Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 130 (The witness of John and his gospel)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
5. Yesu daa Ne ho ɛdi wɔ nsutareɛ no ho (Yohanne 21:1-25)

d) Yohane adansedie ne nasɛmpa no (Yohanne 21:24-25)


YOHANNE 21:24
24 Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n'adanseɛ no yɛ nokorɛ.

Ɛha na yɛhunu nokorɛ nan no:

Na ɔsɛmpakani no te ase ansana wotweree asampa no a na wɔnim no wɔ Greekifoɔ nsɔre nyinaa mu. Na ɔkɔɔ so yɛɛ ɔsomafoɔ firi Kristo asubɔ so kɔsi berɛ a Kristo kɔɔ soro no.

Yohane hunuu Yesu Kristo. Ɔtee ne nsɛm na ɔde sieeɛ, na ɔde ne nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa nso sieeɛ. Ɛnyɛ asafo ba na ɔtwerɛɛ asɛmpa no, na Yohane ankasa na ɛtwerɛeɛ.

Na ɔnntumi nnka Greeki kasa no, ɛnti ɔde ne ho bataa deɛ na ɔtumi ka kasa no ho. Nteaseɛ no yɛ fann, na nokorɛ no nsesa. Na wɔn nyinaa hunuu sɛ Yohane nsɛm no wɔ ahotɔsoɔ. Na Yohane anom asɛm no yɛ sonoko sene nnipa mmiensa a na wɔreka asɛm no bie no. Na ɛyɛ yɛn anigyeɛ sɛ saa asɛm sonoko yi abɛyɛ yɛn agyapadeɛ soronko.

Dodoɔ a wɔde saa nsɛm yi baa abɔntene no daa Kristo adi wɔn abrabɔ mu, na wɔgyee no no, wɔnyaa tumi sɛ wɔnfrɛ wɔn Onyankopɔn mma, sɛ wɔnnye ne din no nni. Na Honhom Kronkron no baa wɔn so, ne wɔn tenaaeɛ na ɛkyerɛɛ wɔn bɔbne ne papa wɔ honhom mu. Wɔnyaa Honhom Kronkron no, wɔhunuu bɔne firii papa ho na wɔtenaa ase wɔ nokorɛ mu.

YOHANNE 21:25
25 Na nnoɔma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ, ɛno na sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa mmaako mmaako a, anka mesusu sɛ, nwoma a wɔbɛtwerɛ no rensene wiase mpo.

Na ɛbinom hunu saa asɛmpa yi sɛ akwansideɛ wɔ wɔn abrabɔ mu. Sɛ yɛde Paul nwoma no ka ho a, na yɛwɔ ɛnum, sɛdeɛ ɔkristoni abrabɔpa yɛ asɛm no. Deɛ ɔtwerɛɛ Yohane nwoma kaa nokorɛ sɛ, ɔtee nsɛm bebree ne nnoɔma a Yesu yoɔeɛ wɔ asɛmpa no mu, na woanntumi antwerɛ ne nyinaa. Ɛfiri sɛ asɛmpa no te ne mu. Ɛnnɛ yi mpo no, ɔte n'asafo mu na ɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ berɛ a wɔnante n'asɛm mu nyinaa. Sɛ yɛretwerɛ nsɛm ne nneyɛeɛ a Yesu yɛeɛ friri ne wuo mu bɛsi ɛnnɛ a, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛbɛkɔ ne botaeɛ no mu. Akristofoɔ bɛtumi ahunu Kristo dɔ no ano ma nnipa abakwasɛm mu.

Yɛn Awurade teasefoɔ no yɛ adwuma wɔ n'asɛm mu sɛdeɛ Apam foforɔ no seɛ no. Yɛyɛ nhyira ɛfiri sɛ yɛte ne nne, yɛhunu ne tirimpɔ na yɛadi ne frɛ no akyiri. Yohane yii Kristo dɔ adi, na obiara atumi apae mu sɛ, "Yɛahunu n'anuonyam, ne sɛdeɛ ɔde ne ba korɔ no maa yɛn no, wɔ adom ne nokorɛ nyinaa mu.

MPAEƐBƆ: Yɛda woase Owura Yesu Kristo, sɛ woahyɛ woakoa Yohane na woatwerɛ wodɔ ho asɛm. Na wo ne yɛn kasa wɔ woasɛm mu. Yɛda woase wɔ wodɔ, nsɛm, nneyɛeɛ, nkwa, wo wuo ne wosɔreɛ ho. Woayi agya no adi ma ɔde yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn. Na wonam wo Honhom so ama yɛn abrabɔ foforɔ.

NSƐMBISA:

  1. Adansedie bɛn na won a wɔde Yohane asɛmpa no maaeɛ no di faa ho?

AGORODIE HO NSƐMBISA - 7

Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
fa wo mbuaeɛ papa no mu 20 brɛ yɛn wɔ saa nsɛmbisa ahrorroɔ 24 yi a yɛrebiase wo yi mu. Na yɛn nso yɛde saa adesua ahorroɔ yi mu abodin krataa bɛbrɛ wo wɔ wo suahunu ne adesua a woasua wɔ Yohane asɛmpa nnwoma no nyinaa mu.

  1. Ayɔnkofa nkutahodie bɛn na ɛda Yesu Petro ntam wɔ mberɛ a ogyina Annas anim na wɔrebisabisa no nsɛm no?
  2. Ɔkwan bɛn so ne deɛn nti na Yesu yɛ Ɔhene?
  3. Adesuadeɛ bɛn na yɛnyaa wɔ hwe a wɔhwee Yesu no mu, na wɔde atareɛ yuu hyɛɛ no ne nsɔeɛ kyɛ hyɛɛ Ne tiri nso?
  4. Adɛn nti na Pilato buu Yesu atɛn?
  5. Abodin ntwerɛeɛ a wɔde bɔɔ asɛndua no so no nkyerɛaseɛ ne sɛn?
  6. Yesu anom nsɛm miensa a ɔkaeɛ no asekyerɛ ne sɛn?
  7. Aldesuadeɛ bɛn na yɛnyaaeɛ frii mu sɛ Yesu nnompe mu baako mpo ammbu no?
  8. Na nkyerɛkyerɛ bɛn na Yesu sie no kyerɛ yɛn?
  9. Nsɛnkyerɛnne ahorroɔ miensa bɛn na ɛdi adanseɛ wɔ Yesu wusɔreɛ no mu?
  10. Yohane kɔɔ abodan no mu a na obiara nnim no nawerɛhyem yɛɛ dɛn?
  11. Adɛn nti na Maria kɔɔ so hwehwɛɛ Yesu nipadua kosii sɛ oyii Ne ho ɛdi kyerɛɛ no na ɔbɔɔ ne din Maria?
  12. Asɛm a Kristo ka kyerɛɛ Mary Magdalene no na ɔno nso paemu kaaeɛ no kyerɛ yɛn sɛn?
  13. Asɛm a Yesu dii kan ka kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ mberɛ a ɔsɔree firii awufoɔ mu no nkyerɛaseɛ ne sɛn?
  14. Na adɛn nti na asuafoɔ no ani gyieeɛ?
  15. Adeɛ bɛn na ɛyɛ wawa wɔ mberɛ a ɔsomaa asuafoɔ no sɛ wonkɔ wiase nkɔka asɛmpa no mu?
  16. Hwan ne Honhom Kronkron no? na nadwuma ne sɛn wɔ Kristo ho adansedie mu?
  17. Thomas mpaemuka no nkyerɛaseɛ ne sɛn?
  18. Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ won sɛ "nhyira" ne won a won nnhunuu no na won agye ɛdi?
  19. Nsɛm bɛn na Yohane kaaeɛ wɔ nasɛmpa no ɛwieɛ mu?
  20. Adɛn nti na asuafoɔ no koyii mpataa bebree no mmom bɛyɛɛ animguaseɛ maa won?
  21. Ɛdeɛ bɛn na ɛyɛɛ wo wawa faa Yesu ne Petro nkutahodie mu?
  22. Kwan bɛn so na Petro faa so hyɛɛ Onyankopɔn annuoyam?
  23. Kristo anom nsɛm a ɛtwa toɔ wɔ asɛmpa yi mu no nkyerɛaseɛ ne sɛn?
  24. Adansedie bɛn na won a wɔde Yohane asɛmpa no maaeɛ no di faa ho?

Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

P.S. If you like to continue studying the Bible with us, we are ready to send you another series of booklets with meditations on another book of the Bible.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 11:01 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)