Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 095 (The world hates Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

3. Wiase yi tan Kristo ne Nasuafoɔ no (Yohanne 15:18 – 16:3)


YOHANNE 16:1-3
1 'Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti. 2 Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn. 3 Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.
'

Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ wiase yi bɛtan won wɔ nnoɔma miensa yi nti:

Ɛfirisɛ Onyankopɔn na awo won na wonfiri wiase yi mu nti.

Ɛfirisɛ nnipa nnim Kristo no nti, nea ɔyɛ Onyankopɔn Ba no, na ɔyɛ Onyankopɔn nipasu no.

Na saa ɔsom mu mpaninfoɔ no nnim nokorɛ Nyankopɔn no, na wɔsom nyame a wonim no.

Nanso, ɔyaw a ɛwɔ asamando no toaso ara, na obiara a ɔba yɛn Awurade Yesu Kristo n'Agya no nkyen no, wiase nnoɔma brɛ won ase na ɛfei nso wɔmane wɔ won nneyɛɛ mu baabiara a wɔbɛkorɔ, nanso wɔdwene sɛ wɔsom Onyankopɔn. Na mmom no, wɔsom ɔbonsam. Na wonnim sɛ nokorɛ Nyankopɔn no yɛ Agya kronkron; na won anntumi annhunu tumi a ɛwɔ Kristo mogya no mu nso. Na wonni Honhom Kronkron no tumi nso wɔ won mu. Ɛno nti ahonhom mmɔne fa won so sɛe won a wogyina hɔ wɔ Onyankopɔn Baasa Koro no din mu no wɔ ɔtaa mu, ne awudie ne ndɔhwɛ ahorroɔ mu. Saa ara na Jewfoɔ no nso yɛɛeɛ, na saa ara nso na ɛbɛkɔsoɔ kosi mberɛ a Kristo bɛsan aba bio.

Na ɛba no saa a nnsusuu sɛ daakye no bɛyɛ papa bi, ɛfirisɛ nnipa de wiase nyansa na ɛbɔ won bra. Na, sa honhom miennu yi bɛkɔso ɛdi apereɛ-apereɛ akosi wiase ɛwieɛ; Ɛno ne Honhom a ɛfri soro, ne deɛ ɛfri asaase yi so. na kwan biara nda ɔsoro ne asamando ntam. Ɛno nti ɛyɛ sɛ wɔne Agya no, ne Ɔba no, NE Honhom Kronkron no bɛnya ayɔnkofa a ɛdimu' yie, annyɛ saa a asamando nkondua bɛkyekyere wo ne wo bɔne afiase nso. Sɛ wodi Yesu akyi a, ɔdɔ hyɛ wo ma, na wode woa-dansedie nso hyɛ Agya no annuoyam. Nanso sɛ woannyɛ Ne ba a, ahonhom mmɔne bebree bɛkyekyere wo na ama woabɛyɛ Onyankopɔn tanfoɔ.

Yesu kyerɛɛ yɛn ɛboɔ a ɛsom sɛ woayɛ yɛn Onyankopɔn mma; sɛ yɛtena Ne mu nokorɛ mu a. Ɛbɛyɛ den ama wo wɔ abrabɔ mu deɛ, ɛfirisɛ asamando tumi ko tia Kristo ne nakyidifoɔ nyinaa. Wiase yi tan obiara a odi Kristo akyi wɔ nokorɛ mu; ɛno nti ɛyɛ sɛ wobɛnya Onyankopɔn sɛ w'Agya na woayɛ ɔhɔhoɔ ama wiase yi, anaasɛ wobɛgyina hɔ sɛ Onyankopɔn tanfoɔ, na ɛfei woabɛyɛ wiase yi adamfo. Ɛno nti daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ ne daa owuo a ɛnni ɛwieɛ na ɛsi woanim yi fa ɛmu baako.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ wo wuiɛ; na woyɛɛ nokorɛfoɔ maa w'Agya no. Yi yɛn fri wiase yi honhom mu na ma yɛn ntintim wɔ wo dɔ no mu, na ama yɛatumi atena ase sɛ Onyankopɔn mma. Na wo dɔ no yɛn tumi ne yɛn akwankyerɛ.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na wiase yi tan won a wɔgye Yesu die no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:54 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)