Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 052 (Disparate views on Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

b) Deɛ nkurɔfokuo no ne bɛdwakuo no ka ne won adwenkyerɛ a ɛfa Yesu ho (Yohanne 7:14-53)


YOHANNE 7:37-38
37 Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ, "Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo! 38 Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam."

Wɔ afahyɛ no ase no, Yesu kɔɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo no wɔ asorefie hɔ. Na wɔretwɛn sɛ ɔsɔfopanyin no behwie nsuo agu afɔremuka no so. Na asɔfoɔ mpanyinfo no nyinaa bae wɔ anigyeɛ ne ahurusie mu na wɔhwiee nsuo no wɔ Awurade anim, na ɛyɛ aseda afɔdeɛ, nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ nhyira a na wɔrehwehwɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn wɔ afe a ɛrebɛba no mu. Wɔyɛɛ saa amammerɛ no wɔ odiyifoɔ Yesaia ɛnum asɛm so, "Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu".

Na Yesu hunuu wɔn a na sukɔm de wɔn kra nyinaa no, ne wɔn a abosomsɛm nti wɔnnim nkwagyeɛ no. Yesu de ɛnne denden teamu kakyerɛɛ nnipakuo no sɛ,"Mommra menkyɛn na mo mbɛnom nkwa nsuo no bi kwa. Obiara a sukɔm de no ma no mmra menkyɛn. Me ne nkwa nsuten no".

Na obiara a ɔbɔ wiase abrabɔ no renya nkwagyeɛ wɔ Yesu nkyɛn. Na wɔn a wɔtie ne nsɛm no, ɔsee wɔn sɛ "Obiara a ɔgye me die na ɔtena me mu no bɛyɛ nkwa asubɔnten ama afoforɔ pii. Onyankopɔn asɛm hyɛ mo sɛ monya gyidie wɔ me mu, na Onyankopɔn nso ahyɛ no sɛ mommra menkyɛn na moanya daa nkwa ne abrabɔ mu anigyeɛ". Na obiara a ɔbɛn Yesu na ɔtie n'afotuosɛm no nya abrabɔ mu foforoyɛ. Dea nsukɔm de no sesa bɛyɛ nkwa asubɔnten, na pɛsɛmenkomenyani nso abɛyɛ akoapa nokwafo.

Woanya suahunu bi afiri ɔdɔ a Yesu wɔ ma woɔ ho? Ɔpɛsɛ woyɛ sɛ asubura a ɛfi ne nkekaeɛ biara nni mu. Ɛne sɛ worennndwene nnoɔma bɔne wɔ w'akoma mu. Na Yesu bɛtumi ate wo ho afiri bɔne ho na woatumi ayɛ nhyira ama afoforɔ

Yesu botaeɛ no nnyɛ sɛ ɔrebete nnipa adwene ne ne nkra mu nko ara, na mmom nipadua no ho nso, sedea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛgye wo ato mu sɛ afɔrebɔdea a ɛtease. Ne tirimupɔ ne sɛ wobɛtena ase wɔ krokronyɛ mu na wɔnnyɛ honam mu nneɛma biara, na mmom wobefiri w'ahoɔden mu nyinaa na w'asom afoforɔ. Na obiara a ogyae ne pɛ mu ma Yesu no bɛyɛ nhyira ama nnipa pii.

YOHANNE 7:39
39 Na eyi deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.

Obiara a ɔgye Yesu di no nya Honhom Krokron mu akyɛdeɛ. Na sɛ Honhom no ba yɛn so a, ɛbɛyɛ nsɛkyerɛnne wɔ yɛn ne yɛasefoɔ mu. Yɛ tease wɔ Honhom Krokron nkyerɛkyerɛmu. Ɔnyɛ bɔfoɔ anaa abode bi na mmom Onyankopɔn no ara, ahoteɛ ne ɔdɔ ahyɛ no ma. Na Honhom no te sɛ ogyaframa a tumi wɔ mu. Ɛsan nso yɛ yɛawerekyekyefoɔ. Ɔkristoni biara a ɔtew ne ho na ɔyɛ pɛ no ma saa Honhom Krokron yi kwan na ɔbɛtena ne mu.

Na woanhwie Onyankopɔn Honhom no agu wiase nyinaa so wɔ Kristo nna no mu, ɛfisɛ na bɔne atwe nnipa afiri Oyankopɔn nkyɛn. Nnoɔma bɔne pii ɛbɛyɛɛ akwansideɛ a na ɛsi Honhom no kwan firi onipa ho. Nanso berɛ a Yesu bɛwu maa yɛn bɔne no, na asɔreɛ firii awufoɔ mu kɔɔ soro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa soɔ no, Ɔne N'Agya no nyaa nkabom, na Ɔsomaa ne Honhom no baeɛ ɛgyidifoɔ nyinaa so wɔ babiaa. Onyankopɔn yɛ Honhom na ɔsan nso wɔ biabiaa wɔ mberɛ biara mu. Ne saa nti no ɔbɛtumi atena ogyidini biara a ɔgyidi sɛ Yesu de ne mogya na atɔ no mu. Ɛno nti onua, so Onyankopɔn Honhom no te wo mu anaa? Kristo mu tumi aba wo so anaa? Bra Yesu nkyɛn. Na ne mu na nkenyan ne yiedie wɔ. W'aka wɔ n'asɛm mu sɛ ' deɛ ɔba me nkyen no ɛkɔm renne no, na obiara a ɔgye me die no, sukɔm renne no. Ɛno nti "Obiara a ɔgye die no sɛdeɛ Twerɛ Nsɛm no aka no, nkwa asubonten bɛsene ɛfiri ne yɛfunu mu ama woabɛyɛ nhyira ama afoforo nso.

YOHANNE 7:40-44
40 ɛnna nkurɔfokuo no mu pii tee asɛm no no, wɔkaa sɛ, "Odiyifoɔ no ni ampa" 41 Ebinom se, "Kristo no ni" Na ebinom nso se, "Kristo nobɛfiri Galilea no no? 42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire?" 43 Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuo no mu. Wɔantumi ankye Kristo 44 Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.

Na wɔn a wɔretie no mu bi nyaa nokorɛdie ahoɔden atinka wɔ Yesu nsɛm no mu, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa saa tumi no. Na wɔkaa wɔ nnipa nyinaa anim sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim Onyankopɔn pɛ, na ɔsan nso ka nnipa akoma mu ahintasɛm. Ɔyɛ odiyifoɔ a Mose hyɛɛ no ho bɔ sɛ ɔno na ɔrebɛdi nnipa anim wɔ Apam Dada mu afri nkunimdie akɔ Onyankopɔn mu ayɔnkofa ne ɔsompa mu. Ne saa nti ɛbinom paemu kaa sɛ oyi ne deɛ wɔhyɛɛ ne ho bɔ a ɔyɛ Mesaia no a ofri Nazaret no ampa.

Nanso atwerɛfoɔ no nam won wiase nyansa ne nimdeɛ so yɛɛ ɔyɛkyerɛ kasatiaa no kaa sɛ, "DAABI! Ɔfiri Nazaret, nanso ɛyɛ ɔhyɛ sɛ Mesaia no bɛfiri David kurom na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n'aseni nso." Saa Twerɛ asɛm yi a ɛkasa fa ne ho no yɛ nokorɛ, ɛnti adɛn nti na Yesu anka ankyerɛ wɔn sɛ Bethlɛhɛm na wɔwoo no? Ɛwɔ deɛ nti a ɔyɛɛ saa. Deɛ ɛdikan ne sɛ, Ɔhene Herod abusuafoɔ ɛmpene so sɛ Ɔhene foforɔ biara bɛfiri baabi ɛbedi wɔn so hene. Na won abɔ wɔn tirim pɔ sɛ wobekum kum mpempem na w'akɔ so ara anya tumi wɔ wɔn ahennie no mu. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, na Yesu ɛmpɛ sɛ ɔbɛfa abakɔsɛm so atwe akra biara aba Ne nkyen. Na mmom na ɔpɛ sɛ ɔma wɔn gyedie nya ngyinasoɔ wɔ ɔdɔ ne Ne tumideyɛ mu. Ɛno nti ɔtwee won a won nnhunuuiɛ nanso woagye ɛdi no nyinaa baa Ne nkyen.

Na ɛkyingyigyeɛ kɔɔ so wɔ nkurɔfokuo no mu, na mpaapaemu baa wɔn mu. Ɛbinom kaa sɛ ɔno ne Kristo no na ɛbinom nso kasa tiaa no. Na asɔredan no mu asomfoɔ no sɔreeɛ sɛ wɔrebɛkye no akɔ ɛfiase. Nanso ɛnam ne nsɛm no mu tumi a wɔteeɛ no nti wɔantumi ambɛn no.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛhyira wo wɔ wo dɔ ne wo tumi. Wo mu na nkwa wɔ. Wode wo mu gyedie atwa yɛn ho hyeɛ. Na woahwie ho Honhom agu yɛn so. Wo nyamesu no abɛyɛ yɛn dea wɔ gyedie mu, yɛn ade bɔneyɛfoɔ. Wode wo mogya no atew yɛn ho, sɛ yɛ tena ase daa nyinaa.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu tumi kaa sɛ, "deɛ osukɔm de no no ɔmbra me nkyen mmɛnom nsuo?"

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)