Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 088 (The Holy Trinity descends on believers)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
C - Nkradie A Ɔde Maa Won Wɔ Abansoro No So (Yohanne 14:1-31)

2. Honhom Kronkron no sane baa agyidifoɔ so a ɔyɛ awerɛkyekyefoɔ (Yohanne 14:12–25)


YOHANNE 14:21
21 Deɛ ɔwɔ m'ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m'Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.

Nhyira nsuo ne adom a ɛfiri Kristo Yesu mu no hwee gu N'asafo mu berɛ biara. Mpo sɛ agyidifoɔ nyinaa hyɛ ma wɔ saa nhyira yi mu a, adom da so a wɔ hɔ. Wɔ Yesu atanfoɔ nyinaa akyire no, ɔsɔre gyina kaa sɛ ɔno ne Messia no Oyankopɔn ba korɔ no. Nanso ɔyii ne baakoyɛ a ɛfa ɔno ne N'agya ho kyerɛɛ wɔn da ɛdi akyire no. Ma yɛakoma mu mmue na Kristo su ne ne tumi atumi ahyɛ yɛn ma.

Yesu kaeɛ bio sɛ, N"asuafoɔ no yii ɔdɔ sonoko adi kyerɛɛ no wɔ ɔsetie ne ne ndwuma mu na mmom ɛnyɛ ɔdɔ kɛkɛ. Nanso nnipa hunuu afotuo a ɛfa Kristo dɔ yi ho. Na w"awheie ɔsoro agyapadeɛ ne ahoɔden a yɛbɛtumi aboa afoforɔ agyina wɔn nan so, na woama yɛahunu ne susuieɛ pa a ɔwɔ a yɛn. Nanso ne mmra ne ne hyehyeɛ nnyɛ adesoa sɛdeɛ Honhom no hunu no no. Na saa nokorɛ Honhom yi nunu yɛn kra mu ma yɛka bɔne ne mmratoɔ a ɛwɔ yɛn ho nyinaa. Na Honhom no hyɛ yɛn den ma yɛdi ne mmra so, ɛfiri sɛ ɔnam ɔdɔ so agye yɛn afiri bɔne mu de yɛn kɔ akyire, sɛddeɛ yɛbɛtumi adɔ no na yɛatena ase Honhom mu.

Wodɔ Yesu anaa? mmpɛ ntam mmua no anigyeɛ mu sɛ “Aane” anaa mmfa awerɛhoɔ nka sɛ “Daab”. Sɛ woawo wo foforɔ a, Honhom Kronkron a ɛte wo mu no ara bɛyi ano ama wo sɛ “Aane me dɔ no, na ɛnam wotumi, woayamuye, wo boasetɔ ne woafɔrebɔdeɛ so na woama me ɔdɔ mu tumiɛ.” Saa Honhom Krokron mu nkutahodie yi nnyɛ kwa na mmom ɛmma yɛn ngyinasoɔ a yɛdebɛyi ɔdɔ sonoko adi Awurade de ne dɔ ba no asi hɔ ama ɔdɔ ne adom ngyinasoɔ.

Onyankopɔn dɔ wɔn a wɔdɔ Yesu. Ɛfiri sɛ, Agya no de tumi ne ahunummɔmorɔ maa Ɔba no sɛ ɔngye nnipa nkwa. Ɛnti deɛ ɔgye Yesu die no gye Onyankopɔn nso di. Na dea ɔnngye Ɔba no nngye Onyankopɔn. Afei woahunu sɛ Onyankopɔn na afrɛ woɔ, “Me dɔfoɔ”, ɛfiri sɛ Kristo de ne Honhom asesa wo ayɛ wo ɔdɔfoɔ prɛkopɛ. Ɛfiri sɛ na wonnyɛ pɛ, na mmom Onyankopɔn dɔ ayɛ wo abɔdeɛ foforɔ. Kristo da so di ma wo wɔ Agya no anim na ɔbɛma woawie pɛyɛ. Afei ɔnam Honhom mu bɛyi ne ho akyerɛ wo ama wo anidasoɔ. Na ɔbɛma woayini wɔ ne nimdeɛ mu, ɛfiri sɛ, deɛ ɔnyini nimdeɛ mu no nyini wɔ ɔsetie, ɔdɔ, afɔrebɔ ne ahofama nyinaa mu.

YOHANNE 14:22-25
22 Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ, “Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?” 23 Yesu bua see no sɛ, “Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m'asɛm so, na m'Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn. 24 Deɛ ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a moteɛ no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea. Honhom Kronkron yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ kɛseɛ 25 Mewɔ mo nkyɛn yi, na mereka mo yeinom.”

Yesu san nyaa ɔsuani foforɔ na wɔfrɛ no Yuda, ɔno na ɔsusuu sɛ Yesu afiri botaeɛ no ho, ɛfiri sɛ na deɛ ɔyii no maeɛ no nni hɔ. Ɛnti na ɔnim sɛ biribi bɔne bi bɛsan asi bio.

Yesu anyi N"asɛm no ano, mmom ɔkaa tan a asafo no tan no no ne hia a ɛho sɛ ɔbɛwu ama wiase no kyerɛɛ. Afei ɔkyerɛɛ kwan a yɛnam so bɛnya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na yei kyerɛ abrabɔ foforɔ a ne Honhom Kronkron mu a nnipa de bɛkora Onyankopɔn mmra ne ne dɔ mu sɛ ɔgye Kristo no di a. Afei Yesu kaa sɛ," Yɛbɛba agyidifoɔ so na yɛabɛtena wɔn mu". Na ɛnnyɛ asafokuo no nne na wɔbɛtie na mmom agyidifoɔ baako baako na wɔbtie wɔn. Na Nyame baasa korɔ no bɛsra agyidifoɔ no na ɔne wɔn abɛtena. Na saa nsɛm yi bɛbɔ dɔn wɔ nnipa akoma mu sɛdeɛ Agya Ɔba ne Honhom Kronkron yi ne ho adi no. Na yei bɛbue ɛnkwagyeɛ kwan na ɔnipa bɛhunu sɛ Onyankopɔn bɛn no pɛɛ na ɔbɛbɔ ne ho ban daa. Obiara ara ɔgye Kristo gie no gye saa ahintasɛm yi to mu.

MPAEBƆ: O Nyame Agya, Ɔa ne HonhomKronkron, me da wo ase na me hyira wo din sɛ woabɛsra me, na woatena medebɔneyɛni mu. Fa me bɔne kyɛ me. Na me da woase sɛ woama me ɔdɔ ne tumi sonko wɔ M'akoma mu. Fa me sie wo din mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na yɛn dɔ a yɛwɔ ma Kristo no yini na ɛfei kwan bɛn so nso na Onyankopɔn Baasa Koro ne bɛtena yɛn mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 08:37 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)