Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 051 (Disparate views on Jesus)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

b) Deɛ nkurɔfokuo no ne bɛdwakuo no ka ne won adwenkyerɛ a ɛfa Yesu ho (Yohanne 7:14-53)


YOHANNE 7:31-32
31 Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ, "Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?" 32 Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.

Nanso wɔ saa ɔtaa no nyinaa a ɛbaa no so wɔ Yerusalem no mu no, nnipa pii kɔɔ so gyee no diiɛ wɔ tumi a ɛreyɛ adwuma wɔ Yesu mu no. Na wɔkaa sɛ, "Ɛyɛ bi a na Ɔno ne Mesaia no; ɛfirisɛ na woayɛ nsɛnkyerɛnne akɛseɛ bebree, na ɛmaa bebree no ara de won werɛ hyɛɛ no mu. Na ɛmaa Yesu nyaa akyidifoɔ pii wɔ kuro kɛseɛ no mu."

Na Fariseefoɔ no hunuu saa no, sɛdeɛ won a wɔretetɛ no ka kyerɛɛ won no, sɛ nkenyan ne ɔhyewbɔ aba nnipakuo no mu no, na ɛfei nso Ne dwumadie no nso regye nhini wɔ Yerusalem no, wɔde abufuo ne ɔtan ne natanfoɔ no, a won ne asɔfoɔ no ne Saduseefoɔ no nyinaa bom yɛ adwene sɛ wɔbɛtaa no. Na wɔhyɛɛ sɛ won a wɔwen asɔrefie hɔ no mmma Yesu akwanya biara bio wɔ asɔredan no mu koraa. Na ɛfei Asɔfoɔ Mpaninfoɔ no yɛɛ adwene korɔ sɛ wɔne Fariseefoɔ no nyinaa bɛbom ayɛ baako na won akyere Yesu ato afiase.

Na Awurade abɔfoɔ nso twaa Onyankopɔn kyerɛkyerɛfoɔ no ho hyiaaeɛ wɔ asɔredan no mu, na wosii awenfoɔ no ho kwan sɛ wɔde ɔhyɛ a won mpaninfoɔ no ahyɛ won no bɛyɛ adwuma. Na Yesu hunuu sɛ saa nkoa yi reba no so, nanso woanndwane ammfri won anim, na mmom ɔmaa N'annuoyam no daa ɛdi, ɛno na Ɔsɛmpakafoɔ no atwerɛ atohɔ ama yɛn sɛ Onyankopɔn nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ a ɔwɔ ma yɛn.

YOHANNE 7:33-36
33 ɛnna Yesu see wɔn sɛ, "Mewɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi, na merebɛkɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ." 35 ɛnna Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ, "ɛhe na oyi rebɛkorɔ a yɛrenhu no? ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafoɔ mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ? 36 Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ, 'Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ?' "

Yesu ka kyerɛɛ natanfoɔ no sɛ ɔbɛtena won mu beretiaa bi mu. Na onim sɛ obɛwu sɛ Onyankopɔn Adwammaa. Na ɛfei nso onim sɛ ɔbɛsɔre afri owuo amona mu aba nkwa mu bio, na ɔbɛforo akɔ soro akɔ N'Agya no nkyen bio. Yesu pɛɛsɛ obɛhunu N'Agya no, a ɔsomaa no sɛ ɔmbɛgye yɛn nkwa no. Ɛnam dɔ a ɔdɔ wiase yi nti ofrii N'Agya no nkyen baa yɛn nkyen wɔ wiase yi mu.

Yesu hunuu sɛ ɛbɛyɛ N'akyidifoɔ nyinaa wawa yiye paa wɔ Newusɔreɛ mu ne Ne sorokɔ mu. Na ɛfei nso awerɛhow bɛhyɛ won ma, ɛfirisɛ wɔyɛ nipa nti wɔrenntumi ne no mforo nkɔ soro bi. Na ɛfei nso na onim sɛ natanfoɔ no bɛhwehwɛ no sɛ 'woayera' ɛfri adamona no mu. Wonnue won a wonnɔ Agyenkwa no! Saafoɔ no nyinaa nntumi nnya N'annuoyam no mu kwan ne ɔsoro Ahennie nso mu kwan. Ɛfirisɛ won bɔne bɛtete wɔne Onyankopɔn ntam. Na anngye anndi nso bɛyi won ɛfri adom no mu.

Jewfoɔ no anntumi annya nteaseɛ wɔ Yesu anom nsɛm mu, na wɔfaa no wɔ nnipa nteaseɛ mu sɛ ɔbɛsɛ ɔma Jewfoɔ hyiadan ahorroɔ no de won ho firi Greekfoɔ nkuro ahorroɔ a ɛtwa Mediterranean ho ahyia no. Na anka saa ne Ne botaeɛ a anka ɔbɛtwe akyidifoɔ pii a wonnim hwee fa Hebrewfoɔ Twerɛsɛm mu koraa. Na ɛbinom dii few kaa sɛ, ɔbɛma nani aku Greekfoɔ no ho na ɔde Ne nsɛm ne ne nkyerɛ no akɔ won mu na woayi ɔteasefoɔ Onyankopɔn ɛdi akyerɛ won.

Na bere a Yohane Twerɛɛ Yesu anom nsɛm yi nyinaa no, na ɔte Efeso wɔ Greekfoɔ no mu. Saa mberɛ no na nkwagyeɛ ho asɛmpa no ɛduru Jewfoɔ no nyinaa nkyen wɔ hɔ. Ɛno nti Greekfoɔ bebree gyee Kristo diiɛ. Na ɔsɛmpakani no hunuu wɔ Yesu anom nsɛm no mu ne few a Jewfoɔ no dii no no sɛ nsɛnka kɛseɛ sɛ Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛni kɛseɛ wɔ Greekfoɔ no mu. Na woammfa wiase nyansa annkasa annkyerɛ won. Na ɔsee won sɛ Yesu ne deɛ ɔma - nkwa no; na Ne mu na tumi a ɛnnsa da fri ba daa.

NSƐMBISA:

  1. Deɛbɛn na Yesu ka faa nnoɔma a ɛbɛsi anaa ɛbɛbamu wɔ N'anim?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 06:58 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)