Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 05 Third Commandment: Do Not Take the Name of God in Vain

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

05 - Mmra Nsɛm A Ɛto So Miensa: Mmbɔ Awurade Wo Onyankopɔn Din Kwa



EKODOS 20:7
’Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.
'


05.1 - Onyankopɔn din

Onipa ntumi ntra a ne bɔfoɔ nka ho. Ɛfisɛ wɔbɔɔ no wɔ nesuban ne nesɛso. Na ɛno akyi no, wode too ne sare so wɔ ne wiase mu, a ɔrehwehwɛ ne fie a ayera no, ne nahoɔden farebae a ahinta no. Na Onipa nwenee anyame mpem mpem de ne ho too wɔn so, a ɛde osuro ne nneoma a ɛka Onipa hyɛ na ɛbrɛɛ no. Onipa sɛe sika wɔ ntafowayi nneoma ho, nsam kenkan, ne nea ɛtete saa a ɛmfa banbɔ biara mbrɛ Onipa. Muslimfoɔ anaa Nkrammofoɔ few won aboɔ honi no akyi, sɛ honhom timu bi a ɛfi soro. Buddhistfoɔ nso som Buddha sika honi a ɔresereɛ kyerɛ nakyidifoɔ no a won ayera no.

Na Awurade Adiyisɛm a ɛfa ne ho no sɛ: "ME NE YAHWEH, wo AWURADE". ɛsɛ anka ɛma Onipa biara gyae sɛ ɔhwehwɛ nyame foforo bi. Na bre a oyii ne ho adi wo ogya no mu wɔ sare so hɔ no, yɛ abakosɛm kɛse, Ɛfisɛ Awurade daa ne ho adi, na oyii ne din kyereɛ. Onyankopɔn ho Adiyisɛm horow bebree na ada adi wɔ Apam dada ne Apam foforo nwoma mu. Kyerew Kronkron ma yɛn ɛdin aha nsia aduomiensa ne awotwe 638 fa Onyankopɔn baasa koro no ho. Wɔ kasa foforo bi mu no, ɛdin no mu biara nso wɔ ɛdin foforo wɔ mu. Ɛno nti, Onyankopɔn nnyɛ trenee ni nko, na mmom ɔno mu na trenee nyinaa wɔ, na ɛfiri ba nso. na ɛdin no mu biara nso kura nannuoyam kɛseɛ no. Na ne din a ɛdaa ne ho bebree no ara ne Yahweh (6,828 ahorow wɔ apam dada no mu). Saa ɛdin yi kyerɛ sɛ Otumfoɔ Okurafoɔ, ƆKronkronni, Ɔhotewni, Tete Nyankopɔn, a ɔnnsesada na ɔyɛ Ɔnokwafoɔ.


05.2 - Awurade ne Apam foforo no

Awurade ankasa sanee baa asaase so wɔ Onipa teabea mu, a wɔfrɛ no Yesu a Ofiri Nazareth, wɔ Apam foforo no mu. Abɔfoɔ, Adiyifoɔ, ne Agyidifoɔ nyinaa paemu ka sɛ "Yesu yɛ Awurade". Nanso Yesu anhyɛ ne ho annuoyam, na mmom ɔhyɛɛ Na Agya a ɔwɔ soro no annuoyam daa. Na ɔkyerɛɛ yɛn mpaebɔ. "Yɛn Agya a Wowɔ Soro, Wo din ho ntew". Wɔ saa mpaebɔ yi mu no, Agya no din ho tew, wɔ annuoyam ne nidie mu wɔ osoro ne asaase so din nyinaa mu. Onyankopɔn Adiyi a ɔde maa ne ba, Yesu no apɛgya yɛn akɔ soro aduru Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.

Awurade Yesu bɛfaa Onipasu wɔ ahobreaseɛ mu. Na ɔnam asendua no animguase wuo no mu ama nkabom aba abɔne nyinaa ne Ɔkronkronni no ntam. "Ɛno nti Onyankopɔn nso ama no so akɔ soro kɛse, na wama no din a ɛboro din nyinaa so, sɛ wɔbɔ Yesu din a nkototwe nyinaa nkoto, nea ɛwɔ Osoro ne nea ɛwɔ asaase so, nea ɛwɔ asaase ase, nyinaa mpaemu nkasɛ Yesu Kristo yɛ Awurade nhyɛ Agya no annuoyam" (Filipofo 2:9-11). Honhom Kronkron no hyɛ Yesu din no annuoyam daa, na ɔhyɛ yɛn nkuran daa sɛ "Yesu yɛ Awurade". Na saa ara nso na Honhom Kronkron no kyerɛ yɛn Onyankopɔn Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron no biakoyɛ kɛseɛ a ɛyɛ nadwuma baako. Ne dɔ biakoyɛ adwuma no kyerɛ ne Nyanmesu. Na David hunuiɛ kaa sɛ: "AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w'atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ" (Nwom 110:1).


05.3 - Wobɛyɛden na woahu Onyankopɔn din?

Sɛ obi rekɔ kuro bi a onnim mu a, ɔbɔ mmɔden sɛ obɛya obi a onim no wɔ kuro no mu akyiriakwan, anaa sɛ ne kasa fireɛ so. Obɛtumi afrɛ nadamfo na woabisa mmboa ne akwankyerɛ. Nhyira ne Onipa a onim Onyankopɔn din nokware mu, na onim "kwan a wɔfaso frɛ no" (Nnwom 50:15): na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam. Yɛn Awurade a ɔwɔ Soro no, ɔnnda na ɔnntɔnko, na ɔtwen yɛn sɛ yɛbɛfrɛ no daa.

Sɛ yɛne Honhom Kronkron di ahyɛm mu a, ɛma yɛn bɔne da ɛdi pɛfee wɔ yɛn anim, yɛn Kronkron ho tɔ hyima. Ne Kronkronyɛ tumi no, yi yɛn mmerewyɛ ne sintɔ nyinaa adi, na ɛma yɛn Nnipasu nyinaa ho da hɔ pɛfee, wɔ sɛnea ɛte ankasa. Nanso Onyankopɔn adɔeɛ ne ne mmɔborohunu hyɛ yɛn nkuran ma yɛ paemu ka yɛ bɔne ne yɛa hantan a ɛyi ne ho ɛdi, no kyerɛ no. Na yɛnim sɛ Onyankopɔn din tumi yɛ adeɛ nyinaa yiye ma nea wabubu no mpo, nya awerekyekye wɔ Onyankopɔn mu.

Yɛn gyidie mmoroso wɔ Onyankopɔn mu no, ma yɛtintim wɔ Mmra nsɛm a ɛtɔso miensa no mu, a ɛse: "ME NE AWURADE WO NYANKOPƆN", na asɛm pɔtee a ɛka sɛ "WO" no rekyerɛ sɛ, Onyankopɔn, Ɔkronkronni no, nim nabɔdeɛ nyinaa, abɔneyɛfoɔ, apapafoɔ, ne won a wɔyɛ mmere nso. Na ɔhyɛ yɛn nkuran wɔ ne nokwaredie, ne ne banbɔ mu. Sɛnea Apam foforo no kyerɛ no, ɔde yɛn abɛka Onyankopɔn abusua ho, bɛbia Yesu ankasa ne ɛtiri no, na yɛn nyinaa yɛ nadwumayɛfoɔ asomfo wɔ ne Honhom nipadua mu. Onyankopɔn Agya no, pɛ sɛ ɔne ne mba nyinaa nya adwene ne Honhom koro, na ɔne yɛn bom yɛ adwuma na ɔgye awoɔ ntoatoaso bɔne wiase yi firi amumuyɛ mu. Wɔ nadom kɛse no mu no, woama yɛn tumi sɛ yɛngye ne din no ndi wɔ yɛn dwumadie nyinaa mu.


05.4 - Sɛ wobɛbɔ Awurade din no, kwa

Yɛte wiase a Onyankopɔn tumi kɛse a ɛmudɔ ne nadiyisɛm a ɛwɔ kyerew Kronkron no na ɛkura ɛyɛ adeɛ nyinaa. Nanso Nnipa kakraabi na wɔde won akoma nyinaa gye no di. Sɛ Onipa antena Onyankopɔ nan ase daa a, ɛma ɔbɔ Awurade din no kwa. Saa nnipa no de Awurade din di few, na wɔde Awurade din no di agoro te sɛ woredi sika ho agoro. Na mpo won a woaya awo foforo wɔ Awurade mu no, bebree no, how Honhom Kronkron no were wɔ wɔ ɛnum kasa fi mu. Na bebree no ara ani mmba wɔn ho so sɛ wɔrekasa atia Onyankopɔn din no. Mmra nsɛm a ɛtoso miensa no bɔ yɛn kɔkɔ na ɛhwɛ yɛn so sɛ yɛrenmmɔ Awurade din no kwa.

Kristofoɔ binom a won nteaseɛ wɔ fam bebree bɔbɔ Onyankopɔn din basabasa anaa hunu, wɔ mbre a wɔndwene ho koraa wɔ kasa mu, na ɛbi taa ka sɛ "Ooh Onyankopɔn! kwa, anaa, "ma' Wurade! anaa "Jesus! kwa, ne nea ɛte saa. Saa suban yi nyinaa te sɛ mfra bi a wode tetephone redi agoro, na wafrɛ obi wɔ tetephone no so, na won kasa, ne saa nti nso sɛ onipa ko a wɔfrɛɛ no te sɛ tetephone no resu bio a abufuo nti ɔretie bio koraa. Saa ara na sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn ɔte, na yɛnkasa. Na aden nti na wo bɔ ne din no kwa, na wode ne din no di agoro, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛn kwa yɛ tia bi wɔ AWURADE anim.


05.5 - Muslimfoɔ anaa Nkrammofoɔ bɔ Allah din

Muslimfoɔ gyidi sɛ, ɛsɛ wɔtaa bɔ Allah din daa ne mbre biaa. ɛfisɛ wogyedi sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛno na ɛtew won ho, ne won ahofama, won trenee, ne won nokwaredie. Na wogyedi sɛ, mpredodow a ɔbɛbɔ Allah din no, ɛno nso na Allah de ne bɔne nyinaa kyɛ no. Ɛno nti wɔma won nne so yiye wɔ won som mu bɔ Allah din, a ɛnnyɛ ɔkwa ma won. Saa nteaseɛ yi wɔ Muslim som mu no, ma yɛhu sɛ, wɔ ne Allah nni ayonkofa soronko bi. Na mmom ɔne Allah nkutahodie no gyina ne mpen dodow frɛ, sɛ akoa bi refrɛ ne wura na mpo oni awerehyɛm sɛ ne wura no retie no anaa sɛ onntie.

Na won daa daa mpaebɔ no yɛ, aturomaadeɛyɛ. Na ɛsɛ sɛ, Muslimfoɔ dodoo no, tumi ka, kasa Fatiha (Sura al-Fatiha) mpen du nson, wɔ dede mu, anaa komyɛ mu, wɔ won mpen num mpaebɔ da koro biara mu. Bɛyɛ Muslimfoɔ nnipa mpem mpem wɔ wiase afanan nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde Fatiha bɔ mpaeɛ wɔ Arabic kasa mu nanso bɛyɛ nnipa ɔpɛpem aha awotwe 800, nte Arabic kasa no. Na Awurade mpaebɔ nso no ɛbinom ka no mfomsoɔ mu wɔ nsɔre bi mu wɔ bre a woreyɛ Asɔre.


05.6 - Mfomsoɔ Mpaebɔ ne Agyingyɛ hunu

Ɛnnyɛ Muslimfoɔ nkoaa na wɔwɔ ɔkasa dodoɔ wɔ mpaebɔ mu, na mmom Kristofoɔ bebree nso wɔ ɔkasa dodoɔ mu mpaebɔ te sɛ, maame bi a ɔde nnwom toɔ regyegye ne ba agoro akɔda. Aden nti na yɛfrɛ Onyankopɔn na yɛnya mbuaeɛ mfiri ne hɔ, anaa yɛne Onyankopɔn rekasa na yɛdwen neoma hunu ho, ne yɛn ankasa ndwuma ahorow ho, yɛn dwen ɛyi ho yiye sɛ, mpo sɛ ɛba sɛ anka yɛrekɔhyia ɔman panin bi ne no adi nkɔmmɔ a, so yɛrendwene asɛm a yɛbɛka no ho yiye ansanna yɛkɔ nim anaa? na Onyankopɔn nnyɛ kɛse sene saa mpaninfoɔ yi? Saa ara na obi bɔ mpaeɛ kasa dodoɔ mu kwa a, obu Onyankopɔn animtiaa.

Kyerewkronkron adesuafoɔ mu ɛkununi tumi bu Mmra nsɛm a atɔso miensa no, na wɔhow Honhom Kronkron were, wɔ mbre a wɔresua asɛm no, na wɔrebooboo ho, na wɔrekasa fa Onyankopɔn ndwuma ne ne nsankyerenne ho no, wotumi kasa te sɛ abɔdeɛ mu nhwehwɛmufoɔ bi a woahwehwɛ nneoma bi a wɔde rekɔyɛ mpensenmpensenmu a, wonte Onyanme Honhom biara wɔ mu. Yɛntumi mfa biara nsi hɔ, anaa yɛnka kasa hunu biara mfa Onyankopɔn ho, ɛfisɛ Onyankopɔn nnyɛ biribiara kɛkɛ. Na mmom ɔyɛ Ɔteasefoɔ a Odi yɛn nyinaa so. Otie yɛn anum kasa horow nyinaa, na onim yadwen ne yɛn nsusui dada. Ɛno nti, Osuahu biara a ɛmmfa midie ne osuro mma Onuankopɔn no, yɛ atuatew a ɛtia Mmra asɛm a ɛtɔso miensa no.


05.7 - Onyankopɔn din bɔ mu bɔne

Due, wobiara a wohyɛda danne Onyankopɔn Asɛm, sɛ wodi ho few anaa wode di agoro. Won a wɔbɔ ɛdin a ɛboro din nyinaa so no kwa, na woamfa obuo ne nidie ɛne osuro ɛmma no. Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ, yɛne amumuyɛfoɔ bom di Onyankopɔn Asɛm ho few. Na mmom ɛsɛ sɛ yɛbɔ fewdifoɔ no kɔkɔ, na yɛgyina ma Onyankopɔn. Nnwoma akyerewfoɔ ne oyi kyerɛ mfoni yifoɔ nim nsɛn hunu a wobɛtumi aka agu ɔsom ho fi, wɔ won dwumadie mu. Na won dwumadie mu deɛ, wonbɔ din bi so te sɛ, "bɔne", "atɛnmmu gya mu", anaa "ɔyera ne ɔseɛ" na mmom wodanne no wɔ kasa kowa mu. Na won ankasa nsɛm bɛba wɔnso abɛbu wɔn atɛn.

Nnipa tumi fa abufuo wɔ afoforo ho, na won abufuo mu no, wotumi de Onyankopɔn anaa Allah anaa Yesu din dome afoforo. Na wɔka ntɛm na wodome atɛmmuo ba nipa so, ka nsɛm ahorow a ɛfa ɔsom ho, a wondwen ho. Ɔsɔfoɔ bi paa dan tɔ ni bi a ɔretɔ dan ho, na Ɔsɔfoɔ no tee sɛ, ɔreka ntɛm dome, na Ɔsɔfoɔ no bisaa no sɛ, "So wonim mpaebɔ denden saa". Na ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfo no sɛ, "daabi ɛnyɛ mpae na merebɔ". Na Ɔsɔfo no bisaa no sɛ metee sɛ worebɔ Onyankopɔn din rebɔ mpae, na megyedi sɛ obɛtiewo. na odwumayɛni gyaee.

Mpen bebree no, Nnipa ano pa, na ɔka ndome nsɛm a wɔndwene ho ansa na woaka, tia afoforo, anaa mpo wodome won abusuani wɔ won abufuo mu. na ɛde ɔtan kɛse bɛto Nnipa ntam. Na Yesu kaa sɛ ndome nsɛm yi, te sɛ awudie ɛfisɛ wogu Onyankopɔn suban a ɛwɔ Onipa mu no, ho fi.


05.8 - Onyankopɔn kɔkɔbɔ, ne Asotwe a ɛmu yɛ den

Mmra Nsɛm a ɛtoso miensa no kura owuo kɔkɔ bɔ. Onyankopɔn de asotwe a ɛmu yɛ den bɛba obiara a ɔbɔ ne din kwa no so. Saa kɔkɔbɔ yi nyinaa akyi mpo no, Nnipa bebree de Onyankopɔn din kata won amumuyɛso, na wɔde ne din kata won afɔbuoso bu won ho bem. Wondue won a wɔbɔ Onyankopɔn din kwa de kata wɔn amumuyɛso! ɛno nti Nnipa nngye ne nua Nnipa ndi bio, ɛfisɛ Onipa de Awurade din ka ntɛm koraa mpo a, na ɛyɛ atoro. Ɛno nti Yesu hyɛɛ yɛn ma yɛnka ntɛm koraa, na mmom ma wo "yiw nyɛ yiw", ne wo "dabi nyɛ dabi". N nea ɛboro ɛyi so no firi ɔbonsam. (Mateo 5:37). Sɛ yɛka ntɛm na yɛtwa atoro a, ɛnyɛ Nnipa na yɛtwa no atoro, na mmom Onyankopɔn ankasa. Atoro ntɛm ka wɔ Mmra Nsɛm a ɛtoso miensa no mu, na ɛbɔ yɛn kɔkɔ fa ho, sɛ yɛbɛbɔ Awurade din no kwa. Ɛno nti na kyerew Kronkron no se, AWRADE SURO, ne nyansa ahyeaseɛ. Yɛn nyinaa hia Awurade suro, anyɛ saa yɛbɛ hwease wɔ bɔne mu.

Onyankopɔn nim wɔn a yɛ ne deɛ, nanso womfrɛ no da bɔne mu, na wongye no ndi sɛ ɔbɛgye won so na woakyerɛ won kwan, na mmom wofiri nakyi kɔ anyame foforo nkyen ne ntafowayifoɔ hɔ abisa, wɔn a wɔka atorosɛm ka sɛ wohu ɛndɛ, ɔkyena ne daakye. (Deuteronomium 18:9). Onyankopɔn se, Na ɔkra a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyire adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m'ani asa saa ɔkra no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene. (Lewiticos 20:6)Na ɛyɛ akyiwadeɛ nso sɛ wobɛkɔ nsamanfrɛfoɔ hɔ abisa. Saa bɔne ne abususɛm yi nyinaa ma Onipa ne Onyankopɔn ntam tete, na ɛbue kwan to hɔ ma ahonhom fi ba Onipa abrabɔ mu. Na wɔ Onyankopɔn anim no, saa ɛfi yi nyinaa yɛ ɛdwamanmmɔ. Na ɛyɛ akyiwadeɛ te ɔbaa anaa ɔbarima afa ne yere anaa ne kunu akyi akɔ obi foforo adwamanmmɔ mu. Ɛnyɛ wawa sɛ, Awurade frɛ saa nneyeɔɛ no nyinaa sɛ "Honhom mu adwamanmmɔ" (Lewiticos20:6) Na Nnipa yi, "abɔnefoɔ ne adwamanmmɔfoɔ asefoɔ".

Wɔ Ɛbibi man mu, Africa no, Nnipa de bansere sie won ho sɛ wɔde rebɔ won ho ban afiri bɔne ho. Wode sika aboɔden tɔ saa nneoma yi, de won were nyinaa hyɛm. Na wotumi kyerew krataa, de sunsum a ɛkyekere adwene wura mu, de pɛ sika, adwuma ne ɔdɔ nkyekereɛ wɔ ɔbaa ne barima ntam. Aman a wɔyɛ saa abusudeɛ yi nyinaa nnim Onyankopɔn. Wɔ Aman bi so mpo no, wɔkyerɛ ntafowayi, abɛyigoro, ne adunsisɛm wɔ kasa foni so. Yɛn Kristofoɔ hunu saa nneomɛ yi nyinaa sɛ, ɛyɛ ɔbonsam akodeɛ a ɔde rewia Nnipa a woadwene aduru sum no. Na ɛbue atɛnmmu gya kwan ma Nnipa. Na Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ wɔ saa nneyeɔɛ nyinaa ho sɛ, ɛno na ɛtete yɛn ne no ntam. Yesu nkoaa na obɛtumi ama saa Nnipa yi fahodie. Ntafowayi ne abɛyigoro, ne ahonhom fi frɛ, nyinaa kɔ atɛnmmuo seɛmu. Wɔ Idia no, ntafowayifoɔ bebree wowɔ ahɔhodan ahorow mu, retwen sɛ wɔbɛka ahintasɛm akyerɛ ahɔhoɔ no. Na wotumi nso twe aniwa bɔne a akotia won nneoma. Na ɛbinom de dwudwu sensen won hyɛn mu, won abɔnko so, ne won mfie mu, ne nndua ahorow ho sɛ wode reyi mmusuo. Na saa Nnipa yi gye sum mu tumi di paa sene Onyankopɔn Ɔsoro Agya. Na wɔda nkondua kɛseɛ mu wɔ saa nneyeɔɛ yi mu.


05.9 - Abususɛm a Ɛtia Onyankopɔn

Nnipa binom boapaa tumi bɔ Onyankopɔn din ka asɛm, na woakɔso aa de Onyankopɔn ne Kristo din aka ntɛm wɔ won nsɛm mu. Na wɔdanne bɛyɛ ɛsoɔden mma a wɔtew atua tia Onyankopɔn Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron. Ɔbonsam yɛ Onyankopɔn tanfoɔ dada. Abususɛmka tia Onyankopɔn, no te sɛ wɔde wo ho rema ahonhom fi a woapue afi asamaado reba. Sɛ obi bɛkenkan krataa tenten a woadome Kristo din wɔ mu a, anka ɛsɛ sɛ ohu no sɛ ɛde no rekɔ ɔseiɛ kɛse mu. Lewiticos 24:14-16 se: ‘’Fa deɛ wadome no firi adi kɔ nsraban no akyi, na wɔn a wɔteeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n'atifi, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ. Na kasa kyerɛ Israelfoɔ nso sɛ: Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne. Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no.’’

Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛyɛ ahweyie paa, mpo sɛ yɛrekasa atia nea ɔkaa abususɛm no ho asɛm bi a. Nnipa bebree a ahonhom fi ahyɛ won ma, ani nso afura, na wɔdwen sɛ woresom Onyankopɔn no, na mmom wonim sɛ wɔreko tia Onyankopɔn ne ne Kristo no. (Yohanne 15: 19-21) Mpaninfoɔ a wosusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ no, won aa na woyii Yesu maeɛ sɛ wonku no, sɛ woaka abususɛm atia Onyankopɔn. Ɛfa ho sɛ woyɛ honiom mu mpaninfoɔ, nanso wɔn anhunu no sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba. Wɔ won ahokeka ma Onyankopɔn no, wɔbɔɔ musuo tia ne Kristo no a wasra no no. Wotuu ntasuo guu nanim, na wɔbɔɔ no asotɔrɔ. Tete mpaninfoɔ no anhu, na woangye won Awurade, nea wɔhwɛ no kwan no, nanso na ɔwɔ won ntam. Na mmom wɔpoo no, na wɔbɔɔ no Asendua mu, bɛpem nndɛ bebree da so po no.

Te sɛ Jacob asefoɔ yi ara, saa ara, na Muslimfoɔ nso dwen sɛ, sɛ wogye Yesu Onyamesu di, na wogye ne wuo ne wusɔreɛ di a, ɛyɛ abusudeɛ ma won wɔ, Onyankopɔn anim. Wɔgye Jewfoɔ no nkyerekyere bɔne no tum, na wɔ ako atia Onyankopɔn baasa koro no mu gyidie. Na wowɔ abufoɔ kɛseɛ ma Onyankopɔn Ba no, ne nasendua no ho asɛmpa. Na woyi wɔn nneyeɔɛ adi mmom kyerɛ wɔn mmusubɔ a ɛtia Onyankopɔn Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron, ɛfiri wɔn tan a wɔwɔ ma Onyankopɔn baasa koro no. Na Hindufoɔ deɛ, wongye Kristo tumi biara nni, na wohu no sɛ anyanme no mu baako.

Na Kristofoɔ bebree nso tumi hyease paa mpo kodu sɛ, wɔkɔsom ɔbonsam. Na wɔ de anigye ne apontoɔ ne mogya aforebɔ ma ɔbonsam sɛ wɔde resom. Na wɔdanedane yen Awurade mpaebɔ no nhwɛsoɔ de ka won nsɛm de som ɔbonsam. Na saa kwan yi so na sum mu atumfoɔ nam de wia obiara a ɔnngye Onyankopɔn nkwa a ɛwɔ Kristo mu no ntum no, sei.

Na Kristo mu, guankɔbea kɛseɛ bi wɔ mu a asaman mpo ntumi nkyi mfa mu. Yɛn guanhwefoɔ no se; Me guan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m'akyi; na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da. M'Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m'agya nsam. Me ne Agya no yɛ baako. (Yohanne 10:27-30).

Jewfoɔ no pɛɛ sɛ wodi Mmra Nsɛm a ɛtɔso miensa no so yiye, na mpo wosuro sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn di kɛseɛ no, anaa sɛ worenyɛ mfomsoɔ biara. Yɛnim sɛ, wɔ Hebrew kasa mu no, Onyankopɔn din ne YHWH, a ntwereɛ anan yi yɛ ne nsiananmu. Na ɛfiri tete mfeɛ mu 300BC. Kyerɛ sɛ, ansa na worebɛwo Yesu, na Jewfoɔ no kenkan kyerewsɛm bɔ saa din yi, na ne teaseɛ nkyerɛseɛ no ne "Adonai". Ɛdin "Jahovah" no yɛ Onipa adwen ne nhyehyeɛ na ɛnam so baeɛ na woyi fririi ɛdin "Adonai" mu a ne nsusuansoɔ ne "YHWH". Na ɛfiri mfeɛ AD, 1520, a ɛkyerɛ sɛ Yesu awoɔ akyi ansa. Na Ɛdin ankasa paa a, Onyankopɔn de maeɛ no ne "Yehweh".

Na sɛ wodwen ho paa a, yɛbɛbisa sɛ so, ɛsɛ sɛ yɛbɔ din Onyankopɔ mpo? Na anka ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn din ankasa yiye, na yɛn nyinaa ankotɔ atɛnmmua mu.


05.10 - Sɛ Yɛbɛbɔ Onyankopɔn din yiye

Mmra a ɛtɔso miensa no nnsi yɛn ho kwan sɛ yɛnam Honhom pa mu bɛbɔ Onyankopɔn din. Na ɔmaa yɛn ne bɔhyɛ kɛse, "sɛ wonam gyidie, ɔdɔ ne aseda mu bɔ Awurade din a ɛnyɛ ɔkwa",. Na Awurade nam wo gyidie adansedie no mu de wo bɔne nyinaa bɛgye wo, na woakeyan wo nndamfofoɔ nso. Awurade din no, nyɛ dwudwu, anaa tumi bɔne a yɛbɛtumi de ayɛ nea yɛpɛ. Na mmom ɔteasefoɔ no fa ne din so yɛ adwuma wɔ ne pɛ agyinatuo ne ne nsusuɛ mu. Na Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Obubuani no sɛ, "Wɔ Yessu Nazareth no din mu sɔre nantew". Na ɔka kyerɛɛ Mpaninfoɔ no sɛ, Na ɛnam Yesu din gyidie so na ne din ahyɛ oyi a mohu no yi, na monim no yi den, na gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim. (Asomafo 3:6,16, 4:10) Na ɛsɛ sɛ yɛya nimdeɛ kɛseɛ wo ɛdin Yesu ne ne tumi mu. Schlatter kyerew kronkron osuani kununi bi, na woasua apam foforo no mu nsɛm mboroso, na nabrabɔ mu no, ɔkyerɔɔ Nwoma bi a woato no din, WO NIM YESU ANAA?. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ Yesu din no traa kwa, na mmom ɛsɛ sɛ yɛ te yɛn Awurade ase yiye paa. Momma yɛnyini wɔ nasɛm no mu yiye wɔ mpaebɔ mu. Na yɛndwen ne nsɛm ho, na Onyankopɔn akasa akyerɛ yɛn wɔ nasɛm mu, na ɛtumi atena yakoma mu yiye.

Na ɛboa yɛn ma yɛtumi yɛ Yesu asuafoɔ yiye di ne ho adanseɛ, sɛ yɛkenkan Apam dada ne Apam foforo no nyinaa daa ne daa a ɛbɛma yɛya tumi, ɛfisɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ tumi, na ɛma yɛhyɛma wo Honhom Kronkron ne Nyansa mu ma. Nhyira ne Onipa biara a ɔde Onyankopɔn Asɛm hyɛ nakoma ne nadwene ma. Na Agyidifoɔ adansedie ne won a woayini wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ɔbrabɔpa tumi hyɛ yɛn den ma yɛte Onyankopɔn din ne nadwuma ase yiye, na ɛhyɛ yɛn gyidie nso den. Yɛbɛya anigyie sɛ yɛsua Onyankopɔn Asɛm no da biara a, na yɛnamfonom nso nam yɛn gyidie no so anya anigyie bi.

Sɛ yɛte Onyankopɔn Asɛm a, yɛnyɛ ankonam bio, na mmom yɛhu yɛn Awurade no daa ne daa. Na yɛbɛtumi afrɛ no prekopɛ, ɛfisɛ yɛnim ne din. Ɔne yɛn kasa wo nasɛm no mu, na yɛn nso, yɛgye no so wɔ mpaebɔ mu. Akwanya kɛse paa ne sɛ, yɛtumi ne ɔbɔadeɛ no kasa fa yɛn bɔne ho, yɛn yarewa ho, yɛn haw ne ateetee nyinaa ho, na otie yɛn. Na nefutuo mu yɛ du na ɛyɛ huam sene obiara. Ɔdɔ yɛn sene yɛn asaase so Agya mpo. Na ɔde yɛn bɔne nyinaa akye yɛn, ɛnam ne Ba Yesu wuo wɔ asendua no so nti, na woma yɛn daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ wɔ ne Honhon Kronkron a ɛte yɛn mu no mu.


05.11 - Yi Onyankopɔn Ayɛ, Wɔ Wakoma ne Wadwen Nyinaa mu

So yɛde yɛakoma ne yɛadwen nyinaa yi Onyankopɔn Ayɛ? Momma yɛnkae sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn ne yɛn Agya, na ne Ba koro no, nso yɛ yɛn Gyefoɔ, na ne Honhom Kronkron no nso ne yɛn daadaa Awerekyekyefoɔ ne yɛahoɔden, na mmoma yɛnda no ase daa. Sɛ, yɛde ɛhu ne ahopopo bɛsom no wɔ nanim no, mmom no, momma yɛnsom no, sɛ ne mma adɔfoɔ a yɛnigyie wɔ ne ndwuma ho, sɛnea ne nhyira ne nanidasoɔ Ɔgyeɛ adwuma ɛwieɛ no teɛ no. Na Ɛnsɛ sɛ yɛtena ase wɔ bɔne wuo mu bio, na mmom sɛ, yɛbɛtena ase sɛ ateasefoɔ wɔ Kristo mu daa. Ɛno nti sɛ wontumi ne nwomtofoɔ mbom mto Nnwom a, wo nkoaa to Nnwom, anaa sɛ fa wakoma nyinaa to nnwom ma Awurade. Sɛ obi bɔ Onyankopɔn Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron din wɔ akokoduro mu wɔ mpaebɔ ne ayɛyiye mu a, Ɔhyɛ Otumfoɔ Onyankopɔn Annuoyam, na ɔsɔ nani, sɛ ɔreyi no ayɛ.

Sɛ obi wɔhɔ a onnim Onyabkopɔn, na nakoma apirim, na nadwen nso bu no fɔ wɔ nahintaɛ bɔne ho no, ma no nken Ɔsamafo Petro Afutuo no, sɛ, "Na ɛbɛba sɛ, obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no" (Asomafo 2:21). Yɛ wɔ akwanya sɛ yɛ ne Onyankopɔn Agya no, bɛkasa kwan ahorow so wɔ Yesu Kristo din mu, na obɛtie yɛn. Sɛ yɛben Onyankopɔn a, ɔno ɔno nso bɛben yɛn. Na Onyankopɔn "Yɛn Agya" no din no hyɛ yɛn bɔ sɛ Osoro Nhyira nyinaa, woasiesie de ama yɛn. Yesu Kristo din no wosow asamando ngyinasoɔ, ɛfisɛ woadi bɔne tumi, owuo ne ɔbonsam so nkunim. Honhom Kronkron no hyɛ Onyankopɔn Ba no Annuoyam, ɛfisɛ ne din mu na yɛaya nkwagyeɛ a ɛnni ɛwieɛ ne Onyankopɔn mu ahoɔden kɛseɛ. Na ne mu na yɛaya banbɔ, ahoteɛ, anigyie ne asomdwee. Na senea awia bɔ wɔ asaase soɔ, de na hoɔden tumi ba asaase nyinaa so daadaa no, saa ara na Onyankopɔn baasa koro no nso ma yɛn ahoɔden no, de adom bɔ adom so ma yɛn daa. Hwan na ɔremfa aseda mma Onyankopɔn anaa ɔreyi Ɔba no ayɛ, na ɔrebɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron tumi mu?, Ɔdɔfoɔ Bue wakoma mu ma Awurade Honhom Kronkron awerekyekyefoɔ yi, na wobɛhu sɛ Onyankopɔn yɛ mpaebɔ tiefoɔ. Fa wayeyiye fa Awurade Yesu so ma ɛndu Onyankopɔn anim, na saa ayɛyiye no na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Da no ase, na yi no ayɛ, ɛfisɛ ɔdɔ wo, na wagye wo, na wama wo daa nkwa.


05.12 - Gyedie Mu Adansedie Ma Afoforo

Hwan na obɛtumi nka nano atum, sɛ ayɛyiye ahyɛ nakoma mu ma a? Na Hwan nso na obɛtumi akora nkwagyeɛ tumi a woaya no so, wɔ ne nkoaa ho?. na onim sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ?. Asɛmpa trew adwuma a ɛtwe akra no nnyɛ onipa pɛ, na mmom Awurade Yesu hyɛ yɛn sɛ, yɛnkɔ wiase afanan nyinaa na yɛnka asɛmpa no nkyerɛ Nnipa nyinaa. Yesu Kristo nkunimdie ne ne tumi no, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ abɔdeɛ nyinaa. Ɔsomafo Petro kaeɛ sɛ; "Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ",( Petro 3:15). Na Yesu nso bɔɔ yɛn kɔkɔ; Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m'agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m'agya a ɔwɔ soro no anim. (Mateo 10:32-33).

Wɔ Ɔsomafo Paulo, amanehunu ne nakodie mu wɔ Onyankopɔn atanfo nsam no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no anadwo na ɔhyɛɛ no nkuran. Nsuro, kasa, na mmua w'ano! ɛfiri sɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu. (Asomafo 18:9-10). Na ɔka kyerɛ no sɛ, Na mɛgye wo mafiri ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam. Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu. (Asomafo 26:17-18).

Na ɛwummere no, wɔ ne wusɔre akyi no, wɔ mbre a na nasuafoɔ no nyinaa ato wɔn ho mu wɔ dan mu no, Yesu baa wɔn nkyen na ɔmaa wɔn tumi sɛ; Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo. Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ. (Yohanne 20:21-23). Sɛ wosua kyerew nsɛm yi na wode sie wakoma mu a, wobɛya ahoɔden ne akwankyerɛ na abue kwan ama woatumi aka Asɛmpa akyerɛ wɔn a wonngye ndi, na woayera wɔ amanaman mu.


05.13 - Sɛ yɛbɛsom Awurade din

Sɛ Awurade nam Nasɛm so kasa kyerɛ yɛn, na yɛde mpaebɔ gye so a, na yɛ bɔ ne din Kronkron no, wɔ yɛ nnamfonom ne mpo yatanfonom anim a, ɛhɔ na yehu ne din tumi ne mu ahoɔden. Wɔ Yesu din Asomafoɔ no saa nyarewa, tutuu ahonhomfi, yanee awufoɔ, na Yesu ankasa nasɛm so, maa ɛpo asrɔkye yɛ komm. Na ɔde abodoo ɛnum maa Nnipa mpem di mee. Na ɔde bɔne nyinaa nso gyeɛ, na ɔde ne Nhira ne daa nkwa nso maeɛ. Yese kae sɛ; M'Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. (Yohanne 5:17). Yɛnkasa wɔ ne din mu nkoaa, na mmom ɔno akasa nso reyɛ yɛn ho adwuma wɔ yɛn mmereyɛ mu. Sɛ Agya no, Ɔba no ne Honhom Kronkron no te yɛn akoma mu a, Onyankopɔn yɛ nsenkyerenne ne awawadeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. Na ɛmfa ho senea ɛteɛ biara, sɛ kɛse oo tetewa o, ɔno na ɔyɛ nadwuma.

Adansedie ne nokware nyinaa faarebae firi agyidifoɔ no abrabɔ adanse die mu. Yɛ Hyira Onyankopɔn, na yɛsan nso fom no. Nanso Honhom Kronkron no bɔ yɛn kɔkɔ firi abrabɔ bɔne ho kɔ abrabɔpa mu, na ɔtew yɛn ho, ɛfisɛ ɔno, ɔyɛ Kronkron. Yesu kyerɛɛ yɛn mpaebɔ, na ne nsɛm a ɛdi kan ne sɛ "WO DIN HO NTEW" ne sɛ, yɛde yɛano ne yɛabrabɔ bɛtew Awurade din ho. Yɛn mpaebɔ bɛyɛ ntoro, na yɛadansedie nso ayɛ ndaadaa, sɛ yɛamfa yɛn abrabɔ ansi hɔ yiye, amfata Onyankopɔn tumi a, ne ahobrease a ɛsi pi.

Nokwasɛm ni, yɛde yɛn pɛ yɛ bɔne, na yɛyɛ hodwoo wɔ Ɔkrokronni no anim. Yɛn bɔne nnyɛ Nsɛmpa wɔ Onyankopɔn anim, na ɛsɛ sɛ yɛkae daa biaa sɛ, yɛhow ne wereɛ wɔ yɛn amumuyɛ mu. Nanso obiara a woasakyera nadwen no, Honhom Kronkron abɛyena ne mu, na ɔkyekye ne were, na ɔhyɛ ne nkuran sɛ Yesu mogya no tew ne ho firi ne bɔne nyinaa mu (1Yohanne 1:19) Agya no, Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛya gyidie na yɛatra Onyankopɔn baasa koro no din mu. Na sɛ yɛde boasetɔ tra ase wɔ ne dɔ kɛse a ɛboro adwene ne nteaseɛ no mu a, yɛya nahoteɛ no bi.

So wonim, na wote Onyankopɔn din no ase paa yiye?. So ne din Kronkron no wɔ wano anaa?, Na Honhom Kronkron no nso te wakoma mu anaa?, Ɛno ne ɛno nko na wobɛtumi abɔ Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron din wɔ nokware ne ɔdɔ krɔgyenn mu. Awurade mbɔ wo ho ban, na ɔnnkora wano, sɛ worembɔ ne din no kwa, na mmom wode angyie ne ahosɛpɛ bɛyi no ayɛ wo nkwa nda nyinaa mu.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)