Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 119 (Jesus appears to the disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

2. Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ abansoro no so (Yohanne 20:19-23)


YOHANNE 20:19
19 “ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo.”

Mberɛ a wɔwɔ won dan mu na won atoto pono no mu no, na asuafoɔ no nyinaa ahyiamu wɔ hɔ, na wɔrebooboo deɛ ɛsie wɔ Kwasiada no mu. Na Petro ne Yohane aka akyerɛ won nyinaa sɛ aboda no mu da mpan a obiara nni mu. Na mbaa no nso kaa deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ won no, sɛ woasɔre afri awufoɔ mu. Na ɛfei Maria Magdalene nso toaaso kakyerɛɛ won sɛ woahu no. Na saa asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nyinaa wawa yie, sɛ deɛ woawu no da so te ase, nanso na saa berɛ no na ɔmbaa won nkyen, won a wodii nokorɛ maa No no. Nanso won nyinaa tɔɔ baha mberɛ a wɔkyeree Awurade no; na Petro nso poo No, na won mu biara anntumi anngyina Awurade akyi wɔ Ne nsɔhwɛ berɛ mu, na obiara nso anntumi anngyina asɛndua no ase, agyesɛ Yohane ne mbaa no, na won anntumi nso annyi no ammfri asɛndua no so ammba fam ansra No ngo. Na wosuroo Jewfoɔ no yie, na wɔdwenee sɛ Jewfoɔ no de ɔtaa kɛseɛ bɛba won so wɔ Afahyɛ no akyi. Ɛno nti, won nyinaa kɔhyehyɛɛ adan mu na wɔtotoo apono mu, na wɔ boaa won ho ano wɔ dan mpia mu.

Na wɔdwenee sɛ ɔbaa no adansedie a ɔka kyerɛɛ won no nnyɛ deɛ anidasoɔ biara wɔ mu, “Yɛdii Yesu akyi, na yɛhwɛɛ no kwan sɛ anka obɛdi nkunim, na woama yɛn ayɛ nasɔfoɔ. Nanso siesie deɛ yɛhunu sɛ yɛadi nguguo; na yɛn atanfoɔ no de ɔtaa bɛtaa yɛn ama yɛn nyinaa adwane.”

Wɔ saa ɔhaw no nyinaa mu no, ne gyidie a wonni ne yawdie mu no, mpofirim ara na Yesu bɛgyinaa won mfimfini. Ɛnnyɛ anidasoɔ a wɔwɔ nti na ɔbaa won nkyen, na mmom Ne nti, ne Ne mmɔborohunu a ɔwɔ ma won a woayi won totwene, ne adom a ɔde ma won a won gyidie asa.

Na mpofirim a Yesu baa won ntam no yɛ nsɛnkyerɛnne kɛseɛ. Na deɛ woawu no baa won nkyen sɛ ɔteasefoɔ. Na aboda ne abotan ne ndadeɛ mpo anntumi annsiw Ne kwan koraa na ɔbaa won a woapaw won no nkyen. Na ɛfei ɔbaa won nkyen wɔ dan mu pɛfee a ɔyɛ onipa tesɛ won ara, na wohuu No, na Ɔne won kasaeɛ, na ɛfei nso wɔde won nsa soo No mu. Nanso berɛ korɔ no ara mu no na ɔyɛ Honhom nso, a otumi fa pono ne ɔfasuo mu firi ɛdi. Na Ne tebea foforo no kyerɛ yɛn sɛdeɛ ɔbɛyɛ, sɛ yɛtena Ne mu a. na Ne wusɔreɛ nipadua no ne yɛn anidasoɔ.

Awerɛkyekye kɛseɛ pɛaa nie! Sɛ deɛ woasɔre afri awufoɔ mu no annka nasuafoɔ no anim wɔ won mmerɛyɛ ne won sintɔ mammom ɔde Easter nkyia kyiaa won, na ɔkaa asɛm a ɛdikan wɔ Nesɔreɛ mu kyerɛɛ won sɛ “Asomdwee nka mo!” Saa nkyia yi kyerɛ sɛ ɔnam asɛndua no so, atwe wiase abata Onyankopɔn ho. Ɛfei ɔsoro asomdwee baa asase so, na nnoɔma nyinaa bɛyɛɛ foforo, a Kristo na ɛde ama yɛn sɛ yɛbɛgye atom anaasɛ yɛbɛpo No. Ɛno nti onipa biara nkwagyeɛ gyina ɔno ankasa so. Na obiara a onya adwene sakyera na ɔgye Yesu die no nya No mu nhyira. Na obiara a ɔba asomdwee Hene No mu no nya bembuo wɔ Ne mogya afɔrebɔ no mu, sɛdeɛ Paulo kaaeɛ sɛ, “Ɛfirisɛ wɔnam gyidie so na ɛbu yɛn bem nti, yɛwɔ asomdwee wɔ Onyankopɔn mu wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu.”

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, a wosɔree frii awufoɔ mu, wone asomdwee Hene, yɛde anigyie koto sɔre wo wɔ aseda mu daa, ɛfirisɛ ɛnnyɛ atɛnbuo nti na wobaa yɛn nkyen, na mmom wode woadom agu yɛn so na woagye yɛn afri yɛn haw nyinaa mu ne yɛn anngye anndie mu, na woama yɛn woasomdwee ne nkabom wɔ yɛne Onyankopɔn ntam. Wo nkwagyeɛ no mmfri yɛn ankasa ahoɔden mu, na mmom ɛyɛ adom agyedeɛ. Kyerɛkyerɛ yɛn nnamfonom ne yɛn atanfoɔ nyinaa na ama won atumi ahunu woadom botaeɛ no mu yie; na ama won agye wo atom, na ammma won annyɛ ɔtanfoɔ wɔ Onyankopɔn anim.

NSƐMBISA:

  1. Asɛm a Yesu dii kan ka kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ mberɛ a ɔsɔree firii awufoɔ mu no nkyerɛaseɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:29 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)