Waters of LifeBiblical Studies in Multiple Languages |
|
Home Bible Treasures Afrikaans |
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba
YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
5. Yesu daa Ne ho ɛdi wɔ nsutareɛ no ho (Yohanne 21:1-25)
d) Yohane adansedie ne nasɛmpa no (Yohanne 21:24-25)YOHANNE 21:24 Ɛha na yɛhunu nokorɛ nan no: Na ɔsɛmpakani no te ase ansana wotweree asampa no a na wɔnim no wɔ Greekifoɔ nsɔre nyinaa mu. Na ɔkɔɔ so yɛɛ ɔsomafoɔ firi Kristo asubɔ so kɔsi berɛ a Kristo kɔɔ soro no. Yohane hunuu Yesu Kristo. Ɔtee ne nsɛm na ɔde sieeɛ, na ɔde ne nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa nso sieeɛ. Ɛnyɛ asafo ba na ɔtwerɛɛ asɛmpa no, na Yohane ankasa na ɛtwerɛeɛ. Na ɔnntumi nnka Greeki kasa no, ɛnti ɔde ne ho bataa deɛ na ɔtumi ka kasa no ho. Nteaseɛ no yɛ fann, na nokorɛ no nsesa. Na wɔn nyinaa hunuu sɛ Yohane nsɛm no wɔ ahotɔsoɔ. Na Yohane anom asɛm no yɛ sonoko sene nnipa mmiensa a na wɔreka asɛm no bie no. Na ɛyɛ yɛn anigyeɛ sɛ saa asɛm sonoko yi abɛyɛ yɛn agyapadeɛ soronko. Dodoɔ a wɔde saa nsɛm yi baa abɔntene no daa Kristo adi wɔn abrabɔ mu, na wɔgyee no no, wɔnyaa tumi sɛ wɔnfrɛ wɔn Onyankopɔn mma, sɛ wɔnnye ne din no nni. Na Honhom Kronkron no baa wɔn so, ne wɔn tenaaeɛ na ɛkyerɛɛ wɔn bɔbne ne papa wɔ honhom mu. Wɔnyaa Honhom Kronkron no, wɔhunuu bɔne firii papa ho na wɔtenaa ase wɔ nokorɛ mu. YOHANNE 21:25 Na ɛbinom hunu saa asɛmpa yi sɛ akwansideɛ wɔ wɔn abrabɔ mu. Sɛ yɛde Paul nwoma no ka ho a, na yɛwɔ ɛnum, sɛdeɛ ɔkristoni abrabɔpa yɛ asɛm no. Deɛ ɔtwerɛɛ Yohane nwoma kaa nokorɛ sɛ, ɔtee nsɛm bebree ne nnoɔma a Yesu yoɔeɛ wɔ asɛmpa no mu, na woanntumi antwerɛ ne nyinaa. Ɛfiri sɛ asɛmpa no te ne mu. Ɛnnɛ yi mpo no, ɔte n'asafo mu na ɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ berɛ a wɔnante n'asɛm mu nyinaa. Sɛ yɛretwerɛ nsɛm ne nneyɛeɛ a Yesu yɛeɛ friri ne wuo mu bɛsi ɛnnɛ a, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛbɛkɔ ne botaeɛ no mu. Akristofoɔ bɛtumi ahunu Kristo dɔ no ano ma nnipa abakwasɛm mu. Yɛn Awurade teasefoɔ no yɛ adwuma wɔ n'asɛm mu sɛdeɛ Apam foforɔ no seɛ no. Yɛyɛ nhyira ɛfiri sɛ yɛte ne nne, yɛhunu ne tirimpɔ na yɛadi ne frɛ no akyiri. Yohane yii Kristo dɔ adi, na obiara atumi apae mu sɛ, "Yɛahunu n'anuonyam, ne sɛdeɛ ɔde ne ba korɔ no maa yɛn no, wɔ adom ne nokorɛ nyinaa mu. MPAEƐBƆ: Yɛda woase Owura Yesu Kristo, sɛ woahyɛ woakoa Yohane na woatwerɛ wodɔ ho asɛm. Na wo ne yɛn kasa wɔ woasɛm mu. Yɛda woase wɔ wodɔ, nsɛm, nneyɛeɛ, nkwa, wo wuo ne wosɔreɛ ho. Woayi agya no adi ma ɔde yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn. Na wonam wo Honhom so ama yɛn abrabɔ foforɔ. NSƐMBISA:
AGORODIE HO NSƐMBISA - 7Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so: Waters of Life Internet: www.waters-of-life.net P.S. If you like to continue studying the Bible with us, we are ready to send you another series of booklets with meditations on another book of the Bible. |