Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 04 Second Commandment: Do Not Make Idols

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

04 - Mmra Nsɛm A Ɛtoso Miennu: Nnyɛ Ohoni Biara



EKSODOS 20:4-6
Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn. me ne AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ, na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ.

Mmra nsɛm a ɛtoso miennu no, hyɛ Mmra nsɛm a ɛdi kan no den, na ɛkeyan mu. Ne saa nti, wohu wɔ mbeaɛ bi ne won nhyehyeɛ ahorow mu sɛ Mmrasɛm a ɛdi kan. Ɛbinom nso hu nu sɛ ɛyɛ Mmra nsɛm a ɛyɛ den na ne teaseɛ nso yɛ won den.


04.1 - Ɛtia Kristosom Mfoni Ahorow

Muslimfo anaa Nkrammofoɔ, ne Jewfoɔ bebree kasa tia Kristofoɔ mu bebree sɛ wɔsɛe Otumfoɔ Onyankopɔn Mmra. Na wɔka sɛ "mo ne nkrofoɔ a mobubu Onyankopɔn Mmra nsɛm no. Ɛfisɛ, mode ka ho duro hyehyɛ mfoni ahorow yɛ no te sɛ Otumtoɔ no suban wɔ mo nsusui adwen mu, na mode ama nnipa sɛ wonkotow no, onipa nsa ano adwuma". Na saa nteaseɛ yi de ano booboo bebree aba Kristofoɔ ahorow ntam. Na ama Kristofoɔ binom tumi firii wɔn asafo mu kɔ asafo foforo mu, na wɔhyew ohoni biara a wɔwɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyanme no. Ɛsɛ yɛhunu sɛ adeɛ biara nni hɔ a yɛbɛtumi de asi hɔ, akyerɛ Oyankopɔn tumi ne nannuoyam suban. Onyankopɔn mfoni biara biara, a wɔde ka ho duro ahyehyɛ no, di Onyankopɔn tumi ne nannuayam ho fɛw. Ɛfei, Ahotewfoɔ anaa Abɔfoɔ mfoni biara nso yɛ ade hunu a mfasoɔ biara nni mu. Onyabkopɔn so_ kɛse yiye paa, ɔyɛ Kronkron paa, na ɔwɔ baabiaa a onipa ntumi mfa nadwen nsusu no, nkyerɛ senea ɔteɛ ne ne suban. Ɔyɛ soronko koraa sene senea onipa de nadwen hu no no, a ɛnnyɛ mfoni biara koraa, mpo te sɛ Michelangelo!

Onyankopɔn yi ne ho adi kyerɛ nnipa wɔ ɔkwan miennu so wɔ kyerew kronkron mu. Nea ɛdi kan, oyi ne ho adi wɔ nanum nsɛm a ɛwɔ kyerew sɛm no mu. nea ɛto so no ne, adiyiɛ ne anisoade hunu mu. Wɔ apam dada no mu no, Awurade yii ne ho adi mpɛn bebree wɔ nasɛm tumi mu, senne anisoɔdeɛ hunu mu. Na mbre a Yesu Onyankopɔn ba no sakyeraaɛ annuoyam mu, wɔ nasuafoɔ no anim no, won nyinaa hwehwee ase sɛ awufoɔ, ɛfisɛ ne Kronkronyɛ tumi no hyeren mboroso wɔ won mmereyɛ so. Na wohuu anisoɔde hunu, afa afa nti woatumi annkyerɛ adehunu no mu yiye paa.


04.2 - Sɛ yɛbɛpo, anaa yɛbɛgyae abosomsom

Sɛ yɛhwehwɛ Mmra nsɛm a ɛto so miennu no mu yiye paa a, yɛbɛhunu sɛ, ɛnnkyiri sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn mfoni. Na mmom ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnkotow ahoni biara nnsom won. Won wokotow sɔre, ndua honi, anaa aboɔ, anaa onipa nsa ano adwuma biara no, gyina hɔ ma Onyankopɔn abufuo.

Apam dada mbrɛ mu no, na ohoni kɛseɛ bi wɔ bepɔ tenten bi atifi, a ɛwɔ apueɛ fam. Na wɔde aboɔ na ɛyɔɛ, na wɔde sii kurom sɛ nnipa nsom no. Na Afie fie mu nso, na wɔsom ndua, aboɔ, ne sika kɔkɔɔ ahoni a wɔsom wɔn. Na obiara a woagye Onyankopɔn nokwafoɔ no anndi no, ahonhombɔne bɛwura ne mu na wɔfa no nnomum. Wɔ Yesu mbreɛ so no Greekfoɔ de wɔn ho bataa abosomsom de wɔn ho nyinaa maa abosom ndwuma. Na Egyptfoɔ, Assyriafoɔ, ne Babylonfoɔ nyinaa yɛɛ saa ara. Ɛno nti na Moses ne Adiyifoɔ no tuu abosomsom so sa wɔ ɔko denden mu no. Ɛndɛ nso yɛtumi hu saa abosom yi a Adiyifoɔ no domee wɔn no wɔ mbea bebree bi te sɛ Cairo, Baghdad ne Beirut mbeaɛ. Na abɛyɛ mbeaɛ bi a ahɔhoɔ kɔ hɔ nsrahwɛ. Nante di hɔ akɔ ne aba, mpo ma won mpaboa mpo hwere senne tetefoɔ no wɔ Acropolis, ne ahenfo nna so, wɔn mpaboa hwere senne tete Greekfoɔ ne Egyptfoɔ yɛeɛ. Nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛma nneoma a ahinta na yɛnhu no bɛda adi honam mu, na mmom Onyankopɔn asɛm no deɛ, wɔn ani nsɔ. Onipa pɛsɛ ɔde nani hunu nneoma akɛseɛ akɛseɛ a ahinta, senne sɛ ɔbɛte kɛkɛ. Na nea ahinta ne nea wontumi mfa nsa nka no deɛ, ɛyɛ ade foforo koraa ma no. Ɛyi nti na kasafoni ayɛ nsɔhwɛ kɛseɛ ama nnipa bebree a wopɛsɛ wodi Mmra nsɛm a ɛtoso miennu no so no.


04.3 - Jewfoɔ ne Nkrammofoɔ si mfoni ho kwan

Kasafoni, oyi kyerɛ foni, ne abakosɛm foni nwoma, yɛ ade a ɛredi ahim bebree na nnipa pɛ no yiye wɔ Muslimfoɔ aman mu ɛndɛ, nanso bɛyɛ mfeɛ apem aha miensa aduonum 1,350 rekɔ ni no, Muslim man no braa saa nneoma yi, nyinaa firii wɔn man mu sɛ akyiwadeɛ. Na saa ɔhyɛ yi a wɔde too ɔman no so no mmom adanne, na ɛno mmom ama Arabicfoɔ de mfoni ahyehyedeɛ siesie won ndwuma, ma no yɛ fe yiye, na ɛyi ho adansedie da adi wɔ Islamic amanmmere mu wɔ Saudi Arabia, wɔ Chinafoɔ Mosque mu, Morocco ne South Africa Aban trabea mu. Na Mmra nsɛm no ho nsunsuansoɔ no da ɛdi pɛfee wɔ Nkrammofoɔ anaa Muslimfoɔ ndwumadie mu, ɛbi te sɛ, nhyiren drɔm mu, ne nneoma a wɔ de kahoduro ahyehyɛ atɔ nkrataa, ndua, ndadeɛ, ne aboɔ so. Sɛ yɛhwɛ nea mfoni tumi yɛ a, ɛbi te sɛ, kapɛte anaa ɛfam kuntu, a wɔde mfoni ahyehyɛ no fefɛɛfe, wɔ ahyensodeɛ ahorow mu, na ama wiase nyinaa, agye mfoni ahyehyɛdeɛ atum.

Muslimfoɔ a wowɔ Saudi Arabia de ɔbarima bi a onni tiri ahyensodeɛ na ɛgyina kyerɛ sɛ woretwa ɔsa. Na ɛnnyɛ mmra mpo sɛ wɔde kahoduro bɛdrɔm onipa tiri. Nanso wɔ Iran, Turkey ne Idia, mpo no, ɛnfa won ho sɛ won mmra no kyekyere won, na ɛyɛ abusudeɛ wɔ Quran no mu fa saa mfoni nneoma yi ho. Na mpo wɔde kahoduro drɔm Muhammad ne Ɔbɔfoɔ Gabriel mfoni, a anka ɛnnyɛ mmra, na ɛyɛ abusudeɛ wɔ Arab Muslim mu bɛpem ndɛ. Na Arab man bi yɛɛ oyi kyerɛ foni bi fa Muhammad ho, nanso woama nɛnim amba oyi kyerɛ foni no mu. Oyi kyerɛ foni no nyinaa ɛkame ayɛ sɛ, Muhammad huu nea ɛkɔɔsoɔ nyinaa, na ɛte sɛ ɔde ɔno ankasa ɛnne rekasa. nanso ɔno ankasa annyi ne ho adi. Ɛno nti, Kristofoɔ a wɔyɛ oyi kyerɛ foni ho adwuma no, ɛsɛ wɔhwɛ yiye fa Onyankopɔn diyifoɔ Muhammad foni ho, sɛ wɔde no reyɛ oyi kyerɛ foni a, anaa mpo Kristo mfoni ama Muslimfoɔ a.

Jewfoɔ nso wɔ ahwɛyiye paa fa Mmra nsɛm a ɛto miennu no ho, sɛ woremfa kahoduro ndrɔm mfoni biara a ɛkyerɛ Onyankopɔn. Wɔ AD 70 no a Titus, Roman panin bi faa Jerusalem nnommum no, ɔkɔɔ Awurade Asɔrefie hɔ, na owuraa Kronkron mu Kronkron hɔ, hwehweɛ sɛ anka obɛya sika honi bi a, anaa sɛ obɛhunu sika aboɔden adeɛ bi wɔ hɔ a, nanso yoaya hwee. Na Kronkron mu Kronkron no nso, na hwee nni hɔ, ɛfisɛ Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɔnnyɛ abɔdeɛ. Bibiara ntumi nsi nananmu te sɛ ohoni.


04.4 - So Yesu mfoni tia kyerew Kronkron no?

Kristofoɔ nteaseɛ a fa Mmra nsɛm a ɛtoso miennu no nkyerekyere yɛ soronko sene Muslimfoɔ ne Jewfoɔ. Kristo bɛfaa onipa tebea, na wɔwoo no sɛ onipa. na aniwa nyinaa huu no wɔ ne mbreso wɔ asaase so. Na ɔkaeɛ sɛ; "Nea Ohu Me Biara no, Wahu Agya no Nso". (Yohanne 14:9). Wiase ne adebɔ nyinaa bɔtaeɛ hyɛɛ ma, wɔ Kristo mu. Na Kyerew Kronkron no ka sɛ; Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn. (Genesis 1:27) Na oyii Adam ne Eve sii hɔ sɛ wonsi Onyankopɔn annanmu. Onyankopɔn yɛɛ Onipa annuoyam sɛ ɛnkyerɛ ɔno ara nannuoyam wɔ asaase so, bɛsi ɛndɛ.

Woama yɛn akwanya sɛ yɛndi dɛ wɔ nabɔdeɛ mu, na yɛni nka ne nhyeren, mboa ne nnipa ho. Na mmom ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔn anyame, na ɛnsɛ sɛ yɛsom wɔn. Abɔdeɛ nyinaa wɔ hɔ sɛ nabɔdeɛ. Na wɔn nyinaa hye Agya no ase sɛ abɔdeɛ, nti ɛnsɛ sɛ onipa som abɔdeɛ biara dabiara da. Nanso onipa yeraa ne Nyankopɔn annuoyam su kɛseɛ no wɔ ne bɔne yɛ mu, na ɛmaa bɔne bɛwuraa wiase yi mu. Nanso Yesu, Adam a ɔtoso miennu no, sane de Onyankopɔn annuoyam suban a onipa ɔyeraa no no, asane abrɛ onipa. Ɛno nti Ɔsomafo Paulo frɛɛ Yesu sɛ "Onyankopɔn suban a wonnhu no no". (Colosefo 1:15).

Wɔwoo Yesu, na owui, na ɔsɔree firii awufoɔ mu maa nnipa nyinaa. Ne saa nti obiara wɔ akwanya sɛ ɔtwe Yesu ba ne nkyen, sɛ woyɛ obibini anaa obroni. Ɔno ne Onyankopɔn a wonhu no no suban, wɔ onipa tebea mu, ma amanaman nyinaa ne amanmmere ahorow nyinaa mu. Ne mu anigye. asomdwee, ne boasetɔ nnyɛ anofafa na mmom oyi no adi kyerɛ pɛfee. Wɔ Kristo mu no, ne nti, Onyankopɔn aban yɛn koraa. Woamba yɛn kyen wɔ atemmuo ne abufuo mu, na mmom ɔfaa akoa teabea too ne ho so, na ɔyɛɛ te sɛ Onyankopɔn oguammaa, na ɔbrɛɛ ne ho ɛse wu maa yɛn bɔne, sɛ ɛbɛyɛ a yɛ ne no bɛtra daa ɛnni ɛwieɛ. Na wakyerɛ yɛn sɛnea aforebɔ teɛ. Asendua no abɛyɛ Onyankopɔn dɔ nsenkyerenne. Na Yesu wui na ɔsɔree yii ne ho, adi kyereɛ wɔ honhom nipadua mu, nanso na ɛyɛ ɔnoa honam nipadua mu. (Luka 24:39).


04.5 - Kristo suban mfoni wɔ nakyidifoɔ mu

Yesu de ɔdwoɔ Honhom hyɛɛ nakyidifoɔ akoma ma, sɛ ɛbɛyɛ a ɔdɔ, Kronkronyɛ, ne Onyankopɔn mu anigye, bɛtra wɔn mu ma, na ayi ɛdi wɔ wɔn mu. Na ɔde yɛn sii hɔ sɛ Onyankopɔn suban no bi nda ɛdi wɔ yɛn mu, wɔ wiase yi a ɔtan ne owuo ahyɛ no ma yi mu. Na woama yɛn akwanya sɛ yɛntra ase, na yɛnyɛ "Kristo akenkan nwoma" na yɛmfa yɛn brabɔ ndeyɛeɛ so nkasa nkyerɛ abusua, ɔmanfoɔ ne nnamfonom. Yesu de ne mfoni ɛwura yɛn mu sɛ yɛnsɛ ne suban no bi. Na obiara a obehyia Yesu akyidini nkwafoɔ biara wɔ Africa o, Asia o, Europe o, America o, anaa wiase baabiaa no, obehunu sɛ nokware asomdwee kanea a ɛwɔ Kristo mu no rehyeren wɔ nanim. Sɛ Owusɔreɛ Wura Yesu Kristo no Honhom hyiren wɔ obi akoma mu a, sɛ ɔyɛ ohiani anaa osikani, nea ɔkenkan anaa ɔnnkenkan, abofra anaa ɔpanin, no Kristo hann no tɔ no so sɛ Osoro annuoyam trabea. Na ɛnsɛ sɛ yɛde wiase yi susuw sɛ ɛyɛ ɛsikafoɔ anaa ahiafoɔ na ɛwɔ wiase yi mu, na mmom ɛsɛ sɛ yɛhu saa ahintasɛm yi sɛ, nnipa ahorow miennu na ɛwɔ wiase yi mu, won a wɔyɛ awufoɔ wɔ bɔne mu ne won a woawo won foforo na ɛte wiase yi mu. Na sɛ Kristo nya trabea bi wo onipa mu a, na woabɛtra nakoma mu, na ɛfei na Onyankopɔn nkwa ada ɛdi wo ne mu ma nnipa nyinaa ahu.

Honhom Kronkron no, nnkyerɛ yɛn kwan sɛ yɛnhoahoa yɛn ho, na mmom ɔboa yɛn sɛ, yɛn hyɛ Onyankopɔn ba no annuoyam. Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, ka sɛ yɛn ne atitiriw wɔ wiase yi mu. Na mmom annuoyam nyinaa sɛ fata Onyankopɔn aguammaa no a wokum no ma yɛn no. Mary, Yesu maame, ne ahotewfoɔ no nyinaa bɛko atia nnipa a worekotow sɔre de annuoyam rema mfoni. Na wobɛsɛe no baabiara a wobɛhunu saa mfoni yi, wɔ afɔre mukyia so, wɔ afie afiemu, ne mbontenso. Biribiara nni hɔ a ɛsɛ Onyankopɔn Annuoyam ka Kristo ho. Na obiara nso nni wiase a ɔyɛ papa gyesɛ Onyankopɔn nkoaa. Na ɔnam nadom ne ne mmɔbrohunu so nkoaa na watew yɛn ho, na wabu yɛn bem nso. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Kyerew Kronkron no mu sɛ obi bɛbɔ mpae akyerɛ Mary anaa ahotewfoɔ no mu bi nkotosrɛ mu. Na ɛyɛ Mmratɔ kɛseɛ a ɛtia Mmra nsɛm a ɛtoso miennu no, sɛ yɛnn mfa yɛn ho nto Agya no nkoaa so, na yɛde yɛn were rekɔhyɛ na bɔdeɛ foforo mu aka ne ho. Ohoni, anaa onipa nsa ano adwuma biara nni hɔ a ɛbɛtumi de nsenkyerenne ne ayaresa tumi abrɛ onipa. Onyankopɔn na nkwagyeɛ wɔ no, na ɔnam Yesu so gye yɛn nkwa. ahoni nyinaa, mpo ahoni a ɛwɔ asɔrefie nyinaa yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim.

Wɔ Apam foforo mu no, yɛ ne Onyankopɔn bɔ mbu ne mbu sɛ Agya ne ne mba adɔfoɔ. Yɛ wɔ saa akwanya yi nam Yesu wuo mu, ne nasɔfodie a ɛtoaso daa wɔ Agya no nifasoɔ no, na odi ma yɛn daa wɔ nkotosrɛ mu wɔ Agya no anim. Ɔba no ama yɛnya akwanya trodoo a yɛde kɔ Agya no anim daa. Na obiara a woamfa saa akwanya yi so no, ɔne Agya no nni twaka biara. Na yɛaya adom, trenee, bɔnefakyɛ, ne daa nkwa afri Agya no ne Ɔba no nkyen, nam Honhom Kronkron ahoɔden so. Na ɛyi nti, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn baasa koro no ase daa firi yakoma nyinaa mu.


04.6 - Onyankopɔn Ahokeka

Nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn ne won a wɔdanne firi nakwanso no ntam, ne atenmmuo asotwe a ɛda hɔ ma asoɔdenfoɔ, ne nhyira bɔhyɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ ma, osetie mba, a ɛwɔ Mmra nsɛm a ɛtoso mienu no mu. Aha nso Onyankopɔn daa ne ho ɛdi sɛ "Me", a ɛkyerɛ sɛ Ɔyɛ ɔteasefo a ɔwɔ hɔ, na ɔkasa nso. Na ɔmaa nabɔdeɛ hunuu sɛ ɔyɛ Ɔnokwafo Awurade a ɔnsakyera da, na okura adeɛ nyinaa mu wɔ wiase. Na ɔte apam nkyekyereeɛ a ɛnni ɛwieɛ mu wɔ ne nokwaredie mu, na saa ara na ɔhwehwɛ yɛn nso sɛ yɛbɛyɛ osetie ama no wɔ nokwaredie mu wɔ nanim.

Onyankopɔn hwehwɛ yɛn dɔ. Na ɔmpɛ sɛ yɛde nannuoyam a ɛyɛ ne dea no bɛma nndua ne abosom, anaa ɔsom bi panin, anaa ɔhene anaa sika ne twetɛ. Ɔno nkoaa ne Onyankopɔn, na obiara nni nakyi bio a ɔyɛ ogyefoɔ.


04.7 - Won a wɔtan Onyankopɔn no bɛhyease

Wondue wɔn a wɔpo Onyankopɔn dɔ no, anaa wobu no abonfiaa no. Na wote sɛ mban a watwa afiri ne dua ho. na wɔbɛhye na won awu. won ɛwieɛ bɛkɔ daa ogya a ɛndum da no mu. Na sɛ yɛntra Onyankopɔn mu a, hwan ne woahoɔden, na yɛaya honhom mu wuo, na ahonhom fi nyinaa bɛfa yɛn sɛ wɔn trabea. ɛfei yɛde yɛn ho ma abosomsom ne ahonhom fi tumi. na yayɛ onyame ama yɛn ho. Onyankopɔn ne obiara nkye nannuoyam ka ne Ba no, ne ne Honhom Kronkron ho. Ɔboadeɛ bi, nni baabiara. Ɔno nkoaa ne ɔtɛnmmufoɔ daa ɛnni ɛwieɛ.

Sɛ Onipa andanne amba nokware Onyankopɔn no nkyen a, na ɔkɔsom nyame foforo a, anaa ɔde ne ho to ɔnoaa ne ho so a, ɔbɛyɛ ahantan na nakoma nso apirim wɔ ɔdɔ a ɛsɛ oya ma ne bɔfoɔ no. Na saa Onipa no bɛyɛ otuturafoɔ ne otirimɔɔdenfoɔ. Na ɔfa akwanya so sisi Nnipa sene sɛ ɔbɛsom wɔn. Onipa biara a ɔnni ɔdɔ ma Onyankopɔn no, retumi nya dɔ mma Nnipa nso. Na ɔnni ntease wɔ wiase yi ne ɛmu haw, ɛfisɛ ne nteaseɛ asɛe. na nadwene nso aduru sum. na wamane ayɛ te sɛ aboa wɔ ne nsusuiɛ ne na brabɔ brɛ mu.

Onyankopɔn ma kwan sɛ obiara a ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ne tumi ase no, bɛhyease, wɔ kɔkɔbɔ, ne afutuo ne ɔdɔ kɛseɛ a obɛyi akyerɛ won nyinaa akyiri no, sɛ won antie no a wɔhyease. Na Onyankopɔn nyaa won ma wɔn ankasa akomaso akondɔ sɛ wɔnsɛe won ho. Ɔhene Saul ne Judas Iscariot yɛ nhyɛsoɔ kɛseɛ wɔ saa kwan yi so. Na ne tumi nhyehyeɛ atɛnmmuo no wɔ hɔ ma ankorɛankorɛ ne amanaman nyinaa. Na sɛ awofoɔ mpo yɛ bɔne bi a ɛtumi danne ba wɔn mba so. saa ara na nea woasom Onyankopɔn no nso, ɛtumi nya nsunsunsoɔ wɔ awoɔtoatoasoɔ so. Abusua a won tirim yɛ den no, saa ara na won asefoɔ bi nso yɛ no. Nea Abusua no bɛyɛ no, saa ara na nsunsunsoɔ no bɛba won asefoɔ so. Abusua no honhom, di mba no so. Abusua bi wɔ hɔ a, wɔyɛ ntafoayifoɔ, ne abɛyisɛm wɔ won awerehyɛm sɛ anka wobɛya ayaresa tumi, anaa sɛ wodebehu ahintasɛm. Saa ndwuma yi nyinaa yɛ akyiwadeɛ ma Awurade, nanso sɛ obi, sakyera nadwen a ɔgye no. Na ɔde anigye yɛ no awaawaa atuu, na ɔgye no fri abonsam ndome mu. Yesu kae sɛ, "Enti sɛ ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa". (Yohanne 8:36) Kristo tumi no boro yɛn adwen ne yɛn nteaseɛ so. Ɛyɛ ɔno nkoaa na obɛtumi abubu ahonhom fi nkondua afiri yɛn so.

Oyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn sɛ obɛtua Agyanom amumuyɛ so ka wɔ awoɔ ntoatoasoɔ miensa kosi annan so wɔ won a wɔtan no no so, gyesɛ wɔn asakyera wɔn adwene adanne aba Onyankopɔn nkyen. Mpanin ne mbofra tumi tɔ ɔbonsam mpokyerɛ mu, nam won agyanom abosomsom nti. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ yɛbu wɔn a wonim Awurade no atɛn. Na ɛsɛ yɛ hwehwɛ wɔn akyi, ne babia wofi, ba yɛdɔ wɔn. Jewfoɔ ne Muslimfoɔ bi wɔ hɔ a wɔde nkyerɛkyerɛ bɔne kyerekere won mba, na ɛma mbofra no, po Yesu sɛ Onyankopɔn Ba. Na ɛma wɔtena bɔne nkondua mu, na wɔpo wiase Agyenkwa no. Obiara a ɔpɛsɛ ɔde ne ho firi saa ɔhyɛ tumi bɔne yi ase no, ɛsɛ sɛ ɔpa neho akyi firii saa nkyerɛkyerɛ ne amanmmere nkyekyeree bɔne yi mu, Kristo nti. Na sɛ yɛamfa yɛn ho anto abusua banbɔ so, ne ɔman no asraafo banbɔ so, na mmom yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn banbɔ ase a, yɛbɛhunu sɛ Onyankipɔn yɛ yɛn Agya ankasa. Na ɔbɛfa yɛn daakye nyinaa nnommum. woahyɛ yɛn bɔ sɛ, ME NE AWURADE WO NYANKOPƆN, wa' Agya a ɔdɔ woɔ. Menim wo, na ma bɔ wo din na mafrɛ wo, wo yɛ me dea, kɔso kura me din mu, na yi wo ho, firi amumuyɛ ne ɛfi nkyekereɛ mu koraa. Fa wo ho to me nokwaredie ne me tumi so, na wobɛde wo ho ɛndɛ ne daa.


04.8 - Nhyira mmoroso a ɛwɔ hɔ ma won a wɔdɔ Onyankopɔn

Sɛ obi dɔ Onyankopɔn na ɔhyɛ no annuoyam a, osua nasɛm, na ɔtra Awurade ahoɔden mu. Na obiara a obehunu nadom kɛseɛ a ɛmu krɔn ma ne mba no, ɔde aseda bɛma no daa wɔ ne gyeɛ ne ne boasetɔ a ɔwɔ ma yɛn. Ɛyi nti, yɛyi yɛn dɔ adi kyerɛ no firi yakoma nyinaa mu de aseda a ɛnni kabea ma no. Ogyidini nokwafoɔ biara bɛya Agyapadeɛ, tumi, nhyira ne akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu daa. wobɛhu no sen? sɛ ayeforo anya ɔdɔ krataa afiri ne kunu nkyen, na ombue mu mpo, na ɔde to baabi? Nea yɛbɛka nyinaa ne sɛ ondɔ ne kunu no. Na ɔyerepa deɛ, obɛya boasetɔ ama ne kunu ɔdɔ krataa no, na wakenkan. na ɔde ɛmu nsɛm no asie nakoma mu. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a yɛbɛsua nasɛm no, sɛ ɔdɔ krataa bi a ɛfi Soro a woakyerew de abrɛ yɛn ankorɛ ankorɛ. Anka ɛsɛ sɛ yɛsua no da biara na yɛdwen ɛmu nsɛn no ho. Na ɛbɛma yakoma ahyɛ ma wɔ Onyankopɔn asɛm mu, na ama yɛn tumi ma yatumi ayɛ napɛ deɛ.

SƐ Awofoɔ bɔ mpaeɛ yiye ma won fie a, ɛde Awurade nhyira ba ɛfie no mu Nnipa so. Na won mba bɛyini abɛsom Onyankopɔn na won ayɛ soronko, na wobɛya fapem papa. Ɛwom sɛ Awofoɔ ntumi nhyɛ wɔn mba sɛ wongye Kristo nndi, anaa sɛ wode ateatea bɛma won ho afi afiri amumuyɛ biara mu. Na mmom wode abrabɔpa ne nhwesopa tete won mba ma ɛfa won adwene nsusuiɛ nyinaa. Ɛfisɛ mbofra kae won Awofoɔ abrabɔ ne won ndeyɛe nyinaa sene won nsɛm. Ɛnnapa de nani kasa bebree kyerɛ ne mba sene ne nsɛm. na ne dɔ nso mu dɔ_ yiye.

Onyankopɔn ahyɛ sɛ, won a wɔdɔ no, won nhyira kodu awoɔ toatoasoɔ apem mu. Na saa bɔhyɛ yi de awerehyɛm kɛse ma Awofoɔ nyinaa sɛ, wobɛtete won mba wɔ Onyankopɔn som mu, akyerɛkyerɛ won sɛnea wobɛsom Awurade wo nsɔhwɛ mbrɛ mu wɔ Onyanmesompa mu. Onyankopɔn dɔ kanea no hyeren wɔ sum kɛbii mu, sɛnea ɛwia wɔ sum bea no. Sɛ Awofoɔ yɛ mpaebɔfo a, wobɛ gya Honhom mu nhyira bebree ama ɛfie hɔ.

Woabu ɛnda dowdow a ɛwɔ mfeɛ apem mu awoɔtoatoasoɔ? Sɛ mpo sɛ mfe aduonu num 25 yɛ awoɔ ntoatoaso baako mpo a, na yɛwo mfɛ mpem aduonu anum 25,000 a Onyankopɔn hyira bɛbuso wɔ Ogyidini abrabɔ mu. Na wɔn nana nom bɛyɛ abusua kɛseɛ, na won ase nso atrew yiye paa abɛyɛ Honhom mu asraafoɔ. na won bɛya bɔhyɛ nhyira no a ɛnam osetie so ba no bi, ɛfisɛ won Awofoɔ yɛɛ osetie maa Awurade. Onyankopɔn ahyɛ obiara a ɔdɔ no nokware mu no sɛ ɔbɛyɛ nhyira fapem ama Nnipa ɔha ne bebree. Kristo akyidini nokwafoɔ biara no, nnhoahoa ne ho wɔ ɔno ankasa mudie mu, na mmom ohu ne ho sɛ ɔyɛ Onyankopɔn adom ɛdwindeɛ. Na nea ɛbuso ama no mu no, Onyankopɔn kɔ so ma no adom bɔ adom so kwa, wɔ ne dɔ ne ne gyedie awerehyɛm a ɔwɔ ma no nti.

Sɛ yɛhu nsusunsoɔ a yɛn honam fam, ne yɛn Honhom fam Awofoɔ wɔ, wo yɛn nhyira so a, anka yɛbɛhu senea yɛamanmmere ahorow nso sombɔ wɔ wiase. Na Onyankopɔn asɛm nso ɛyɛ adwumapa wo nkuraase, nkuromu, ne Nnipa ahorow bebree mu, mfeɛ pii mu no, yɛ bɛhu ndwumapa. Sɛ Nnipa bebree anya ɔgyeɛ wɔ Yesu mu, na wɔde aseda ne ɔsompa som wɔn ho wɔn ho. Na sɛ Oyankopɔn de ne Honhom keyan Ɔman ne kasa horow a, Ɔgyeɛ kɛseɛ ba Abusua mu, sukuul mu, Abrabɔ mu, Amanyɔsɛm nso mu, ma ɛboro yɛn tease so.

Na Aman bebree ne saa nokware yi bɔ abira, na wɔ de mogya hwiegu ne abosomsom, na ɛbɔ bra, te sɛ India Man yɛ no, na China nso som wɔn nananom nsamanfoɔ ne Africa mbea bi nso. Na wɔ de won ho to abosom ne ntafowayifoɔ so, sɛ won banbɔ. Na saa Aman yi, ɛhu, ɛsuro, nkoayɛ ne nkondua na akyekyere won abrabɔ. Na wonni nidie ne obuo mpo, ma Mmaa, mmom mbarima hyɛ mmaa so bebree. Abusua mu ɔko ne akosɛm si nkɔsoɔ kwan bebree. na ahiafo kɔ so ara yɛ ahiafo paa. Sɛ wo kɔ saa mbea yi, na wo kɔ Muslimfoɔ mu, Hindu ne Kristofoɔ nkuraase a, ntɛm ara wobɛte ahonhom dwumadie nka. na mboa mpo nni ahotɔ wɔ saa mbeaɛ yi.


04.9 - Nsoano: Ɛtɛmso Ahosiesie

Awofoɔ a wɔgye Awurade di no, won nhira da adi wɔ nneoma a wɔyɛ ne won ndwumadie mu wɔ Abusua ne ankorɛankorɛ abrabɔ mu, nam won nananom dɔ ma Onyankopɔn ho mfaso nti. Saa nananom yi de mpaebɔ ne adwumaden na ɛbɔɔ wɔn bra, wɔ abrabɔpa ne Onyame suro mu kosi won panin mfeɛso. Nokwasɛm ni, nsonsonoyɛ kɛse da, won a wodɔ Onyankopɔn ne won a wɔtan Onyankopɔ no ntam wɔ wiase afanan nyinaa. Na sɛ wodɔ Onyankopɔn Agya no a, wode wo ho nyinaa bɛto no so sɛ abɔfra, na wasow ne dɔ aba no bi. Na sɛ obi antie Onyankopɔn frɛ no a, ɔbɛyera akɔsom abosom. Na ɛnyɛ wawa sɛ ɛndɛ yi yɛrehunu kɔkɔbɔ nsenkyerenne bebree wɔ ɛwieɛ bre yi mu. Sɛ Onipa anhwehwɛ Onyankopɔn a, ɔbɛyɛ ɔbonsam akoa, wɔ atirimmɔden nyinaa mu. Atuturasɛm ne atirimmɔdensɛm nyinaa farebae yɛ asoɔden ne ɛtuatew a Onipa yɛ de tia Onyankopɔn ntia. Karl Marx yɛ aberanteɛ a na ɔsom Onyankopɔn, nanso ɔhyease de ne ho bataa ahonhom fi, na owuraa occult wiase no, ɔmaa Nnipa mpem mpem yeraa kwan, na wode wiase afefedeɛ sii wɔn aniso bɔ bra. Nanso nakyidifoɔ no antumi annya fapem pa biara wɔ asase so. Obiara a ɔbɛpo Onyankopɔn, ɔdɔ ne nkwa wura no, na ɔde ne ho bɛto Onipa so mmom asene Onyankopɔn no, de ɔyaw ne abufuo ba ne ho so, na efei Ɔkronkronni no atɛnmmuo da no so wɔ atɛnmmu da mu.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)