɛ faa Yesu ho no nso baa asɛndua no ho, na ɔde aduhuam nkarii 32 baeɛ, ne atɔma a wɔde bɛkyekyere owufoɔ no ho nso baeɛ, na ɔboaa Yosef ma woyii No frii asɛndua no so baa fam na wɔde aduhuam ne ngo siesiee No, a ɛyɛ won amammerɛ. Na wɔyɛɛ no ntɛmso kosiee no, ansana dɔn a ɛtɔsoɔ nsia duruuiɛ wɔ saa Fiada ɛwemerɛ no, ɛfiirisɛ saa da no mu na Homeda no hyɛaseɛ, a obiara nntumi nnyɛ adwuma biara. Ɛno nti na aka mmere tiaa bi.

Yɛn Awurade Yesu n'Agya no hyɛɛ saa nnipa miennu yi ma wɔhyɛɛ Ne Ba a woawu no annuoyam, na ama Yesaia 53:9 no nkɔmhyɛ no aba mu, sɛ wobɛsie no wɔ atitiriwfoɔ mu wɔ annuoyam abodan bea mu. Ansana wobɛtumi ayɛ saa abodan no ɛyɛ adeɛ a ne boɔ yɛ den yie. Ɛno nti Yosef de Yesu kotoo abodan a ne boɔ saa mu a ɛyɛ ɔno anksa ne dea a ɛbɛn bea a wɔbɔɔ No asɛndua mu no wɔ kuro no afasuo no akyi. Na ɛhɔ na wɔde Yesu kɔtooeɛ wɔ saa abodan no mu a ɛnnyɛ adaka na wɔde No toomu, na mmom wɔde ntɔma na ɛkyekyeree Ne ho, na Nikodemos de nduhuam ne ngo siesie No.

Ɛyɛ ampa sɛ Yesu wuiɛ; na nabrabɔ a ɔbɔɔeɛ wɔ asase yi soɔ no baa ɛwieɛ wɔ mfeɛ aduasa miensa mu. Wɔwoo no sɛ obɛwu. Ɔdɔ kɛdeɛ biara nni hɔ sɛ obi de ne kra bɛtɔhɔ ama nadɔfoɔ.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛda wo ase sɛ wo wu maa yɛn. Mene agyidifoɔ nyinaa dɔ wo, ɛfirisɛ ɛyɛ wo dɔ no na agye yɛn afri Onyankopɔn abufuohyeɛ mu na ama yɛn nkabom wɔ Nyankopɔn Baasa Koro no mu. Gye mabrabɔ mu nnaase nyinaa na meyi wo ayɛ wɔ asɛndua no nti.

NSƐMBISA:

  1. Na nkyerɛkyerɛ bɛn na Yesu sie no kyerɛ yɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 08:37 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)