Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 074 (The raising of Lazarus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
4. Oyanee Lazarus frii awufoɔ mu ne ɛho nsunsuansoɔ (Yohanne 10:40 – 11:54)

c) Lazaro sɔree firii awufoɔ mu (Yohanne 11:34-44)


YOHANNE 11:38-40
38 ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano. 39 Yesu kaa sɛ, "Monyi ɔboɔ no" Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ, "Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan." 40 Yesu see no sɛ, "Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?"

Wɔ Yerusalem, wɔsie nnipa wɔ ɛdan ne aboɔ mu a wɔde boɔ na ɛtwere ano. Ɛnti na wɔtumi pia boɔ no kɔ nnifa naa bɛnkum so, sɛ wɔ pɛ sɛ wɔto mu abodan no mu.

Ɛhɔ na wɔsiee Lazaro, Yesu duruu hɔ no, ohunuu owuo tumi soronko wɔ beaɛ hɔ. Na ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahwie n'abufuhyeɛ agu nnipa mma so wɔ owu mu ɛnam won bɔne nti, te sɛdeɛ Onyankopɔn de ateasefoɔ nyinaa ahyɛ ɔsɛefoɔ no nsa. Nanso ɔbɔadeɛ no annhyehyɛ owuo amma ateasefoɔ, na mmom adwene sakyera ne daa nkwa.

Yesu hyɛɛeɛ sɛ wɔnnyi aboɔ no, na nnipa no ho dwirii won, ɛfiri sɛ na awufoɔ mu so yɛ ɛdi nna nan wɔ adamona mu. Na wonim sɛ woaporɔ, ɛfiri sɛ na ɛyɛ nna nnan ntam. Marta kae sɛ, "Awurade sesie deɛ woasɛe na woaporɔ". Na ɔbisaa sɛ, Marta wo gyide wɔhene? Na woadinkan apaemu aka sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba no ne Mesaia no, na ɔno na otumi nyane awufoɔ. Owuo no ne osuro afira n'ani nti na onnim deɛ Awurade no pɛ.

Nanso Yesu hyɛɛ Martha gyidie mu den na ɔmaa no ahokeka soronko a ɛboro nnipa ahoɔden so. Ɔmaa ɔhɔ yɛɛ dinn ma Onyankopɔn annuoyam daa ɛdi. Yesu annka sɛ, "agyesɛ wogyedi ansana woahunu nsɛnkyerɛnne." Ɛfiri sɛ woaka kyerɛɛ n'asuafoɔ no dada sɛ, Lazaro yareɛ no nnyɛ yarewuo na mmom sɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn annuoyam bɛda ɛdi ntia. (Yohanne 11:4). Na Yesu nim deɛ n'Agya pɛ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔtwee Marta firi awerɛhoɔ mu maa Onyankopɔn annuoyam, a ɛyi gyide ɛdie. Ɛnyɛ deɛ ɛhyɛ Ɔno annuoyam na mmom deɛ ɛhyɛ Agya no tumideyɛ annuoyam.

Saa ara na Kristo ka kyerɛ wo nso sɛ, "Sɛ wɔgye di a, wobɛhunu Onyankopɔn annuoyam." Yi wani firi wo haw ne woamanehunu nyinaa so. Na mmom mma wo mfomsoɔ no mmbu wo fɔ koraa, na ma wani so hwɛ Yesu, na gye No di, na fa wo ho to No so te sɛdeɛ abofra de ne ho to ne maame soɔ no. na ma ho kwan ma napɛdeɛ nnyɛ hɔ mma wo; ɛfirisɛ ɔdɔ wo.

YOHANNE 11:41-42
41 ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n'ani so kaa sɛ, "Agya, meda wo ase sɛ woatie me. 42 Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔno nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me."

Martha gyidie mu akokoduro a onyaa wɔ Yesu mu no maa deɛ ɔkaaeɛ no yɛɛ adwuma. Ɛno nti ɔhyɛɛ won a na ɛwɔ hɔ no sɛ wonyi aboɔ no mfriri abodan no ano. Na huhuhuhu baa nkurɔfokuo a ɛtwa ahyia hɔ no mu. So Yesu bɛwura abodan no mu akɔbam ɛfunu no anaa, anaasɛ deɛbɛn paa na ɔbɛyɛ?

Nanso Yesu gyinaa abodan no anim. Na ɔmaa naniso wɔ mpaebɔ mu, na ɔde nne kɛseɛ teaamu. Afei aha no yɛhunuu kwan baako nso a Yesu faa so bɔɔ mpae a woatwerɛ ato hɔ. Na ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ Agya. Na ɔdaa Agya no ase ɛfirisɛ nabrabɔ nyinaa yɛ aseda ne ntontom a ɔde tew Onyankopɔn Agyayɛ no din ho daa. Na ɔdaa Onyankopɔn ase pɛfee sɛ woatie Ne mpaebɔ no, ɛno ɛkyirie no oyanee Lazaros. Na mberɛ a ɛbinom resu no Yesu deɛ ɔbɔɔ mpae. Na obisaa N'Agya no sɛ ɔmma nkenyan mbra nadamfo no mu, a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ Onyankopɔn nkwa a ɛdi owuo so nkunim. Na Agya no tiee no na ɔmaa no tumi ma no de gyee deɛ owuo nwowoeɛ akyekyere no wɔ owuo tumi mu no. Yesu nyaa gyidie prekopɛ sɛ obɛnya ne mpaebɔ no so mbuaeɛ, na woangye akyingyɛ biara. Ɛfirisɛ ɔte n'Agya no nne daa. Wɔ nakwan nyinaa mu no, Yesu bɔ mpae daa, nanso ɛyi mu deɛ ɔbɔɔ mpae denden, Na ɔdaa n'Agya no ase sɛ otie ne mpaebɔ daa. na bɔne biara ntete wɔn ntam, na ɛfei nso akwansideɛ biara nni won ntam. Na Ɔba no mmfa Ɔno ara apɛdeɛ nnyɛ adwuma, na ɔnnhwehwɛ annuoyam nso mmma ne ho, na ɔnyɛ owura wɔ ne tumi mu ma ne ho. Na mmom Agya no mayɛ nyinaa na ɛyɛ adwuma wɔ Ɔba no mu. Na n'Agya no na obɛnyane Lazaros afri owuo mu. Na saa nsɛm yinom nyinaa Yesu paaemu kaaeɛ wɔ nkurɔfokuo no anim, na ama won ɛtumi ahunu sɛ ɛyɛ Agya no na asoma No aba won nkyen. Na ama Lazaros a woayane ɛfiri awufoɔ mu no ayɛ Agya no annuoyamhyɛ, a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛfiri Onyankopɔn Baasa Koro no.

YOHANNE 11:43-44
43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ, "Lasaro, firi bra!" 44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n'anim. Na Yesu see wɔn sɛ, "Monsane no, na momma no nkɔ."

Yesu maa Ne nne so teaamu ara pɛ, "Lazaros firii ɛdi pue baaeɛ," na wɔde annuoyam maa Onyankopɔn no, deɛ owuiɛ no tee sɛ, (berɛ a awufoɔ ntumi nnte hwee no). Onipa kra nnwu wɔ owuo mu. Ɛfirisɛ woatwerɛ agyidifoɔ nyinaa din wɔ soro. Ɔbɔadeɛ no bɛfrɛ, ne ɔgyefoɔ no nne a ɔbɛteamu no bɛma nkwa Honhom abɔ awura owuo tumi mu na ɛde nkwa abrɛ awuofoɔ. Sɛdeɛ Honhom Kronkron no yɛɛ adwuma wɔ adebɔ mfitiaseɛ mu no, na ɛbɔɔ nnoɔma nyinaa pɛpɛɛpɛ wɔ ne kwan soɔ no.

Berɛ a Lazaros te aseɛ no na otie Yesu nne na ɔyɛ osetie ma no. Na wɔ owuo mu nso no otieɛ na ɔyɛɛ osetie wɔ gyidie mu. Kristo nkwa nhyehyɛeɛ tumi no bɔ wuraa no mu; na nakoma hyɛɛaseɛ sɛ ɛrebɔ, na naniwa bueɛ, na ɔhyɛɛaseɛ sɛ ɔnante.

Afei, nsɛnkyerɛnne a ɛtɔsoɔ miennu nso siiɛ, ɛfirisɛ na nkondua ahorroɔ akyekyere Lazaros. Na nsammaa nenam owuofoɔ no ho nyinaa, na ɔnnte hwee bio. Na oni ahoɔden biara bio a ɔde bɛyi ne nkondua a akyekyere ne nsa ne ne ho nyinaa no a ɛyɛ nwera nso a akyekyere nanim no. Ɛno nti Jesu hyɛɛeɛ sɛ wonsanesane ne ho nkyekyereeɛ no nyinaa.

Na ɛyɛɛ won nyinaa wawa kɛseɛ sɛ wohunuu Lazaros anim bio; na otumi nante wɔ nkyekyereɛ no mu. Na obiara hwɛɛ no haa wɔ mberɛ a na ɔrenante kɔ Yesu nkyen no.

Lazaro nante faa nnipakuo no mu kɔɔ ne fie. Na Yohane annka biribiara annkyerɛ yɛn sɛ won a na ɛtwa ahyia hɔ no bɔɔ won mu ase maa Yesu, anaasɛ woyaa anigyie mborosoɔ mu ahokeka ne atuu a wɔyɛɛ no. Na ɛfei woammfa agyidifoɔ owusɔreɛ a ɛbɛsi wɔ Yesu mbaeɛ a ɛtɔsoɔ miennu no mu no anntoto Lazaros sɔreɛ a oyanee no frii awufoɔ mu no ho. Ɛfirisɛ ɛyinom nyinaa yɛ deɛ ɛbɛsi akyiri nna no mu. Yohane yii Yesu mfoni ɛdi kyerɛeɛ, sɛ Ɔno ne deɛ ɔma -Nkwa, wɔ yɛn anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛgye no adie na yɛnya daa nkwa. Yohane, a ɔyɛ ɔsɛmpakafoɔ no, na ɔwɔ nnipakuo no mu na ɛyinom nyinaa siiɛ, na ɔnam gyidie so hunuu Onyankopɔn annuoyam wɔ Ne Ba no mu, ɛfirisɛ ɔtee Kristo nne na ɔyɛɛ osetie maa ne tumi no. So wo nso wonam gyidie a ɛwɔ Kristo mu so asɔre afri awufoɔ mu anaa?

MPAEBƆ: Yɛn Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ woyanee Lazaros wɔ Agya no din mu. Na wo nso woasɔre afiri awufoɔ mu. Yɛda wo ase sɛ woama yɛn wo nkwa no bi wɔ yɛn mu. Wɔ gyidie mu no yɛne wo asɔre. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛyane awufoɔ wɔ yɛn man yi mu, na ama won a ɛnngye wo nndie no anya wo mu awerɛhyem, na woaba wo nkyen abɛnya daa nkwa. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na ɛmaa Onyankopɔn annuoyam daa ɛdi wɔ Lazarus owuyaneɛ mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 04:53 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)