Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 083 (The traitor exposed and disconcerted)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
B - Deɛ Ɛsiiɛ Ansana Awurade Ɛdidie No (Yohanne 13:1-38)

2. Deɛ oyii No maaeɛ no daa ne ho ɛdi na ɔbɛyɛɛ otuatewni (Yohanne 13:18-32)


YOHANNE 13:21-22
21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama." 22 ɛnna asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wɔnhunu onii korɔ a ɔne no.

Yesu kyerɛkyerɛ nasuafoɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ne ɔsompa teɛ. Na ɔkyerɛɛ won ahobrɛaaseɛ ne ɔdwoɔ nso wɔ nabrabɔ nhwɛsoɔ mu, na ɛfei nso ɔka kyerɛɛ won sɛ ne tumi kɛseɛ bɛyi ne ho ɛdi ahyɛ won mmereyɛ ma, na ama won ahunu sɛ ɔno ankasa ne Awurade no, a ɔyɛ adeɛ nyinaa, wɔ owuo mu mpo. Wɔ ne nkyerɛkyerɛmu no mu no, ɔdaa Yuda akoma mu bɔne nsusuiɛ no ɛdi kyerɛɛ no, na ama ne bɔne a woasusu ahinta no apue, wɔ ɔsoro nhyehyɛeɛ nso mu.

Yesu daa no ɛdi kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ won mu baako bɛyi no ama Bɛdwa kuo no. Na saa asɛm yi a ɔka kyerɛɛ won no maa won yɛɛ baasaa wɔ Afahyɛ no mu. Yesu kaa saa asɛm yi kyerɛɛ won ɛfirisɛ na ɔno ankasa ho teetee no wɔ ne Honhom mu, ɛfirisɛ na woakɔ Lazaro nso adamona so nso dada. Na awerehoɔ hyɛɛ no ma. Na Yesu dɔɔ Yuda na ɔpaw no sɛ osuani; nanso na ɛyɛ wawa sɛ ɔno ankasa adamfo a woapaw no bɛtumi ayi Onyankopɔn Ba no ama. Nanso na Twerɛ Kronkron no aka atohɔ dada wɔ Nnwom 41;9, no mu sɛ, "Deɛ odii maboodoo no na woama ne nantin so atia me"

Na ɛyi mu no, asuafoɔ no bisabisaa won ho won ho sɛ, “hwan na obɛyi no ama?” Na woanngye nni sɛ won mu bi bɛtumi ɛyi no ama. Nanso na obiara wɔ adwene bi sɛ wobɛgya Yesu mu sɛ biribi si wɔ nabrabɔ mu a wɔbɛpo no. Na wohunuu sɛ Yesu ahunu won tirim mu adwene nyinaa, na won nyina ani yuuɛ wɔ won nsɔhwɛ a ada ɛdi wɔ Yesu kanea hyan no mu.

YOHANNE 13:23-30
23 Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu; 24 ɛnna Simon Petro bɔɔ n'ani kyerɛɛ no see no sɛ, “Bisa no deɛ ɔreka ne ho asɛm no.” 25 Enti ɔpa tweree Yesu koko mu bisaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ hwan a?” 26 Yesu buaa sɛ, “ɔno ne deɛ mede paanoo sini bɛbɔ mu mama no no.” Na ɔde paanoo sini no bɔɔ mu maa Yuda, Simon Iskariot ba no. 27 Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. ɛnna Yesu see nosɛ, “Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm” 28 Na yei deɛ, wɔn a wɔte adidiiɛ no mu biara anhunu deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. 29 Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no”, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ. 30 ɛnna ɔgyee paanoo sini no no, ntɛm ara na ɔfirii adie; na ɛyɛ anadwo.

Wɔ saa nsɔhwɛ yi mu no, a wɔrebɛyi no ama no, yɛkenkan adansedie a ɛyɛ adɔeɛ. Na Yohane twere Yesu nkyen. Saa ɔsɛmpakani yi mmɔ ɔno ankasa din wɔ nasɛmpa no mu, na mmom ɔka de kyerɛ sɛ deɛ ɔbɛn Yesu no, a ɛyɛ ɔdɔ ahyɛnsodeɛ. Ɛfirisɛ ɛyɛ akwanya kɛseɛ sɛ Yesu dɔɔ no yiye. Na ɛyi mu no ɔka de kyerɛɛ ɔno ankasa ne din, a ɛhyɛ Onyankopɔn Ba no annuoyam.

Na ɛyɛ Petro aniwuo sɛ obɛbisa Yesu nipa ko a obɛyi no ama nanso woatumi annhyɛ ne ho so. Ɛno nti ɔde nani kasa kyerɛɛ Yohane sɛ ombisa Yesu onipa ko a ɔbɛyɛ saa adeɛ no. Na Yohane bɔɔ ne mu ase bisaa Yesu sɛ, “Ɛyɛ hwan na obɛyi wo ama no?”

Na Yesu de nne bɔkɔɔ buaa saa asɛm bisa yi ano, nanso woammbɔ deɛ obɛyi no ama no din, na mmom ɔkaa no wɔ kasa koamu. Yesu ammpɛ sɛ ɔbɛbɔ deɛ obɛyi no ama no din wɔ saa mpenmpensoɔ no. Ɛfirisɛ na ɛyɛ bi a na Yudas bɛnya adwene sakyera. Yesu bubuu adom aboodoo no mu de maa nasuafoɔ no kaa ɔno ne won bɔɔmu na ɛfei obuu sini de bɔɔ kuruwa no mu de ma Yudas. Na saa oboodoo yi botaeɛ ne sɛ ɔde bɛhyɛ nasuafoɔ no dɛn akɔ daa nkwa mu. Nanso na sɛdeɛ na Yudas abɔ ne tirim sɛ obɛyi no ama no nti, aboodoo no annya no so nsunsuansoɔ biara. Ɛfirisɛ na woapirim nakoma ama adom no, ɛno nti ɔbonsam bɔ wuraa no mu. Ɛyɛ wawa sɛ! Wɔ ne pɛ kɛseɛ no mu no Yesu maa deɛ nakoma apirim no akoma yɛɛ dɛn. Na Yesu de aboodoo no maa no no, na ɔbonsam de ne nsa aka nadwene. Na ɔgyee aboodoo no pɛ, na ɔbɔnefoɔ bɔ wuraa nakoma mu. Yesu atɛnbuo a ɛbaa deɛ ɔreyi no ama no soɔ no yii no frii Onyankopɔn banbɔ mu na ɔde no hyɛɛ ɔbonsam nsa.

Na ntɛnsoɔ no, Yudas ho daa ɛdi wɔ mberɛ a ɔgyee aboodoo sin no. Na ɛfei Yesu hyɛɛ no sɛ, “Yɛ no ntɛm na kɔyɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no, na bɔne a woasusu wɔ wo tiri mu no mmra mu na afa so ama papa mmom apue ɛfri mu aba.”

Asuafoɔ no anntumi ante deɛ nti a Yesu ka kyerɛɛ Yudas sɛ ɔnyɛ no ntɛm no ase. Ɛfirisɛ na ɔtaa ka kyerɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm ɔkɔtɔ aduane a wobɛdi. Na Yohane werɛ anntumi ammfiri sɛdeɛ na Yudas teɛ wɔ suban mu, na ofrii Kristo kanea hyeren no mu kɔɔ ɛsum kabii mu.

YOHANNE 13:31-32
31 ɛnna ɔfirii adie no, Yesu kaa sɛ, “Afei wɔahyɛ Onipa Ba no animuonyam, na Onyankopɔn anya ne mu animuonyam. 32 Sɛ Onyankopɔn anya ne mu animuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no animuonyam ɔno ara ne mu, na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm.”

Ɛbɛyɛ dɛn na Yesu bɛtumi annuoyamhyɛ wɔ saa amumuyɛ yi mu? Ɛbɛyɛ dɛn na aba papa bɛtumi ɛfri nneyɛɛ bɔne mu aba?

Na Yesu dii awerɛhoɔ - berɛ a ne suani a woapaw no yii no maeɛ no. Na ɔkɔɔ so ara de ɔdɔ hwɛɛ no sɛ obɛyi no ama. Na Yudas deɛ otuu mirika kɔɔ Jewfoɔ Bɛdwa kuo no nkyen, na ɛmaa wɔde asraafoɔ kɔɔ Yesu nkyen kɔkyeree no anadwofa mu.

Kristo poo nnipakua no mpagya a wɔpɛɛsɛ wopagya no de no yɛ amanyɔni dikanfoɔ a ɔyɛ Mesaia, mberɛ a ɔhyɛɛ Yudas sɛ ɔnyɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ntɛmso no. Na ɔpɛɛsɛ obɛwu sɛ Onyankopɔn Adwammaa, na ɔfa so de gye nnipa firi mmerɛyɛ mu, ɛfirisɛ na onim sɛ ne wuo a ɛyɛ ɔdɔ afɔrebɔ no mu na nannuoyam nso bɛda ɛdi kɛseɛ.

Yesu annhwehwɛ ɔno ankasa annuoyam, na mmom ɔhwehwɛɛ nagya no annuoyam wɔ ne wuo mu. Ɛfirisɛ n'Agya no somaa no baa wiase sɛ ɔmbɛgye won a ayera nyinaa nkwa. Na Ɔba no pɛɛ sɛ ɔde Agya no suban a na ɛwɔ nnipa mu a wɔhwease na ɛbɔɔ won no san brɛ won bio. Wɔ saa nkenyan ne nsesaeɛ yi nti Yesu yii Agya no kyerɛɛeɛ na ɔtetee nnipa wɔ Onyankopɔn mu gyidie mu ne Agyayɛ adɔeɛ mu. Na ɛnnyɛ nteteɛ nko ara mu, ɛfirisɛ na bɔne ayɛ fasuo wɔ Onyankopɔn ne nabɔdeɛ ntam. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ Ɔba no wu na ɔde newuo no bubu ɔfasuo no a ɛtete Onyankopɔn ne nnipa ntam no, na ama trenee nyinaa ɛwie mu'die ne pɛyɛ. Kristo wuo no ne Onyankopɔn din annuoyamhyɛ. Na saa owuo no nnim a, anka Agya no ho nokorɛ nimdie biara nso nni hɔ koraa, na mmayɛ nso nni hɔ, ne Honhom mu nkenyan a ɛyɛ nokorɛ.

Kristo paa ne ho akyi no, ɛmaa ne wuo no de annuoyam brɛɛ Agya no, na ɔka kyerɛɛ won nso sɛ Agya no bɛhyɛ ɔno nso annuoyam, na ama woabɛyɛ annuoyam asuten akyɛdeɛ ama nnipa nyinaa. wɔ mberɛ a wɔkyere no na wɔrekɔbɔ no sɛndua mu no, Yesu hunuu sɛdeɛ ne mpagya bɛyɛ, ne sorokɔ ne n'Ahengua no korɔn. Ɛno nti Kristo wuiɛ na ɛmaa no kɔhyɛn nannuoyam mu.

Won a wɔpo Kristo amanehunu ne ne wuo no, na wobu no sɛ ɛyɛ ade hunu bi ara kwa no, nntumi nnhunu Onyankopɔn apɛdeɛ a ɔhyehyɛɛeɛ wɔ asɛndua no so ara da, ne Ɔba no kronkronyɛ nso, ɔno na asamando anntumi anntintim no so. Na oyii nannuoyam ɛdi kyerɛɛeɛ wɔ Onyankopɔn afɔre mukyea no so, afɔreɛ a ɔbɔɔ maa nnipa nyinaa no, na ama won a wɔgye no die nyinaa anya bembuo.

MPAEBƆ: Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron, Yɛyi wo ayɛ wɔ wo nkwagyeɛ a wode ama yɛn ho, ne woahobrɛaaseɛ ne woamanehunu a wohunuu maa yɛn nti,ne wowusɔreɛ. Na yɛgyedi sɛ wode wo mogya no agye yɛn. Yɛhyɛ wo annuoyam wɔ Honhom Kronkron no tumi. Woagye yɛn wɔ amanehunu ne abrabɔ mu nsɔhwɛ nyinaa mu. Abrabɔ a wɔde ama yɛn ne daa nkwa. Na yɛgye di sɛ woba no bɛpue nannuoyam mu a ɛrenkyɛ biara. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Annuoyam a Yesu daa no ɛdi wɔ mberɛ a Yuda frii ɛdi orekoyi no ama ase ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 07:50 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)